Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 9/8 kr. 16
  • So W’ani Gye Akenkan Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ani Gye Akenkan Ho?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 9/8 kr. 16

So W’ani Gye Akenkan Ho?

Sɛ wompɛ akenkan a . . . eyi yɛ wo de!

So w’ani gye akenkan ho ankasa? Nnipa pii ani nnye ho. Wobu akenkan sɛ ɛyɛ adwuma na wontumi nte nea enti a nnipa afoforo ani gye akenkan ho saa no ase.

Ná anka saa na mete. Na mekenkan brɛoo, enti ɛnkyɛ na anigye a mewɔ wɔ ho no asa. Ná mempɛ akenkan, enti na menkenkan pii. Esiane sɛ na menkenkan ade pii nti, manhu nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mabɛyɛ ɔkenkanfo pa.

O, na mekenkan nea ɛsɛ sɛ mekenkan a ɛho hia wɔ sukuu, na na me mmɔdenbɔ yɛ nea ɛsɔ ani yiye, nanso na akenkan nyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw mma me. Mekae sɛ na mekan nkratafa dodow a aka na mawie ti bi a merekenkan de hwɛ bere tenten a mede bewie na makɔ adiwo akodi agoru. Mekae sɛ “Aka nkratafa abien ne fã. Merennu hɔ da!”

Na me yere nte eyi ase. Ose: “Me nã de anigye kenkan ade kyerɛɛ me​—ɛnyɛ nea ɛfa Bible ho nko, na mmom biribiara a ohui sɛ eye ma mfe a madi no. Afei ɔde me kɔɔ nhomakorabea na ɔkyerɛɛ me anigye a ɛwɔ nhoma ahorow a wobɛhwehwɛ na woakenkan mu no.”

Esiane sɛ me yere nyaa nhyɛase pa nti, na otumi kenkan kɛse. Adeyɛ yi boaa no ma enti na akenkan nyɛ no den na ɔkenkan yiye nso. Obi kyerɛɛ no akenkan ntɛm ho nnyinasosɛm ahorow. Ná ɔnte sɛ me, na ɔpɛ nhoma a emu nsɛm dɔɔso​—sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nsɛm pii akenkan na ama n’ani agye nso!

Nnipa pii nsuaa sɛnea wɔkenkan ade wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so ne ntɛmntɛm sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma wɔn ani agye ho. Ná madi bɛyɛ mfirihyia 25 bere a ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mehu nneɛma a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow mu kãa me ma mekenkan ade pii sɛnea ɛbɛyɛ a akenkan bɛyɛ mmerɛw ama me​—ɛkame ayɛ sɛ mmɔdenbɔ biara nka ho.

Hwɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a wubetumi asua denam akenkan so! Susuw nnipa a wubetumi ate wɔn ho nsɛm no ho. Dɛn na anka wobɛpɛ sɛ woyɛ na ama woate Mose nne sɛ ɔrekasa akyerɛ Israel man no anaasɛ woate tete Ɔhene Salomo nyansa no? Wɔawuwu mfe mpempem pii ni, nanso wɔkyerɛwee, na wubetumi akenkan wɔn nsɛm no​—te sɛ nea woretie wɔn nnɛ.

Kwan tenten ahe na wobɛpɛ sɛ wutwa na woakotie obi a na onim Yesu ankasa? Susuw ɔsomafo Yohane a wabɔ akwakora a na ɔte hɔ bɛyɛ sɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni rekyerɛw ne suahu ahorow sɛ́ obi a na ɔbɛn Yesu Kristo pɛɛ no ho hwɛ. Afei kae sɛ wubetumi akenkan nea Yohane kyerɛwee no! Wubehu wɔ Bible mu nhoma a ne din da so no mu.

Sɛ na w’abusua no hu nhyira kɛse a ɛwɔ akenkan so no a, anka ebia wɔbɛhyɛ wo nkuran ma woakenkan yiye. Kae nso sɛ, Onyankopɔn ma wɔkyerɛw n’Asɛm no too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akenkan na yɛde adi dwuma.

Sɛ akenkan yɛ ade a ɛyɛ den ma wo a, mfɛre sɛ wode nhoma ahorow a emu yɛ mmerɛw befi ase. W’ani begye nea wutumi yɛ no ho. Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Your Youth​—Getting the Best out of It, Making Your Family Life Happy ne You Can Live Forever in Paradise on Earth, a ne nyinaa yɛ nea Asafo a etintim saa nsɛmma nhoma yi na etintimii no, de nsɛm ahorow a ɛho hia nanso ne kan nyɛ den ma. Saa ara na nkurɔfo asetra mu nsɛm a wɔtaa de ba nsɛmma nhoma yi mu no te.

Bere a wunya nkɔso no w’ani begye sɛ wobɛkenkan nhoma ahorow a emu yɛ den. Wobɛba abehu sɛ akenkan​—te sɛ ɔkasa ne akyerɛw no​—yɛ akyɛde a, efi Onyankopɔn hɔ. Wubehu sɛ ebetumi de afotu ne anigye ama wo na ebetumi aboa wo ma woanantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Hwɛ anigye kɛse ara a wubetumi anya denam akyɛde a ɛyɛ nwonwa a wubenya a ɛne akenkan no so!​—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena