Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
‘Nya gyidi a ɛde kɔ ɔkra nkwagye mu.’—HEBRIFO 10:39.
1. Dɛn na Katolekfo encyclopedia bi gye tom wɔ asɛmfua “ɔkra” a Bible de di dwuma no ho?
BIBLE no nka wɔ baabiara sɛ adesamma wɔ ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase daa wɔ honhom atrae bere a nipadua no awu akyi. New Catholic Encyclopedia no mpo gye tom sɛ: “Adwene a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi no nyɛ nea wotumi hu ntɛm ara wɔ Bible no mu. . . . Ɔkra a ɛwɔ Apam Dedaw no mu no nkyerɛ onipa fa bi, na mmom onipa mũ no nyinaa—onipa sɛ ɔteasefo. Saara nso na, wɔ Apam Foforo no mu no, egyina hɔ ma ɔdesani nkwa: obi nkwa.” Enti adesamma nni akra, wɔyɛ akra.
2. (a) Ɛhe na ɔkra a enwu da gyidi no fi bae? (b) Nokware a ɛfa tebea a onipa kɔ mu wɔ owu akyi ho no ne dɛn?
2 Sɛnea asɛm a edi kan no daa no adi no, ɔkra a enwu da gyidi no yɛ abosonsom adwene a enyaa ne mfiase fi tete mmere mu tɔnn. Ne farebae ne onii a ɔkaa nea ɛne Onyankopɔn asɛm a ɔkaa no pefee sɛ, sɛ onipa yɛ asoɔden a, ‘owu na obewu’ no bɔ abira no. (Genesis 2:17) Ɔsɔretiafo, Satan Ɔbonsam, na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Na ɛno yɛ atoro. (Yohane 8:44) Akyiri yi, Satan maa ɔdesani kra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nyaa nkɔso. Nanso, nokwasɛm a ɛfa onipa tebea a ɔkɔ mu wɔ owu akyi ho no ne nea ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 no: “Awufo de, wonnim biribiara.”—Hwɛ Romafo 5:12 nso.
Daa Nkwa ho Anidaso No
3. Anidaso bɛn na Bible no wɔ pii ka wɔ ho?
3 Bere a Bible da no adi pefee sɛ biribi te sɛ ɔkra a enwu da biara nni hɔ no, ɛwɔ pii ka fa daa nkwa ho. Na nkwa a enni awiei ho anidaso no yɛ Yesu nkyerɛkyerɛ titiriw. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yesu kaa wɔn a wɔkyerɛ Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi ho asɛm sɛ: “Mema wɔn daa nkwa.” (Yohane 10:28) Ɔde ahotoso a edi mu kae sɛ: “Nea ogye di no wɔ daa nkwa. . . . ɔbɛtra ase daa.” (Yohane 6:47, 51) Ɔkae nso sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
4. Dɛn na Yesu kae wɔ daakye anidaso ho?
4 Sɛ ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi biara nni hɔ dea, ɔkwan bɛn so na wobenya daa nkwa a Bible ahyɛ ho bɔ no? Yesu kaa eyi ho asɛm pii bere a ɔkɔsraa Marta ne Maria wɔ wɔn nuabarima Lasaro wu akyi no. Ɔka kyerɛɛ Marta sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” Obisaa Marta sɛ: “Wugye eyi di anaa?” Obuae sɛ: “Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn ba no.”—Yohane 11:25-27.
5, 6. Nyan a Yesu nyan Lasaro baa nkwa mu bio no daa dɛn adi?
5 Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu ada no adi sɛ, sɛ Onyankopɔn Ba no, wɔama no tumi a wɔde nyan awufo ba nkwa mu bio no, ɔkɔɔ Lasaro ɔdamoa no ho. Na Lasaro awu nnannan, na na wafi ase porɔw. Nanso, “[Yesu] de nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra! Na nea wawu no fii adi, ɔda mu ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ.” (Yohane 11:43, 44) Wɔasan de Lasaro a na wawu no aba nkwa mu bio!
6 Wɔamfa Lasaro amfi ɔsoro anaa baabi foforo biara wɔ ahonhom atrae na ɛbae. Bere a owui no, wankɔ ahonhom atrae, na mmom na onnim hwee wɔ ɔdamoa mu, baabi a awufo nyinaa wɔ no. (Dwom 146:4; Yohane 3:13; Asomafo no Nnwuma 2:34) Ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebesusuw sɛ na Lasaro kra a entumi nwu da no redi dɛw bi wɔ ɔsoro, na afei wohwim saa ɔkra no fii ɔsoro ma ɔne ne nipadua a ɛnyɛ pɛ no san bɛka boom wɔ asase so, na wasan atra ase bio wɔ wiase bi a amanehunu, ɔyare, ne owu ahyɛ mu ma mu. Nanso, esiane sɛ na onni ɔsoro nti, ani gyee nkwa a ɔsan nyae no ho, efisɛ ɛkyerɛe sɛ na ɔbɛsan atra ase mfe dodow bi, na ɔne n’adɔfo asan abom bio. Akyiri yi, ɔbɛsan awu bio.
7, 8. (a) Mmere afoforo bɛn mu na Yesu nyan awufo? (b) Dɛn nti na Yesu yɛɛ anwonwade ahorow a ɛne nnipa a ɔsan de wɔn baa nkwa mu bio no?
7 Bere a Yesu nyan abeawa bi a na wawu no, n’awofo “ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Nanso, akyiri yi, saa abeawa no nso san wui. Bere a Yesu nyan Nain okunafo no babarima a na wawu no, “ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ.” (Luka 7:16) Nanso akyiri yi, saa ɔbarima no nso san wui. The New International Dictionary of New Testament Theology si saa anwonwade ahorow no so dua sɛ: “Na ɛsɛ sɛ wɔn a Kristo nyan wɔn wɔ n’asase so ɔsom adwuma mu no san wu, efisɛ nyan a wonyan wɔn yi amma wɔanyɛ wɔn a wontumi nwu.”
8 Ɛdɛn nti na Yesu nyan eyinom fii awufo mu? Na ɛnyɛ sɛ ɔbɛma wɔanya daa nkwa saa bere no, na mmom na ama wada no adi sɛ ɔne Mesia no, na ama wɔahu nea Onyankopɔn ama no tumi sɛ ɔnyɛ. Ɛma wonyaa owusɔre ne daa nkwa anidaso wɔ Onyankopɔn ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsam a ebedi tumi daakye ase no mu gyidi.—Mateo 6:9, 10; Yohane 11:41, 42.
9. Marta ne Paulo tee Yesu owusɔre anidaso ho nkyerɛkyerɛ no ase ɔkwan a ɛteɛ so dɛn?
9 Na Yesu a na Marta ne no bɔ no ama Marta nim saa anidaso no, efisɛ na wadi kan aka Lasaro ho asɛm akyerɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:24) Na onim sɛ owusɔre no bɛba, ɛnyɛ ɔno (Lasaro) no da a edi akyiri no mu, na mmom daakye, “da a edi akyiri no”—Atemmu Da no, bere a wobenyan awufo wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no. Na ɔsomafo Paulo nso nim saa, efisɛ ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn] ayi da bi ato hɔ a . . . obebu wiase ntɛn trenee mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:31) Paulo kae nso sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wanka sɛ na owusɔre no rekɔ so dedaw na mmom na “ɛbɛba” daakye—wɔ Ahenni nniso ase.
10. Dɛn na Franseni ɔbenfo bi kae wɔ Kristoman gyidi wɔ owusɔre ho no ho, sɛ wɔde toto Bible no nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ pefee no ho a?
10 Franseni Protestant ɔbenfo Oscar Cullmann kyerɛw wɔ nhoma Immortality of the Soul or Resurrection of the Dead? no mu sɛ: “Nsonsonoe kɛse da Kristofo awufo sɔre ho akwanhwɛ no ne Helafo gyidi wɔ ɔkra a enwu da mu no ntam. . . . Ɛwom sɛ akyiri yi Kristosom maa abusuabɔ bi bɛdaa saa gyidi ahorow abien yi ntam, na Kristofo dodow no ara nhu emu nsonsonoe nnɛ de, nanso minhu nea enti a ɛsɛ sɛ me ne nhomanimfo mu fã kɛse no ara de nea yebu no sɛ ɛyɛ nokware no sie. . . . Owusɔre mu gyidi no da adi wɔ nsɛm ne nsusuwii a ɛwɔ Apam Foforo no mu nyinaa mu. . . . Onyankopɔn nam adebɔ adeyɛ foforo bi so san de onipa mũ a wawu ampa no ba nkwa mu bio.”
Owusɔre—De kɔ He?
11, 12. (a) Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne asase yi? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no nsakrae ɛ?
11 Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔde asase no maa wɔn sɛ wɔn daa fie na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde nnipa atreneefo abusua bi bɛhyɛ asase no so ma. (Genesis 1:26-28; Dwom 115:16) Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “nea ɔnwenee asase na ɔyɛe; ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”—Yesaia 45:18.
12 Wɔ sintɔ ne owu a atra hɔ mfe mpempem pii fi bere a onipa tew atua nyinaa akyi no, ɛda so ara yɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɛsɛ sɛ asase no yɛ onipa daa fie: “Na treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Ne saa nti, bere a Yesu san de wɔn a wɔawu baa nkwa mu bio no, onyan wɔn wɔ asase so ha ara, na afoforo huu wɔn ntɛm ara sɛ nnipa a na wɔawu no. Eyi kyerɛe sɛ wɔ Ahenni nniso ase no, wɔbɛsan de awufo aba nkwa mu wɔ asase so, na wɔanya hokwan atra so daapem. (Adiyisɛm 20:12, 13) Ɛno bɛma Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne asase no ayɛ hɔ.—Yesaia 46:9-11; 55:11; Tito 1:1, 2.
13. Asɛm bi a ɛkyere adwene yiye bɛn na ɛda Kristoman asɔre ahorow no anim, na ɔkwan bɛn so na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya ho mmuae?
13 Nanso, esiane sɛ Kristoman asɔre ahorow no gye ɔkra a enwu da no di nti, eyi ama wohyia asɛm bi a ɛkyere adwene yiye: Wɔbɛyɛ dɛn ama “onipa mũ” no wusɔre, sɛnea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no, ne gyidi a wɔwɔ wɔ ɔkra a enwu da a ɛte ase wɔ ɔsoro anaa hell dedaw mu no ahyia? The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Lateran Bagua a ɛto so anan no kyerɛkyerɛ sɛ nnipa nyinaa, sɛ wɔyɛ wɔn a wɔapaw wɔn anaa wɔabu wɔn fɔ no, ‘de wɔn ankasa nipadua a wɔde nenam hɔ mprempren yi ara bɛsan asɔre bio.’” Ɛde ka ho sɛ: “Esiane sɛ nipadua no yɛ ɔkra no bɔne ahorow fafafo, na onya ne papayɛ ahorow mu kyɛfa nti, ɛte sɛ nea Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ nipadua no yɛ asotwe ne akatua a ɔkra no benya no fafafo.” Sɛnea saa gyidi yi kyerɛ no, nipadua no ne ɔkra no bɛsan aka abom wɔ ɔsoro anaasɛ hell. Bere tenten ahe? Saa nhoma no ka sɛ “Ahotefo ne abɔnefo nipadua ahorow a anya owusɔre no renwu da.”
14. Ɔkwan bɛn so na Jesuitni ɔkyerɛwfo bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Kristoman adwene a ɛwɔ wɔ nipadua no sɔre ho no mu?
14 Yɛkenkan wɔ nhoma The Future Life a Jesuitni J. C. Sasia kyerɛwee no mu sɛ: “Enti, ɔsoro asetra nso bɛyɛ nea anigye wom a ɛnam [nipadua a ɛne ɔkra no asan aka abom bio no] nkate ahorow a wɔahyɛ no anuonyam no so benya.” Saa nhoma no ka nipadua ahorow a ɛne wɔn akra asan aka abom bio no ho asɛm sɛ: “Wɔ hell no, ɔdesani nipadua no akwaa biara benya ne nkutoo asotwe wɔ [nipadua] no sɔre akyi. . . Wɔbɛyɛ akwaa a ɛma nipadua no nya nneɛma ho nkate anaasɛ etumi so biribi mu no ayayade titiriw, efisɛ bɔne ahorow a ɔhonam no ayɛ no titiriw na ama wɔn a wɔabu wɔn fɔ no afom Onyankopɔn. . . . Wɔn nipadua a wonya no bɛma wɔayɛ wɔn ayayade na wɔahu amane pii.”
15. Dɛn nti na ɛyɛ abususɛm sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nnipa ayayade wɔ hell daa?
15 Ne saa nti, ɔkra a enwu da abosonsom nsusuwii a Kristoman gye toom no buee kwan ma ogyee akra—ne nipadua ahorow mpo—a wɔyɛ wɔn ayayade a ano yɛ den yiye wɔ hell daa no abosonsom nsusuwii no nso toom. Nanso, Yehowa kaa tete adeyɛ a ɛne mmofra a wɔhyew wɔn de wɔn bɔ afɔre ma atoro anyame no ho asɛm sɛ: “Wɔde ogya. . . hyew wɔn mma bobɔ ɔhyew afɔre ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me koman da.” (Yeremia 19:5) Enti ɛyɛ abususɛm sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nnipa ayayade daa daa bere a n’ankasa Asɛm da no adi pefee sɛ wɔbɛsɛe abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu, ayi wɔn afi hɔ no. “Ɔkra biara a ɔrentie odiyifo [Yesu] no no, wɔbɛsɛe no.”—Asomafo no Nnwuma 3:23; hwɛ Mateo 10:28; Luka 17:27; Yohane 3:16; 2 Petro 2:12; Yuda 5 nso.
Asetra a Owu Nni Mu
16. Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ wɔ asetra a owu nni mu no ho?
16 Nanso, so Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔde nnipa bɛkɔ soro na wɔakɔtra hɔ a wɔrenwu da anaa? Yiw ɛkyerɛ saa. Nanso eyi mfa ɔkra a enwu da biara ho hwee. Nyan a wonyan obi sɛ honhom abɔde (sɛnea wɔyɛɛ Yesu no) na ɛma onya asetra a owu nni mu, na ɛnyɛ ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi a ɔwɔ nti. Wɔde daakye akatua a ɛne asetra a owu nni mu no hyɛɛ nnipa anokwafo bi a wɔwɔ Kristo su no bi bɔ, na na wɔn nsa bɛka eyi bere a wɔde Kristo baa Ahenni tumi mu wɔ ɔsoro no nkutoo, na ɛnyɛ Kristo sorokɔ wɔ afeha a edi kan no akyi pɛɛ.—Dwom 110:1; 1 Korintofo 15:53, 54.
17. Nnipa baahe na wobenya asetra a owu nni mu, na afa bɛn na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no mu?
17 Afei nso, adesamma abusua no mufo kakraa bi pɛ na wɔde saa anidaso yi hyɛɛ wɔn bɔ. Yesu frɛɛ eyinom sɛ “kuw ketewaa.” (Luka 12:32) Wonyan kuw yi a wɔn dodow yɛ 144,000 no ma wɔkɔtra ɔsoro sɛ honhom abɔde a wonwu da na wɔne Kristo adi asase so tumi wɔ ne soro Ahenni mu. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:4; 14:1, 4; 20:4) Awiei koraa no, nnipa a wɔayɛ pɛ, a akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛ ɔpepem pii na wɔbɛtra asase a wobedi so tumi no so. Saa nnipa no mu pii bɛyɛ wɔn a wɔsan ba asase so bio wɔ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre” no mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Nanso, wɔ wɔn a wonyan wɔn fi awufo mu no akyi no, afoforo nso wɔ hɔ a wobenya nkwa wɔ wiase foforo no mu. Afoforo yi yɛ henanom?
‘Wɔrenwu Da’
18. Wɔ awufo sɔre ho anidaso no akyi no, anwonwade bɛn na Yesu kaa ho asɛm siei?
18 Bere a nnipa a wɔawu no nokware anidaso ne owusɔre no, anidaso foforo bi a ɛyɛ nwonwa wɔ hɔ wɔ yɛn bere yi so. Ɛfa nea Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ Marta no ho. Bere a Yesu aka nea edi hɔ yi sɛ: “Nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa [wɔ owusɔre no mu],” akyi no, ɔde kaa ho sɛ, “na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.” (Yohane 11:25, 26) Yesu hyɛɛ ahodwiriwsɛm bi ho nkɔm wɔ asɛm a edi akyiri yi a ɔkae mu no sɛ: Bere bi bɛba a ɛho renhia sɛ nnipa a wɔte ase no wu! Nanso bere bɛn na ɛno bɛba?
19. (a) Bere bɛn mu na wu a wɔrenwu da ho anidaso no bɛbam? (b) Bible no ka wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔrenwu da no ho asɛm dɛn?
19 Mprempren—yɛn bere yi so—ne bere a saa bɔhyɛ yi bɛbam! Adanse ahorow nyinaa kyerɛ sɛ yɛabɛn wiase bɔne yi awiei pɛɛ. (Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5, 13) Enti, nnipa a wɔkyerɛ Onyankopɔn ne ne Ba no mu gyidi nnɛ no wɔ anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobetwa nhyehyɛe yi awiei na wɔakɔ so atra ase wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu—a wɔrenwu da! Wɔka eyinom ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 14 sɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu . . . a wofi ahohiahia kɛse no mu,” na esiane gyidi a wɔkyerɛ nti Onyankopɔn akora wɔn so. Yesu kaa ɔsɛe a ɛreba mprempren nhyehyɛe bɔne yi so no ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.”—Mateo 24:21; hwɛ Mmebusɛm 2:21, 22; Dwom 37:10, 11, 34 nso.
20, 21. Ɔkwan bɛn so na ɔpepem pii rekyerɛ Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi nnɛ, na dɛn na wɔn mu pii renhia?
20 Wiase nyinaa no, nnipakuw kɛse no mu ɔpepem pii a wɔpɛ sɛ wɔtra ase daa wɔ asase so no rekyerɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ne Yesu Kristo a wama no tumi sɛ ɔnyɛ “sɔre ne nkwa” no mu gyidi dedaw. Wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn de nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne (Mateo 28:19, 20) Wogye tom sɛ wɔn nkwagye fi “Onyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no,” Yesu Kristo, nkutoo.—Adiyisɛm 7:10.
21 Nnipakuw kɛse no mufo a wobetwa wiase yi awiei no renhia sɛ wonyan wɔn fi awufo mu efisɛ ‘wɔrenwu da’! So woreyɛ nea ɛbɛma woayɛ kuw yi muni? Sɛ ɛte saa a, ɛnde hokwan a ɛyɛ nwonwa a ɛso bi nni bɛn ara na abue ama wo sɛɛ yi—sɛ wubetwa Satan nhyehyɛe bɔne yi awiei akɔ trenee nhyehyɛe foforo a wubenya akwahosan a edi mũ, ne daa nkwa wɔ paradise asase so wom mu! (Luka 23:43; Adiyisɛm 21:4, 5) Ɛdenam nea Onyankopɔn pɛ a wubesua na woakɔ so ayɛ so no, wubetumi akyerɛ sɛ womfra ‘wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu.’ Wo nso wubetumi ‘agye adi akɔ ɔkra nkwagye mu.’—Hebrifo 10:39; 1 Yohane 2:15-17; Adiyisɛm 7:15.
Ntimu Nsemmisa
◻ Nokware anidaso ma awufo ne dɛn?
◻ Dɛn nti na Kristoman gyidi wɔ nipadua no sɔre mu no bɔ Onyankopɔn ahohora?
◻ Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ wɔ asetra a owu nni mu ho?
◻ Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn na nnipa betumi anya nnɛ?