Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 6/8 kr. 20
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere A Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako
    Nyan!—1983
  • Ɛda So Ara Yɛ Adwini A Wodii!
    Nyan!—1983
  • Biribi Wɔ Hɔ A Ɛnyɛ Obi Na Ɔyɛe?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Kamfo Nneɛma A Wɔayɛ Sua Ɔyɛfo No Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 6/8 kr. 20

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Adwini a ɛwɔ Abɔde Mu

Mo asɛm a ɛfa adwini ho (May 8, 1983) no yɛ nkwaseasɛm. Sɛ odwumfo bi na ɔyɛɛ amansan yi mu nneɛma a, hena na ɔyɛɛ odwumfo no? Sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ ne ho a, ɛnde dɛn na esiw abɔde no kwan sɛ wɔn ankasa bɛyɛ wɔn ho? Sɛ Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ daa a, dɛn nti na abɔde nso ntumi nyɛ nea wɔwɔ hɔ daa?

N. B., Scotland

Adanse a ebunkam so wɔ hɔ sɛ adwini wɔ abɔde mu. Wɔ nnipa osuahu ma no, wontumi nni adwini bere a onyansafo a ɔwɔ atirimpɔw bi nni hɔ. Ɔbɔadeɛ a odii adwini no atra hɔ fi teteete, na abɔde da ne su ahorow adi kyerɛ. (Dwom 90:2; Romafo 1:20) Nneɛma pii di adanse sɛ abɔde wɔ mfiase.​—Ɔkyerɛwfo Panyin

Mo asɛm “Adwini a Ɛwɔ Abɔde Mu” no ahaw me kɛse. Ampa, bere a Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn kae sɛ ‘mmoa a wɔwea asase so nyinaa mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni’ no, na ɔkyerɛ sɛ ɔde nhaban momono ama wɔn sɛ nea nnuan horow a wobedi gyina so.

R. B., England

Mo asɛm a ɛfa nnyinasosɛm a ɛne sɛ adwini hia odwumfo ho no yɛ nea ntease wom. Nanso wɔ kratafa 11 no mokae sɛ nneɛma ahorow a mmoa no de pira afoforo, kunkum wɔn no bae denam dan a wɔdan kɔɔ tebea foforo a ɛwɔ Eden no so. So wobetumi aka eyi wɔ bɔre a awɔ ne ananse ahorow binom de kum mmoa no nso ho? Na mmoa a wokunkum afoforo de ahorow no nso ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba, sɛ ɛnnam adebɔ so a?

D. K., Germany

Yɛanka sɛ nipadua no fã bi bae denam dan a wɔdanee so, na mmom sɛ wɔde afa horow a ɛwɔ hɔ yi dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko wɔ nea enti a wɔyɛe mfitiase no ho. Yennye nni sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea na nneɛma te bere tenten a atwam no denam nea ɛwɔ hɔ nnɛ a yɛbɛhwɛ no so. Tebea horow asakra. Nanso yɛwɔ asɛm a emu da hɔ a efi kan tete no, a ɛne Genesis 1:29, 30: “Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n’aba wɔ ma wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan. Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn ma no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni.” Eyi nkyerɛ sɛ na nwura yɛ nea awiei koraa no wobegyina so ahwehwɛ wɔn aduan denam mmoa afoforo so afra kwa. Ɛda adi sɛ na ɛnte saa wɔ nnipa fam efisɛ akyiri yi bere a na wɔrebefi ase adi mmoa nam no na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn hokwan titiriw bi. (Genesis 9:3) Bio nso, wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu no, wɔka kyerɛɛ nnipa baawɔtwe ne ‘wim nnomaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa’ sɛ wonni nhaban aduan nkutoo bɛboro afe biako. (Genesis 6:17-21) Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesaia 11:6-9 ne 65:17-21 hyɛ da ka sɛ mmoa a wɔyɛ keka ne mmoa afoforo bɛtra wɔ asomdwoe mu, na gyata bɛwe nwura sɛ nantwi no si so dua sɛ wɔbɔɔ mmoa ne nnipa sɛ wonni nhaban.

Wɔka sɛ mmoa pii a wɔyɛ keka no fata sɛ wɔkyere afoforo we esiane sɛnea wɔte no nti, na onipa nso ɛ? Wɔada no adi sɛ wɔn ho akokwaw yiye wɔ sɔre a wɔsɔre hyɛ wɔn yɔnko nnipa na wokum wɔn no mu. So ɛno kyerɛ sɛ saa na wɔbɔɔ onipa fi mfiase? Nokwarem no, yɛrentumi mma nsemmisa ahorow nyinaa a ɛsɔre wɔ asɛm yi mu no ho mmuae fi nea yehu nnɛ no mu, na ɛho asɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ tiaa. Nanso, yegye di sɛ mfiase no wɔyɛɛ nnipa ne mmoa ma wɔne wɔn ho wɔn ho atra wɔ asomdwoe ma na wɔde nhaban ayɛ wɔn aduan. Wɔbɛsan de mfitiase atirimpɔw no aba wɔ Mesia Ahenni no mu. Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yehu sɛnea saa nkɔmhyɛ ahorow no nya mmamu.​—Ɔkyerɛwfo Panyin

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena