Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 2/8 kr. 9-12
  • Asanom Bebrebe A Wogyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asanom Bebrebe A Wogyae
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔbarima bi Asɛm
  • Ɔbea bi Asɛm
  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware
    Nyan!—1983
  • Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra
    Nyan!—1983
  • Abusua No Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Nyan!—1992
  • Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu​—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 2/8 kr. 9-12

Asanom Bebrebe A Wogyae

Ɔbarima bi Asɛm

NÁ ƐTE SƐNEA nɔmba a ɛwɔ telefon no so no nyinaa anane abom, bere a mebɔɔ mmɔden sɛ me nsa bɛka m’ankasa me nɔmba no. Na nnuru (pills) anum a madi kan anom no redu ne pɔmpɔn so afei. Bere a na mikura ɔman telefon no mu sɛnea ɛbɛyɛ a merenhwe ase no, metee me maame nne: “Ei. Hena ni?”

Mimiaa m’ani sɛnea metumi, kae sɛ: “Ɛyɛ me. Meremma fie anadwo yi; mɛkɔ m’adamfo bi hɔ.” Asɛm biara a mekae no yɛ nea mebrɛɛ ho. Metee nka sɛ me tɛkrɛma ayɛ duru bɛyɛ nkaribo aduonum.

Me maame kae sɛ: “O, dabi! Woanom nnuru (pills) bio! Woabow!”

Mede telefon no too so na metɔɔ ntintan kɔɔ me kar no ho. Ná merenkɔ m’adamfo biara hɔ anadwo no. Mmom no, na merebɛkɔ mpoano. Bere a mereka kar no kɔ no mihui sɛ mafom me kwan​—wɔ kwantempɔn bi so. Ɛkaa kakraa anka kar a ɛreba no pem me de no bere a na menam kwan no mfinimfini na mefaa ɔkwan a ɛkɔ mpoano hɔ no so no. Mede kar no sii baabi na medae ara kosii adekyee.

Ɛno yɛ asɛm biako pɛ a esii a ɛkyerɛ sɛnea anka asanom bebrebe rema mahwere me nkwa. ‘Nanso dɛn na nnuru ahorow a wɔnom ne sɛ́ obi yɛ ɔsadweamfo no wɔ yɛ?’ saa na wubisa. Yiw, saa bere no na me nso mente nea ɛne no wɔ yɛ no ase. Nanso na mehu​—wɔ ɔkwan a ɛyɛ den so.

Nea edi kan no, ma menka me ho asɛm kakra nkyerɛ wo: Mifii ase nom nnuru ahorow bere a na minnya nnii mfe aduonu. Nnuru a edwudwo ɛyaw ano a miwiaa me ho nomee na mede fii ase​—bere nyinaa na me maame wɔ pii wɔ hɔ. Mfe bi akyi no, damfo bi a me ne no yɛ adwuma kyerɛɛ me aduru bi a wɔfrɛ no borɔfo mu secobarbital nom, aduru bi a ano yɛ den yiye a ɛma obi yɛ te sɛ nea wabow. Afei de na metumi anom nnuru kakraa bi na akã me saa ara. O, na me maame ne me papa abɔ me kɔkɔ wɔ heroin ne marijuana, (wii) ho. Nanso na nnuru a menom no nyɛ nea epira anaasɛ, saa na na misusuw.

Wɔ afe biako mu no na ɛde me ayɛ akoa kɛse, a na menom (pills) aduasa da koro.

Na ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ meyɛ sɛ obi a wabow bere nyinaa.a Na mihia sɛ nnuru no bɛyɛ adwuma. Sɛ mannom a, mɛyɛ basaa a me ho yeraw me paa, na me ho bɛwosow a meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

Bere a mapempem kar ahorow pii na wɔakyere me akyi no, m’awofo de me kɔɔ ayaresabea sɛ wɔnsa me yare. Ɛhɔ na wɔtwee nnuru no ahoɔden no nkakrankakra. Amane a mihui no yɛ nea merentumi nka ho asɛm. Nneɛma ahorow a na mihuhu wɔ m’ani so, me ho a ɛwosow ne ehu a emu yɛ den a ɛka me a ntease biara nnim. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ na me mpena no nni telefon a obetumi ne me akasa wɔ so nti, wɔ bere a yɛadi kan ahyehyɛ mu no, mɛfrɛ no wɔ ɔman telefon so. Nanso na bere nyinaa misuro sɛ ɔremma hɔ​—mekyerɛ sɛ, na misuro paa.

Wiɛ, bɛyɛ sɛ adapɛn abiɛsa bi akyi no woyii me fii ayaresabea, a na masiesie me ho sɛ merebefi [ɔbra] ase foforo. ‘Me haw ahorow no aba awiei afei,’ saa na misusuwii. Nokwarem no, na me haw ahorow no mmaa awiei koraa ɛ.

Mifii ase nom nsa. Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, efi mfiase no ara ná mitumi nom nsa pii a memmow. Nanso ankyɛ na mihui sɛ kɔ ara na me ho kɔ so yeraw me. Adwennwen kɛse tɔ me so a ɛma misuro sɛ mɛka kar anaasɛ mɛkasa akyerɛ afoforo mpo. Me nsa bɛwosow na fifiri afi ase afi me. Mede animia na ɛkɔɔ adwuma nna pii, a me ho repopo na ehu aka me. Mmere afoforo wɔ hɔ a menkɔ koraa. Na mayɛ basaa na na m’ani so nna hɔ​—ɔhonam ne adwene mu yare. Awiei koraa no, da koro bi mefrɛɛ m’adwuma mu panyin sɛ mereka akyerɛ no sɛ merentumi mma adwuma. “Wunim sɛ eyi kyerɛ sɛ wɔayi wo adi,” ɔbɔɔ me kɔkɔ saa.

“Minim, nanso biribiara nni hɔ a metumi ayɛ. Ɛyɛ me sɛ biribi reyɛ me.” Mede telefon no too so na ankyɛ na ɔsan frɛɛ me bio wɔ so. “Sɛnea wobɛyɛɛ de, ɛmfa me ho,” saa na m’adwuma mu panyin no kae, “nanso kɔ yɛn adwuma no ayaresabea hɔ​—mprempren ara!”

Meyɛɛ saa. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nnuruyɛfo no, sɛnea menom nnuru ahorow a ano yɛ den a ɛma meyɛ te sɛ nea mabow no, ne sɛ ɛyɛ me sɛ biribi reyɛ ayɛ me.

Nnuruyɛfo no mu biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Fred, ɛnyɛ biribi na ɛreyɛ wo. Woyɛ ɔsadweam.”

Mibuae sɛ: “Entumi mma saa. Beer abiɛsa anaa anan pɛ na menom anwummere.”

“Ɛnyɛ dodow a wonom, na mmom sɛnea nsa ka wo sɛ onipa no. Wo haw no nyinaa ne sɛ nnuru ahorow ne nsa haw wo wɔ wo nipadua mu. Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wobɛtra ase a wonnom aduru biara​—sɛ́ ɛyɛ nsa anaa pills. Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wobɛma w’ani agye a wonnom nnuru ahorow.”

Afei ɔde me kɔɔ baabi a wɔde mmoa ma wɔn a asanom bebrebe de wɔn ayɛ nkoa no asram dodow bi. Ɛhɔ na misuaa nneɛma pii a ɛfa asanom bebrebe ho. Sɛ nhwɛso no, mihui sɛ, sɛ́ asadweamfo no, ɛsɛ sɛ metwe me ho fi nnuru a wonom a ɛma woyɛ sɛ woabow nyinaa ho. Ɛmfa ho, sɛ́ wɔayɛ no sɛ nsu (nsa) anaaasɛ te sɛ pills (te sɛ nea wɔnom de dwudwo ɛyaw ano no) . Ɛkame ayɛ sɛ tumi a enya wɔ ɔsadweamfo nipadua so no yɛ pɛ. Nteteebea hɔ nso na mihuu bo a aduan pa, aduannuru ne abrabɔ pa a ahosodi wom som no.

Nanso, nea ɛma migyaee ankasa no wɔ oduruyɛfo no asɛm no mu, “Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wobɛma w’ani agye a wonnom nnuru ahorow.” Woahu, obi a ɔyɛ ɔsadweam yɛ obi a onni ahotɔ koraa; biribiara haw no. Nanso ɛdenam Bible a misuae so no masua sɛ mɛma ‘m’ani agye a mennom nnuru ahorow.’ O, na manya Bible no ho nimdeɛ bi pɛn. Nanso esiane m’ani a mema ɛberee, suaa ade pii no nti, mabehu Yehowa Nyankopɔn sɛ, ɛsɛ sɛ mebɛn no wɔ Agya-ne-ɔba abusuabɔ mu. Mitumi de me dadwen ahorow to no so ma enti menhaw me ho wɔ asetra ho sɛnea ɛmfata. (Mateo 6:34) Afei nso mede me ho abɔ mfɛfo Kristofo a wɔyɛ me sɛ wɔn abusua muni ho. M’ani sɔ wɔn dɔ ne mmoa a ɛrekɔ so no kɛse.

Ampa, maba abehu sɛ wɔ me fam no, me ho a mɛtwe afi nsa ne nnuru ahorow a ɛma obi yɛ te sɛ nea wabow ho koraa no ho hia. Mfe pii ni. Nanso mewɔ abotɔyam ne anigye ankasa. Mewɔ me Nyankopɔn, Yehowa, mewɔ m’abusua ne Kristofo anuanom, mmarima ne mmea, a wɔwɔ ɔdɔ. Dɛn bio na ebetumi ahia me?​—Wɔkyerɛw mae.

Ɔbea bi Asɛm

Na meyɛ obi a sɛ me ne me nnamfo hyia a na menom nsa. Sɛnea mekae no, na me ne me kunu ntaa nnom nsa a ano yɛ den wɔ yɛn fie hɔ gye sɛ nna atitiriw bi. Nanso saa bere no manhu sɛ bere a mekɔɔ so nomee no na me nipadua no regye, a awiei koraa no ebehia ɛno ansa na atumi ayɛ biribi.

Nkakrankakra asanom maa nsakrae kɛse baa me nipasu mu. Mihui sɛ mabɛyɛ ntɔkwapɛfo ne obi a ɔhaw adwene. Mehwe me mma no, a nokwarem no na misusuw sɛ m’asɛm yɛ dɛ yiye sɛ mereyɛ saa. Bere a mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi no, mitumi hu sɛ na mebo afuw me ho ankasa Mibenyaa adwenemhaw na minyaa afoforo ho adwemmɔne. Sɛ miwura ɔdan bi mu na mihu nnipa baanu sɛ wɔrekasa a na manya adwene sɛ wɔreka me ho asɛm, efisɛ na wɔmpɛ m’asɛm. Me mma no bɔɔ mmɔden sɛ wobesi so dua akyerɛ me sɛ, “Mama, yɛdɔ wo.” Nanso na migye di sɛ wɔrentumi nyɛ nnipa a wɔdɔ me.

Ɔko a ɛyɛ hu a ɛkɔɔ so wɔ me mu no yɛ nea ɛdɔɔso sɛ metumi aka ho asɛm. Bere biara a mɛnom nsa akyi no, afobu ne aniwu nka a mete no so kɛse. Mɛhyɛ me ho bɔ sɛ, “Merennom bio da.” Nanso meyɛe​—mpɛn pii bio.

Nnamfo a mewɔ wɔn mu ahotoso na mibu wɔn tuu me fo sɛ mentew so, minsusu nnom. Mebɔɔ mmɔden biara sɛnea metumi sɛ medi masanom no so. Mitu kɔtraa baabi foforo, a na misusuw sɛ eyi bɛboa. Afei na migye di sɛ nsa a menom a mɛsesa no na ɛbɛma ayɛ yiye. Enti afei mifii ase nom bobesa. Nanso, ɛmfa ho sɛ mmɔden bɛn ara na mebɔe, mantumi anni masanom no so na mantumi antew so nso.

Bere a bere kɔɔ so no, mekɔɔ so wiaa me ho nomee na menom no kɛse sen sɛnea na obiara nim. Ɛne sɛ, na mitumi yɛ m’ade pɛpɛɛpɛ bere a manom nsa. Ná meda so ara tumi yɛ adwuma, hwɛ m’abusua ne me fi​—bere dodow a manya me nsa anom no. Sɛnea ɛbɛyɛ a mede besie m’abusua no mufo no, mebɛyɛɛ obi a ne ho akokwaw wɔ nnaadaa mu. Ntumpan a na ɛwɔ baabi a yɛde nsa sisi wɔ asa no so faako a yɛtra no yɛ nea na mede redaadaa wɔn. Me mma no behwie agu anaasɛ wɔde nsu bɛfra mu. Nanso na mewɔ ntumpan afoforo hyehyɛ baabi. Nokwarem no, eduu bere bi a na mewɔ ntumpan aduonu anum a mede asie mmeae ahorow wɔ yɛn fie hɔ​—aguaree, baabi a mede me kar no si, kar no mu, faako yɛde mpasotam ne ade gu, me sika bɔtɔ mu ne nnaka a me ntade gu mu no mu.

Ebedu saa bere yi no na mintumi nna anadwo. Na nsa no nyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma mada. Enti mikohuu oduruyɛfo na ɔkyerɛw aduru a ɛbɛma mada maa me. (Manka masanom no ho asɛm ankyerɛ no.) Anwummere biara na menom aduru no bi ne nsa na ama matumi ada.

Wɔ eyi nyinaa mu no, m’abusua no antumi amma mannye anni sɛ meyɛ ɔsadweam. “Monhwɛ me!” mɛka de ayi me ho ano. “Menyɛ ɔkɔwensani bi a ɔnenam a ɔnyɛ adwuma! Mahwɛ mo mmofra yi bere a meyɛ adwuma. Ɔkwan bɛn so na mubetumi de onipa a ɔte sɛɛ mpo asusuw me?”

Afei da koro bi anadwo mihui sɛ me nsa no asa a minni bi koraa. Bɛyɛ sɛ mfe awotwe, ɛno, ne me nnuru no ara na mede me ho ato so a ɛma mitumi da. Saa da no bɛyɛɛ anadwo a ehu kaa me sen biara wɔ m’asetra nyinaa mu. Na nneɛma gyinagyina m’ani so na metee nneɛma a ɛyɛ hu. Misusuwii, na nokwarem migye dii sɛ obi bekum me. Bere a ade kɔɔ so sae no, emu bɛyɛɛ den. Na metee nka ampa sɛ mewu ansa na ade akye.

Nanso, ade kyee no, ntɛm ara na mekɔɔ nsa aguadidan no mu. Nanso bere a mitwaa bi no, hwɛ me ho ara a ɛtɔɔ me! Mpofirim ara metee nka sɛ masan asi me dedaw mu. Nanso da no ara ɛyɛɛ kakra no, ahosodi a mewɔ nyinaa sae ankasa. Mehwee me babea no hwe-bɔne. Saa bere no na mihui sɛ miha ayaresafo mmoa, na mepenee so sɛ mɛkɔ faako a wɔde mmoa ne ntetee ma asadweamfo no. O, na meda so ara susuw sɛ ɛnyɛ nsa na ɛrehaw me! Na migye di sɛ m’adwene resɛe na ɛno nti na ehia sɛ menom nsa no.

Ɔfotufo a ɔwɔ nteteebea hɔ no bisaa me sɛ: “Wonom nsa?”

“Yiw, nanso mennom no pii saa,” saa na meka de yii me ho ano. Afei ɔde krataa bi a wɔakyerɛ asanom bebrebe ho sɛnkyerɛnne ahorow pii wɔ so kyerɛɛ me na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ nea ɛfa me ho; Ansa na merewie no, mifii ase susuwii sɛ, ‘Ɛbɛyɛ sɛ meyɛ ɔsadweam.’ Ehu kaa me.

Wɔ asram abiɛsa a midii wɔ nteteebea hɔ no mu no, misuaa pii faa asanom bebrebe ho ne sɛnea ɛkaa me, ne sɛnea ɛmaa me sesae no. Bere a mihyiaa asadweamfo afoforo a wɔn ho rebae wɔn na metee sɛ wɔrekasa no, mihui sɛ na wɔte sɛ me ara.

Nanso, biribi foforo ka nhyehyɛe a ɛbɛma me ho abae me a na ɛrekɔ so no ho a aboa me kɛse. Nokwarem, wɔ krataa a ɛfa me ho mu no, nteteebea hɔ mpanyimfo kae sɛ: “Ne nyamesom aboa no kɛse wɔ nhyehyɛe a ɛbɛma ne ho abae no no mu.” Ɛne sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, daa mekɔ nhyiam horow no dapɛn biara na ɛhɔ na misua sɛnea wode Bible nnyinasosɛm ahorow no di dwuma. Eyi ama matumi anya anigye bere a mennom nsa. Na m’anigye no nya nkɔso bere a meka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a masua afi Kyerɛwnsɛm no mu ho asɛm kyerɛ afoforo no. Esiane sɛ mabɛn Yehowa Nyankopɔn nti, mahu nokware a Filipifo 4:6, 7 yɛ nea edi kan: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Yiw, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no ma mitumi nya nkɔso wo me ho a ɛrebae me no mu DA BIARA NKAKRANKAKRA.​—Wɔkyerɛw mae.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nnuru a ɛma ebi yɛ te sɛ nea wabow brɛ nkate ase: ebetumi ama obi abow efisɛ ɛbrɛ ɛyaw ase, na ɛma obi te ahotɔ nka, a n’ani agye sen kan no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Sɛ mannom a, mɛyɛ basaa a me ho yeraw me paa”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wobɛma w’ani agye a wonnom nnuru ahorow,” saa na oduruyɛfo no kae

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Mɛhyɛ me ho bɔ sɛ, ‘merennom bio da.’ Nanso meyɛe​—mpɛn pii bio!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena