Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 11/8 kr. 9-11
  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ɔhene Mesia no Hu
    “W’Ahenni Mmra”
  • Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nkɔmhyɛ no Kyerɛɛ Bere a Mesia no Bɛba
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 11/8 kr. 9-11

Mesia No Pue​—Bere Bɛn?

BABYLONIA Talmud no de atetesɛm bi a ɛyɛ anigye a ɛfa Jonathan ben Uzziel, nea ɔkyerɛɛ Hebri adiyifo no nsɛm a wonim no sɛ Targum no ase kɔɔ Aramaik kasa mu no ho asie. Sɛnea saa atetesɛm yi kyerɛ no, Jonathan pɛe sɛ ɔkyerɛ Hagiographa, Hebri Kyerɛwnsɛm a aka no ase kɔ Aramaik kasa mu. Nanso, “ɔsoro nne” bi ka kyerɛɛ Jonathan sɛ onnyae efisɛ saa Kyerɛwnsɛm no fa bere a Mesia no bepue ho.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Daniel nkɔmhyɛ bi (Daniel nhoma no yɛ Hagiographa no fa) a yɛahu dedaw sɛ ɛka Mesia no ho asɛm ankasa no kura amanneɛbɔ bi a ɛyɛ akontaabu a ɛfa bere a obepue no ho. Afei san susuw nea wɔka kyerɛ yɛn wɔ Daniel 9:24-27 (Zunz) no ho:

“Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] ason, wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, . . . Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no no so yɛ adapɛn [mfepɛn] ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ. Na adapɛn [mfepɛn] aduosia abien no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene. . . . Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn [mfepɛn] biako; na dapɛn [mfepɛn] no fã mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛde ma agyae.”

Hyɛ no nsow sɛ wɔaka saa bere yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “adapɛn [mfepɛn] aduɔson.” Nea Hebri kasa a wɔde dii dwuma no kyerɛ ankasa ne “adapɛn aduɔson,” anaasɛ “aduɔson ahorow ason.” Nanso, na Yudafo nhomanimfo nim bere biara sɛ dapɛn biako no nyɛ nnafua ason, na mmom mfirihyia ason. Enti Rabbi Leopold Zunz kyerɛɛ Hebri no ase sɛ “adapɛn (mfepɛn) ason” wɔ nkyerɛase a wohu wɔ atifi hɔ no mu. (Afei nso hwɛ Moffatt nkyerɛase a ɛne, “adapɛn a ɛyɛ mfe” no nso.) Enti “adapɛn aduɔson” no nyinaa tenten yɛ mfirihyia 490.

Bere bɛn na mfirihyia 490 bere yi fi ase? Sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, efi ase bere a “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’anamu no so.” So wɔde ahyɛde a ɛte saa mae?

Ɛwom sɛ Daniel wɔ nkwa mu na ohuu ahyɛde a Ɔhene a ofi Persia no de mae wɔ afe 538/7 A.Y.B. mu sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem asɔrefi no de, nanso bɛyɛ sɛ mfirihyia ɔha akyi ansa na wɔde ahyɛde mae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem ankasa. Nehemia 2:1-8 ka sɛnea Ɔhene Artasasta Longimanus de saa ahyɛde yi mae wɔ ne nniso bere mu afe a ɛto so 20 no mu. Na eyi yɛ bere bɛn? Abakɔsɛm a wotumi de wɔn ho to so sen biara ka kyerɛ yɛn sɛ Artasasta fii ne nniso no ase afe 474 A.Y.B. mu, na eyi ma ne nniso afe a ɛto so 20 no ne n’ahyɛde no ba wɔ afe 455 A.Y.B.amu. Enti saa mfirihyia 490 bere no fii ase wɔ afe 455 A.Y.B.

Saa mfirihyia 490 no mu bere bɛn pɔtee na Mesia no bepue? Hyɛ no nsow sɛ wɔakyekyɛ saa adapɛn no mu ayɛ no mmere horow abiɛsa. Na eno ne, adapɛn 7, adapɛn 62, dapɛn biako. Nea ɛka ho bio no, nkɔmhyɛ no ka sɛ Mesia no bepue bere a adapɛn 7 ne adapɛn 62 no nyinaa atwam akyi, anaasɛ wɔ “adapɛn a ɛyɛ mfe” 69 akyi, anaasɛ mfirihyia 483 akyi. Enti na yebetumi ate ase sɛ wɔhyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ obepue wɔ bere a afe 455 A.Y.B. atwam no akyi mfirihyia 483, anaasɛ wɔ afe 29 Y.B. mu.

Bio nso, nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe Mesia no anaasɛ obewu wɔ adapɛn 62 bere (a edii adapɛn 7 bere no akyi no mu) , enti wɔ bere a etwa to a ne tenten yɛ adapɛn biako no mu. Saa awiei bere a ɛyɛ mfirihyia ason no befi ase afi 29 Y.B. de akosi 36 Y.B. Nanso saa dapɛn a etwa to yi mu bere bɛn na Mesia no bewu? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ “na dapɛn (afepɛn) no fã mu” no, Mesia “ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae.” Sɛnea nkɔmhyɛ no nso kae sɛ Mesia no wu de bɔne ho mpata ankasa bɛba no, bere a Mesia no wui pɛ na mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ asɔrefi hɔ no bɛyɛɛ nea mfaso nni so. Enti ɛda adi pefee sɛ, nkɔmhyɛ no dii kan kae sɛ Mesia no bewu wɔ “dapɛn (afepɛn) no fã mu,” anaasɛ wɔ afe 33 Y.B. mu.

So Mesia no puei ankasa wɔ 29 Y.B. na owui wɔ 33 Y.B. mu? Sɛnea yɛahu dedaw no, na Yudafo a wɔwɔ saa afeha a edi kan no mu no de ahopere rehwɛ Mesia no kwan saa bere no mu. (Luka 3:15) Nanso wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Mesia ahorow a wopuei wɔ afeha a edi kan no mu no nyinaa mu obiako pɛ na opuee wiase wɔ afe 29 Y.B. na owui wɔ afe 33 Y.B., na saa onii no ne Yesu a ofi Nasaret no!​—Fa to Luka 3:1, 2 ho.

Sɛnea yɛadi kan ahu nso no, ɛnyɛ sɛ Yesu afeha a edi kan no mu akyidifo no tumi de nsɛm a esisii wɔ Yesu asetra mu no too Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no ho ma ɛne no hyiae nko, na mmom wogyee Yesu wu no akyi yi a oyii ne ho adi kyerɛe no ne afei sɛ́ wɔanyan no afi awufo mu na ɔbɛsan aba da bi abedi so sɛ Mesia Ɔhene na ɔde asomdwoe bere a wɔaka ho asɛm ato hɔ no aba no nso dii.

Nanso ɛhefa na eyi gyaw yɛn nnɛ? Yesu bewui yi adi bɛyɛ mfirihyia 2,000 mprempren, na yenhuu saa asomdwoe bere a woaka ho asɛm asie no. Nanso, Yesu ankasa kaa tebea horow a ɛbɛba bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi wɔ ne “nna a edi akyiri” mu ne bere a wɔde Onyankopon Mesia Ahenni no besi ho ho asɛm siei.​—Mateo, ti 24, ne Luka, ti 21.

Sɛ eyi te saa a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ yebetumi atra nkwa mu ahu bere a “habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada; . . . na gyata awe wura sɛ nantwi” no, bere a nnipa “renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio” no.​—Yesaia 11:1-10.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Aid to Bible Understanding, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no nkratafa 136-7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena