So Wɔahyehyɛ Sɛnea Yɛn Asetra Bɛyɛ Ato Hɔ?
ASƐM no sii wɔ ɔsese bi ase wɔ Lesotho mmepɔw a ɛso dwo no so wɔ kesee fam Afrika. Bere a owia akɔtɔ no, biribi sii na ɛsɛee asomdwoe a na ɛwɔ hɔ saa anwummere no. Ná ofiewura no ne ne yere anom nsa pii. Akyinnyegye bi sɔree na ɛdan ntɔkwaw. Ɔbarima no de ade duruduru bi bɔɔ ɔbea no tirim. Ɔhwee ase a ade atɔ no so na ɛyɛɛ wɔn sɛ wawu. Akyiri yi abusuafo bae saa anwummere no sɛ wɔrebefi owufo no ho pesi ase. Bɛyɛ sɛ ahemanakye 4:00 no, wɔn ho dwirii wɔn bere a wohuu sɛ ɔbea no ani so atetew no no.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mefaa nwura frɔmfrɔm fɛfɛ bi mu kɔɔ yɛn nananom asase no so. Ɛhɔ na mihyiaa akwakora bi a ɔka kyerɛɛ me sɛ me bere nsoe. Ɔkae sɛ mensan mmra fie na mentwɛn nkosi sɛ wɔbɛba abɛfa me.”
Asɛm a ɔbea yi kae no yɛ adaeso ara kwa. Ɛkyerɛ nea nnipa pii gye di wɔ owu ho—“obiara wɔ bere a wɔahyehyɛ ato hɔ.” Bio nso, nnipa pii gye di sɛ wɔahyehyɛ faako a awiei koraa obiara bɛkɔ ato hɔ, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaasɛ amanehunu mu.
Ɛhe na saa gyidi yi fi bae? So enya nkɛntɛnso pa wɔ nkurɔfo so? So ɛsɛ sɛ wo nso wugye di?
Faako a Nkrabea ho Asɛm no Fi ne Sɛnea Anya Nkɔso
Tete mmere no mu no na nkurɔfo gye di sɛ nsoromma betumi akyerɛ wɔn asetra kwan. Saa gyidi yi, sɛnea Encyclopaedia Britannica kyerɛ no, yɛ nea “wodii kan hyehyɛɛ no nnidiso sɛnea ɛsɛ wɔ tete Mesopotamia.” Ankyɛ na “Babilon akɔmfo fii ase—sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛhyɛ sɛnea ankorankoro asetra bɛyɛ ho nkɔm—de okyinsoromma yi sɛnkyerɛnnede ahorow dii dwuma.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi) Enti wɔtoo nhyɛase maa nea wobegyina so agye adi akyiri yi.
Efi Babilon no saa nsusuwii yi trɛwee na enyaa nkɔso wɔ wiase no afã afoforo. Ná ahyɛn Yudafo nyamesom nsusuwii ahorow mu ansa na Kristosom reba. Afeha a edi kan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka kyerɛ yɛn sɛ Farisifo ne Sadukifo no mu paapaee wɔ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Farisifo no . . . de biribiara hyɛ Nkrabea anaasɛ Onyankopɔn.” Sɛnea Nkramofo Koran no kyerɛ no: “Ɔkra biara nni hɔ a ebewu da, gye sɛ Allah ma ho kwan ne wɔ bere a wɔahyɛ mu.”—Surah 3:145, Mohammed Pickthall nkyerɛase.
Roman Katolek “ɔhotefo” Augustine na ɔde nkyerɛkyerɛ a ɛfa nkrabea (anaasɛ, paw a wodi kan paw obi) ho no baa Kristoman mu wɔ afeha a ɛto so anum no mu. Ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ no Augustine nkyerɛkyerɛ Katolek Asɔre no da so ara kura mu, nanso ɛnyɛ den kɛse te sɛ nea Augustine kyerɛkyerɛe no. The New Catholic Encyclopedia, Po 11, kratafa 713, se: “Onyankopɔn nim nneɛma nyinaa dedaw na wadi kan ahyehyɛ biribiara.”—Hwɛ kratafa 714 wɔ asɛmti “Nkrabea wɔ Katolek Nkyerɛkyerɛ Mu” ase nso.
Afeha a ɛto so 16 Protestant ɔsesɛwfo John Calvin kaa ho asɛm kɛse, te sɛ Augustine. Calvin kyerɛkyerɛɛ “Nkrabea” mu sɛ “Onyankopɔn daa nhyehyɛe a ɔno ankasa nam so akyerɛ nea ɔbɛma nnipa nkorɛnkorɛ biara ayɛ. Efisɛ wamfa hyɛbea koro ammɔ wɔn; nanso wadi kan ahyehyɛ daa nkwa ama ebinom, ne daa amanehunu ama afoforo.” Sɛnea ɔkyerɛ no, Onyankopɔn hyehyɛɛ ankorankoro biara hyɛbea a wo de ka ho, “ansa na ɔrebɔ onipa a odi kan no.”
Tumi Kɛse a Anya wɔ Nkurɔfo So
Nkɛntɛnso a Calvin nyae bɛyɛɛ kɛse. Ɛrekyerɛkyerɛ eyi mu no, nhoma The Protestant Ethic and the Spirit of Capitalism se: “Calvinsom ne gyidi a afeha a ɛto so dunsia ne dunson mu amammui ne amammrɛ ho apereperedi akɛse no dii ho ako wɔ aman a wɔanya nkɔso kɛse no mu, Netherlands, England, ne France. . . . wobuu nkrabea ho nkyerɛkyerɛ no sɛ gyidi a ɛhyɛ no agyirae kɛse. . . . Ɛbɛyɛɛ nea Asɔre no asraafo a wogyee din no pii gyinaa so, na wɔ afeha a ɛto so dunwɔtwe ne dunkron no nyinaa mu no . . . ɛbɛyɛɛ nkanyan foforo akɛse ɔko nteɛmu.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.
Saa nkyerɛkyerɛ a ɛhyɛ Calvinsom “agyirae kɛse” yi kaa nkurɔfo wɔ akwan horow so. Ɛreka eyi ho asɛm no, Encyclopaedia Britannica se: “Ɛbrɛɛ onipa ahofadi ase, na enti ɛmaa wɔn a wogye di sɛ wɔapaw wɔn no gyee wɔn ho dii dodo, anaasɛ ɛmaa wɔn a wɔnka ho no aba mu bui.” Ɛtɔ bere bi a ‘gye a wogye wɔn ho di dodo’ yi trɛw wɔ aman mu nyinaa mu a ɛma wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ “abusua a wɔapaw wɔn.” Wɔde penee so sɛ hyɛ a wɔhyɛ mmusua afoforo a wobu wɔn sɛ wɔn ani mmuei so no yɛ nea ɛteɛ.
Nkrabea ma adwene bi a asiane wom wɔ asetra ho nya nkɔso, biribi a atrɛw kɛse wɔ Kesee fam Afrikafo, abibifo ne aborɔfo nyinaa mu. Eyi yɛ nea ntease wom esiane Calvin nkyerɛkyerɛ nkɛntɛnso a emu yɛ den wɔ hɔ no nti, titiriw wɔ Dutch Reformed ne Presbiterian Asɔreasɔre no mu. Sɛ obi wu a, ɛtɔ bere bi a Xhosafo a wɔwɔ saa ɔman no mu ka sɛ: “Ɔbarima wɔ hokwan sɛ okum nea ɛyɛ ne de.” Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma obi wu, te sɛ nea ɔbarima bi wɔ hokwan sɛ okum oguan a ɛyɛ n’ankasa de no.
Nkrabea mu gyidi betumi ama obi ahwere gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu. Bere a asiane anaa ɔyare a emu yɛ den bi aba no, ebia obi a ɔte sɛɛ de bɛhyɛ Onyankopɔn, na wasɔre atia no. Saa gyidi yi betumi ama obi ayɛ n’ade nkwaseam nso. Ebinom gye di sɛ ɛmfa ho sɛ ade a asiane wom bɛn ara na wɔbɛyɛ no, wɔn nkwa bɛba awiei wɔ ‘bere a Onyankopɔn ahyɛ no mu.’ Sɛ nhwɛso no, eyi ama ebinom ka lɔre basabasa wɔ kusuu fam Afrika aman no bi so a nea ɛde ba ne nnipa nkwa a wɔhwere.
Dɛn na Bible no Kyerɛkyerɛ?
Ɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne “suban so sɛ ne sɛso.” (Genesis 1:26) Saa ne “sɛso” yi kyerɛ su ahorow, ɛnyɛ sɛnea ɔte wɔ nipadua mu. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no, saa ara na ɔde ɔpɛ a ahofadi wom abɔ onipa. Esiane eyi nti, ɔbɔadeɛ no nhyehyɛ anaasɛ onni kan nkyerɛ ɔkwan a ankorankoro biara bɛfa so. So eyi bɔ tumi a Onyankopɔn wɔ sɛ otumi hu nea ɛbɛba daakye no abira? Dabi! Sɛ nhwɛso no: Radio ma obi tumi te wiase nsɛm wɔ fie, nanso ɛsɛ sɛ odi kan bue na ɔhwehwɛ beae ankasa a ɔpɛ no ansa wɔ bere a ɛsɛ mu. Saa ara na ɔbɔadeɛ no tumi a ɛma odi kan hu biribi no te; Ɔde di dwuma nyansa mu na ɔpam biribi a ɔpɛ sɛ ohu, na ɔkyerɛ obu ma ɔpɛ a ahofadi wom a ɔde maa onipa no.
Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ahyiakwa ne asiane yɛ nea “ɛbere ne akwanhyia” na ɛtaa de ba. (Ɔsɛnkafo 9:11, 12) Sɛ nhwɛso no, susuw lɔre kwan bi a ɛyɛ nkwantanan a lɔre pii agyina wɔ hɔ ho hwɛ. “Akwanhyia” te sɛ obi lɔre brek a ɛbɛpae wɔ “ɛbere” a enye mu betumi de asiane kɛse aba. Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma a ɛtete saa ba anaasɛ ɔhyehyɛ to hɔ. Bere a wɔahu asɛyɛde a ɛda wɔn so ankasa no, Kristofo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde “adwenemtew” bɛka wɔn mfiri, ahwɛ sɛ wɔn mfiri no yɛ nea ɛfata sɛ wɔde si kwan so.—2 Timoteo 1:7.
Ɛdefa adesamma daakye ho no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ hokwan ahorow abiɛsa na ɛwɔ hɔ. Nea edi kan ne sɛ, Onyankopɔn ‘afrɛ’ kuw bi afi wɔn a wɔagye ne nkwagye nsiesiei no atom no mu. Saa nnipa yi benya nkwa wɔ soro, na wɔato wɔn dodow ano hye—144,000. Wɔ Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo, ase no, wɔbom yɛ soro nniso a ɛde nhyira bɛbrɛ adesamma. (Romafo 8:29, 30; Adiyisɛm 14:1-3; 20:1-4) Ɛwom sɛ “wɔadi kan apaw” saa kuw yi ne wɔn dodow de, nanso eyi nte saa wɔ ankorankoro a wɔbom yɛ saa kuw yi no fam. Ebetumi aba sɛ ebia wɔn mu bi renni nokware wɔ ɔsoro frɛ no mu ma enti ɛho behia sɛ wɔde obi foforo si ananmu. Enti wɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “So nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri.”—Adiyisɛm 3:11; hwɛ Mateo 24:13; Filipifo 3:12, 13; 2 Petro 1:10; Yuda 3-5 nso.
Hokwan abien a aka no wɔ hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase yi so anaasɛ wɔbɛhwere wɔn nkwa koraa. Wɔ n’abien nyinaa mu no emu biara nni hɔ a wɔahyɛ wɔn dodow anaasɛ nnipa a wɔn nsa bɛka ato bɔ. Nea onipa bɛpaw no gyina n’ankasa so. Sɛnea Ɔbɔadeɛ no ka no: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim.” Sɛ obi nam “owu kwan” no so a, ɛnkaa akyi dodo sɛ ɔbɛyɛ nsakrae. Nea Onyankopɔn ankasa ka ne sɛ: “Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi?” Afei nso, sɛ obi apaw “nkwa kwan” no a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na ɔkɔ so nantew saa kwan no so. Yehowa Adansefo tie Onyankopɔn kɔkɔbɔ yi: “Sɛ meka mekyerɛ ɔtreneeni sɛ: Wubenya nkwa, na ɔde ne ho to ne trenee so na ɔyɛ amumɔyɛde a, wɔrenkae ne trenee no nyinaa, na n’amumɔyɛde a wayɛ no mu ara na obewu.”—Yeremia 21:8; Hesekiel 33:11, 13.
Daakye a nhyira wom retwɛn wɔn a wɔpaw “nkwa kwan” na wɔkɔ so nantew so no. Sɛ́ ebia ɛnam owusɔre so anaasɛ nkwa a wobenya akɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu so no, wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa. (Dwom 37:10, 11, 29; Yohane 11:25) “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ne nsa aka “akyɛde” a ɛso bi nni no? Wɔn a wɔkyekyɛ nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔne wo besusuw nsɛm yi ho wɔ wo fi a ɛho nhia sɛ wutua biribi anaasɛ wobrɛ wo ho wɔ ho.
[Box on page 18]
“Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mekɔ m’anim ara ma me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no.”—Filipifo 3:12.
[Kratafa 15 mfoni]
Ɔbɔadeɛ no ama onipa ɔpɛ a ahofadi wom na enti onni kan nkyerɛ anaasɛ ɔnhyehyɛ ɔkwan a ankorankoro bɛfa so nto hɔ
OWU KWAN
NKWA KWAN