Abusua No Bɛyɛ Dɛn Aboa?
“Onipa no di kan nom nsã, na afei nsã no nom nsã, na awiei koraa no, nsã no fa onipa no.”—Apuei Famfo bɛ.
WONAM asase bi a ɛyɛ atɛkyɛ ano. Mpofrrim ara wuwura atɛkyɛ no mu. Bere tiaa bi mu no, na woremem wɔ atɛkyɛ mu. Dodow a wopere no, dodow no ara na womem.
Saa ara na sadweamyɛ tumi ka abusua mũ no nyinaa. Ɔhokafo a ɔde ne ho to ne hokafo no so no de ahoyeraw bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsakra ɔsadweam no. Ɔyere no fi ɔdɔ mu hunahuna no, nanso ɔkɔ so nom. Ɔde ne nsã no sie, nanso ɔtɔ pii nom. Ɔde ne sika sie, nanso ɔkɔbɔ n’adamfo hɔ bosea. Ɔtwe n’adwene si ɔdɔ a ɛsɛ sɛ onya ma n’abusua, ne nkwa, ne Onyankopɔn mpo so—nanso enkosi baabiara. Dodow a ɔyere ne ho no, dodow no ara na abusua no nyinaa kɔ sadweamyɛ mu ɔhaw pii mu. Sɛ ɔsadweam abusuafo betumi aboa no a, ɛsɛ sɛ wodi kan te sɛnea sadweamyɛ te no ase. Ehia sɛ wohu nea enti a ɛkame ayɛ sɛ nea ɛte biara no, “akwan a wɔfa so di ho dwuma” no mu bi renyɛ yiye no, na ɛsɛ sɛ wosua akwan a etumi di ho dwuma ankasa no.
Sadweamyɛ kɔ akyiri sen asabow ara kwa. Ɛyɛ asãnom mmoroso ho ade bi a wontumi nnyae a nea ɛma wohu ne nsã ho a wodwen bere nyinaa ne dodow a wɔnom so tumi a wonni no. Ɛwom sɛ abenfo dodow no ara gye tom sɛ wontumi nni so de, nanso obi betumi adi sadweamyɛ so denam gyae a obegyae nsã nom korakora ne nkwa nna nyinaa no so.—Fa toto Mateo 5:29 ho.
Akwan bi so no, wobetumi de tebea no atoto obi a ɔwɔ asikreyare ho. Ɛwom sɛ ontumi nsakra ne tebea a ɔwom no de, nanso obetumi aboa ne nipadua no denam ne ho a ɔbɛtwe afi asikre ho so. Saa ara na ɔsadweam rentumi nsakra nea ne nipadua yɛ wɔ nsã ho no, nanso obetumi adi ne tebea a ennye no ho dwuma denam ne ho a ɔbɛtwe afi nsa ho korakora no so.
Nanso, eyi ka nyɛ den sɛ ne yɛ. Ɔsadweam no tebea a onnye ntom no mma onhu tebea a ɔwom no yiye. ‘Mensɛee pii saa.’ ‘M’abusua no na wɔyɛ ma menom nsã.’ ‘Hena na n’adwumam panyin te sɛ me de yi a, anka ɔrennom nsã?’ Ɔkwan a ɔfa so susuw nsɛm ho ka no tɔ asom araa ma ebia abusua mũ no nyinaa rennye tebea a ɔwom no ntom sɛ ɔno ara. ‘Ehia sɛ wo papa gye n’ahome bere a ɛda no mu dwumadi ahorow aba awiei no.’ ‘Ɛsɛ sɛ papa nom nsã. Maame haw no dodo.’ Wɔbɛyɛ biribiara sen sɛ wobeyi abusua no ahintasɛm adi sɛ: Paapa yɛ ɔsadweam. Oduruyɛfo Susan Forward kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛno nkutoo ne ɔkwan a wɔnam so betumi ne wɔn ho atra. Atorodi, nsɛm a wɔde yi wɔn ho ano, ne kokoam nsɛm abu so yiye wɔ afie yi mu.”
Abusua no mufo rentumi nyi ɔsadweam no mfi atɛkyɛ no mu gye sɛ wɔn ankasa di kan fi mu. Ebia ebinom a wɔrennye ntom bɛka sɛ, ‘Ɔsadweam no na ohia mmoa na ɛnyɛ me!’ Nanso susuw ho hwɛ: Ɔsadweam no suban no ka wo nkate ne wo nneyɛe kodu he? Mpɛn ahe na ne nneyɛe no ma wote abufuw, ɔhaw, abasamtu, ehu nka? Mpɛn ahe na wode bere a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ biribi a ehia kɛse no tra fie hwɛ ɔsadweam no? Sɛ abusua no mufo a wɔnyɛ asadweam no yɛ nneɛma bi de siesie wɔn ankasa asetra mu yiye a, ebia ɔsadweam no nso bɛyɛ saa.
Mmu wo ho fɔ. Ebia ɔsadweam no bɛka sɛ: ‘Sɛ wone me di no yiye a, anka ɛho renhia sɛ menom nsã.’ Ɔfotufo Toby Rice Drews se: “Ɔsadweam no pɛ sɛ wokɔ so gye eyi di sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de n’asanom no ho asõdi ato wo so.” Nnye ntom. Ɛnyɛ nsã nko na ɔsadweam no de ne ho to so na mmom wɔn a wɔpene ne tebea a onnye ntom no so no nso. Ebia abusua mufo nam saa kwan yi so bɛma ɔsadweam no asanom no akɔ so bere tenten a wonnim sɛ wɔn na wɔreboa no.
Bible mu bɛ bi a ɛfa abufufa ho no betumi afa ɔsadweam nso ho pɛpɛɛpɛ: “Ma nea ebefi mu aba no mmra ne so. Sɛ wuyi no fi ɔhaw mu pɛnkoro a, wobɛyɛ saa bio.” (Mmebusɛm 19:19, Today’s English Version) Yiw, ma ɔsadweam no ankasa mfrɛ n’adwumam panyin wɔ telefon so nsrɛ kwan, ɔno ankasa ntwe ne ho ase nkɔda, ɔno ankasa mpopa ne fe. Sɛ abusua no yɛ saa nneɛma yi ma no a, na wɔreboa no ma wanom nsã awu.
Hwehwɛ mmoa. Ɛyɛ den, na ebia ɛrenyɛ yiye mpo sɛ abusua no muni bi nko ara befi atɛkyɛ no mu. Wuhia mmoa. Fa wo ho to nnamfo a wɔrempene ɔsadweam no tebea a onnye ntom no so na wɔrennyaw wo sɛ kɔ so tra wo haw no mu nso no so.
Sɛ ɔsadweam no pene so sɛ ɔbɛhwehwɛ mmoa a, ɛyɛ anigyesɛm kɛse. Nanso ɛyɛ nhyehyɛe a wɔde di so nkonim no mfiase ara kwa. Wobetumi ama sɛnea ne nipadua no pɛ nsã no agyae denam ne ho a wɔbɛma wade afi nsã ho no so wɔ nna kakraa bi mu. Nanso ne ho a ɔde to nsã so wɔ n’adwenem no ho dwumadi yɛ den sen saa koraa.
[Kratafa 5 adaka]
Su Horow a Ɛda Adi Kɛse wɔ Asadweam Ho
Nea Egye n’adwene: Ɔsadweam de ahopere hwɛ bere a ɔnom nsã no kwan. Sɛ ɛnyɛ nea ɔrenom nsã a, na ɔrensusuw nsã ho.
Onni so Tumi: Ɔtaa nom nsã boro dodow a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛnom no, a sɛnea ɔbɔe ne tirim denneennen no mfa ho.
Kateeyɛ: Mmara horow a ɔsadweam ma ne ho (“Me nkutoo nnom nsã,” “mennom nsã bere a mereyɛ adwuma,” ne nea ɛkeka ho) no yɛ nsɛm a ɔde kata nea ɛyɛ ne mmara ankasa sɛ: “Mma biribiara mmɛsɛe m’asã nom” no so ara kwa.
Nsã Mmow No: Tumi soronko a obi wɔ sɛ ‘otumi nom nsa pii nanso ɔmmow’ no nyɛ nhyira—mpɛn pii no, ɛyɛ sadweamyɛ ho sɛnkyerɛnne a edi kan da adi.
Nneɛma Bɔne a Efi mu Ba: Su horow a bɔne biara nni ho nsɛe obi abusua, n’adwuma ne ne honam fam akwahosan. Sadweamyɛ yɛ saa.—Mmebusɛm 23:29-35.
Onnye ne Tebea no Ntom: Ɔsadweam ma ɛyɛ sɛ nea ntease wɔ ne nneyɛe no mu, ɔbrɛ emu aniberesɛm no ase, na oyiyi ne ho ano.