Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 11-14
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nyamesom Wɔ Ano Aduru?
  • So Wobetumi Afa Amammuisɛm So Anya Ano Aduru?
  • So Amanaman Nkabom no Betumi Asiw Ɔhaw no Ano?
  • Onuayɛ a Amumɔyɛsɛm Nnim
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 11-14

Amumɔyɛsɛm​—Dɛn Ne Ano Aduru?

SƐ WODE wimhyɛn atu kwan pɛn a, ɛnde woahu nea efi amumɔyɛsɛm mu ba no. Ɛyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nkurɔfo ho wɔ wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ aman ahorow nyinaa mu no mu. Amumɔyɛsɛm ma nniso ne wimhyɛn adwuma no sɛe sika kɛse wɔ ahobammɔ ho nhyehyɛe ahorow ho. Wɔ 1984 Olympic Agoru a wodii wɔ Los Angeles no ase no, ahobammɔ maa U.S. aban no sɛee bɛyɛ dɔla ɔpepem 65. Nhyehyɛe ahorow yi tu mpɔn dɛn?

Mfaso reba so wɔ kwan horow bi so. Wɔ bɛboro mfe 20 a atwam no mu no, wɔahu akodiawuo anaasɛ atopae bɛyɛ 35,000, na wɔakyere nnipa 13,000 wɔ United States nkutoo. (Department of State Bulletin) EI AI a ɛyɛ Israelfo wimhyɛn a ebia ɛno na ɛwɔ ahobammɔ ho nhyehyɛe a emu yɛ den sen biara no ama amumɔyɛsɛm a wodi wɔ wimhyɛn mu no so atew kɛse.

Nanso nniso ne ahyehyɛde ahorow redi ɔhaw no ho sɛnkyerɛnnede ho dwuma na ɛnyɛ nea ɛde ba no. Ano aduru a wɔde ma no ntumi nsa nea ɛde ɔyare a aka nnɛyi adesamma abusua no kɛse​—ɔyare a nitan ne pɛsɛmenkominya na ɛde ba​—no ba titiriw no. Nsisi ne sen a ebinom sen afoforo abu so na ɛredɔɔso​—ɛmfa ho sɛ amammui adwene bɛn na wokura. Enti ɛhe na yebenya ano aduru? So nyamesom betumi ama nitan adan ɔdɔ? So amammuisɛm betumi ama mpaapaemu agyae na wɔayɛ biako? So amanaman Nkabom no betumi aka aman ahorow no abom ankasa? Anaasɛ so ano aduru foforo bi wɔ hɔ?

So Nyamesom Wɔ Ano Aduru?

Amumɔyɛsɛm a akɔ so wɔ Northern Ireland fi 1969 no akunkum nnipa bɛboro 2,000 wɔ ɔman a emufo bɛyɛ ɔpepem 1.5 no mu. Wɔn a wɔne wɔn ho wɔn ho reko no kyerɛ sɛ wɔwɔ Kristofo gyidi koro a egyina asɛm a ɛne “Onyankopɔn ne dɔ” no so. (1 Yohane 4:8) Nanso Protestantfo ne Katolekfo kɔ so di amumɔyɛsɛm. Sɛnea John Hickey kyerɛw wɔ Religion and the Northern Ireland Problem no mu no: “Mprempren yebetumi . . . agye atom sɛ yɛbɛtɔ asiane mu anaasɛ yebewu esiane sɛ yɛyɛ Romafo anaasɛ Protestantfo nti; sɛ yebegye atom sɛ wɔnam atirimɔden kwan so bɛyɛ bi atua yɛn ka​—awu a asɔre di​—sɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ ‘ade de tua amumɔyɛsɛm a wodi so ka’ wɔ Northern Ireland.”

Ɔkyerɛwfo koro no ara ka nso sɛ: “Amammuisɛm wɔ [Northern Ireland] nyɛ amammuisɛm a esisi nyamesom . . . Ɛyɛ nyamesom a ɛhyɛ amammuisɛm ho nkuran.” Na sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛyɛ amammuisɛm a ɛma wodi wɔn wɔn ho wɔn ho awu na wɔyɛ ade de tua wɔn yɔnkonom bɔne so ka.

Asɔre pii kyerɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm titiriw. Amumɔyɛfo no mu fã kɛse no ara wɔ asɔre a wɔkɔ​—wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, Yudafo, Nkramofo, Buddafo, Hindufo, Sikhfo, anaasɛ asɔre afoforo mufo. Nanso wɔn asɔre no nya wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso kodu he? Jan Schreiber fa IRA kannifo Rauiri O’Bradaigh asɛm ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Ultimate Weapon​—Terrorists and World Order no mu sɛ: “Na me ne ɔbarima tirimɔdenfo bi nam bere bi. Yɛde ɔtopae kɔtoo baabi sɛnea ɛbɛyɛ a ebekunkum Britania asraafo bi. . . . Nokwarem no, wɔbɛfaa hɔ. Dɛn na ɔbarima tirimɔdenfo yi yɛe? Ansa na ɔrema ɔtopae no atow na atetew wɔn mu asinasin no, ɔkataa n’ani. Afei ɔyɛɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no na ɔde nyamesuro kae brɛoo sɛ: ‘Awurade, hu wɔn akra mmɔbɔ!’”

Nyamesom antumi ansiw tew a Katolekfo a wɔwɔ Spain no tew wɔn ankasa amumɔyɛfo kuw a wɔfrɛ no Guerrileros del Cristo Rey anaasɛ ɔhene Kristo Akofofo no kwan. Sɛnea The Terrorists akyerɛwfo kyerɛ no, “nyamesom ne amammuisɛm na ɛma wɔtew” Guerrileros no.

So ɛsɛ sɛ siw a nyamesom ntumi nsiw amumɔyɛsɛm ano no ma yɛn ho dwiriw yɛn? Ɔbenfo C. E. Zoppo a ɔwɔ California Sukuupɔn no fã a ɛhwɛ amammuisɛm ho nsɛm so no kyerɛw sɛ: “Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ asɔre ahorow a ɛwɔ Atɔe Fam no de amumɔyɛsɛm di dwuma de nya nea wɔhwehwɛ wɔ amammuisɛm mu a, wɔde saa abrabɔ mu hokwan ahorow a wɔhyɛ ho nkuran wɔ wɔn akyidifo mu no kame wɔn nyamesom mu atamfo . . . na wɔma kwan ma wodi amumɔyɛsɛm tia ‘nnipa a wɔnyɛ gyidifo’ mpo.” Ɔtoa so denam Mmeamudua ho Akodi Kronkron a ɛkɔɔ so wɔ Paapa Urban II bere so no ho asɛm a ɔka no so. Ɔka sɛ: “Na wɔhwɛ kwan sɛ Mmeamudua ho Akodi no bɛbrɛ Nkramosom ase korakora na na wosusuw sɛ ɛyɛ ‘ɔko a ɛde ɔko nyinaa bɛba awiei.’ Na wosusuw sɛ tumi a ɛma wɔyɛ bɔne no nyinaa wɔ Nkramosom mu ma enti bere a ɔsraani a ɔyɛ Kristoni kum ne tamfo sraani a ɔyɛ Kristoni no bɛma wabɔ ne bɔne ho afɔre nnafua aduanan no, Nkramofo a okum wɔn no ho ‘afɔrebɔ bɛyɛ nea esua koraa.’​—The Rationalization of Terrorism.

Nyamesom afoforo nso de bo bi bata obi a ɔnyɛ gyidini a wobekum no ho. Wogye di sɛ ɛno bɛma wɔanya kwan akɔ wɔn paradise a ɛwɔ soro no mu. Enti amumɔyɛfo nyamesom gyidi betumi ahyɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obedi awu no mu den na ama watow ɔtopae akunkum afoforo bere a ɔno nso bewu mpo no.

So Wobetumi Afa Amammuisɛm So Anya Ano Aduru?

Amammui ne sraadisɛm ho abenfo a wɔwɔ Atɔe Fam kyerɛ sɛ wɔwɔ amumɔyɛsɛm ano aduru, ɛwom mpo sɛ wɔnyɛ biako bere nyinaa wɔ dwuma a wɔde bedi no mu. Aman a wodi amumɔyɛsɛm tia wɔn no nhyehyɛe a wɔayɛ mprempren ne sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛ saa no bi atua ka. William Casey a na ɔyɛ CIA (Central Intelligence Agency) panyin no ka sɛ: Yɛrentumi nnyae ɔhyɛ a yɛde bedi dwuma de asiw amumɔyɛsɛm ano anaasɛ yɛde bedi ho dwuma wɔ faako a tebea horow no fata sɛ yɛde yɛ saa no. Aman ahorow pii a United States ka ho wɔ asraafo dɔm ne tumi a yehia sɛ yɛde bɛko atia amumɔyɛfo akuw horow.”​—Hydra of Carnage.

Atopae a United States kɔtow guu Libya so wɔ April 1986 mu esiane ɔtopae a amumɔyɛfo kɔtow wɔ Berlin nsatɔnbea bi nti no kyerɛkyerɛ saa nyansapɛ no mu. Nanso ɛma nneɛma nso sɛe ntɛm ara​—nnipa a wɔnyɛ asraafo a wowuwui wɔ Libya ne U.S. wimhyɛn a wɔsɛee no a emu nnipa wuwui a U.S. aban mpanyimfo bu sɛ ɛnyɛ nea wobetumi akwati no. Amumɔyɛsɛm a wɔde ko tia amumɔyɛsɛm nso wɔ akatua a nkurɔfo nnim​—anuonyam ne nidi a wɔhwere.

Amammuifo ne asraafo bu eyinom sɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre wɔ ko a wɔko wɔ kokoam yi mu. Sɛnea Benjamin Netanyahu kyerɛw no: “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔte demokrase aman mu no nyinaa hu wɔn ho wɔ ɔkwan bi so sɛ wɔyɛ asraafo a wɔreko ɔko biako. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nniso no ma ogye amumɔyɛsɛm tom. . . . Sɛ yɛn ani abere pɛ sɛ yedi nkonim wɔ ko a yɛreko atia amumɔyɛsɛm no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ nkurɔfo siesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nneɛma bɛbɔ afɔre na sɛ ɛba sɛ wɔn adɔfo wu mpo a, wogyina ɛyaw a ano yɛ den kɛse ano.”​—Terrorism​—How the West Can Win.

Ɛnde so amammui betumi ayi nneɛma a ɛma wodi amumɔyɛsɛm no afi hɔ? So wobetumi ama nsisi agyae na wɔadi tebea no ho dwuma? Amammuisɛm ho abenfo kyerɛ sɛ wɔrentumi nyɛ saa. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea yɛahu wɔ asɛm a edi kan no mu no, wɔka sɛ amumɔyɛsɛm no mu pii yɛ adwinnade foforo wɔ amammui nhyehyɛe akɛse abien no ntam ntawntawdi no mu. Enti amammuisɛm ma wodi amumɔyɛsɛm.

Sɛ nhwɛso no, Franseni sɛnkyerɛwfo Jean Francois Revel kyerɛwee sɛ: “Amumɔyɛfo no ka tow a wɔtow hyɛ demokrase so no ho asɛm wɔ wɔn adwene horow a wɔda no adi wɔ baguam ne wɔn nhoma ahorow mu sɛ ‘basaayɛ ho nhyehyɛe.’ Adwene no ne sɛ ɛnyɛ den kɛse sɛ wobegu fasist nniso na wɔde komunism asi hɔ sen sɛ wobegu demokrase na wɔde komunism asi hɔ. Enti ɛsɛ sɛ ‘ɔman anidanfo’ no piapia demokrase nniso ahorow no ma wɔyɛ wɔn ade te sɛ fasistfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de sohyialism asi fasist nniso no ananmu.” Enti wɔ aman ahorow bi mu no, amumɔyɛfo hyɛ da kunkum asraafo mpanyimfo na ama asraafo atu aban no agu.

So Amanaman Nkabom no Betumi Asiw Ɔhaw no Ano?

Amammuisɛm ho ɔbenfo C. E. Zoppo kyerɛkyerɛɛ ɔhaw a Amanaman Nkabom no rehyia no mu sɛ: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ . . . Amanaman Nkabom no ntumi nnyee nhyehyɛe biara a ɛfa nea ɛyɛ amanaman ntam amumɔyɛsɛm anaasɛ nea ɛfata sɛ aman a wɔyɛ kuw no mufo yɛ no ho ntoom ɛ.” Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ obiara nwonwa bere a yehu sɛ Amanaman Nkabom no yɛ aman ahorow nhyiambea a aman a wɔwɔ tumi kɛse no ko wɔ hɔ te sɛ mmoa akɛse a wɔreko a nsɛm a wɔkeka no ntumi mma wɔnyɛ hwee.

Ade foforo nso ne sɛ wɔ Amanaman Nkabom no mu no, demokrase aman a wodi amumɔyɛsɛm tia wɔn no sua. Sɛnea Zoppo kyerɛkyerɛɛ mu no: “Bere a Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no . . . ’ahaw kɛse wɔ amanaman ntam amumɔyɛsɛm ho no, n’atirimbɔ a ɛfa amanaman ntam amumɔyɛsɛm ho no’ san sii ‘hokwan a nnipa a wɔwɔ atubrafo ne abusua mu nyiyimfo nniso ase no nyinaa wɔ sɛ wɔbɛpaw nniso a wɔpɛ na wɔanya ahofadi no so dua bio.’” Tirimbɔ koro yi ara kasa tiaa “kɔ a atubrafo ne abusua mu nyiyimfo nniso ahorow kɔ so hyɛ nkurɔfo so na wodi amumɔyɛsɛm tia wɔn na wɔde hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛpaw nniso a wɔpɛ na wɔanya ahofadi kame wɔn no.”

Enti sɛnea Zoppo kyerɛ no, Amanaman Nkabom no agye amumɔyɛsɛm ho nnyinasosɛm a abirabɔ wom atom. Ɔtoa so sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ wɔpene amumɔyɛsɛm so bere a wɔnam so de hwehwɛ nniso a wɔn ankasa pɛ no, na wɔkasa tia bere a ɔman no di amumɔyɛsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma wonnya ahofadi no. Esiane sɛ aman a wɔatew no foforo de amumɔyɛsɛm dii dwuma de nyaa ahofadi nti, wohu sɛ afoforo a wɔkasa tia wɔn wɔ ho no nye.” (The Rationalization of Terrorism) Enti sɛ́ adwinnade a eye a wɔde bɛko atia amumɔyɛsɛm no, Amanaman Nkabom no hyia akwanside. Wommu bra pa efisɛ sɛnea Zoppo ka no, “amammuisɛm na ɛkyerɛ nea ɛyɛ abrabɔ pa.” Wɔ saa bere yi nyinaa no, nnipa a wɔn ho nni asɛm a wodi amumɔyɛsɛm tia wɔn no hu amane na wowuwu.

Onuayɛ a Amumɔyɛsɛm Nnim

Jan Schreiber kyerɛkyerɛ ɔhaw a amanaman no hyia no mu sɛ: “Nokwasɛm a ɛhaw adwene ne sɛ wɔhyɛ aman a wɔpɛ sɛ wɔma amumɔyɛsɛm gyae wɔ wiase no mu​—a ɛda adi sɛ wosua no​—ma wɔyɛ nhyehyɛe ahorow a enni mũ. Ebia amumɔyɛfo a wɔatu wɔn ho ama sɛ wɔde nea wɔwɔ bɛbɔ afɔre ama amammui adwene bi no ani nnye asotwe ahorow a wɔagye atom no ho anaasɛ wɔka kyerɛ wɔn a wotumi kɔ so ko no sɛ wɔnyɛ basabasa kɛse.”​—The Ultimate Weapon​—Terrorist and World Order.

Ɔbenfo Zoppo ka wɔ nhwehwɛmu a ɔyɛe wɔ ɔhaw no ho no mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnɛyi ɔman biara nni hɔ a wɔkyekyee a wɔamfa amumɔyɛsɛm so.” Ɛte sɛ nea ɛkyerɛ sɛ amumɔyɛsɛm yɛ ade a wontumi nkwati wɔ amammuisɛm mu. Nanso yebetumi asi so dua sɛ “ɔman” biako wɔ hɔ a wɔakyekye a wɔamfa amumɔyɛsɛm anaasɛ basabasayɛ​—anaasɛ amammuisɛm so. Ɛyɛ ɔman a emufo boro ɔpepem abiɛsa a wofi wiase nyinaa, aman, ɔkasa, ne nyamesom ahorow mu. Wɔne hefo? Nnipa a wɔde nsɛmma nhoma yi ba wo nkyɛn no​—Yehowa Adansefo.

Wɔnyɛ aman ne aman ntam ahyehyɛde ara kwa. Wɔn de no yɛ onuayɛ ankasa a ɛtra aman ahye ahorow a mprempren wɔwɔ gyidi biako ne anidaso a Onyankopɔn na ɔde ama wɔn. Ɛnyɛ amumɔyɛsɛm so na wɔnam rema wɔn nkɛntɛnso mu atrɛw wɔ wiase nyinaa na mmom Bible nkyerɛkyerɛ a ɛde asomdwoe ba so. Wɔrekamfo Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo so no akyerɛ sɛ adesamma haw ahorow no ano aduru biako pɛ wɔ ɔman biara a ɛwɔ asase so no mu.​—Mateo 6:9, 10.

Yiw, Yehowa Adansefo atumi adi amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ba ne ɔmampɛ a ɛde ɔko ba na ɛma wodi amumɔyɛsɛm no so. Mprempren wɔyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe ankasa na wɔresiesie wɔn ho ama bere a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebedi asase no so tumi a ɛrenkyɛ na aba no. Ɛnyɛ wiase nyinaa a wɔbɛsakra no na ɛde eyi bɛba na mmom ɛbɛba denam tew a wɔbɛtew wiase no mu wɔ Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon no mu no so.​—Mateo 24:37-39; Adiyisɛm 16:14, 16.

Afei ahobrɛasefo a wɔwɔ asase no so no benya nokware asomdwoe ne daa nkwa. (Tito 1:2; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa Ahenni yi ho bere a amumɔyɛsɛm nni hɔ no a, yɛsrɛ wo fi wo pɛ mu kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ kurow a wote mu no mu anaasɛ kyerɛw krataa kɔma wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi wɔ ɔman a wote mu no mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Wɔ bɛboro mfe 20 a atwam no mu no, wɔahu akodiawuo anaasɛ ɔtopae ahorow 35,000 na wɔakyere nnipa 13,000 wɔ United States nkutoo.​—Department of State Bulletin

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

“Ansa na ɔrema atopae no atow na atetew wɔn mu asinasin no, ɔkataa n’ani. Afei ɔyɛɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no na ɔde onyamesuro kae brɛoo sɛ: ‘Afei, Awurade, hu wɔn akra mmɔbɔ!’”

[Kratafa 14 adaka]

Onyankopɔn Ahenni a Ɛnam Kristo Yesu so no Beyi Amumɔyɛsɛm Afi Hɔ

Wɔkyerɛ sɛ amumɔyɛde yɛ nnipa a wɔn ani abere a wɔte nka sɛ wɔn ho akam no akodi. Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, ɛho renhia sɛ obi te nka sɛ ne ho akam sɛnea yebetumi ahu wɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa tumi a Kristo Yesu bedi ho no mu no:

“Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene, ne wo trenee ma ɔhene ba. Ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo. Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa. Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, no wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”​—Dwom 72:1, 2, 4, 12-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena