Dɛn Nti Na Pii Nnye Nni?
NNIPA pii hu adwini a ɛwɔ abɔde mu no, nanso wonnye wɔ a Odwumfo, Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no nni. Dɛn nti na wonnye nni?
So gyidi a wonni yi yɛ esiane gye a wonnye asɛm a wɔka sɛ adwini hia Odwumfo no nni nti anaa? So adanse bi wɔ hɔ a ɛbɔ eyi abira sɛ adwini a ɛwɔ abɔde mu no nyɛ nea ɛsɛ sɛ adwene a emu da hɔ gye di bio?
Anaasɛ adanse no da so ara wɔ hɔ a emu ayɛ den sen kan no? Mmom no, so ɛyɛ nea ɔsomafo Paulo kae no, sɛ, nnipa a wɔpow sɛ wobegye nneɛma a ɛda adi atom ‘nni anoyi biara’ no anaa?
Adwini wɔ Abakɔsɛm Mu
Abakɔsɛm mu tiaa a yebetwa yɛn ani akɔhwɛ wɔ asɛm yi ho no betumi aboa. Sɛ́ nea edi kan no, nnipa a wonnye Onyankopɔn nni atra ase wɔ mfe pii a atwam no mu. Nanso kosi bɛyɛ sɛ mfirihyia ɔha a atwam no, wɔantumi annya nyamesom ne nyansahu adwene so tumi kɛse biara.
Nyansahufo akɛse a wɔtraa ase kan no, te sɛ Isaac Newton (a nyansahu ho ɔkyerɛwfo Isaac Asimov frɛɛ no “nyansahu adwene a ɛsen biara a wiase ahu pɛn” no) , gyee Onyankopɔn dii. Wɔammu gye a wonnye nni sɛ ɛyɛ wɔn nyansahu mu nimdeɛ no ho adanse a ɛho hia.
Nea ɛne no bɔ abira no, Newton ne nyansahufo afoforo pii, ne afei nso abenfo akɛse afoforo, dan adwene kɔɔ adwini a ɛwɔ abɔde mu no so sɛ adanse a ɛkyerɛ wɔ a Odwumfo Kɛse, Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛno ne adwene a na ɛwɔ hɔ mfehaha pii mu.
Basabasayɛ wɔ Abɔde Mu
Afei biribi sii a ɛfa gyidi a ɛne sɛ amansan yi yɛ Odwumfo bi a ɔwɔ ɔdɔ nsa ano adwuma no ho.
Ɛrebedu afeha a ɛto so dunkron no mfinimfini no, akyerɛwfo te sɛ Darwin, Malthus ne Spencer twee adwene sii basabasayɛ a ɛwɔ abɔde mu no so. Wɔkae sɛ, so ɛnyɛ nokware sɛ mmoa akɛse kyekyere mmoa nketewaa we? So ɛnyɛ nokware wɔ kwae mu sɛ da biara, awia ne anadwo, ɛsɛ sɛ mmoa bi ko pere wɔn nkwa?
Ɛyɛ nokware sɛ mmoa kyekyere wɔn ho wɔn ho we. Enti, nsusuwii yi kɔɔ so sɛ: So ko a wɔko de pere wɔn nkwa yi nyɛ nokware ankasa a ɛfa asetra ho wɔ asase so? Ɛdɛn, wɔ adesamma ankasa mu mpo no, so ɛnyɛ mmoa akodi, apereperedi ne nneɛma a ɛkɔ so wɔ wuram yi ara ne nea akɔ so wɔ abakɔsɛm mu? Biakoyɛ ne asomdwoe a obi bɛhwɛ kwan wɔ Odwumfo Kɛse a ɔwɔ ɔdɔ ho no nna adi wɔ abɔde mu.
George Romanes a na ɔyɛ Darwin adamfo no kyerɛkyerɛɛ abɔde mu wɔ saa kwan yi so: “Yehu ɛse ne awerɛw a ano yɛ nnam a wɔde di awu, ano ne awerɛw a wɔayɛ a wɔde pira afoforo—baabiara ehu, ɔkɔm ne ɔyare wɔ hɔ a mogya resɔn agu na nkwaa rewosow, wɔn a wɔn ho nni asɛm na wowu wɔ ayayadeyɛ mu.”
Darwin nkyerɛkyerɛ a ɛne apereperedi a atirimpɔw biara nni mu a wɔn a wɔn ho yɛ den na wɔka—ɛnyɛ ade a Onyankopɔn na ɔbɔe—yɛ nea wogye toom kɛse. Na abakɔsɛm mu gyidi foforo fii eyi mu bae: Darwin Nkyerɛkyerɛ wɔ Asetra mu.
Hwɛ sɛnea H. G. Wells ka tebea no ho asɛm wɔ ne Outline of History no mu: “Gyidi fii hɔ ankasa koraa wɔ 1859 akyi [afe a wotintim Darwin Origin of Species no]. . . . Nnipa a wodii yiye wɔ afeha a ɛto so dunkron awiei mu hɔ no gye dii sɛ wodii yiye denam Asetra mu Apereperedi so, a emu na wɔn a wɔn ho yɛ den na wɔn ani atew no di wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔn ani ntewee no so . . . Na sɛnea wɔ adeyɛ bi mu no ɛho hia sɛ wosisi wɔn a wɔyɛ nkumaa na wɔyɛ mmerɛw no na wɔhyɛ wɔn so ma afoforo nyinaa yiyedi no, saa ara na ɛte sɛnea ɛteɛ ma wɔn sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔn ho yɛ den no sisi afoforo na wɔhyɛ wɔn so.”
Nnipa pii de ntɛmpɛ gyee saa nsusuwii yi toom. Nea enti a ɛte saa biako ne ɔtan a na wɔwɔ dedaw wɔ asɔre horow pii ho esiane brɛ a na wɔbrɛ nyansahu mu nhwehwɛmu ase nti no. Nanso nea na ɛsɛe asɛm no ne sɛ na wotumi hu sɛ nyamesom ahorow a agye din no hyɛ akodi ne mogyahwiegu ho nkuran na wɔka sɛ eye. Enti, Wells kaa no nokwarem sɛ: “Wɔ nneɛma pii mu no wɔatow nokware som a ɛsom bo ne kotoku dedaw a na ɛhyem fi bere tenteenten no akyene.”
‘Asodi No Da Onyankopɔn So’
Ɛdefa asɛm a wɔka sɛ adwini kyerɛ wɔ a Odwumfo wɔ hɔ no ho no, afei wɔkae sɛ: ‘Sɛ moka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa awerɛw, ano a ɛte sɛ darewa ne ɛse a ano yɛ nnam, ehu, ɔkɔm ne nyarewa a ɛwɔ hɔ no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mugye tom sɛ saa mo Nyankopɔn yi na ama amanehunu ne basabasayɛ yi aba. Nanso moka sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Ɛne nea ɛwɔ he?’
Enti nnipa a wɔte sɛɛ de asɛm no baa awiei sɛ: ‘Moahu, nkyerɛkyerɛ koro pɛ a ɛte sɛnea ntease wom ne apereperedi, wɔn a wɔn ho yɛ den na wonya nkwa, adannandi a ɛnyɛ obi na ɛkyerɛ no kwan’
Enti asɛm a wɔka sɛ adwini kyerɛ wɔ a Odwumfo wɔ hɔ no ano brɛɛ ase. Sɛ́ wobɛka saa asɛm no kyerɛ sɛ wode atirimɔdenne ho sobo rebɔ Onyankopɔn. Na, nea ɛyɛ mmɔbɔ no, te sɛnea wɔtaa yɛ no, Kristoman ne abosonsomfo akwankyerɛfo mmfa asɛm yi ho mmuae pa biara mma.
Efi saa bere no adanse no ayɛ te sɛ nea ɛte no ara. Sɛ Odwumfo ho asɛm sɔre a, mpɛn pii basabasayɛ a ɛwɔ abɔde mu no ho asɛm sɔre. Sɛ nhwɛso no; ɔbenfo Bertrand Ressell kae wɔ ne nhoma Why I Am Not A Christian (Nea Enti a Menyɛ Kristoni) no mu sɛ:
“Sɛ wohwehwɛ saa asɛm yi mu wɔ adwini mu a, ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa kɛse sɛ nkurɔfo tumi gye di sɛ ɛsɛ sɛ wiase yi ne nneɛma a ɛwom nyinaa, ne nea ɛtɔ kyima wom no nyinaa, ne nea eye kyɛn so a obi a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ na ɔwɔ nyansa kɛse atumi ayɛ wɔ mfirihyia ɔpepem pii mu. Merentumi nnye nni koraa. So wususw sɛ, sɛ woyɛ ade nyinaa so tumfoɔ ne nea ɔwɔ nyansa kɛse na wɔma wo mfirihyia ɔpepem pii sɛ fa yɛ wo wiase ma ɛnyɛ pɛ a, anka so worentumi nyɛ biribi a eye nsen Ku Klux Klan anaa Fascistfo?”
Momma yɛnhwehwɛ nsusuwii yi mu yiye, efisɛ wɔtaa de di dwuma de tia adwene a ɛne adebɔ mu adwini a ehia Odwumfo no.
[Kratafa 5 mfoni]
Ɔkwan bɛn so na “wuram mmara” a ɛwɔ nnipa ne mmoa mu no ne Odwumfo a ɔwɔ ɔdɔ hyia?