Anadwo Yi Na Yedii Nkonim
ME NAN kɔpem nea na me ne no reko anim pɛpɛɛpɛ! Bere a ɔde ahoɔhare a ɛte sɛ anyinam dan ne ho no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nan besum me na ɔde ne nantin bɔɔ me yam wɔ ɛno akyi. Yɛbobɔɔ yɛn ho akuturuku ahorow a wɔma ho kwan nyinaa bi.
Ná ɛyɛ May 1978 mu, na na nea me ne no reko, Gilbert Letouzo reko agye Franse ɔman nkonimbo no wɔ Hotel Meridien wɔ Paris. Me ne Gilbert nyinaa suaa savate a ɛyɛ Fransefo akuturukubɔ bi wɔ bere a na yɛko wɔ mmorɔn so wɔ nkurow a ɛbemmɛn Paris mu no mu.
Na nnipadɔm no ani agye na na wɔteɛteɛm de hyɛ yɛn nkuran. Nanso na mayɛ basaa. ‘Dɛn na ɛbɛba, Sɛ biribi ankɔ yiye a? Dɛn na ɛbɛba, sɛ mipira no ankasa a?’ Mekɔɔ so susuw ho. Wusiw a na ayɛ hɔ ma no ma ɛyɛɛ den sɛ mede m’adwene besi nea mereyɛ no so. Ná ɛho hia sɛ mema m’adwene kɔ nea mereyɛ no so sɛnea metumi.
Wɔ nea ɛto so anan no mu no, na Gilbert reyɛ abrɛ kɛse. Na ontumi nhwɛ ne ho so yiye na na n’akuturuku no da adi sɛ onni ahotoso. Wɔ me fam no, na ɛnyɛ den mma me sɛ mɛbɔ no. Mebɔɔ no denneennen na ɔhwee ase. Ɛwom sɛ ɔsɔree ntɛm de, nanso na ɛda adi sɛ Gilbert reyɛ mmerɛw na n’akyigyinafo no sii gyinae sɛ ɔbɛma wagyae. Manya Franse ɔman nkonimbo kuruwa no!
Sɛ ɛyɛ asram kakraa bi a na atwam no mu a, hwɛ sɛnea anka medi saa anuonyam bere yi ho anigye a nnipadɔm no ahurusidi no ka ho! Nanso, anwummere yi de, saa nidi ahorow yi nyinaa—anuonyam ne din a magye ne ɛho nhyehyɛe ahorow—no amma m’ani annye.
Mihuu me yere a n’ani agye no wɔ nnipadɔm no mu. Ɛda adi sɛ na me nneyɛe betumi ama wahu sɛ medi me gyinaesi no so. Yebetumi aka ampa sɛ, “Anadwo yi na yedii nkonim!” Ná yɛadi nkonim ampa efisɛ na masi gyinae sɛ megyae akuturukubɔ akansi ahorow a mede me ho ahyem no nyinaa. Afei na yɛrehwɛ akuturukubɔ foforo kwan, nanso saa bere yi de yɛn baanu nyinaa.
Basabasayɛ a Wɔde Ko Tia Basabasayɛ
Wɔwoo me wɔ 1947 mu wɔ kurow bi a ɛbɛn Paris a wɔfrɛ no Rueil-Malmaison mu, faako a ahemfi a Napoleon yere a odi kan, Josephine trae bere bi a owui wɔ hɔ akyiri yi wɔ no. Na yɛn abusua no yɛ adwumayɛfo abusua na ankyɛ biara na minyaa nsisi ahorow a ɛwɔ wiase no mu no ho abufuw. Mepɛe sɛ mesiesie nneɛma a atõto no nyinaa. Wɔ 1967 mu no, mifii ase suaa mmara ho ade a na mehwɛ kwan sɛ mɛyɛ mmaranimfo. Wɔ saa bere koro no ara mu no na ɔhaw rekɔ so wɔ Franse sukuupɔn ahorow no mu, ne titiriw no, wɔ Nanterre, kurow foforo a ɛbɛn Paris, faako a na meresua ade no. Ná ɛyɛ bere a ntawntawdi a emu yɛ den baa amammui akuw horow a wɔyɛ katee no ntam no.
Wɔ mfe kakraa bi a na atwam no mu no, na mafi bɔɔlbɔ adwuma a biribi pa betumi afi mu aba ase nanso migyaee esiane basabasayɛ a na akɔ so wɔ agumadibea ahorow mu no nti. Medan kɔɔ akuturukubɔ agumadi ahorow no so. Na manya su a ɛne: ‘Ɛsɛ sɛ me nso misua sɛ mede nea minya no ara pɛ bɛma.’ Esiane tebea a emu yɛ den a na ɛwɔ sukuupɔn no mu no nti, misusuw sɛ wɔrenhaw me, sɛ minim sɛnea mɛbɔ me ho ban a. Bere a masɔ agumadi ahorow pii ahwɛ akyi no, awiei koraa no, mepaw savate, agumadi a biribiara wom a wonya fii Fransefo akuturukubɔ agumadi mu no. M’ani gyee savate ho efisɛ na ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so ko a “edi mũ” a wɔde nan ne nsa nyinaa di dwuma wom.
Ɔhaw Bere
Wɔ May 1968 mu no, akuw ahorow a wɔyɛ katee wɔ sukuupɔn ahorow mu no hyɛe sɛ wɔnyɛ amammui ne asetra mu nsakrae. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, esiane sɛ adwumayɛfo pene sukuufo ɔsɔretia no so nti, wogyinaa yɛn akyi. Afei adwumayɛfo akuw ahorow de wɔn ho hyeem denam ɔyɛkyerɛ a wɔnam santen a wɔtoe so de sɔre tiaa aban no na wɔhyɛɛ adwumayɛfo sɛ wɔmfa wɔn nnade ngu hɔ no so. Enti, wɔ May ne June 1968 mu no, eyi maa Franse kaa akyi kɛse.
Yɛn a yɛyɛ sukuufo no ani gyei efisɛ yebuu yɛn ho sɛ kuw bi a wɔayɛ ahyehyɛde bi a ada ɔpɛ a nnipa nyinaa wɔ sɛ wobenya abusua a ɛteɛ na edwen nnipa yiyedi ho no adi. Mfiase no na mede me ho nyinaa ama adeyɛ a ɛte sɛ nea eye yi, na ahoɔden a na mewɔ no ho baa me mfaso kɛse bere a na yɛreguan polisifo wɔ ɔyɛkyerɛ a yɛde tiaa nniso no wɔ Latin Quarter wɔ Paris no mu no.
Nanso, ankyɛ biara na m’aba mu bui efisɛ yefii ase yɛɛ basabasa wɔ yɛn ɔsɔretia ahorow no mu. Wɔanyɛ amammui ne asetra mu nsakrae ahorow a na yɛpɛ no na bere tiaa mu honam fam mfaso ahorow a ɛnyɛ nea yebetumi anya ma yebuu yɛn ani guu kwan a na yɛrehwɛ sɛ yebenya asetra mu nhyehyɛe a eye na adamfofa su wom no so. Biribiara baa awiei. Mehweree ahotoso a mewɔ wɔ onipa, ne nnwuma ne ne nnyinasosɛm ahorow mu no nyinaa.
Nneɛma a M’ankasa Mitumi Yɛe
Nanso, mitumi wiee sukuupɔn ansa na mekɔyɛɛ ɔsraani. Bere a mesan bae no, mede me ho hyɛɛ agumadi mu bio, ne titiriw no, savate. Me mmɔdenbɔ ahorow no ho baa mfaso efisɛ migyee Franse nkonimbo no mpɛn asia. Minyaa nkonimbo nkuruwa bɛyɛ ɔha na wɔpaw me kaa ɔman no agumadi kuw no ho mpɛn pii.
Bio nso, mebɛyɛɛ ɔman no kyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw a na mehwɛ agumadi akuw anan so a nea ɛwɔ Rueil-Malmaison a saa bere no na emufo dɔɔso sen biara wɔ Europa no ka ho. Mehwɛɛ akuw ahorow pii so nso, na meyɛɛ agumadi ho nsɛmma nhoma samufo na na meka akwankyerɛfo kuw a wɔhwɛ Franse Akuturukubɔ ne Savate Kuw so no ho.
Nsakrae Kɛse
Wɔ October 1977 mu no, Yehowa Adansefo baanu baa me yere nkyɛn na ankyɛ biara ofii ase suaa Bible no. Mfiase no na minni Yehowa Adansefo no ho adwemmɔne nanso na menkyerɛ wɔn ho anigye nso. Sɛ́ Katolekni a n’aba mu abu no, na minnyaa hokwan nsuaa Bible no da, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ mede saa hokwan no kame me yere? Wɔ saa bere no mu no, yɛn abusuafo no bi fii ase sɔre tiaa Bible mu nkɔmmɔbɔ ahorow no na wɔkae sɛ Adansefo yɛ kuw bi a wɔn ho yɛ hu. Enti metee nka sɛ ɛsɛ sɛ migyina ɔsom mu ahofadi, nnyinasosɛm atitiriw a ɛwɔ Franse ɔman anidan wɔ 1789 mu no ne hokwan ahorow a onipa wɔ ho mpaemuka a m’ani gye ho no so bɔ me yere ho ban.
Na abusuafo a wɔsɔre tia no mu biako wɔ m’akuturukubɔ adesuakuw no biako mu, na ofii ase ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ mabɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Enti wɔ adesua biara mu no, menam akwan horow so ma ɛdaa adi pefee sɛ minnya nyɛɛ nokware Kristoni ankasa efisɛ meda so ara boro nkurɔfo wɔ akuturukubɔ mu.
Saa ɔsɔretia a wɔantumi ankyerɛkyerɛ mu yi ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ nhwehwɛmu Enti mekenkan Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a ɛka Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ahorow ho asɛm no. Mede nnafua abien na ɛkenkan wiei. Na makenkan nhoma ahorow ɔhaha pii a ɛfa amammuisɛm, abakɔsɛm ne nyansapɛ ho dedaw, nanso na ɛte sɛ nea ne nyinaa yɛ nea enni mũ—na ɛne wɔn ho bɔ abira. Na ɛte sɛ nea nneɛma akɛse a nnipa atumi ayɛ wɔ mfiridwuma ne nyansahu mu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no mmom na ɛma mihuu sɛ onipa mfra. Nhoma yi de nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee a ɛfa baabi a onipa fi, ne daakye ne nea enti a ɔte nkwa mu ho ma sen nhoma biara a makenkan pɛn.
Mpofirim ara, saa nimdeɛ yi nyinaa fii ase keka boom ma ɛbɛyɛɛ nea edi mũ a ntease wom. Adesamma abakɔsɛm nyinaa—emu ɔko ahorow, nyamesom ne anibuei ahorow—yɛ biribi a ɛrenya mmamu, atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa a na besi saa bere no minnim. Nea ɛsen ne nyinaa no, nsɛm a esisi mprempren ho asɛm a Yesu kae pɛpɛɛpɛ a wɔde mae sɛ wiase no mu nsɛm a ɔde ne ho bɛba abegye mu ho sɛnkyerɛnne no maa me ho dwiriw me. (Mateo 24; Luka 21) Ná migye di sɛ mahu nokware no. Nanso na nneɛma pa afoforo ho hia ansa na matumi ate nea ɛfa ho nyinaa ase ankasa.
Nkitahodi a Edi Kan
Wɔ fefɛw bere mu wɔ 1978 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me yere sɛ ɔmmra Nkaedi no ase, afahyɛ a Yehowa Adansefo di afe biara de kae Kristo wu no. Mepɛe sɛ mekɔ nanso na mewɔ akuturukubɔ ho adesua a merenwie kosi sɛ 9:30 bɛbɔ. Nanso saa anwummere no, adesuakuw no mufo ɔha biara mu 15 pɛ na wɔbae na esiane sɛ na asuafo no nyinaa ntumi mmɔ akuturuku no yiye nti, yɛpɔn 7:45 p.m. Bere a na menhwɛ kwan no, na ɔpanyin biako ka adesua a ɛyɛ mmofra de no ho. Bere a yɛpɔn adesua no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔfa ne yere wɔ lɔre gyinabea efisɛ ne kar asɛe. Na eyi kyerɛ sɛ obetwam wɔ faako a Ahenni Asa no wɔ no a ɛyɛ faako a me yere kɔ Nkae afahyɛ no. Nsɛm a esisii wɔ bere koro mu no ma meka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa me nkɔ hɔ, na mekɔkaa me yere ho wɔ nhyiam no ase.
Wɔ sɛnea na me ho te—na mehyɛ agumadifo atade na na me ti nhwi afɔw esiane guare a meguaree nti—nyinaa akyi no, wɔde anigye maa me akwaaba. Hena na na onim sɛ nsa bɔha (gloves) a wɔhyɛ de bɔ akuturuku ayɛ m’agumadi bag no mu ma? Bere a wɔpɔn nhyiam no, Adansefo no mu biako baa me nkyɛn na ɔne me bɛbɔɔ nkɔmmɔ. Esiane sɛ nea na makenkan wɔ Nokware nhoma no mu ama magye adi dedaw nti, mantie nea ɔkae no na mmom mehwɛɛ onipa no ankasa. Mehwɛɛ no na nea mihu no ma migye dii sɛ ɔnyɛ obi a ɔyɛ katee. Bere tiaa bi akyi no, me nso mifii ase suaa Bible no.
Nipasu Foforo
Mebɔɔ akuturuku a mede gyee nkonimbo a etwa to no wɔ bere a na mafi ase resua Bible no akyi ɔsram biako. Wɔ nkonim a midii mprenu akyi no, metee nka te sɛ nea wɔayi adesoa bi afi me mati so. Misusuw sɛ afei de Onyankopɔn ani gye me tebea no ho esiane sɛ magyae akansi ahorow a mede me ho hyem no nti. Nanso, na nsakrae afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ.
Sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛ wɔ kurow no mu ase daa no, misii gyinae sɛ mɛtew m’agumadi nnwuma ahorow no so ma aka nea meyɛ wɔ agumadi kuw a ɛwɔ me kurom, Rueil-Malmaison mu no. Afei wɔ nhyiam bi ase no, wɔkaee yɛn sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni kwati biribiara a onim anaa onnim a ebetumi ama wadi mogya ho fɔ no. Mitumi kaee sɛnea mogya sen fa m’afono so bere a yesusuw asɛm yi ho no. Na m’asuafo no nyinaa nyɛ wɔn a wosua de gye wɔn ani a wɔba hɔ begye wɔn ahome ara kwa na mmom na ebinom nso yɛ akofofo, akuturukubɔfo a wobetumi de wɔn ho ahyɛ akansi mu a wobu nea wosua no aniberesɛm. Dɛn na ɛbɛba, sɛ asiane bi ba a? Ɛho asodi bɛyɛ nea ɛda me so kodu he? Esiane eyi nti, migyaee adwuma a na meyɛ wɔ Franse Akuturukubɔ ne Savate kuw no mu no na meyɛɛ nhyehyɛe ma me nuabarima sii m’ananmu kyerɛɛ ade wɔ agumadi kuw a ɛwɔ Rueil-Malmaison no mu.
Wɔ asram a edii hɔ no mu no, metoaa so kɔɔ agumadibea hɔ esiane ho anigye nti, sɛ́ me ne wɔn bɛbɔ akuturuku wɔ ɔkwan a ɛnyɛ akansi de so. Nanso n’ahonim ano bɛyɛɛ den kɛse. Ɔsomafo Paulo asɛm no yɛ nea misusuw ho: “Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ, ɔbrɛ ne ho ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu.”—2 Timoteo 2:24, 25.
Na bere a misusuw ho no, na ɛyɛ den kɛse ma me sɛ mɛyɛ Yesu ne n’asomafo no ho mfonini sɛ wɔresua akuturukubɔ esiane agumadi ho anigye nti bere a ɛyɛ nea wɔremfa wɔn ho nhyɛ ntɔkwaw ankasa mu no. Enti, bere a mantumi annya Bible afotu a ɛne m’akuturukubɔ no hyia no, awiei koraa no, migyaee bɔ koraa.
Ansa na merefi agumadi kuw no mu no, midii m’asuafo no nyinaa adanse. Nokwarem no, mibuu saa akuturukubɔfo 200 no sɛ m’asasesin titiriw. Awiei koraa no, wɔn a me ne wɔn suaa Bible no mu baason bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Sɛ me ne m’asuafo ka akuturukubɔ ho asɛm a, na ɛsɛ sɛ mede afotu ma denam nimdeɛ foforo a manya no so. Eyi yɛɛ mmoa kɛse maa me wɔ honhom fam. Ɛhyɛɛ me ma mehwehwɛɛ me ho mu na ɛmaa me yɛɛ nea meka no.
Enti migyaee akuturukubɔ ne “ahuhude ne ɔdadwen hunu” no. Ampa, mehweree wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ me nnamfo ɔhaha pii ne anuonyam ne nidi. Yehowa ahyira yɛn abusua no kɛse de asi ananmu. Mprempren yɛwɔ botae wɔ asetra mu ne adetrenee a ɛne Ahenni no a yɛbɛbɔ ho ban a ɛnyɛ akuturuku, anan, ne akwan horow a wɔnam so ko so na yɛbɛfa ayɛ saa, na mmom honhom mu akode ahorow so. (Ɔsɛnkafo 2:11; 4:4; Efesofo 6:14-17)—Sɛnea Christian Paturel ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
Ná adesamma abakɔsɛm nyinaa yɛ biribi a ɛrenya mmamu, atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa a besi saa bere no, na minnim
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
Ná hena na ɔwɔ Ahenni Asa no so a onim sɛ nsa bɔha a wɔhyɛ de bɔ akuturuku ayɛ m’agumadi bag no mu ma?