Bɔne Mu Nhwehwɛmu Fi Augustine So De Besi Calvin So
WƆ AFEHA a ɛto so anum mu nyamekyerɛfo Augustine nhoma a wɔfrɛ no The City of God no mu no, ɔkyerɛe sɛ onipa na ɔde bɔne bae, na ɛnyɛ Onyankopɔn. Augustine kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛ abɔde, na ɛnyɛ nnebɔne farebae no bɔɔ onipa a na ɔteɛ; nanso bere a onipa fi ne pɛ mu porɔwee na onyaa afobu a ɛteɛ no, ɔwoo mma a wɔaporɔw na—afobu da wɔn so. . . Na enti, efi ahofadi a wɔde dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so no mu na bɔne nyinaa bae.” Ahofadi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so betumi akyerɛkyerɛ bɔne a ɛto nnipa no mu pii anaasɛ dodow no ara mu. Nanso, so wobetumi aka sɛ asiane te sɛ nea esii wɔ San Ramón no fi onipa ahofadi mu? So tebea horow a nnipa ntumi nyɛ ho hwee mmaa asiane ahorow pii nsisii? Na sɛ onipa fi ne pɛ mu paw bɔne mpo a, dɛn nti na ɔdɔ Nyankopɔn bɛma bɔne akɔ so?
Wɔ afeha 16 mu no, Franse Protestantni nyamekyerɛfo John Calvin, te sɛ Augustine no gye dii sɛ ebinom wɔ hɔ a “[Onyankopɔn] ahyɛ ato hɔ sɛ wɔbɛyɛ ɔsoro ahenni no mma ne adedifo.” Nanso, Calvin de nsɛm no kɔɔ anim kakra, na ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn hyɛ too hɔ nso sɛ ebinom bɛyɛ “n’abufuw fafafo”—wɔabu wɔn fɔ ama daa nnome!
Ná Calvin nkyerɛkyerɛ no da nneɛma bi a ɛyɛ hu adi. Sɛ asiane biara to onipa bi a, so ɛrentumi nkyerɛ sɛ ɔka wɔn a wɔadome wɔn no ho? Bio nso, so na wɔn a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔn asetra no nneyɛe ho asodi nna ne so? Enti na Calvin ama Onyankopɔn abɛyɛ bɔne bɔfo wɔ ɔkwan a n’ani nna ne ho so so! Calvin kae sɛ “onipa de ɔpɛ a ɛka no na ɛhyɛ no no mpeneso na ɛyɛ bɔne.”—Instruction in Faith a John Calvin kyerɛwee.
Nanso, ɛbɛdaa adi sɛ ahofadi ne nkrabea ho nsusuwii ahorow no nhyia. Na nea Calvin betumi ayɛ ara ne sɛ obebu ani agu basaayɛ a ɛwɔ abirabɔ no mu no so denam ka a ɔkae sɛ “ɛyɛ ampa sɛ yɛn adwene a esusua no rentumi nnya nneɛma mu ntease kɛse saa, na saa ara na fam a yɛba no rentumi mma yɛnte nyansa kɛse” te sɛ nkrabea no ase no so.
[Kratafa 6 mfoni]
Augustine
John Calvin