Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 2/8 kr. 21-23
  • Owusɔre​—So Nipadua Na Ɛbɛba Anaa Nipa Mũ No Nyinaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owusɔre​—So Nipadua Na Ɛbɛba Anaa Nipa Mũ No Nyinaa?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsusuwii a Ɛnteɛ
  • Nkyerɛkyerɛ Mu Ɔhaw
  • Nipa Mũ No Nyinaa a Wonyan No
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ahenni No ne Owusɔre Ho Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Tumi a Owusɔre Anidaso no Wɔ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 2/8 kr. 21-23

Owusɔre​—So Nipadua Na Ɛbɛba Anaa Nipa Mũ No Nyinaa?

NIPA pii nim sɛ Bible no hyɛ awufo owusɔre ho bɔ. Na sɛ ɛno bɛkyerɛ hyia a adɔfo bɛsan ahyiam bio wɔ tebea horow a anigye wom mu a, ɛnde wogye tom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ anigye. Nanso adwene a ɛne sɛ eyi kyerɛ nipadua koro no ara a wobenyan no a nneɛma ahorow a na kan ɛwom no ka ho no ma nnipa koma pafo binom adwene mu yɛ wɔn nãa wɔ ade mũ no nyinaa ho.

Asɛm “Migye . . . nipadua no a wobenyan no no di” yɛ nea wɔfrɛ no Asomafo Gyidikasɛm a wɔkyerɛ sɛ ɛno na “ɛka Helafo, Romafo ne asɛmpakafo a wɔwɔ Kristoman mu bom” no fã. Ɛkyerɛ sɛ, Katolek, Ortodoks ne Protestant asɔreasɔre no pii kyerɛkyerɛ sɛ Atemmu Da no, wobenyan adesamma nyinaa nipadua afi dɔte anaasɛ po mu na wɔde aka wɔn “akra” ho bio ma wɔakonya ɔsoro nhyira anaa wɔakɔ hell amanehunu mu.

Athanasia Gyidikasɛm a Kristoman asɔre horow no pii gye tom no ka sɛ:

“[Kristo] bɛba abebu ateasefo ne awufo atɛn. Ne ba mu na nnipa nyinaa de wɔn nipadua bɛsɔre bio, na wobebu wɔn ankasa nnwuma ho akontaa. Na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ daa nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no akɔ daa ogya mu.”

Nsusuwii a Ɛnteɛ

Saa gyidi yi ma nsusuwii bi a ɛnteɛ sɔre. Sɛɛ na Katolekfo nhoma bi (Our Sunday Visitor) kyerɛ:

“Ɔkra no fi nipadua no mu wɔ owu mu. Wobu no atɛn na onya ɔsoro akatua anaasɛ wɔde no kɔ ahodwiragya mu anaasɛ hell. Afei nipadua no fi ase porɔw, na ɛsan kɔ dɔte a woyi fii mu no mu. Ɛtɔ bere bi a ebinom hwere wɔn nkwa wɔ po so na enti wɔtetew mu wɔ nsu no ase. Nanso Onyankopɔn fam de nneɛma nyinaa tumi yɛ yiye, na ampa ɛyɛ mmerɛw koraa ma Onyankopɔn sɛ ɔbɛboaboa nea ɛkae no ano, sɛ́ ɛyɛ dɔte, nsõ anaa nea ɛwɔ po ase.” Obi yɛ nipadua mu nneɛma ahorow a etu fi dɔte ne po mu, ne mpo nneɛma afoforo a nkwa wom mu, ma ɛsan kɔyɛ nkurɔfo a wɔtraa ase pɛn no nipadua dedaw no ho mfonini.

Sɛnea ɛbɛma nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nwonwa yi ayɛ te sɛ nea ɛteɛ no, wɔkyerɛ sɛ, esiane sɛ nipadua no ne ade a ɔbɔnefo no nam so yɛɛ bɔne anaasɛ atreneefo no kyerɛɛ wɔn trenee nti, nyansa wom sɛ ɛsɛ sɛ nipadua no kɔka ɔkra no ho ma wonya akatua a ɛfata anaa asotwe. Katolekfo nhoma koro no ara kɔ so ka sɛ:

“Ɛyɛ nokware, ɔkra no nkutoo betumi anya anigye kɛse wɔ Ɔsoro. Nanso, nipadua a ayɛ ne hokafo wɔ n’asase so brɛ mu no, wɔ daa anigye hokwan wɔ ɔkwan biara so, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso daa, sɛ ɛno ne nea ne nsa aka a. Nanso sɔre de, ɛsɛ sɛ ɛsɔre.

“Nanso, bere a wɔn a wɔteɛ nipadua nya owusɔre wɔ wɔn anuonyam, ahoɔfɛ, anigye ne ɔhyerɛn nyinaa mu no, nneɛma a ɛyɛ hu, enye na ɛyɛ tan wɔ wɔn a wɔabu wɔn fɔ wusɔre mu no nso wɔ hɔ. Efisɛ abɔnefo nipadua a anyan no bɛyɛ tan na ɛbɛyɛ hu sɛ wɔbɛhwɛ. Wɔbɛsɔre afi ada mu abɛka wɔn akra a wɔabu wɔn fɔ kɔ hell daa dedaw ho.” Ade a ɛyɛ hu bɛn ara ni!

Nkyerɛkyerɛ Mu Ɔhaw

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Katolekfo nhoma ahorow te sɛ French Apologétique (Apologetics) no frɛ “nipadua owusɔre” no sɛ “ahintasɛm.” Nanso dɛn nti na Katolekfo, Ortodoksfo ne Protestantfo de saa “ahintasɛm” yi akyekyere wɔn ho? Mmuae no ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ “nipadua owusɔre” na wɔde atete wɔn ho afi ɔhaw a animguase wom mu.

Wobetumi aka wɔn haw no ho asɛm abom sɛnea edidi so yi: Asɛmfua “owusɔre” no kyerɛ “awufo mu a wɔsɔre fi, anaa nkwa mu a wɔsan ba.” Ɛnde, nyansa mu no, sɛ obi nwui ankasa a owusɔre biara ntumi mma. Ɛne sɛ, Kristoman asɔre atitiriw no nyinaa kyerɛkyerɛ ɔkra a enwu nkyerɛkyerɛ no. Wɔkyerekyerɛ sɛ, sɛ obi wu a na onwui ankasa. Ne “kra” kɔ so ara tra ase. Enti, ɔrentumi ‘nsan mma nkwa mu’ anaasɛ wɔrentumi nyan no. Ɔhaw a na ɛwɔ hɔ ma Kristoman asɔfo no ne sɛ wɔbɛma owusɔre (awufo mu a wɔsɔre fi) ne ɔkra a enwu a wonya fi awo mu no ahyia.

Woyii ɔhaw no fii hɔ denam “nipadua owusɔre” nkyerɛkyerɛ a wɔde bae no so, na wɔfrɛɛ no ahintasɛm, na saa nso na wobetumi afrɛ no, efisɛ ɔkwan bɛn so koraa na wobetumi afrɛ “ɔkra” a ɔte ase a wɔama no honam nipadua no owusɔre anaa awufo mu a wɔsɔre fi?

Bio nso, “nipadua owusɔre,” sɛnea asɔre horow binom kyerɛkyerɛ no, kyerɛ nipadua koro no ara a obi wɔ ansa na ɔrewu no a wɔsan de ma no. Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi de nneɛma ahorow a ɛwɔ nipadua no mu a ɛdenam porɔ a ɛporɔw ne nneɛma afoforo so no, ɛbɛyɛ nnipa pii nipadua fã no ama nnipa ahorow yi nyinaa bere a wɔanyan wɔn no? Ɛno nso yɛ ahintasɛm foforo!

Nea etwa to no, honhom abɔde a wɔde honam nipadua a ehia nna, aduan ne nsu, a yɛnnka dwonsɔ ne anangya ho asɛm, adura ne ho no tebea te dɛn? Na nipadua a ɛte sɛɛ bɛtra ase bere tenten ahe wɔ “hell daa ogya” a ɛyɛ Kristoman Atemmu a Etwa To nhyehyɛe no fã no mu?

Esiane sɛ saa “ahintasɛm” ahorow yi nyinaa fa Katolekfo, Ortodoksfo ne Protestantfo nkyerɛkyerɛ wɔ “ɔkra a enwu” ne “nipadua owusɔre” no ho nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ nnipa nnye owusɔre ho adwene no nyinaa nni. Nanso, esiane sɛ asɔre horow a ɛkyerɛkyerɛ saa nkyerɛkyerɛ yi nso kyerɛ sɛ edi Bible no akyi nti, afei momma yɛnhwɛ nea nhomanimfo a wosua Bible ne Bible no ankasa ka wɔ eyi ho.

Nipa Mũ No Nyinaa a Wonyan No

Nhomanimfo pii gye tom sɛ ɔkra/nipadua nkyerɛkyerɛ a ɛbɔ ho abien no nni nnyinaso titiriw biara wɔ Bible mu. Wɔn nsɛm ahorow a wɔaka no kakraa bi ni:

“Adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da no yɛ Helafo nsusuwii, bere a owusɔre ho anidaso no yɛ Yudafo nsusuwii.”​—Dictionnaire Encyclopédique de la Bible (1935, Protestant) .

“Ɔkra a wɔka ho asɛm wɔ Apam Dedaw mu no nkyerɛ onipa no fã bi, na mmom onipa mũ no nyinaa​—onipa sɛ́ abɔde a ɔte ase.”​—New Catholic Encyclopedia (1967) .

“Bible no nka nkyerɛkyerɛ a ɛne ɔkra a enwu da ho asɛm.”​—The Concise Jewish Encyclopedia (1980) .

“Apam Foforo no nka ‘nipadua owusɔre’ anaa ‘honam owusɔre’ ho asɛm ankasa, mmom ‘awufo sɔre’ anaa ‘awufo mu a wonyan fi’ ho asɛm nkutoo na ɛka. Owusɔre ho asɛm no fa nipa mũ no nyinaa ho.”​—New International Dictionary of New Testament Theology (1978) .

Nea ɛne “nipadua owusɔre” nkyerɛkyerɛ no bɔ abira koraa no, Bible no ka, na Yehowa Adansefo gye di sɛ, sɛ ɔkra wu a na awu ankasa, sɛ ɔsoro atemmu a ɛwɔ hɔ ma bɔne a wɔboapa yɛ ne owu, ɛnyɛ daa ahoyeraw, ne sɛ Onyankopɔn de owusɔre ankasa anaa “awufo mu a wɔsɔre fi” ho anidaso ma adesamma a wɔsakra wɔn adwene. (Hesekiel 18:4; Romafo 6:23; Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 17:30, 31) Eyi kyerɛ ɔkra anaa onipa mũ no nyinaa a wonyan no. Sɛnea Onyankopɔn ‘ma burofua dua ko a ɔpɛ’ no, saa ara na ɔbɛyɛ bere a ɔrenyan nnipa no. (1 Korintofo 15:35-40) Nea saa anidaso yi, ne nokwarem, Kristosom ankasa gyina so ne Kristo wu ne ne wusɔre no.

Anidaso a ɛte sɛɛ ma asetra nya atirimpɔw ankasa. Ɛkyerɛ sɛ daakye pa bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔsom Onyankopɔn mprempren no. Akwanhwɛ a ɛne sɛ wɔne adɔfo a wɔhweree wɔn wɔ owu mu bɛsan ahyiam no nyɛ adaeso bi ara kwa. Na, ɛyɛ gyidi a emu yɛ den sɛ́ Yehowa Nyankopɔn benyan awufo ampa no na ahyɛ Yehowa Adansefo den ma wokura wɔn mudi mu ma Onyankopɔn bere mpo a sodifo ahorow a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔabu Onyankopɔn mmara so de owu hunahuna wɔn no.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ awufo nnyan a, ɛnde momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Ampa, na ɔwɔ owusɔre no mu gyidi. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Esiane sɛ wonni nokware anidaso a ɛfa owusɔre ho no nti, nnɛ nnipa pii dan kɔ asetra ho adwene a botae biara nni mu a Paulo kaa ho asɛm no so. Sɛ́ eyi te saa wɔ wo ho anaa ɛnte saa no, yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ Bible mu owusɔre ho anidaso a ɛyɛ nokware no mu. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ wo. Nimdeɛ a ɛte sɛɛ betumi asakra sɛnea w’adwene te wɔ asetra ho no nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena