So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
● Nã onim sɛ onni ahoɔden koraa. Bere a ɔwoo ne ba a ɔto so abien no, ɛkaa kakraa anka owui. Afei oduruyɛfo no fi koma pa mu srɛɛ no sɛ ɔmpene so mma wonyi nyinsɛn no ngu: “Wowɔ mmofra fɛfɛ baanu a wɔn ho yɛ den. Ɛbɛyɛ awerɛhow ama wɔn sɛ wobenyin a wonni maame. Ɛyɛ nea asiane kɛse wom sɛ wobɛka sɛ wobɛwo ɔba a, woanyinsɛn no no.” Ná asɛm no yɛ nea ntease wom. So ɛsɛ sɛ oyi nyinsɛn gu?
● Wɔ Japan baabi no, okunu bi bɔɔ mmɔden wɔ abufuw mu sɛ ɔbɛma ne yere adwene adan: “Wɔ mprempren tebea a wo wom yi mu no ɛyɛ ampa sɛ wurentumi nwo ba. Ɛsɛ sɛ wokɔ oduruyɛfo hɔ ɔkyena ma okoyi nyinsɛn no gu. Sɛ woampene m’apɛde no so a, megyae wo aware na w’ankasa woahwɛ abofra no!” So ɛsɛ sɛ oyi nyinsɛn no gu?
Nea ɛwɔ atifi hɔ no nyɛ nsɛm a wɔntaa nhyia. 1978 mu no, wɔbɔɔ mmofra 1,708,643 a wɔwoo wɔn wɔ Japan ho amanneɛ, na wɔbɔɔ nyinsɛn 618,044 a woyi gui nso ho amanneɛ, na wogye di sɛ ebia wɔyɛɛ nea ɛyɛ ɛno mmɔho abien ankasa. Wɔ wiase nyinaa no, wɔabu akontaa sɛ woyi nyinsɛn bɛboro ɔpepem 40 gu afe biara.
NEA ɛboro mfirihyia du a atwam ni no, nnipa a wonni aduruyɛ mu ntetee biara a na sika a wobenya nkutoo na wɔn ani gye ho yii nkurɔfo nyinsɛn ahorow pii gu maa wɔn. Nnipa a wowuwui wɔ mu no yɛ nwonwa.
Bere kɔɔ so no aman pii yɛɛ mmara ahorow de maa nyinsɛn a woyi gu ho kwan, sɛ ɛfa tebea horow a edidi so yi biako ho a: (1) Ɛbɛhaw ɛna no ahoɔden (2) Ɛbɛhaw ɛna no adwene. (3) Ahoɔden a abofra a ɔwɔ yafunu mu no nni. (4) Nyinsɛn a wɔmpɛ esiane mmonnaato anaasɛ mogyafra nti. (5) Esiane asetra mu nsɛm ahorow nti. Sɛ ɛyɛ tebea horow a ɛwɔ atifi hɔ no bi nti a, ɛnde oduruyɛfo no ne onii no mu biara nni bɔne ho fɔ.
Japan ne aman afoforo pii ma “nyinsɛn a wɔhyɛ da bisa ma woyi gu” ho kwan. Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ nea enti a, wobisa no ne tebea horow a ɛwɔ atifi hɔ no biako hyia. Nanso, wɔtaa bisa esiane sɛ ɔbea no mpɛ mma afoforo bio ara kwa nti.
Sɛ wɔkyekyɛ mmofra a mprempren wɔwɔ Japan mu pɛpɛɛpɛ a, abusua biara rennye mmofra baanu. Enti ɛhyɛ wɔn wɔ asetra mu sɛ wobekura nea aba so yi mu. Nea afi mu aba ne sɛ, mmeae awarefo pii ayi nyinsɛn agu bɛyɛ mprenu anaasɛ mprɛnsa; afoforo nso, bɛyɛ mpɛn du anaasɛ nea ɛboro saa. Wode toto ho a nnipa kakraa bi na ɛyɛ sikasɛm mu ahokyere ankasa nti.
Ɛwom sɛ obi abusua a ɔbɛto ano hye denam nyinsɛn a woyi gu so yɛ nea mmara mpene so de, nanso wodi eyi ho atoro ka sɛ ɛyɛ ɛna no apɔwmuden nti. Wɔbɔ amanneɛ sɛ nyinsɛn ahorow a woyi gu wɔ Japan no mu ɔha biara mu 99.7 yɛ eyi nti. Enti wɔde wɔn ho to nyinsɛn a woyi gu so sɛ nea wɔde siw awo ano. Sɛ́ nea afi mu aba no, Japanni oduruyɛfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ ɔsram biako mu no ogyee nnipa 40 awo nanso otuu nnipa 80 nyinsɛn gui!
Mprempren adwennwen da Japanfo so esiane nsɛm a edidi so yi nti: (1) Nyinsɛn a woyi gu a ayɛ mmerɛw no abrɛ bo a onipa nkwa som no ase. (2) Ho a wɔde to nyinsɛn a woyi gu so kyerɛ sɛ wɔabu ani agu nnɛyi akwan horow a wɔnam so siw awo ano no so. (3) Esiane sɛ nyinsɛn a woyi gu ma nnipa no dodow kɔ fam nti, wɔkyerɛ sɛ ebia Japan bɛba abɛyɛ ɔman a nnipa a wɔanyinyin wom a sɛ wɔde toto ho a mmofra kakraa bi na wɔwom a wɔbɛhwɛ wɔn.
Nyamesom—Akwanside a Ɛyɛ Den Dɛn?
Japan yɛ Budhafo man titiriw. Nea ɛka Budhafo nkyerɛkyerɛ ho ne obu ma nkwa, nea wɔnwoo no no mpo de. Afei ɛyɛɛ dɛn na nyinsɛn a woyi gu ho kwan a wɔma no ayɛ mmerɛw saa?
Bere a wobisabisaa asɔfo a wɔwɔ Budhafo asɔredan 10 mu nsɛm no, wɔn nyinaa kaa nsɛm te sɛ eyi: Yebu nyinsɛn a woyi gu sɛ enye, ɛyɛ bɔne. Ɛyɛ nkwa a woyi na wɔsɛe no. Nanso esiane sɛ mmara ma nyinsɛn a woyi gu ho kwan wɔ Japan nti, yɛte nka sɛ yi a yebeyi yɛn anim asɔre atia adeyɛ no denneennen no bɛma “ɔhaw a mfaso nni so” asɔre. Enti wɔayɛ komm.
Ɔsɔfo biako tintim kratawa bi na ɔkyekyɛ maa asɔre no mufo. Ná kratawa no sɔre tia nyinsɛn a woyi gu. Nanso, bere a wobisaa no nea wɔbɛyɛ sɛ emuni bi yi nyinsɛn gu a, no, obuae sɛ: ‘Yɛbɛkasa akyerɛ onipa no wɔ bɔne a ɔyɛe no ho na yɛaka akyerɛ no denneennen sɛ ɔnyɛ saa bio daakye.’ Na sɛ ɔsan yɛ bɔne no bio ɛ? So wobɛpam no? Obuae sɛ: ‘Dabi yɛrenyɛ ade a emu yɛ den saa.’ Wɔbɛka akyerɛ nea wayɛ bɔne no sɛ ɔnyɛ nneɛma ahorow bi mfa nsiesie anaasɛ mfa nhwehwɛ fafiri denam amanne ahorow so.
Sɛ́ nea wɔhyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn ho nhwɛso no, asram kakraa a atwam ni, Budhafo asafo horow 21 a ɛwɔ Numazu Kurom no de dawurubɔ a ɛfa “Abofra a Woyi no Gu Nkae Jizo” ho mae. (“Jizo” yɛ mmofra ɔhotewfo panyin.) Ɛkyerɛɛ ohoni a wɔde abo ayɛ a ne bo yɛ $354 (U.S.) anaa emu nketewa a ɛyɛ $77, a ɛno anim na na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae wɔ nyinsɛn a wɔayi agu no ho. So ɛno hyɛ obi nkuran ankasa ma ogyae bɔne no yɛ?
Na Kristoman nso ɛ? Ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa de, nanso asɔre ahorow no bi gyinabea ne sɛ nyinsɛn a woyi gu yɛ bɔne. Nanso so wɔhyɛ mu den? Ɛda adi pefee sɛ, Dabi. Bɛyɛ aman ahorow 66 a wɔama nyinsɛn a woyi gu ho kwan no mu fã yɛ nea wogye wɔn tom sɛ “Kristofo” aman, na bɛyɛ sɛ eyinom fã yɛ Katolekfo aman a wɔyɛ den! Ɛwom sɛ paapa no asrɛ wɔn sɛ wonkura sɔre a Asɔre no sɔre tia nyinsɛn a woyi gu no mu de, nanso wɔ pii fam no wontie saa adesrɛ no.
Mmom, eyi nkyerɛ sɛ Budhafo anaasɛ wɔn a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow no bi mu nyinaa gye nyinsɛn a woyi gu tom. Nanso saa nyamesom ahorow yi nsɔre ntia denneennen.
Na Bible no Nso Ɛ?
Bible no nka nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu ho asɛm tẽe. Ɛwom sɛ wohu asɛm “nyinsɛn a ɛsɛe” no wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu de, nanso wɔde di dwuma wɔ ɔpɔn a ebia ɛnyɛ nea wɔhyɛɛ da yi gui ho. Nanso, Kyerɛwnsɛm no mma obi adwene mu nyɛ no nãa wɔ Onyankopɔn adwene wɔ abofra a wɔnwoo no nkwa ho no ho.
Sɛ wususuw ho yiye a, yafunu mu aba yɛ nhyira a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ. (Dwom 127:3) Bible no kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa fi ɔdɔ mu hu awotwaa mu aba a ɛrenyin. (Dwom 139:13-16) Na sɛ́ nea ɔde rebɔ ɛna ne abofra a wɔnwoo no ho ban no, ɔkae wɔ ne mmara a ɔde maa tete Israel no mu sɛ: “Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, na ɔmma sɛnea asɛntwamfo no bɛkyerɛ. Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnde ma ɔkra nsi ɔkra ananmu.”—Exodus 21:22, 23.
Bible nkyerɛase ahorow bi da asɛm no adi wɔ ɔkwan soronko so. Nanso mfitiase Hebri kyerɛwsɛm no mu da hɔ sɛ wɔ Israel no sɛ wopira ɛna bi ma ɔba no fi bere a ne bere nsoe a, wɔbɔ nea ɔyɛɛ saa no ka. Na sɛ bɔne bi ba ɛna no anaasɛ ɔba a ɔwɔ ne yafunu mu no so a, ɛnde na asotwe no ne sɛ “ɔkra nsi ɔkra ananmu.”
So Onyankopɔn adwene wɔ ɔdesani nkwa ho no asakra? Bere a Mose Mmara apam no baa awiei akyi no, Yehowa ma wɔkyerɛw asɛm a tumi wom yi kɔmaa Kristofo asafo no: “Munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu.”—1 Yohane 3:15.
Sɛ obi a wadi ne yɔnko nipa wu ho fɔ pɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani a, ɛho hia kɛse sɛ ogyae biribiara a ɛbɛma wɔahu no sɛ owudifo no yɛ. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden hwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri na afei ɔhyɛ “onipa foforo” no, nea ekura Onyankopɔn trenee mu na ɛda nokwaredi ma ne mmara ahorow a ɛfa kronkron a nkwa yɛ ho adi no. Nsakrae ankasa ho hia.—Efesofo 4:24.
Abrabɔ Pa ho Asɛm a Ɛwom No
Dɛn nti na ɔbea bi bɛpɛ sɛ ɔsɛe onipa a ɔrenyin wɔ ne mu no nkwa? Ebia mmuae no renyɛ wɔn a wɔpene nyinsɛn a woyi gu so no dɛ. Nanso nokwasɛm no ne sɛ mpɛn pii pɛsɛmenkominya ne asɛm no mfiase. Ɛtaa yɛ asɛyɛde ho a woguan fi.
Andrew Hacker rekyerɛw wɔ Harper nsɛmma nhoma mu no, ɔkaa asɛm yi: “Nokwarem, nyinsɛn a woyi gu kata asetra mu ntawtawdi titiriw bi so, nanso ɛyɛ nea yensiesiee yɛn ho sɛ yɛbɛka ho asɛm. Asɛm no ne ɔbarima ne ɔbea nna.” Wɔ nnipa pii fam no ɔbarima ne ɔbea nna, yɛ anigyede titiriw. Wɔpɛ sɛ wonya mu anigye kosi ase, nanso wɔmpɛ asɛyɛde a ɛne hwɛ a wɔbɛhwɛ nea efi ɔbarima ne ɔbea nna mu ba a ɛne ɔba no! Nyinsɛn a woyi gu yɛ akwan a wɔde siw awo ano—akwan a enye koraa—a wɔfa so, a ɛnyɛ wɔ Japan nko, na mmom wɔ wiase afã horow pii.
Nnipa pii pɛ anigyede akyi a wodi. Pɛsɛmenkominya mu a wofi di ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye akyi no kata obu a wɔwɔ ma nkwa no so. Bible no se: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a ennu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo” ne “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” So ɛnna adi sɛ saa tebea yi rekɔ so wɔ yɛn bere yi mu?—2 Timoteo 3:1-4.
Wɔn a wɔpene nyinsɛn a woyi gu so no de nsɛm ahorow di dwuma de kata atirimɔdenne a wɔyɛ no so. Wɔka “nyinsɛn mu ade” ne “awotwaa mu aba” ho asɛm. Wɔfrɛ nyinsɛn a woyi gu no ankasa sɛ “nyinsɛn a wotwa so.” Wɔbɔ mmɔden sɛ wobekwati abrabɔ ho asɛm a ɛwom no. Nanso nokwasɛm tiaa no ankasa ne sɛ: Nyinsɛn a woyi gu yɛ nipakum. Sɛ woyi nkwa no fi awotwaa no mu wɔ adapɛn 12 a wɔanyinsɛn no mu o, sɛ wosiw n’ahome kwan ma owu bere a wɔawo no akyi simma 12 o, ne nyinaa yɛ ade koro! Wɔakum no.
Wɔ Britain, bere a abofra a wadi adapɛn 24 wɔ yafunu mu a wɔayi no agu atra ase simma 10 akyi no, wɔbɔ amanneɛ sɛ ná “egyinagyina” ayarehwɛfo no mu baanu “ani so anadwo.” Ebinom agyae adwuma wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ a esisi wɔ nyinsɛn a woyi gu mu no akyi. Sɛ́ wubehu yafunu mu ɔba a woayi agu a ɛrepere sɛ ɛbɛkɔ so atra ase no nyɛ ade a ɛyɛ anigye!
So Woyii Nyinsɛn Gui?
Yɛde nsɛm abien bi a esii ankasa a wɔhyɛɛ nyansa sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi ɔhaw no so nkonim ne sɛ wobeyi nyinsɛn agu fii asɛm yi ase. Wɔ asɛm a edi kan no mu no, ná ɛnã a wadi mfe 27 no nim sɛ yare a abɔ no no yɛ nea ama ne nkwa da asiane mu. Ná oduruyɛfo no asɛm no mu yɛ den na na ɔde adwempa na ɛreka. Nanso ɔbea yi ne ne kunu yɛ Yehowa Adansefo. Ná wonim Onyankopɔn mmara a ɛfa kronkron a nkwa yɛ ho no. Ná wɔwɔ gyidi a emu yɛ den wɔ owusɔre no mu. Enti wɔpow oduruyɛfo no nyansahyɛ no.
Dɛn na efii mu bae? Nea ɛne oduruyɛfo no kɔkɔbɔ a efi adwempa mu no bɔ abira no, ɔbea no woe, a ɛnyɛ ɔba biako mpo, na mmom baanu a wɔn ho yɛ den—ntafo! Onnyaa ahoɔden de, nanso ne yare no mu nyɛɛ den. Esiane sɛ ɔde Yehowa Nyankopɔn mmara di kan na ɔde ne ho to no so nti, ɔwɔ mma baanan a wɔn ho yɛ den ne ahonim a emu tew.
Bere a wɔahu sɛ oduruyɛfo no mpo ntumi nhu ankasa no, mmea pii apaw sɛ wɔbɛma nyinsɛn no atra hɔ wɔ kɔkɔbɔ ahorow sɛ wobetumi awo mmofra yi a wɔadidi dɛm anaasɛ wɔatɔ kyima no akyi. Awofo abenya ɔdɔ ama saa mmofra yi sɛ biribi a ɛyɛ titiriw. Wɔn nso anya ɔdɔ kɛse afi saa mma yi hɔ wɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a wɔakyerɛ no ho. Wɔn a wɔwɔ anidaso a egyina Bible so no nim sɛ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɛrenkyɛ na aba no mu no, wɔn mma no betumi anya asetra a edi mũ koraa mu anigye, a sintɔ biara nni hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Na asɛm biako no nso ɛ? Ná ɔbea no yɛ Yehowa Adansefo mu biako, ɔbarima no de na ɔnyɛ bi. Ná ɔbea no rentumi mpene nyinsɛn a obeyi agu so. Sɛnea na ne kunu no de ahunahuna no no, ɔbarima no yɛɛ nhyehyɛe sɛ obegu aware no na ofii ase ne ɔbea foforo kɔtrae. Na ɛsɛ sɛ ne yere pɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ ne ho ne abofra foforo no sɛ ɔba a. Ɔbea no woo abarimaa, na n’ani gyee ne ho.
Asram bi akyi no ɔbarima no hui sɛ tebea foforo a ɔwom no nyɛ papa te sɛ ɔne ne yere dedaw de no. Ɔkɔ kohuu no, na ohuu abarimaa fɛfɛ a ɔyɛ ne ba no nso. Afei osii ne bo sɛ obegyae ɔbea a ɔto so abien no na wasan aba ne yere dedaw no nkyɛn. Nanso ɔbea no kae sɛ ɔrenware no bio efisɛ, sɛ Kristoni no, ɔbarima a ɔyɛ Yesu Kristo okyidini ankasa nkutoo na ɔbɛware no.
Ná eyi yɛ asɛm a emu yɛ den ma no. Ɔbrɛɛ ne ho ase na ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Asram dodow bi akyi no wɔbɔɔ no asu. Eyi akyi no ɔne n’abusua no san ka boom bio na, wɔ mfe pii mu fi saa bere no mu no, wabɛyɛ Kristoni a wanyin, obi a ɔyɛ nhwɛso ma afoforo wɔ Kristofo asafo no mu.
Saa nsɛm ahorow abien yi yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nnyaw wɔn a wɔkyerɛ sɛ wasi wɔn bo denneennen sɛ wobekura kronkron a nkwa yɛ no mu no.
Ebia ebinom a wɔbɛkenkan saa asɛm yi bɛte nka sɛ, esiane sɛ wɔayi nyinsɛn agu nti, wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru. Nanso ntease wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wonya ahotoso, sɛ wofi wɔn koma mu ankasa nu wɔn ho wɔ wɔn kan kwan no ho, na wɔansan ankɔyɛ bɔne no bio, na wɔhwehwɛ fafiri fi Yehowa, nkwa Mafo no hɔ a.—Hwɛ Yesaia 1:18, afei nso 55:6, 7.
Enti, so wobɛpɛ sɛ wuyi nyinsɛn gu? Mmuae no wɔ wo hɔ. Ɛsɛ sɛ wode gyinae a wubesi no tra ase.
[Kratafa 18 adaka]
So Awotwaa Mu Ɔba Yɛ Onipa Ankasa
Wɔn a wɔpene nyinsɛn a woyi gu so no ka sɛ awotwaa mu ɔba nyɛ onipa ankasa efisɛ ɛno ankasa ntumi ntra ase. Sɛ asɛm no nen de a, dɛn na wɔbɛka wɔ nnipa a wɔayinyin a mfiri ahorow na ɛboa wɔn ma wotumi tra ase no ho? Wɔrentumi nka sɛ saa nnipa no nyɛ nnipa ankasa esiane sɛ wontumi nkwati nneɛma ahorow yi ntra ase ara kwa nti.
Nnuruyɛfo nyinaa gye tom sɛ, sɛ nyinsɛn ba ara pɛ a na nkwa afi ase. The World Book Encyclopedia, 1978, Po 16, kratafa 228b, kura mfonini bi a ɛyɛ kesua a efi ɔbea ho ne nkwa aba a efi ɔbarima ho a wɔnam afiri a ɛma nneɛma nketenkete yɛ akɛse so twae. Mfonini no atifi asɛm se: “Onipa nkwa fi ase bere a nkwa aba no ne kesua a efi ɔbea ho no ahyia na ahyɛn mu.” Yiw, bere a nyinsɛn afi ase. Enti, so wobetumi aka sɛ ɔba a ɔwɔ awotwaa mu a wɔayi no agu no nyɛ nkwa a wɔatwa so? Woma ho mmuae dɛn?
Ma wɔn a wɔpene nyinsɛn a woyi gu so no nsusuw asɛm yi ho: Sɛ wɔn awofonom, titiriw wɔn nanom, ani gyee mmara kwan so nyinsɛn a woyi gu yi ho a, anka woyii wɔn guu sumina so! So ɛyɛ wɔn yaw sɛ wɔn nanom ani gyee “‘nkwa hokwan” a obi wɔ no ho kɛse?
[Kratafa 19 adaka]
“Monhwehwɛ [Yehowa], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso. Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, [Yehowa] asɛm ni.”—Yesaia 55:6-8.
[Kratafa 16 adaka/mfoni]
Paapa no aka sɛ: ‘Obiara nni tumi sɛ ɔbɛsɛe abofra a wɔnwoo no nkwa.’ Nanso, aman 66 a wɔama nyinsɛn a woyi gu ho kwan wɔ mmara kwan so no mu 15 yɛ Katolekfo a wɔyɛ den. Wɔ Italy no, woyi nyinsɛn 200,000 gu afe biara. Nyinsɛn a woyi gu a mmara mma ho kwan bɛyɛ 180,000 kɔ so afe biara wɔ Portugal, na bɛyɛ 250,000 kɔ so wɔ Colombia
[Kratafa 17 adaka/mfoni]
Nea ɛka Budhafo nkyerɛkyerɛ ho ne obu ma abofra a wɔnwoo no nkwa. Asɔfo a wɔwɔ Japan gye tom sɛ nyinsɛn a woyi gu nye. Nanso wɔn nyinaa ayɛ komm wɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremma “ɔhaw a mfaso nni so” nsɔre. Na sɛ obi yi nyinsɛn gu a—wobetumi abu ani agu so