Mesia No—Anidaso Ankasa?
Na ɔfrɛ ne ho Mose. Nanso, wɔnkae ne din ankasa bio. Wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mu no, okyinii Crete supɔw no so nyinaa kɔka kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ no sɛ ɔne mesia a wɔretwɛn no no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ na sɛnea wɔhyɛ wɔn so, na wɔatwa wɔn asu, afa wɔn nnommum no aba awiei. Wogye dii. Bere a wɔn ogye da no dui no, Yudafo no dii “Mose” akyi kɔɔ koko bi a epue fi Mediteranea Po no mu so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛtow wɔn ho akyene po no mu na emu apae wɔ wɔn anim. Pii yɛɛ saa, na wɔtow wɔn ho guu po a emu ampae mu. Wɔn mu pii wuwui; hyɛn mufo ne apofofo koyiyii ebinom. Nanso, wɔanhu Mose bio. Na saa mesia no nni hɔ bio.
DƐN ne mesia? Nsemfua “agyenkwa,” “ogyefo,” ne “ɔkannifo” betumi aba w’adwenem. Nnipa pii susuw sɛ mesia ne obi a ɔkanyan anidaso ne ahofama wɔ n’akyidifo mu, na ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ obedi wɔn anim ayi wɔn afi nhyɛso ase akɔ ahofadi mu. Esiane sɛ adesamma abakɔsɛm yɛ nhyɛso ho abakɔsɛm titiriw nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mesia ahorow a wɔtete sɛɛ pii aba wɔ mfehaha no mu. (Fa toto Ɔsɛnkafo 8:9 ho.) Nanso te sɛ nea ofi Crete a ɔfrɛɛ ne ho Mose no, mesia ahorow yi ama wɔn akyidifo nsa asi fam ma wɔakɔ amanehunu mu na ɛnyɛ ogye mu.
“Oyi ne Ɔhene Mesia no!” Saa na rabi a wobu no yiye Akiba ben Joseph momaa Simeon Bar Kokhba wɔ afe 132 Y.B. mu. Ná Bar Kokhba yɛ onipa kɛse bi a asraafo dɔm a wɔyɛ den hyɛ n’ase. Yudafo pii susuwii sɛ, afei de ɔbarima a ɔbɛma nhyɛso a Roma Wiase Tumidi no de aba wɔn so bere tenten no aba awiei no na waba yi. Bar Kokhba dii nkogu; ne manfo ɔpehaha pii hweree wɔn nkwa esiane saa nkogudi no nti.
Yudani mesia foforo bi daa ne ho adi wɔ afeha a ɛto so 12 no mu, saa bere yi, wɔ Yemen. Bere a kalif, anaa sodifo no bisaa no sɛ dɛn ne mesia a ɔyɛ no ho sɛnkyerɛnne no, mesia yi kae sɛ kalif no mma wonkum no na sɛnea obenyan ntɛm ara afi owu mu no nyɛ sɛnkyerɛnne. Kalif no penee nhyehyɛe no so—na ɛno ara ne Yemen mesia no awiei. Wɔ saa afeha koro no ara mu no, ɔbarima bi a ɔde David Alroy ka kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Mfinimfini Fam Apuei no sɛ wonsiesie wɔn ho na wonni n’akyi wɔ abɔfo ntaban so nsan nkɔ Asase Kronkron no so. Pii gye dii sɛ ɔne mesia no. Yudafo a wɔwɔ Baghdad no de boasetɔ twɛnee wɔ wɔn adan atifi, a wɔn ani agye ma wɔanhu akorɔnfo a na wɔrewia wɔn nneɛma no.
Sabbatai Zevi puei wɔ Smyrna wɔ afeha a ɛto so 17 no mu. Ɔkaa mesia a ɔyɛ no ho asɛm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Europa nyinaa. Kristofo nso tiee no. Zevi hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ wobenya ogye—ɛda adi sɛ denam bɔne a ɔma wɔyɛ traa so no so. Wɔn a wodii n’akyi yiye no de wɔn ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrafi mu, woyiyii wɔn ho de nantenantew, wɔde wɔn ho hyɛɛ aguamammɔ ne mogyafra mu, na afei wɔmaa wɔn ankasa ho asotwe denam wɔn ankasa ho a wɔhwee, wɔn ho a woyiyii na womunumunum wɔn ho wɔ sukyerɛmma mu, ne wɔn ho a wɔde hyɛɛ asase a emu yɛ nwunu no mu kosii wɔn kɔn ho no so. Bere a Zevi tuu kwan kɔɔ Turkey no, wɔkyeree no na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnnan Ɔkramoni anyɛ saa a wobekum no. Ɔyɛɛ saa. N’akyidifo no pii abam bui. Nanso, mfeha abien a edi hɔ no mu no, nnipa bi kɔɔ so frɛɛ Zevi mesia.
Kristoman nso anya ne mesia ahorow. Wɔ afeha a ɛto so 12 mu no, ɔbarima bi a ɔde Tanchelm boaboaa n’akyidifo dɔm kɛse ano na odii Antwerp kurow so. Saa mesia yi frɛɛ ne ho onyame; ɔtɔn ne nsu a ɔde aguare mpo maa n’akyidifo nomee sɛ adommenade! “Kristoni” mesia foforo bi nso ne Thomas Müntzer a ɔtraa ase afeha a ɛto so 16 no mu wɔ Germany no. Odii anim ma wɔsɔre tiaa ɛhɔ aban atumfo no, na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ eyi ne Harmagedon ko no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde ne ntade nsa bɛsɔw atamfo no aprɛm mmoba no. Mmom no, wokunkum ne nkurɔfo no, na wotwaa Müntzer ti. Mesia a wɔte sɛɛ afoforo pii puei wɔ Kristoman mu wɔ mfehaha no mu.
Ɔsom afoforo nso wɔ wɔn mesia ahorow. Nkramosom twe adwene si Mahdi, anaa obi a ɔwɔ akwankyerɛ pa, a ɔde atɛntrenee bere foforo bi bɛba no so. Wɔ Hindusom mu no, ebinom aka sɛ wɔyɛ avatar anaa anyame horow bi a wɔasan awo wɔn. Na sɛnea The New Encyclopœdia Britannica kyerɛ no, “wɔanya gyidi bi afi ɔsom a ɛmfa mesia ho te sɛ Budhasom mpo mu, wɔ Mahāyāna akuw bi mu sɛ Budha Maitreya a obesian afi ne soro trabea hɔ na ɔde anokwafo akɔ paradise no bɛba daakye bi.”
Afeha 20 mu Mesia Ahorow
Sɛnea nokware mesia ho hia no mu ayɛ den sen bere biara wɔ yɛn ankasa afeha yi mu; enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ pii afa saa abodin no ato wɔn ho so. Wɔ Afrika man Congo mu wɔ 1920,’30, ne’40 mfe no mu no, wogyee Simon Kimbangu ne nea odii n’ade Andre “Jesus” Matswa toom sɛ wɔyɛ mesia. Wɔawu, nanso wɔn akyidifo da so ara hwɛ kwan sɛ wɔbɛsan aba na wɔde Afrikafo mfirihyia apem nniso bi aba.
“Ɔsom akuw horow a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam nkonyaayi so benya aguade” nso ada adi wɔ yɛn afeha yi mu wɔ New Guinea ne Melanesia. Emufo no hwɛ kwan sɛ po so hyɛn anaa wimhyɛn bi a aborɔfo a wɔte sɛ mesia wom bɛba na wɔabɛyɛ wɔn adefo na wɔde anigye bere bi a awufo mpo bɛsɔre wom aba.
Aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim no nso anya wɔn mesia ahorow. Ebinom yɛ nyamesom mu akannifo, te sɛ Sun Myung Moon, a ɔno ara kae sɛ ɔne Yesu Kristo ɔdedifo a ne botae ne sɛ ɔnam n’akyidifo abusua bi a wɔayɛ biako so bɛtew wiase no ho no. Amammui mu akannifo nso abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ mesia, a afeha yi mu nhwɛso a ennye koraa sen biara ne Adolf Hitler ne ne Mfirihyia Apem Reich (nniso) ho ahupoosɛm no.
Wɔabu amammui mu nyansapɛ ne ahyehyɛde ahorow bi nso sɛ mesia. Sɛ nhwɛso no, The Encyclopedia Americana ka sɛ mesia ho adwene bi wɔ Marx ne Lenin amammui adwenkyerɛ no mu. Na ɛte sɛ nea Amanaman Nkabom ahyehyɛde no a nnipa pii aka ho asɛm sɛ ɛne anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma wiase asomdwoe no abɛyɛ sɛ mesia nsiananmu bi wɔ nnipa pii adwenem.
Anidaso Ankasa?
Nsɛm kakra a yɛahu yi ma ɛda adi pefee sɛ mesia akuw ho abakɔsɛm no yɛ nnaadaa, anidaso a ɛyɛ ɔkwa ne adaeso a enni nnyinaso biara ho abakɔsɛm titiriw. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii nni mesia ho anidaso no mu gyidi biara.
Nanso, ansa na yɛbɛtow mesia ho anidaso no akyene korakora no, momma yenni kan nsua nea efi ho asɛm. Nokwarem no, “mesia” yɛ Bible mu asɛmfua. Hebri asɛmfua no ne ma·shiʹach, anaa “nea wɔasra no.” Wɔ Bible mmere mu no, na ɛtɔ mmere bi a, wɔpaw ahemfo ne asɔfo ma wɔn dibea no denam ngo huamhuam a wohwie gu wɔn ti mu de sra wɔn so. Enti na wotumi de asɛmfua ma·shiʹach ka wɔn ho asɛm ma ɛfata. Ná mmarima bi a wɔpaw wɔn maa dibea titiriw bi nso wɔ hɔ a wɔamfa ngo ansra wɔn. Wɔfrɛ Mose “Kristo,” anaa “nea wɔasra no” wɔ Hebrifo 11:24-26, efisɛ wɔpaw no sɛ Onyankopɔn diyifo ne ne nanmusifo.
Sɛnea wɔkyerɛ mesia ase sɛ “nea wɔasra no” yi ma Bible mu mesia ahorow no da nsow koraa wɔ atoro mesia ahorow a yɛaka wɔn ho asɛm no ho. Bible mu mesia ahorow no ampaw wɔn ankasa ho; na saa ara na ɛnyɛ nnipa pii a na wɔpɛ wɔn asɛm na wodii wɔn akyi no na ɛpaw wɔn. Dabi, paw a wɔpaw wɔn no fi soro, efi Yehowa Nyankopɔn ankasa nkyɛn.
Ɛwom sɛ Bible no ka mesia ahorow pii ho asɛm de, nanso ɛma obiako korɔn sen afoforo no koraa. (Dwom 45:7) Saa mesia yi ne Bible nkɔmhyɛ mu onipa titiriw, nea wɔnam no so bɛma Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛkanyan anigye sen biara no bɛbam no. Na saa mesia yi di ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ho dwuma ankasa.
Adesamma Agyenkwa
Bible mu Mesia no di adesamma haw ahorow ho dwuma denam nea ɛma ɛba a oyi fi hɔ no so. Bere a honhom abɔde otuatewfo Satan piapiaa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, ma wɔtew atua tiaa Ɔbɔadeɛ no, na nea wɔreka ankasa ne sɛ wɔwɔ hokwan koraa sɛ wodi wɔn ho so. Ná wɔpɛ sɛ wɔn ankasa si nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae ma wɔn ho. Wɔnam saayɛ so fii Yehowa ɔdɔ ne ahobammɔ nniso ase, na wɔde adesamma abusua no kɔɔ basabasayɛ ne amanehunu a ɛwɔ wɔn ankasa ho so a wodi, sintɔ, ne owu mu no mu.—Romafo 5:12.
Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn paw saa adesamma abakɔsɛm mu bere bɔne yi sɛ bere a ɔde anidaso bi bɛma adesamma nyinaa. Bere a Onyankopɔn rebu nnipa atuatewfo no atɛn no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔn asefo benya ogyefo. Ná saa Agyenkwa a wɔkaa ne ho asɛm sɛ “aseni,” yi bɛba abeyi adwuma bɔne a Satan yɛe wɔ Eden no afi hɔ; na Aseni no bɛbɔ “ɔwɔ,” a ɔne Satan no ti apɛtɛw no afi nkwa mu koraa.—Genesis 3:14, 15.
Yudafo no fi tete mmere mu buu saa nkɔmhyɛ yi sɛ ɛfa Mesia bi ho. Yudafo Nkyerɛwee Kronkron a wɔfrɛ no Targum no ahorow pii a na nnipa pii de di dwuma wɔ afeha a edi kan no mu no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa nkɔmhyɛ yi bɛbam “wɔ Ɔhene Mesia da no mu.”
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ efi mfiase pɛɛ no, nnipa agyidifo ani gyee Aseni, anaa Agyenkwa bi a ɔreba ho bɔhyɛ yi ho pii saa. Wode susuw sɛnea Abraham tee nka bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ Aseni no befi n’abusua mu, ne sɛ ɛnam saa Aseni no so na “asase so amanaman nyinaa”—ɛnyɛ n’asefo nkutoo—“behyira wɔn ho” no ho hwɛ.—Genesis 22:17, 18, New World Translation.
Mesia no ne Nniso
Nkɔmhyɛ ahorow a wɔde mae akyiri yi de anidaso yi bataa nniso pa a wɔhwɛ kwan ho. Wɔka kyerɛɛ Abraham nanankanso Yuda wɔ Genesis 49:10 sɛ: “Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.” Ɛda adi pefee sɛ saa “ɛsodifo” (anaa Shiloh) yi bedi tumi—na obedi “aman” so tumi, na ɛnyɛ Yudafo no nkutoo. (Fa toto Daniel 7:13, 14 ho.) Tete Yudafo no kyerɛe sɛ saa Shiloh no ne Mesia no; nokwarem no, nea Yudafo Targum ahorow no bi yɛe tiawa ne sɛ ɛde asɛmfua “Mesia” anaa “ɔhene Mesia” sii “Shiloh” ananmu.
Bere a nkɔmhyɛ a efi honhom mu no hann kɔɔ so hyerɛn no, wɔdaa Mesia yi nniso ho nsɛm pii adi. (Mmebusɛm 4:18) Wɔ 2 Samuel 7:12-16 no, wɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid a ɔyɛ Yuda aseni no sɛ Aseni no befi n’abusua mu. Bio nso, na Aseni yi bɛyɛ Ɔhene soronko. N’ahengua, anaa ne nniso, bɛtra hɔ daa! Yesaia 9:6, 7 foa saa asɛm no nsɛmmoa: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni [“nniso,” King James Version] bɛda ne mmati so. . . . Na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo [Yehowa] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”
So wubetumi ayɛ nniso a ɛte sɛɛ ho mfonini wɔ w’adwenem? Sodifo a ɔteɛ na obu atɛntrenee a ɔma asomdwoe ba na odi tumi kosi daa. Hwɛ sɛnea ɔyɛ soronko koraa wɔ abakɔsɛm mu atoro mesia ahorow a wɔn ho yɛ mmɔbɔ a wɔatoatoa so aba no ho! Bible mu Mesia no nyɛ obi a osusuw sɛ ɔyɛ ɔkannifo na ɔno ankasa apaw no ho koraa, na mmom wiase sodifo a ɔwɔ ahoɔden ne tumi a ehia nyinaa na ama wasakra wiase nsɛm tebea.
Saa anidaso yi kyerɛ biribi titiriw wɔ yɛn mmere a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Bere biara mmae da a adesamma hia anidaso a ɛte sɛɛ yi denneennen saa. Nanso, esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ obi bɛso atoro anidaso ahorow mu nti, ɛho hia sɛ yɛn mu biara de ahwɛyiye hwehwɛ asemmisa yi mu: So na Yesu a ofi Nasaret no ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm, sɛnea pii gye di no? Asɛm a edi hɔ no bɛka asemmisa yi ho asɛm.
[Adaka wɔ kratafa 6]
Mesia bi wɔ Brooklyn?
Nsɛm a wɔakyerɛw agu nkrataa so, dawurubɔ apon a esisi mmeaemmeae ne nsɛm a wɔakyerɛw agu akanea ho wɔ Israel abɔ amanneɛ nnansa yi ara sɛ “Munsiesie mo ho mma Mesia no ba.” Lubavitcherfo a wɔyɛ tete Hasidim Yudafo nyamesom fekuw no na wɔde sika dɔla 400,000 reyɛ saa kaseɛbɔ ɔsatu yi. Gyidi bi ahyeta wɔ saa kuw a emufo bɛyɛ 250,000 no mu sɛ wɔn rabi okunini Menachem Mendel Schneerson a ɔwɔ Brooklyn, New York no ne Mesia no. Dɛn ntia? Schneerson kyerɛkyerɛ sɛ Mesia no bɛba wɔ saa awo ntoatoaso yi mu. Na sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛ no, Lubavitcherfo mpanyimfo se rabi a wadi mfe 90 no renwu ansa na Mesia no aba. Saa fekuw yi akyerɛkyerɛ mfehaha pii ni sɛ awo ntoatoaso biara nya anyɛ yiye koraa no, onipa biako bi a ɔfata sɛ ɔyɛ Mesia. Ɛte sɛ nea Schneerson ne saa onipa no ma n’akyidifo, na ɔmpawee nea obedi n’ade ɛ. Nanso, Newsweek se Yudafo pii da so ara nnye no ntom sɛ Mesia no. Sɛnea atesɛm krataa Newsday kyerɛ no, rabi foforo bi a ɔde Eliezer Schach a wadi mfe 96 no afrɛ no “atoro mesia.”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Gyidi a nnipa pii nyae sɛ Mose a ofi Crete no ne mesia no ma wɔhweree wɔn nkwa