Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 11/8 kr. 8-9
  • Dɛn Na Ɛbaa Yudafo Akwanhwɛ Ahorow So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛbaa Yudafo Akwanhwɛ Ahorow So?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm Afoforo a Wɔde Sɔre Tia Sɔre
  • Mesia No​—Onipa Ankasa anaasɛ Ade Pa Bi a Wosusuw Ho?
  • Mesia No​—Anidaso Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Yɛahu Mesia No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 11/8 kr. 8-9

Dɛn Na Ɛbaa Yudafo Akwanhwɛ Ahorow So?

NSƐM a edidi so a ɛfa Mesia no ho, a efi afeha a ɛto so abien no mu a ɛyɛ Yudafo nkyerɛwee a wɔboaboa ano a wonim no sɛ Babylonian Talmud no kenkan sɛ:

“Na asase no bɛbɔ abubuw’ (Zak. 12:12) . Dɛn na ɛwɔ abubuwbɔ yi akyi? . . . R[abbi] Dosa kae sɛ: ‘[Wɔbɛbɔ abubuw] wɔ Mesia a wobekum no no nti.’”

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, asɛm yi ka Mesia no ho asɛm sɛ wokum no; nanso yehu sɛ Yudafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no mpene asɛm a ɛte saa so. Dɛn na ɛde adwene mu nsakrae yi bae?

Adwene a wokura a ɛfa Mesia no ho no gyee din wɔ Yɛn Bere mu afeha a ɛto so abien no mu, titiriw no efi Simeon Bar Kokhba wu no so. Na Bar Kokhba yɛ ɔkofo, ɔmammufo a ɔdan ɔman ani. Wɔkae wɔ mmeae ahorow pii sɛ ɔne Mesia no. Rabbi Akiba ben Joseph a wɔfrɛɛ no “Rabbifo Anyansahufo no mu nea wagye din sen biara” no mpo kae sɛ Bar Kokhba ne Mesia no.

Awiei no, Bar Kokhba dii Yudafo atuatew anim de tiaa Roma nniso no. Bere a wadi kan adi Roma asraafo no so nkonim no, Bar Kokhba ko tiaa Roma asraafo a wɔresan wɔn akyi no mfirihyia abiɛsa wɔ apereperedi bi a Yudafo bɛboro ɔpepem fã hweree wɔn nkwa wɔ mu mu. Nanso, wɔbrɛɛ atuatew no ase wɔ afe 135 Y.B. mu na wɔkum Bar Kokhba.

Awo ntoatoaso a wofi wɔn koma nyinaa mu penee Bar Kokhba so no huu wɔn ho wɔ tebea bi a ɛyɛ nwonwa mu afei. Ɛnyɛ sɛ Bar Kokhba wu no de asɛm baa Mesia no ho anidaso no so nko, na mmom, Rabbi Akiba din nso so. Dr. Joseph Heinemann a ɔwɔ Hebrew University a ɛwɔ Yerusalem no kyerɛkyerɛɛ sɛnea Bar Kokhba wu no nyaa ne bere sofo so tumi no mu:

“Ɛte sɛ nea awo ntoatoaso yi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan biara so ama wɔn nsa aka nea ɛrentumi nyɛ yiye no: sɛ́ wobekura Mesia a Bar Kokhba yɛ no mu ara a huammɔ a wadi no mfa ho. Nea tebea a ɛne ne ho nhyia yi betumi ada ne ho adi wɔ mu ara ne abirabɔ nipa a ɔne Mesia a odi ako a wɔahyɛ sɛ obewu wɔ ɔko mu nanso ɔda so yɛ ogyefo ankasa.”

Nanso ɛbɛyɛ dɛn na Yudafo no atumi de adwene a ɛfa Mesia a owu yi ho no ato nokware a ɛyɛ sɛ Mesia no bedi hene no ho? Sɛnea Raphael Patai kae no:

“Wohuu asɛm a ɛkyere adwene yi ano denam Mesia no nipaban a wɔkyɛɛ mu abien no so: wɔn mu biako, a wɔfrɛ no Mesia Ben Joseph [anaasɛ, Joseph ba], bɛboaboa Israel dɔm ano atia wɔn atamfo, na bere a wadi nkonim na wayɛ anwonwade ahorow pii no, wobekum no. . . . ɔfoforo no, Mesia Ben David [anaasɛ, David ba], bedi n’akyi aba . . . na obedi Israel anim akɔ nkonimdi koraa ne Mesia no asomdwoe bere mu.”

Atirimpɔw a ɛwɔ Mesia a owu yi akyi no kɔɔ so ara wɔ mfe a edii Bar Kokhba wu no akyi no mu, na awiei no wɔde too Mesia a ɔbɛba daakye abewu wɔ ɔko mu ho. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ eyi mu no, Patai kae sɛ: “Obi tumi hu sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔte ase ne sɛ . . . [Mesia no] sɛ Joseph Ba no bewu wɔ Awiei Nna no mfiase mu, nanso ɔbɛba nkwa mu sɛ David Ba, na wabewie adwuma a ofii ase bere a ɔbaa nea edi kan no.”

Hwɛ sɛnea eyi te sɛ gyidi a afeha a edi kan no mu Kristofo no kura no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so! Akuw abien no nyinaa ka gyidi a wɔwɔ wɔ Mesia a ɔbɛba abewu na wɔanyan no ansa na asomdwoe bere a wɔaka ato hɔ no aba ho asɛm!

Nsɛm Afoforo a Wɔde Sɔre Tia Sɔre

Wɔ Yɛn Bere mu afeha a edi kan no mu no, Roma Abosonsom Ahemman a adan kɔ Roma Katolek Som mu, na ɛsɔre tia Sem asefo no begyee din wɔ wɔn a wɔka sɛ wodi Yesu akyi no mu. Wɔ mfe a edii akyi bae no mu no, Yudafo no huu ayayade ahorow a wɔyɛe mu amane, te sɛ Mmeamudua Ho Akodi ne Aninyanne a Wɔyɛ Wɔn a Wonnye Nni no. Nneyɛe a ɛsɔre tia Onyankopɔn mmara sɛ “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no a ɛda adi pefee. (Leviticus 19:18) Bio nso, wɔn a wɔka sɛ wodi Yesu akyi no nyaa gyidi horow a ɛnyɛ Kristofo de, te sɛ, Nyame baasa koro som. Nanso na Mose akyerɛkyerɛ sɛ, “AWURADE YƐN NYANKOPƆN YƐ AWURADE KORO!” (Deuteronomium 6:4) Enti bere a nea wɔsɔre tia fi mfiase a ɛyɛ Yesu a owu sɛ Mesia no nyɛ nea wobu ɛno sɛ ɛfata bio no, biribi foforo a wɔsɔre tia bae, wɔn a wɔka sɛ wodi Yesu akyi no suban ne wɔn nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no. Enti Yudasom kɔɔ so pow Kristosom.

Mesia No​—Onipa Ankasa anaasɛ Ade Pa Bi a Wosusuw Ho?

Mesia no ho anidaso a ɛwɔ Israel no kɔɔ so ara wɔ mfehaha no mu. Sɛ nhwɛso no, bere mfinimfini mfe no mu Rabbi Maimonides de ne Nsɛm Dumiɛnsa a Ɛfa Gyidi Ho no mae no, ɔde nea edi so yi kaa ho: “Migye di . . . koraa sɛ Mesia no bɛba, na ɛwom sɛ ebia ɔbɛkyɛ de, nanso mɛtwɛn ne ba no da biara da.”

Nanso, nnɛ bere mu de, adwene a wokura a ɛfa Mesia ankasa a ɔbɛba ho no atwam kɔ koraa wɔ Yudafo pii mu. Sɛ nhwɛso no, mfirihyia ɔha ni a Joseph Perl kyerɛwee sɛ: “Yudafo a wɔasua nhoma ankasa mmu Mesia no sɛ ɔyɛ onipa ankasa.”

Yudafo a wɔte saa bu Mesia no sɛ ade pa bi a wosusuw ho, na ɛnyɛ sɛ onipa ankasa, enti wɔpɛ sɛ wɔka mesia mfe ho asɛm mmom kyɛn Mesia no ho asɛm. Nanso sɛ Mesia a ɔyɛ onipa ankasa nni hɔ a, ɛnde na wɔrennya mesia mfe nso. Nanso bere bɛn na Mesia yi bɛba. Dɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no ka?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena