Ɛda So Ara Yɛ Adwini A Wodii!
SO APEREPEREDI a ɛkɔ so wɔ mmoa ne nnipa mu no kyerɛ sɛ Odwumfo, Ɔbɔadeɛ bi nni hɔ ankasa? Asɛm no mu yiye a wobɛhwɛ no bɛma woahu sɛ mmuae no yɛ Dabi. Asɛm a ɛne sɛ adwini hia Odwumfo no nyɛ nea wɔagye ho akyinnye ankasa.
Ampa, apereperedi a ɛkɔ so wɔ abɔde mu no a wɔde bɛkyerɛ sɛ Odwumfo bi nni hɔ no mma asɛm no to ntwa. Sɛ́ wɔbɛkyerɛ sɛ Odwumfo biara nni hɔ no hwehwɛ pii sen abrabɔ mu atɛn a wobebu wɔ nneɛma a wayɛ no a wɔde di dwuma ho.
Adwini Kyerɛ Wɔ a Odwumfo Wɔ Hɔ
Sɛ nhwɛso no: Sɛ wuhu wimhyɛn a, ebia ɛrenyɛ w’anigye sɛ wubesusuw sɛ wobetumi ayɛ ma wɔde asoa atomik atopae ahorow na wɔde afa nnipa nso. Nanso, ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ adwuma no, nnɛyi wimhyɛn wɔ nneɛma ahorow a ɛdɔɔso. Ɛwɔ nneɛma ahorow a ɛyɛ hwanyann paa, te sɛ mfiri a wɔfrɛ no computer, nneɛma ahorow a ɛboa ma ɛkyerɛ wɔn kwan ne mfiri ankasa a ano yɛ den.
So obi bɛka sɛ wimhyɛn nyɛ adwini a onipa a onim nyansa na odii esiane sɛ wotumi de kunkum nnipa, de sɛe ade ara kwa nti anaa? So obi a n’adwene mu da hɔ bɛka sɛ, mmom, ɛno ankasa na efii nnade asinasin bi a wɔaboa ano mu na ɛbae?
Adwini yɛ adwini, ɛmfa ho sɛ atirimpɔw bɛn ara ho dwuma na edi mprempren. Dodow a adwini no yɛ hwanyann na ɛsɛ sɛ n’afã ahorow pii no nyinaa yɛ adwuma bom no, dodow no ara na wɔ a odwumfo a ɔwɔ adwene wɔ hɔ ho adanse no mu yɛ den. Biribiara nni nnipa osuahu mu a ɛbɔ saa asɛm yi abira.
Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛfɛre sɛ yɛde nnyinasosɛm yi bedi dwuma wɔ mmoa a mprempren wɔkyekyere wɔn ho wɔn ho we no ho. Wɔn se ne wɔn abɔwerɛw no yɛ nea ɛda adi sɛ wɔhyɛɛ da yɛe. Saa ara na nnipa nsa ne adwene a wotumi de yɛ nneɛma bɔne no nso te.
Susuw sɛnea ɛyɛe a saa nkwaa ahorow yi bae no ho. Nkwaboaa biako pɛ fi ase bɛyɛ bebree bere a nyinsɛn afi ase no akyi na ɛkɔ so yɛ pii te sɛ nea ɛte no. Afei eyinom fi ase bɛyɛ soronko na ɛbɛyɛ nkwaboaa ne honam no afã atitiriw bi. Eyinom betumi ayɛ mmerɛw te sɛ aboa ho nhwi anaasɛ ebetumi ayɛ den a ano yɛ nnam te sɛ ne se ne n’abɔwerɛw.
Ɛnonom nyinaa yɛ adwini a ɛyɛ fɛ a wodii. Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔka sɛ Odwumfo bi na ɔyɛɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ no mpo de nsɛm a ɛsen biara na ɛka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Time nsɛmma nhoma no kaa nkwaboaa mu nsonsonoe no ho asɛm wɔ saa kwan yi so: “Wɔ bere a emu yɛ den wɔ abofra a ɔwɔ awotwaa mu nkwa mfiase mu no, nkwaboaa horow a edi nsɛ nam anwonwa kwan so (asɛmfua foforo biara rentumi nkyerɛkyerɛ mu) fi ase di dwuma atitiriw bi, sɛ nhwɛso no, ebia na ɛyɛ nea ɛbɛyɛ koma no, afoforo nso yɛ berɛbo anaa were de no.” So anwonwade ahorow a ɛte sɛɛ nkyerɛ wɔ a Odwumayɛfo Nwonwafo anaa Odwumfo bi wɔ hɔ?
Sɛ yehu afiri a wɔde twa mfonini, radio, afiri a wɔfrɛ no robot no nsa, afiri a wɔde twe nsu fa ɔdorobɛn mu ne afiri a wɔfrɛ no computer a, yegye tom ntɛm ara sɛ odwumfo bi na ɔyɛe. Ɛda adi sɛ saa nneɛma yi yɛ nnipa a wɔwɔ adwene nsa ano adwuma. Ɛnde adwene bɛn na wobetumi de akyerɛ sɛ nneɛma a ɛte saa ara, nanso ɛyɛ hwanyann sen saa—ani, aso, nsa, koma ne amemene—nyɛ nea obi a ɔwɔ adwene a ɛsen saa na ɔyɛe?
Asɛm a Emu Yɛ Den
Nea Bertrand Russell kae a ɛfa Klan, anaa Fascistfo ho no mfa asɛm a ɛne sɛ ebia Odwumfo bi wɔ hɔ no ho hwee; mmom no, asɛm no fa adwini a wodii no a wɔde di dwuma ho. Wɔ nnipa fam no, ɔpɛ a ahofadi wom ba asɛm no mu, na saa ɔpɛ a ahofadi wom yi ankasa yɛ biribi a ɛyɛ nwonwa a efi adwini a wodii mu. Nanso dɛn nti na nnipa de ɔpɛ a ahofadi wom adi dwuma de ayɛ nneɛma bɔne mpɛn pii? Na mmoa nso, so wɔyɛɛ wɔn sɛ wonkunkum wɔn ho na wompirapira wɔn ho? Afei nso, dɛn nti na Odwumfo no ama eyi nyinaa ho kwan?
Nokwarem, asɛm no nyɛ nea ɛfa sɛ́ ebia Odwumfo bi wɔ hɔ ho; mmom no, ɛyɛ asɛm a ɛfa abrabɔ ho. Nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adwene a wɔde hyɛɛ onipa mu no ano yɛ den araa ma enti ɛtɔ bere bi a ne koma ntɔ ne yam wɔ nkyerɛkyerɛmu biara a ɛnka nsemmisa a ɛfa basabasayɛ ne awudi ne ma a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan ho asɛm no ho.
Ɔfã a edi hɔ no bɛka ɔkwan a nneɛma rekɔ so mprempren wɔ abɔde mu a ɛbɔ Onyankopɔn papayɛ abira no ho asɛm. Nanso, mprempren de, asɛm a ɛne sɛ adwini kyerɛ wɔ a Odwumfo wɔ hɔ no yɛ nea wonnye ho akyinnye. Sɛnea nhoma The Universe: Plan or Accident? ka no:
“Adwini wɔ adebɔ mu a wogye tom nyɛ nyansahu mu nsusuwii a ɛnkyɛ a egyina mfirihyia du anaa aduonu nhwehwɛmu ahorow so wɔ nyansahu ho abakɔsɛm mu—nsusuwii a wobetumi asan akyi wom bere biara a ebia nokwasɛm foforo ketewaa bi bɛda adi no. Mmom no, ɛyɛ nsusuwii a agyina nhwehwɛmu wɔ mfirihyia mpempem pii mu ano; nsusuwii a wogye tom araa ma sɛ ɛbɛda adi da koro sɛ na ɛyɛ mfomso kɛse a, onipa benya nea obegyina so agye kyim sɛ ebia denam onipa adwene so no wobetumi anya nsusuwii bi a edi mu saa ara.”
Dabi, nsuro sɛ wode wo ho bɛto w’adwene tumi horow no so bere a ɛma wunya adwene koro no ara a ɔsomafo Paulo nyaa bi no, ose: “Efisɛ ofi biara obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”—Hebrifo 3:4.
Na, okum ne basabasayɛ wɔ abɔde mu no nso ɛ? So ɛno betumi ayɛ ɔdɔ Nyankopɔn adwini no fã?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Nnipa agye adwini a ɛwɔ adebɔ mu no atom wɔ mfirihyia mpempem pii mu
[Kratafa 8 adaka]
“[Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so mu. Ma [Yehowa] anuonyam ntra hɔ daa, ma [Yehowa] ani nnye ne nnwuma mu. Ɔno no ɔhwɛ asase na ɛwosow, ɔko mmepɔw no efi wusiw. Mete ase yi, mɛto dwom mama [Yehowa], mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyi dwom mama me Nyankopɔn.”—Dwom 104:24, 31-33.
[Kratafa 6 mfoni]
Bere a wobetumi ayɛ wimhyɛn a wɔde fa nnipa anaa nea wɔde soa nuklea atopae no, wimhyɛn ahorow abien no nyinaa yɛ onyansafo bi adwini
[Kratafa 7 mfoni]
Yegye tom sɛ eyinom yɛ nneɛma a nnipa adwumfo a wɔwɔ adwene na wɔyɛe
Ɛsɛ sɛ nneɛma a ɛsen eyinom koraa yɛ adwini a obi a ɔwɔ adwene a ɛkorɔn sen saa na odii