Wiase A Ɛrebɔ Akwakora
Sɛ́ nea edi kan koraa wɔ abakɔsɛm mu no, adesamma wɔ wiase bi a nnipa a wɔanyinyin, abobɔ nkwakora ne mmerewa, dɔɔso sen mmofra mu. Wɔkyerɛ sɛ ebedu afe 2025 no, mmofra a wɔwo wɔn no so behuan kɛse, a ɛbɛyɛ nnɛ de yi fã, bere a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a wɔn mfe a wodi no bɛkɔ soro akodu, mfirihyia aduɔson no. Nea ɛkyerɛ a ɛne nnipa kakraa bi a wɔyɛ adwuma de hwɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim a dɔ ara na wɔredɔɔso no “ahaw Amanaman Nkabom no araa” ma wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ ho de susuw asɛm no ho, saa na Glasgow Herald ka. Sɛnea asɛm no kyerɛ no: “Amanaman Nkabom no botae titiriw ne sɛ ɛbɛboa aban ahorow ma wɔahu sɛ, nnipa a wodi mfe bi a wɔhyɛ wɔn ma wogyae adwumayɛ, a bere bi na wosusuw sɛ ɛyɛ mmɔden kɛse a wɔatumi abɔ wɔ asetra ho nsɛm mu no nye mma wɔn sikasɛm, na enye mma nnipa a wɔanyinyin no nso.” Wɔte nka sɛ nnipa pii betumi ayɛ adwuma akosi sɛ wobedi mfirihyia aduɔson anum. Wogye di sɛ asɛm no mu bɛyɛ den kɛse wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu, faako a asetra a ohia wom ne nyarewa bɛma nnipa a wɔanyinyin no mu pii ayɛ wɔn a wontumi nyɛ hwee no.