Me Koma Bɔne No A Midii So
POO! M’agya de ne nsa bɔɔ ɔbarima no glas anaa kɔnkɔn no hwee fam. Wɔteɛteɛɛm kasa tiae, ebinom sunsum afoforo na wɔkekaa nneɛma gugui, afei—wɔde bɔɔ mu. Ɔbarima no de twɛre bɔɔ m’agya anim pɛpɛɛpɛ, na n’anim fii ase fii mogya. Metew siim kɔboaa m’agya. Afoforo de wɔn ho begyee ntɔkwaw no mu. Ankyɛ, na ntɔkwaw sii wɔ saa Fransefo asanombea hɔ a obiara reko bi. Yɛbobɔɔ glas, totow nkongua, bubuu apon. Apolisifo tee ntɔkwaw no, wɔde mmirika baa hɔ. Me de, wɔn ntade kɛkɛ a m’ani bɔɔ so no te sɛ nantwi a wahu ɔtankɔkɔɔ. Ɛbaa me mu ma metotow twɛre. Apolisifo no baasa kɔɔ fam ansa na wɔrekyere me, na wɔde adansa guu me ne m’agya nsa de yɛn kɔɔ wɔn polistehyɛn.
Saa Memeneda wɔ March 1953 mu no, ná me ne m’agya afi fie sɛ yɛrekɔpɛ nneɛma bi atɔ. Yehyiaa yɛn nnamfo binom a wofi adwuma, na yefii ase kyinii asanombea ahorow a ɛwɔ mpɔtam hɔ nom nsã. M’agya bowee, na bere tiaa bi mu no ná yɛn nyinaa reko saa ntɔkwaw no. Ade kyee no yɛn din puee atesɛm krataa mu a wɔakyerɛw atifi sɛ “Agya ne Ɔba ne Nkurɔfo a Wɔrenom Nsã, wɔ Asanombea Ham—Apolisifo Baasa Apira Kɛse.” Wɔde yɛn koguu afiase ɔsram biako, na egyee yɛn afe biako ansa na yɛretua sika a wogyee yɛn no awie.
Ɛno yɛ ade biako a esii a anka ebetumi ama mede me ho ahyɛ basabasayɛ mu wɔ m’asetra mu. Nanso efi saa bere no masua sɛ medi me koma bɔne no so. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, ma menka me ho asɛm kakra ne sɛnea ɛyɛe a minyaa saa koma bɔne no nkyerɛ wo.
Sɛnea Agya Te no, Saa na Ɔba Nso Te
Wɔwoo me wɔ Le Mans (Franse atɔe fam) wɔ 1929 mu, afe a ɔhaw Kɛse kaa United States ne afei Europa atɔe fam no. Ná adwuma nni Franse koraa wɔ 1930 mfe no mfiase mu hɔ. M’agya a ná ɔyɛ ɔbantofo no nim adwuma yiye; enti na otumi nya nnwuma wɔ mmeae ahorow a wɔresisi adan. Bere a sikasɛm no mu bɛyɛɛ den no, n’ani begyee amansɛm ne nnwumayɛfo akuw ahorow nsɛm ho. Ɔbɛyɛɛ obi a n’asɛm yɛ den na ɔfii ase nom nsã kɛse.
Sɛ m’agya ba fie bere a mpɛn pii ade asa paa no a, ná ɛsɛ sɛ me na hwɛ yiye wɔ n’abufuw bɔne a ɛtaa ma ɔhwe no, bobɔ nneɛma, bubu nkongua ne ade no ho. Memeneda anwummere de ná ɛyɛ den titiriw wɔ yɛn so, efisɛ na ɛyɛ nnawɔtwe no da a wɔde tua adwumayɛfo ka. Me na bɛma me ne me nuabea no akɔda, na mpɛn pii yɛn ho bɛwosow bere a yɛretwɛn sɛ ɔbɛba fie a wabow no! Ɛtɔ bere bi a ɔkɔ ahayɔ, na ɔne ne nnamfo san ba fie a wɔabobow, na wɔtotow wɔn atuo no gu mframa mu.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ minyin bɛyɛɛ obi a ne koma haw no, ne tirim yɛ den na ɔyɛ pɛsɛmenkominya. Da koro bi, bere a me ne m’adamfo bi akodi agoru aba no, m’agya gyee me basekre na ɔde hyɛɛ ɔdan bi mu tow mu. Bere a metee nkɔmmɔ bi a m’agya adamfo bi ne no rebɔ sɛ ɔmfa basekre no mma no na ɔmfa nkɔma ne ba no, mebɔɔ mmɔden kɔɔ ɔdan no mu, na mefaa abonnua kɛse bi de bubuu basekre no, tutuu fam wɔ turo no mu de hyɛɛ hɔ. Ɛho nhia sɛ meka, bere a m’agya hui no, ɔhwee me yiye.
Wɔ mmofra bɔne a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no mu no, mebɛyɛɛ “ɔkannifo,” a bere nyinaa m’asiesie me ho sɛ mede afotu bɛma wɔn a wɔrekodi nsɛmmɔne. Ná nneɛma bɔne a yɛyɛ no biako ne sɛ yɛbɛhaw wɔn a wɔyɛ anwummeresɔre denam asɔre dɔn no a yɛbɛkɔ akɔbɔ bere a wɔn ani nna wɔn ho so anaasɛ yɛbɛtotow abo agu adan a wɔde nkankyee abɔ so a ɛbemmɛn hɔ no so. Wɔ me fam no, ná meresuasua m’agya. Odii aturutrasɛm, na wosuroo no, na ná mereyɛ saa ara.
Mebɛyɛɛ Kuturukubɔfo
Afei, miwiee sukuu na mikosuaa adwuma wɔ duadwumfo bi nkyɛn. Wɔ March 1945 mu, ansa na Wiase Ko II reba awiei no, honam-ani-kisikuru kum me maame. Ná wabrɛ wɔ n’asetra mu yiye, ɔdɔ ne anigye a mmea pii hwehwɛ no yɛ nea wannya bi da. Ne wu no haw me kɛse, na ɛmaa asetra bɛyɛɛ basaa.
Nneɛma ahorow a na mahu wɔ ɔko no mu no amma basabasayɛ a na mepɛ no annyae. Enti, sɛ́ nea mede gye m’ani no, mepawee sɛ mɛbɔ kuturuku. Sɛ mekɔ beae a wɔko no a, meyere me ho bɔ kotoku a wɔde anhwea ahyem, anaasɛ onii a me ne no reko no. Mebɛyɛɛ kuturukubɔfo a ɔbɔ mmɔden, na awiei koraa no, mebɛkaa akuturukubɔfo a wɔbɔ mmɔden wɔ Franse no ho.
Mmɔden a na mebɔ wɔ kuturukubɔ mu no nyaa m’adwene so tumi na ɛboaa me ma midii adwene ‘a minyae sɛ memfra esiane anigye a na minni wɔ mmofrabere mu nti no so. Wɔ akuturukubɔ akyi no, nea ná m’ani gye ho titiriw ara ne akuraa no ase asaw ahorow a mɛkɔ ase. Esiane ntɔkwaw a na mepɛ nti, ɛkame ayɛ sɛ na mihu biribi a ɛfata a ɛsɛ sɛ mekõ pere bere nyinaa, “mfomso” bi a ɛsɛ sɛ woyi fi hɔ. Na ná masiesie me ho bere nyinaa, sɛ mefi ntɔkwaw ase, na “mayere me ho akõ paa.”
Ɔsraani ne Okunu a Odi Akakabensɛm
1950 mu na wɔde me kɔɔ Algeria a na mehyɛ asraafo atade. Ɛha nso bio, me koma bɔne no ma minyaa amane. Mehwee me yɔnko ɔsraani biako wɔ asɛm ketewaa bi ho. Mikopuee asraafo mpanyimfo kuw bi anim, nanso midii wɔn ho fɛw yeyaw wɔn. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ɛnyɛ me ne wɔn so panyin na enti wɔbɛbrɛ m’ase. Wɔde me too afiase nnawɔtwe abiɛsa. Nea ɛyɛ nwonwa kɛse no, ɛhɔ na odeduani foforo ma midii kan tee edin “Yehowa.” Saa din yi kaa m’adwenem. Eyi akyi no wɔde me kɔɔ faako a wɔtwe asraafo a wɔyɛ bɔne aso wɔ Biskra, Algeria.
Migyaee sraadi no akyi no, mesan baa me kan adwuma no mu wɔ faako a wɔyɛ mfiri ho adwuma no na metoaa akuturukubɔ no so bo, a na afei de wɔama me kwan sɛ metumi de ayɛ m’adwuma. 1952 mu na mihyiaa ɔbea a akyiri yi ɔbɛyɛɛ me yere no. Nanso aware amma mansakra me kwammɔne no. Da koro bi, mifii adi sɛ merekɔtɔ ntɔmmɔ, nanso esiane sɛ na mekɔe akyɛ nti, me yere bae sɛ ɔrebɛhwɛ nea na mereyɛ, na obehui sɛ me basekre no si asanombea bi anim. Ɔbaa hɔ a na ɔresu, na obehui sɛ me ne me nnamfo bi a wɔn bra asɛe te ɔpon ho. Midii n’akyi puei, a na mereyi no ahi, nanso bere a yeduu fie pɛ na mehwee no. Ankyɛ na nkurɔfo fii ase tuu me yere fo sɛ onnyaa me.
Yɛn ba a odi kan a owui no nso maa yɛn aware no yɛɛ basaa. Mfe abien akyi no me yere san nyinsɛnee, nanso owu bɛfaa ɔno nso kɔe bio. Katolekni bea bi a ɔresua asɔfodi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagye adi sɛ Onyankopɔn hia abɔfo pii wɔ ne ho ntia, nanso na eyi nyɛ awerɛkyekye mma yɛn. Nokwarem, ɛmaa me gyidi mu bɛyɛɛ den sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Na yɛn aba mu abu koraa, na na yɛn aware no reyɛ agu.
Mihuu Ɔkwan a Mɛfa So Adi Me Koma No So
Anɔpa bi m’agya de nhoma bi a na wagye wɔ Yehowa Adansefo mu biako hɔ kyerɛɛ me. Mibuebuee mu hwɛe, nanso mannya anigye biara wɔ ho, gye edin “Yehowa” a mihuu wɔ mu no nkutoo, na mekaee sɛ metee saa din no bere a na mewɔ sraadi mu wɔ Algeria no. Bere a Ɔdansefo no san bɛsraa m’agya no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔmmrɛ me Bible, na mekraa Nyan! nsɛmma nhoma no. Na meda so ara yɛ kuturukubɔfo denneennen, na na ɛkame ayɛ sɛ bere biara a ɔdansefo no bɛsan aba no na minni hɔ, enti akyiri yi meka kyerɛɛ no sɛ ɔnnhaw ne ho sɛ ɔrebɛsra me bio. Nanso, bere a Nyan! a na makra no sae no, mesan kraa bio.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, Antoine Branca, a ná ɔyɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Le Mans mu no bɛsraa me ne me yere. Ɔde anigye kasae te sɛ kesee fam Franseni, kyerɛkyerɛɛ yɛn Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ne owusɔre anidaso no mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Me yere ani gyee ho titiriw sɛ ɔbɛsan ahu ne mma baanu no bio, ne afei nso ne nuabarima a na wadi mfe 19 a owui no. Na m’ani nnye ho pii de, nanso mepenee so sɛ yɛne no bɛyɛ Bible adesua.
Mmom, Bible mu nimdeɛ foforo a minyae no ansakra me koma bɔne no anwonwa kwan so. Antoine Branca fii Le Mans kɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Madagascar akyi no, Adansefo baanu foforo ne yɛn besuaa ade. M’agya huu nsrahwɛ ahorow yi na odii yɛn ho fɛw. Ɛyɛɛ akasakasa. Mihuu nea ɛrebɛba, na na m’agya yɛ onipa a ɔsõ. Enti midii kan bɔɔ no ansa na sɛ ɔbɛbɔ me a wabɔ me. Me twɛre biako a ɛkaa no no ma ɔhwee ase. Nanso aniwu kɛse kaa me. Bere a ɔsɔree no, ɔpam yɛn fii fie a na yɛabom asi no mu. Ná me yere nyem, a yenni baabi te. Ne nyinaa esiane me koma bɔne no nti!
Me yere awofo fi ayamye mu gyee yɛn na mpo wɔpenee so maa yɛn sɛ yɛne Adansefo no nkɔ so nsua Bible no, a na wɔwɔ anidaso sɛ ebia ɛbɛboa me ma masesa m’akwan. Eyi akyi bere tiaa bi na yɛwoo yɛn babea Katrina. Eyi maa m’ani gyei kɛse, nanso na meda so ara te nka sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ akuturuku. Ná minhu nea menyɛ wɔ me subammɔne yi ne Bible nnyinasosɛm ahorow a meresua no ho. Ná apereperedi bi rekɔ so wɔ me mu, na sɛ eyi ano bedwo a, gye sɛ me ne obi kɔbɔ akuturuku. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a me tiboa mmu me fɔ no, mema nea me ne no reko no di kan tow twɛre ansa. Nanso na biribi siw me kwan wɔ me mu a na ɛmma mintumi ntow twɛre sɛnea na meyɛ kan no. Da koro bi ɔdansefo a na ɔne me resua ade no de sii m’anim pen sɛ—akuturukubɔ nyɛ agodi a ɛbɛboa me ma madi me koma bɔne no so. Misii gyinae koraa sɛ megyae.
Bere bi ansa na eyi reba no, ná ɛsɛ sɛ yetu, efisɛ na yɛn babea ketewaa Katrina renyin. Enti da koro bi mebɔɔ me tirim sɛ mɛkɔ akɔsra m’agya, na yɛasiesie asɛm no. Na mepɛ sɛ mibisa sɛ ebia obetumi atɔn nnua dan ketewaa a na yɛabom asi no ama me ma matwe akosi baabi foforo. N’ani gyei sɛ ohuu me ne ne nana abeawa a na onhuu no da no. Ɛyɛɛ no dɛ sɛ ohuu nsakrae ahorow a na manya no na ɔboaa me mpo ma mesan sii dan no. Migye di sɛ Yehowa Adansefo ayamye ne wɔn mmɔdenbɔ no hyɛɛ no nkuran kɛse. Akyiri yi, ɔpenee so mpo sɛ Adansefo bi mmesi wɔn ntamadan wɔ n’asase so, bere a na wɔreyɛ wɔn nhyiam ahorow no mu biako no.
Ná Ɔko Foforo Refi Ase
Mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam nea edi kan 1957 mu. Wɔyɛe wɔ ɔdan bi a ɛyɛ agoruhwɛbea dedaw bi a wɔfrɛ no Cirque d’Hiver mu. Esiane basabasa a na meyɛ nti, asomdwoe ne anigye a wɔn a wɔbaa ase no wɔ no maa m’ani gyei kɛse. Pii baa me nkyɛn bɛkae sɛ “Bonjour” (Maakye) , na wɔfrɛɛ me “Frère” (Onua) mpo. Mekaa eyi nyinaa kyerɛɛ me yere bere a mesan kɔɔ fie no. Akyiri yi wɔ afe no ara mu no, me ne me yere hyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa na yegyee asubɔ November 23, 1957.
Ampa, magyae akuturukubɔ de, nanso mprempren mewɔ ɔko foforo a mereko—me ‘nipa dedaw’ no. (Efesofo 4:22) Bere a ɛbɛdaa adi sɛ afei de meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, mehweree me kan nnamfo no pii. (1 Petro 4:4) Nnipa a na me ne wɔn yɛ adwuma no binom dii me ho fɛw wɔ nokware foforo a na mahu no ho. Da koro bi, bere a wɔredi me ho fɛw saa no me bo fuwii na mehwee wɔn nyinaa. Mehwee wɔn de, nanso midii nkogu wɔ me koma bɔne a na mereko atia no mu.—Romafo 7:18-23.
Nanso, bere kɔɔ so no, Onyankopɔn honhom no ne mfɛfo Adansefo mmoa ma mede nkakrankakra nyaa nkɔso wɔ mmɔden a merebɔ sɛ medi me koma bɔne no so no mu. Akyiri yi me nuanom Kristofo no benyaa me mu ahotoso na wɔkamfoo me sɛ mensom sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ Yehowa Adansefo Asafo a Ɛwɔ Le Mans no mu.
Ahwɛ Yiye Ho Hia Bere Nyinaa
Mfiase no, mmɔden a mebɔe bere nyinaa sɛ menya ahosodi no bɔɔ me yare. Esiane eyi ne nneɛma afoforo nti, yetu kɔɔ Grenoble, kurow a ɛda Franse Mmepɔw no so no mu wɔ 1965 mu. Efi bere a yɛbaa ha yi de ayɛ yiye koraa.
Meda so ara resom sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔpanyin. Nanso, ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye na mansan ankɔfa me kwammɔne no so. Mekae sɛ bere bi a merekɔ afie afie ne nkurɔfo akɔbɔ Bible no mu nkɔmmɔ no, ɔbarima bi fii ase teɛteɛɛ me, na ɔyeyaw me, de atwɛre pempem ɔpon no mu. Me su dedaw no fii ase sɔree wɔ me mu. Mekɔɔ m’akyi na mepomaa twɛre, a anka merebɛtow. Afei metee nka sɛ m’ani awu. Ade a ɛbɛyɛ yiye, ɔbarima no bo dwoe na mitumi gyaw no hɔ kɔe dinn. Meda Yehowa ase sɛ ɔbɔɔ ɔbarima no—ne m’ankasa—ho ban!
Bere foforo nso, mmaranimfo bi a mekɔɔ ne nkyɛn bo fuwii na ɔkɔtwee tuo, hunahunaa me sɛ, sɛ mamfi hɔ ankɔ ntɛm a ɔbɛtow abɔ me. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ memaa no mmuae bɔkɔɔ sɛ: “Owura, Makra wo, mɛtoa so akɔkasa akyerɛ wɔn a wɔwɔ wo mpɔtam ha no.” Hwɛ nsonsonoe ara a ɛda sɛnea anka mɛyɛ m’ade wɔ mfe kakraa a abetwam ni no mu!
Katrina akyi no, me ne me yere woo mmarima baanu, na yɛn baanum no atumi atra ase wɔ anigye ne asomdwoe mu sɛ Kristofo abusua.
Ɛwom sɛ me bo taa fuw de, nanso Onyankopɔn Asɛm no a masua na mede di dwuma no aboa me. Migye di sɛ sɛ mihuu saa mmoa no ntɛm a, anka minyaa nkɔso ntɛm. Ade titiriw biako ma minyaa anigye kɛse: Yehowa tumi. Ebia eyi bɛyɛ ntɔkwaw a na mepɛ no ntia. Mihui sɛ obiara nni hɔ a obetumi asɔre atia Onyankopɔn ahoɔden wɔ animtiaabu mu. Afei de na Yehowa ne me “wura,” Nea mihia no ankasa. Otumi de “ahobammɔ” a enni huammɔ maa me, ne nokware nimdeɛ a mede bɛka Ahenni ho asɛm no akyerɛ a mimpira obiara! Meda Yehowa ase paa, efisɛ wama me kwan ma ɛnam n’Asɛm no ne n’adansefo mmoa so no madi me koma bɔne no so.—Wɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
“Ná masiesie me ho bere nyinaa sɛ mefi ntɔkwaw ase, na ‘mayere me ho akõ paa’”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
‘Ɛsɛ sɛ mekɔ so ara hwɛ yiye na mansan ankɔfa me kwammɔne no so’
[Kratafa 16 mfoni]
Me koma bɔne no ho dwumadi mu no, mebɛyɛɛ kuturukubɔfo