Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 4-9
  • Ɔkwan A Wɔfaa So Guu Aba No Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wɔfaa So Guu Aba No Bi
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔman Anidan ho Nkanyan Ahorow
  • Ɔman Anidan no mu Trɛw
  • So Amumɔyɛfo Da Nniso Horow a Enye Adi?
  • Dɛn na Wɔka Ma Wɔn Ho?
  • Amumɔyɛsɛmdi—Akodi A Ɛkɔ So Wɔ Ɔman Mu
    Nyan!—1983
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 4-9

Ɔkwan A Wɔfaa So Guu Aba No Bi

WƆ 1940 mfe no mu no, na Nazifo wɔ Europa. Wɔboaboaa asɔretiafo ano wɔ sum ase. Nniso horow a wɔwɔ Atɔe fam no boaa saa akuw yi denam Britania so. British Royal Air Force (Britania Wim Asraafo) gyigyaw nkrataa ahorow a ɛwɔ kasa horow pii mu guguu Europa a na ɛfa sɛnea wobetumi atɛw, asɛe keteke akwantu nhyehyɛe no, ahaw asraafo ne sɛnea wobekunkum nnipa a wobeyi wɔn ama ho. Wɔmaa akuw horow a wodi dwuma wɔ sum ase yi atuo, atopae ne akode ahorow. Ebetumi aba sɛ Nazifo no frɛɛ wɔn amumɔyɛfo. Wɔn manfo dii wɔn ni na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam. Wɔn nsɛmmɔnedi no bɛyɛɛ akokodurufo adeyɛ maa Atɔe fam wiase no.

Ebinom atwe adwene asi eyi so de akyerɛ sɛnea atuatew honhom betumi afi nea na saa bere no ɛte sɛnea ɛyɛ adepa, na wɔde adwempa na ɛyɛe no mu aba. Nanso adebɔne a ɛne amumɔyɛsɛmdi nsuro obiara. Ɛtetew wɔn a wodii kan dii mu akoten no mu pasaa. Ɛnnɛ West Germany, France ne Italy yɛ mmeae a benkum fam, nifa fam ne mmeae afoforo amumɔyɛsɛmdifo boaboa wɔn ho ano. Nea afi ahofadi ho akofo awo ntoatoaso no mu aba ne nnipa a wɔn ani abere denneennen sɛ wɔnam basabasayɛ so betu asetra nhyehyɛe a etuu Hitler nniso gui, no agu.

Ɔman Anidan ho Nkanyan Ahorow

Fidel Castro sɔɔ ɔman anidan honhom bi ano a ɛtrɛwee wɔ benkum famfo no mu wɔ Latin America nyinaa. Wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ no, ɔman anidan akuw horow pii sɔree wɔ Brazil, Guatemala, Peru ne aman afoforo so.

“Wɔwoo me wɔ Argentina, mekoe wɔ Cuba, na mifii ase bɛyɛɛ ɔman anidanfo wɔ Guatemala,” saa na Che Guevara a na ɔyɛ Castro okyidifo no kyerɛwee. Awiei koraa wokum saa onipa a ofi Spain ne Ireland a ɔnenam a ɔhyɛ ɔman anidan ho nkuran yi wɔ 1967 mu wɔ Bolivia. Ogyee din kɛse wɔ wiase nyinaa sɛ “ɔman anidanfo wɔ akode mu, a ɔko denam nnipa a wɔhyɛ wɔn so no mmoa so nkutoo.”

Ná Frantz Fanon a ɔyɛ obibini duruyɛfo no ne Blida Ayaresabea a ɛwɔ Algiers no fã a ɛyɛ adwene ho adwuma no panyin bere a Arabfo fii ase koe de hwehwɛe ahofadi fii Fransefo ase wɔ 1952 mu no. Wɔ nhoma ahorow a ɔkyerɛwee te sɛ The Wretched of the Earth mu no, Fanon boae ma wohuu benkum fam animdefo adwene no mu yiye kɛse. Ɔkae sɛ aman a na kan wɔwɔ tumi sisii nnipa a wɔwɔ Afrika, Asia, Latin America anaa baabi foforo biara, denam nnipa a wotwaa wɔn asu, afoforo a wokunkum wɔn, ebinom a wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ adwuma ne nkoatɔ so. Ná nkontaabu a ɛyɛ hu bere bi adu. Ɔkyerɛe sɛ basabasayɛ ‘ma onipa a wɔasisi no no de ne ho na ɔsan nya obu ma ne ho.’ Fanon adwene yi maa nsusuwii ahorow a ɛte saa ara sɔree wɔ animdefo a wogyee eyi toom no mu wɔ Atɔe fam.

Bere a akodi ahorow a wɔde tia atubrafo wɔ asase yi afã horow pii no baa awiei wɔ 1950 ne 1960 mfe no mu no, adwene a ɛne Wiase a Ɛto so Abiɛsa a ɛne aman a ahia wɔn na wɔyɛ mmɔbɔ no bae. Wɔyɛɛ animdefo nkumaa mmɔbɔ. Wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ aman a wɔyɛ adefo no yɛ pii de boa nnipa a wɔn ade yɛ mmɔbɔ no. Nnipa te sɛ Castro, Che Guevara ne Fanon bɛyɛɛ akatakyie wɔ sukuupɔn ahorow mu. Adesuafo a wɔwɔ Europa ne Amerika ani begyee nhoma ahorow a ɛfa ɔman ase tutu ho no ho.

Herbert Marcuse a wɔwoo no wɔ Berlin a ɔyɛ amammuisɛm ho ɔbenfo wɔ California Sukuupɔn mu a na ɔne animdefo a wɔwɔ Free University wɔ West Berlin, Trento University wɔ kusuu fam Italy ne mmeae afoforo a nsusuwii foforo yi wɔ, yɛ adwene no faa ɔman anidan ahorow ho adwene. Wɔde atuatew a ɛwɔ Latin America, Afrika ne Wiase a Ɛto so Abiɛsa no mmeae afoforo no kɔɔ aman a wɔyɛ adefo no so. Ɛhɔ na adesuafo a wɔn ani nnye ‘asetra a ahotɔ wom ne ahode a wɔde hoahoa wɔn ho,’ ho no huu sɛ ɛho hia sɛ wɔtew atua, sɛ ɛho hia sɛ wotu nhyehyɛe a wɔde asi hɔ no gu.

Ɔman Anidan no mu Trɛw

“Wɔ West Germany no wɔn a wodii kan gyinaa akyi no mu pii yɛ asɔfo, nnuruyɛfo, animdefo ne nsɛnkyerɛwfo,” saa na Christopher Dobson ne Ronald Payne kyerɛe. Wɔ wɔn nhoma The Terrorist no mu no, saa nsɛnkyerɛwfo yi huu sɛ ɔman anidan (a ɛwɔ West Germany) no rekɔ so wɔ mmarima ne mmea a wɔakɔ anim yiye wɔ asetra mu no mu. (Nnipa 28 a wɔyɛ amumɔyɛfo a wɔrehwehwɛ wɔn denneennen a na wɔn din wɔ polisifo nkyɛn wɔ 1979 mu no fã yɛ mmea.)

Bere a na wade ne ho wɔ sraadi sika sɛe ho wɔ Wiase Ko II akyi no, West Germany dii yiye bere a wiase no fã pii dii hia. Germanfo nkumaa bi a saa nsusuwii yi adi wɔn ti sɔre tiae denneennen. Saa honhom yi trɛw kɔɔ aman afoforo so. Wɔ Paris no, France adesuafo too santen wɔ komunism frankaa kɔkɔɔ ne basabasayɛ frankaa tuntum no ase. Adesuafo no de anidan ahorow bi bae wɔ France ne Germany “sukuupɔn ahorow a nnipa dɔɔso wom na akyɛ no mu.” Nanso bere a wɔtoo nsa frɛɛ adwumayɛfo sɛ wɔnto santen wɔ mmorɔn so na wonsiw mfiridwuma ahorow ano no, ɔsa kɛse a wotui sɛ wobetu kapitalism agu no anyɛ yiye.

Nanso, nneɛma afoforo maa atuatew no kɔɔ so. Wɔ 1967 mu no, Iran Shah no kɔsraa West Germany. Nnipa a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ too santen de sɔre tiae na polisini bi kum Benno Ohnesorg, sukuuni bi a odwo a ofi Hannover. Wɔ 1970 mu no, adesuafo a wɔwɔ Kent State Sukuupɔn mu wɔ Ohio sɔre tiaa tow a America kɔtow hyɛɛ Cambodia so no. Ɔman Awɛnfo totow atuo. Adesuafo no baanan wuwui na 10 pirapirae. Baabiara, adesuafo a wɔyɛ katee huu nniso horow a wɔde asisi hɔ no sɛ wɔyɛ nhyɛsofo a wɔn tirim yɛ den.

Nnipa a wɔmpene so yɛɛ bi de tuaa ka bere a Germanfo a wɔyɛ katee de ogya too Frankfurt aguadidan kɛse bi mu​—“de kyerɛɛ ɔmanfo a wɔn ho atɔ wɔn no sɛnea ɔko a ɛwɔ Vietnam no amanehunu ahorow no te ankasa no.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ wɔn ho ban no wɔtotɔɔ akode ahorow. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika de atua akode ahorow no ka no wowiaa ade wɔ sikakorabea ahorow. Efi adewia wɔ sikakorabea horow so no, adeyɛ a emu ayɛ den yi ma wɔkɔɔ so yɛɛ basabasa kɛse. Ɛyɛ adeyɛ a ɛmaa adesuafo nkumaa nyaa din bi a ɛyɛ hu: amumɔyɛfo.

Ɛmaa ebinom asetra bɛyɛɛ kwasafo de, wii a wɔnom, ne ɔbrasɛe ahorow bɛyɛɛ nea ɛka eyinom ho. Nea na ɛne eyinom nyinaa adi afra ne nnaadaa adwene a wɔde kura nsusuwii ahorow a ɛkorɔn mu. Eyi ho nkate ahorow kaa mmabaa mpo a na wofi mmusua a wɔwɔ din mu no. Na anigye a wonya ho nnaadaa ne emu mfaso ahorow twetwee ebinom a wɔyɛ nsɛmmɔnedifo akɛse a wɔn adwene te sɛ mmoa de no.

So Amumɔyɛfo Da Nniso Horow a Enye Adi?

Abakɔsɛm kyerɛwfo Henry Steel Commager kae sɛ basabasayɛ a ɛsɔree wɔ America wɔ 1970 mfe no mu no fi aban no nhwɛso bɔne a ɛyɛe. Ɔkae sɛ, United States totow atopae ahorow wɔ Indochina a ne dodow bɛyɛ nea wɔtowee wɔ South Pacific wɔ Wiase Ko II mu no nyinaa mmɔho akron. Commager bisae sɛ: “Mfaso bɛn na ɛwɔ so ma Ɔmampanyin no sɛ ɔbɛma basabasayɛ a ɛte saa ho kwan na akɔ so wɔ ne tumi sɛ asraafo nyinaa panyin no mu na afei wakasa atia basabasayɛ ahorow a ɛkɔ so wɔ sukuu ahorow mu no wɔ ne tumi sɛ Ɔmampanyin no mu?”

Bere a wokum Robert Kennedy akyi no, Ɔman Bagua wɔ Basabasayɛ ho no hyɛe sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu bi a ɛfa basabasayɛ ho wɔ wiase nyinaa. Wɔ Amerikafo 1,000 biara mu no, wohui sɛ 11 de wɔn ho hyɛɛ ɔman basabasayɛ mu wɔ 1963 ne 1968 ntam hɔ. Amerikafo dii Atɔe fam aman 17 a wɔyɛ demokrasefo no kan na wɔtɔɔ so 24 wɔ aman akɛse 114 ne afoforo a ɛka ho wɔ wiase nyinaa no mu. Nanso wɔ wɔn ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde tia aban ne mmusua ntam basabasayɛ ahorow no nyinaa mu no, Amerikafo nnya mmoaboaa wɔn ho ano mmaa basabasayɛ a emu yɛ den a ɛte sɛ amumɔyɛfo akuw ahorow de a ɛwɔ Atɔe fam Europa no. Nhwehwɛmu no de baa awiei sɛ, ɛnyɛ sɛ eyi rentumi ‘mma, efisɛ “Amerikafo yɛ nnipa a wɔpɛ basabasayɛ bere nyinaa.”

Dɛn na Wɔka Ma Wɔn Ho?

Sɛ́ ɛyɛ sum ase de anaasɛ ɛyɛ nea wɔayi wɔn anim no, wɔaboaboa akuw ahorow ano ma wɔako amumɔyɛfo ko wɔ ɔkwan biara a wobetumi so, na wɔn mu biara wɔ nea enti a wɔyɛ saa. Wɔ Palestinafo fam no, nea ɛma wɔyɛ saa ne ɔman ho dɔ​—wɔpɛ wɔn ankasa asase ne wɔn man. Amanyɛkuw a wɔfrɛ no ETA (The Basque Homeland Party) hwehwɛ ahofadi man a ɛyɛ nea Basque amantam anan wɔ Spain no ne ne fã titiriw ne abiɛsa wɔ France. Irish Republican Army no ko tu Britaniafo nniso gu na wɔde Irishfo ahofadi man si hɔ.

Benkum fam amumɔyɛfo a wɔwɔ Italy pɛ sɛ wɔsan hyehyɛ Italiafo man no foforo a emu yɛ den sen komunistfo de a ɛyɛ “mmerɛw” no. Nifa fam akuw horow pɛ sɛ wɔsan de Italy kɔ wɔn kan nniso a wɔfrɛ no fascism no so bio.

West Germany ne Japan amumɔyɛfo ka wiase nyinaa ɔman anidan a ɛyɛ nhyehyɛe foforo a emu yɛ den ho asɛm. Afoforo te sɛ Nkramofo atuatewfo a wɔwɔ Philippines ne wɔn a wɔfrɛ wɔn Warriors of Christ the King a wɔwɔ Spain no ko hwehwɛ nyamesom mu ahofadi. Afoforo da no adi sɛ wɔwɔ botae ahorow a ɛyɛ amammui ne nyamesom de a adi afra. Wokunkum asraafo a wɔteɛɛm sɛ “Anuonyam ma Egypt, montow nhyɛ wɔn so!” no bere a wɔtow tuo kum Ɔmampanyin Anwar Sadat wɔ Cairo no, sɛ nnipa a wɔka amumɔyɛfo a wɔyɛ katee wɔ nyamesom mu a wɔkyerɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔde Nkramofo man a ɛyɛ den si hɔ wɔ Egypt no. Afei nso wɔn a wɔahyɛ da ayi wɔn anim sɛ wɔyɛ amumɔyɛfo a ɛda adi sɛ adwene a wɔde yɛ saa ne mfaso a wonya fi nsɛmmɔnedi mu no wɔ hɔ.

Nanso, wɔ wɔn mu pii fam no, wɔn a afoforo suro wɔn na wobu wɔn sɛ amumɔyɛfo no hu wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa a wokura adwempa, wohu akwan a wɔbɛfa so ayɛ nneɛma yiye na wohu wɔn ho sɛ ɔman anidanfo. “Momma yɛmma ade biako mu nna hɔ. Yɛde yɛn ɔman anidan no bɛkɔ baabiara, yɛde bɛkɔ ɔman biara a ɛsɔre tia yɛn no so.” Wɔkyerɛ sɛ Libya sodifo Muammar el-Qaddafi na ɔkaa saa asɛm no. Wɔ Atɔe famfo ani so no, wobu no sɛ Kramoni a ɔyɛ katee a ɔhwehwɛ sɛ wɔbɛko “ɔko kronkron” atia Israelfo, na ogye di sɛ obetumi aka Arabfo ɔpepem 160 a wɔwɔ wiase no abom wɔ ne tumidi ase. Esiane sika dɔla ɔpepepem pii a petrol a wotu wɔ hɔ no ama wanya nti, Amerika amansɛmdi mu mpanyimfo fa nea Colonel Qaddafi ka biara sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Wogye di sɛ obetumi atutu ɔman bi ase denam ɔman anidanfo a watete wɔn so. Nanso Qaddafi mmu ne ho sɛ omumɔyɛfo. Ose amumɔyɛfo no wɔ baabi foforo. “Israel de ne nuklea akode ahorow no rehunahuna Arabfo. Ehu aka nnipa a wɔwɔ West Germany, efisɛ United States reboaboa nsramman ahorow ano wɔ hɔ. Ehu aka yɛn a yɛwɔ Libya esiane Amerikafo po so akohyɛn a ɛwɔ Mediteranea so no nti. Eyi yɛ amumɔyɛsɛmdi ankasa.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

‘One man’s terrorist is another man’s freedom fighter’

‘Mfaso bɛn na ɛwɔ sa ma Ɔmampanyin no sɛ ɔbɛma basabasayɛ akɔ so wɔ Indochina na wakasa atia basabasayɛ wɔ sukuu mu?’

[Kratafa 5 mfoni]

‘Onipa a ɔyɛ omumɔyɛfo ma obi no yɛ ahofadi ho ɔkofo ma onipa foforo’

[Kratafa 7 mfoni]

Mmea pii de wɔn ho hyem

[Kratafa 8 mfoni]

Ebinom kyerɛ sɛ Wiase Ko II guu aba a ɛne nnɛyi amumɔyɛsɛmdi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena