Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kc ti 7 kr. 56-67
  • Ɔhene Mesia no Hu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene Mesia no Hu
  • “W’Ahenni Mmra”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “YERUSALEM AMAMFÕ”
  • MESIA NO BA A EDI KAN NO A YEBEHU
  • ‘WOTWA’ ƆHENE MESIA NO ‘KYENE’
  • MESIA DE MFASO HOROW BA
  • Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mesia No Pue—Bere Bɛn?
    Nyan!—1983
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
“W’Ahenni Mmra”
kc ti 7 kr. 56-67

Ti 7

Ɔhene Mesia no Hu

1. Dɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa de Daniel dii dwuma de hyɛɛ bere a nsɛm besisi ho nkɔm?

ODIYIFO Daniel bɛka wɔn a wobenyan wɔn ma wɔabenya Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe no mu kyɛfa wɔ asase so no ho. Bere a ɔde ne nkwa nna bere tenten a ɔde som Yehowa no reba awiei no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.” Ná Daniel ani gye “awiei bere” ne “anwonwade” a ɛbɛba saa bere no ho yiye sɛnea yɛn ani gye ho nnɛ no ara. Enti, na ɛfata sɛ Bere Hyehyɛfo kɛse, Yehowa Nyankopɔn, de Daniel di dwuma sɛ ne diyifo wɔ ne bere nhyehyɛe ma Ahenni no ‘ba’ no mu.—Daniel 12:4, 6, 13; 11:27, 35; fa toto Amos 3:7; Yesaia 46:9-11 ho.

“YERUSALEM AMAMFÕ”

2. (a) Yesaia nkɔmhyɛ bɛn na ɛbaam mpofirim wɔ afe 539 A.Y.B. mu, na ɔkwan bɛn so? (b) Anwonwade bɛn na na ehia ma Yeremia 25:11, 12 abam wɔ ne bere mu?

2 Nea ɛne Yehowa nkɔm a odii kan hyɛe mfehaha pii hyia no, Babilon Ahemman no dii nkogu wɔ Persiani Kores ne Mediani Dario asraafo dɔm no anim. (Yesaia 44:24, 27, 28; 45:1, 2) Dario bedii kan Babilon ahenni no so hene. Ɛno sii wɔ afe 539 A.Y.B. mu. Afei na mfe aduosia awotwe atwam fi bere a Nebukadnesar a ofi Babilon sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi pasaa, na ɔmaa Yuda asase no daa mpan ma ɔsoaa Yudafo a wofii mu kae no kɔɔ Babilon no. Enti akwanhwɛ a emu yɛ den na akwakoraa Daniel de kyerɛwee wɔ Dario afe a edi kan no mu sɛ: “Me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a [Yehowa] asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔson awie odu, Yerusalem amamfõ so no so.” (Daniel 9:2; Yeremia 25:11, 12) Anwonwakwan bɛn so na na Yudafo nnommum no betumi afa asan de Yehowa som akosi hɔ wɔ Yerusalem wɔ mfe abien a ɛbɛba no mu?

3. Enti, mpae a emu yɛ den bɛn na Daniel bɔe?

3 Daniel srɛɛ Yehowa denneennen maa ne nkurɔfo gyee wɔn bɔne toom na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onyi ahohorabɔ a aman a wɔne Israel bɔ hye no de aba Ne din kɛse no so no mfi hɔ. Ɔsrɛɛ ne Nyankopɔn sɛ: “[Yehowa], tie, [Yehowa] fa firi, [Yehowa], yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, ma ensiane wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ, wo kurow ne wo man so.”—Daniel 9:4-19.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa buaa saa mpaebɔ no?

4 Yehowa buaa mpaebɔ yi anaa? Obuae! Na saayɛ mu no, ɔmaa ne nkɔmhyɛ nso baa mu. Ɔmaa nea odii Dario ade, Kores a ofi Persia, hyɛɛ mmara sɛ Israelfo nkaefo no nkɔ Yerusalem nsan nkosi Yehowa asɔrefi no. Bere a “mfirihyia aduɔson” no baa awiei wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, saa Yudafo a wɔsan kɔe no fii ase bɔɔ Yehowa afɔre bio wɔ n’afɔremuka a wɔsan sii wɔ Yerusalem no so.—2 Beresosɛm 36:17-23; Esra 3:1; Yesaia 44:28; 45:1.

MESIA NO BA A EDI KAN NO A YEBEHU

5. (a) Nsɛm bɛn na edidii so bae ntɛm ara? (b) Bere bɛn na wɔma ɛda adi yiye wɔ Daniel 9:24-27?

5 Biribi nso sii wɔ Daniel mpaebɔ no akyi ntɛm ara. Ɔbɔfo Gabriel danee ne ho onipa baa n’anim fii ase ne no kasae. Ɔkaa Daniel ho asɛm sɛ “[Yehowa dɔ] w’asɛm sɛ” na ofii ase ma ohuu “asɛm no ase.” (Daniel 9:20-23) Nea na ɔwɔ ka no yɛ adiyisɛm foforo koraa ma Daniel. Ná ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa a nsɛm a ebesisi wɔ bere tenten mu no nyɛ “mfirihyia aduɔson,” na mmom “adapɛn aduɔson.” Yɛsrɛ wo kenkan ne nyinaa wɔ Daniel 9:24-27. Nkɔmhyɛ no kyerɛ dɛn?

6. “Adapɛn aduɔson” no tenten yɛ ahe?

6 Ese wɔahyɛ “adapɛn aduɔson” wɔ “Obirɛmpɔn a Wɔasra no,” Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ a ɔyɛ Dawid aseni no ba ho. Eyinom betumi ayɛ adapɛn ankasa anaa? Dabi, efisɛ na nneɛma a wɔhyɛɛ ho nkɔm no nyinaa rentumi mma wɔ afe biako ne fã pɛ mu. Ɛbɛyɛɛ “adapɛn” a wobu emu da biara sɛ afe. (Fa toto Leviticus 25:8 ho.) Nokwarem no, Bible nkyerɛase ahorow pii de nsɛm te sɛ “adapɛn [mfepɛn] aduɔson” na edi dwuma wɔ Daniel 9:24. (An American Translation, Moffatt, Today’s English Version; afei nso hwɛ Rotherham, The New American Bible, The Jerusalem Bible, ase hɔ asɛm no nso.) “Adapɛn aduɔson” no yɛ mfe 490 ankasa pefee.

7, 8. (a) Dɛn nti na wɔamfi Kores ahyɛde no so ammu “adapɛn aduɔson no”? (b) Wobuaa Nehemia mpaebɔ no dɛn? (d) Yudafo no gyee ɔhene “asɛm” no so dɛn? (e) Bere bɛn na eyi bae?

7 Bere bɛn na wofii ase kan “adapɛn aduɔson” no? Daniel 9:25 ka kyerɛ yɛn: “Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem . . . no so.” Nanso na “asɛm” a ɛte saa biara nni Kores ahyɛde no mu. ‘Yehowa ofi a wɔbɛsan akosi’ a afɔremuka a wɔbɛbɔ so afɔre no ka ho nkutoo ho asɛm na ɛkae. (Esra 1:1-4) Bɛboro mfe 80 bae wɔ ɛno akyi a na kurow no ankasa da so yɛ “amanfo,” a n’afasu abubu agu fam. Saa bere no na wɔafa Yudani nokwafo, Nehemia, ma ɔreyɛ adwuma ama Ɔhene Artasasta a ofi Persia no sɛ nsãhyɛfo, wɔ Susan aban mu. Ɔtee Yudafo no tebea wɔ Yerusalem ho asɛm no, ɔbɔɔ mpae sɛ wonyi “ahohora” a aba Yehowa din so yi mfi hɔ.—Nehemia 1:3, 11; 2:17.

8 Nehemia a na n’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ no de nsa brɛɛ ɔhene no. Artasasta bisaa no sɛ: “Efi dɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Eyi nyɛ hwee sɛ koma mu awerɛhow.” Ɔhene no huu nea enti a ɛte saa no, ɔde ahyɛde maa Nehemia ntɛm ara sɛ ɔnsan nkɔ Yerusalem, na ɔnkɔto kurow no “afasu” na ‘onsisi apon’ no. Bere a Nehemia duu hɔ kɔbɔɔ ɔdom a Onyankopɔn yii adi kyerɛɛ no ho amanneɛ na ɔde ɔhene ‘asɛm a ɔkae sɛ wɔnkɔto Yerusalem na wɔnkyekye no bio’ too nkurɔfo no anim no, wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? “Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.” Eyi nyinaa sii wɔ “ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu” no mu.—Nehemia 2:1-18.

9. Yɛbɛyɛ dɛn ahu Artasasta afe a ɛto so 20 no?

9 Ná ɛyɛ afe bɛn? Adanse no titiriw ne sɛ Artasasta yi (a wɔsan frɛ no “Longimanus” esiane sɛ ne nsa nifa ware nti) bɛtraa Persia ahengua no so bere a n’agya Sasta wui no. Artasasta ahenni afe a edi kan no bɛyɛ 474 A.Y.B. Ne saa nti n’afe a ɛto so 20 no bɛyɛ afe 455 A.Y.B.a

10. Nkɔmhyɛ a ɛfa “adapɛn ason” a edi kan ho no baa mu dɛn?

10 Enti, na “adapɛn” a wɔka ho asɛm wɔ Daniel 9:25 no befi ase afi afe 455 A.Y.B. mu. Yɛkenkan sɛ:

“Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye mmorɔn ne afasu nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.”

Ɛda adi sɛ “adapɛn ason” a edi kan, anaa mfe 49 no yɛ bere a wɔsan kyekyee kurow no, de kosii afe 406 A.Y.B. “Ahohiahia bere” no fa ɔsɔretia a ano yɛ den a nnipa a wɔbemmɛn no daa no adi wɔ adansi adwuma yi ho no. (Nehemia 4:6-20) Nanso, sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, na Yerusalem yɛ kurow kɛse a na ɛretrɛw saa afeha no awiei mu.b

11. Ɔkwan bɛn so na “Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no puei ne bere mu pɛpɛɛpɛ?

11 Nanso eyi akyi no na “adapɛn aduosia abien” bɛba—a ne nyinaa ka bom yɛ mfepɛn 69 anaasɛ mfe 483, fi afe 455 A.Y.B. “kosi Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no so. Ná saa mfe 483, a efi afe 455 A.Y.B. no fã bi pɛ kosi afe a etwa to no fã bi no bɛkɔ so akosi afe 29 Y.B. mu. Mesia no puei saa bere no anaa? Luka 3:1-3 ka sɛ “Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so” no, Osuboni Yohane baa “Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ” kyerɛe. Esiane sɛ abɔkɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ Tiberio bɛyɛɛ Roma hempɔn August 17 afe 14 Y.B. mu (wɔ Gregori kalenda so) nti, ɛkyerɛ sɛ na Yohane asɛnka ne asubɔ no befi ase wɔ Tiberio afe a ɛto so 15 no mu—afe 29 Y.B. mu fefɛw bere. Saa afe no ara ofupɛ bere—29 Y.B. mu—na wɔbɔɔ Yesu asu na honhom kronkron sian fi soro bɛsraa no sɛ Mesia. Ampa, ɛbae ne bere mu pɛpɛɛpɛ ma ɔsoro nkɔmhyɛ baam!—Luka 3:21, 22.

12. (a) Dɛn na na saa bere no mu Yudafo pii rehwɛ kwan? (b) Dɛn nti na wɔante nkɔmhyɛ no mu asɛm ase? (d) Na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa atumi anya mu mfaso?

12 Wɔ saa nna no mu no, na Yudafo no mu pii rehwɛ Mesia no ba kwan a akyinnye biara nni ho sɛ ne fã fi nim a wonim “adapɛn aduɔson” no ho asɛm nti. (Luka 3:15; Yohane 1:19, 20) Nanso esiane sɛ na wɔwɔ komaden nti, wɔn mu dodow no ara ante nkɔmhyɛ no ase. (Mateo 15:7-9) Nanso yɛn a yɛte ase nnɛ no betumi ahyɛ yɛn gyidi den denam “nkɔmhyɛ asɛm” no mu nsɛm a ɛtete saa nyinaa a yebetie no so. (2 Petro 1:19-21) Ɛnyɛ sɛ saa “asɛm” no kyerɛ nea ɔne Mesia no pefee nko, sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ kratafa 67 no; ɛsan kyerɛ yɛn nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a yebenya wɔ “Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no Ahenni no ase nso.—Yesaia 9:6, 7.

‘WOTWA’ ƆHENE MESIA NO ‘KYENE’

13, 14. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Mesia no puee ne ɔkwan a ɔfaa so no yɛ soronko koraa wɔ Yudafo akwanhwɛ ahorow no ho?

13 “Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no ba no maa Yudafo no nyaa ogye amonom hɔ ara anaa? Wɔhwɛɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔkofoni tumfoɔ, obirɛmpɔn a obegye wɔn afi Roma Ahemman no nkoayɛ a ano yɛ den no mu. (Yohane 6:14, 15) Nanso na n’Agya Yehowa abɔ ne tirim wɔ ogye foforo bi ho.

14 “Adapɛn aduɔson” nkɔmhyɛ no mu no, Gabriel maa emu daa hɔ sɛ, sɛ́ anka Mesia no bɛyɛ amammui sodifo kɛse bi mmom no, “wobetwa . . . no akyene a ɛrenka no hwee.” Ná obewu animguase wu a onni din anaasɛ honam fam ahonyade a ɔde begyaw nkyirimma. Mmamu no yɛ nwonwa dɛn ara! Bere a wɔpaa Yesu ho a wɔrekokum no no, asraafo no bɔɔ ntonto wɔ nea na aka wɔ ne ho nyinaa so—n’atade nguguso.—Daniel 9:26a; Mateo 27:35.

15. (a) Bere bɛn na ‘wotwaa Mesia no kyenee’? (b) Wosii teɛ a bere yi teɛ no so dua dɛn?

15 Bere bɛn na wokum no? Gabriel kae sɛ ɛbɛyɛ “dapɛn [a etwa to] no fã mu” a ɛyɛ mfe, kyerɛ sɛ, wɔ afe 33 Y.B. fefɛw bere mu, Yesu asubɔ ne ne sra akyi mfe abiɛsa ne fã. Nea edi nkɔmhyɛ no nokware a ɛyɛ ho adanse no, Yohane Asɛmpa no kyerɛ sɛ saa bere no na Yesu rekɔ akodi Twam a ɛto so anan wɔ n’asubɔ akyi.—Daniel 9:27b; Yohane 2:13; 5:1; 6:4; 13:1.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na nsɛm foforo a ɛwɔ Daniel 9:26 no baa mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so? (b) Ɔkwan bɛn so na Mesia nokware akyidifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no yɛ nhwɛso ma yɛn?

16 Yiw, ‘wotwaa Obirɛmpɔn a Wɔasra no no kyenee.’ Ná ɛyɛ yaw sɛ Yudafo no anhu wɔn hene no! Nanso na pii reba. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yerusalem amamfo bio. Sɛnea Daniel nkɔmhyɛ no ka siei no:

“Na obirɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfõyɛ a wɔahyɛ no pintinn.”—Daniel 9:26b.

17 Sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, akodi na ɛhyɛɛ bere a ɛbae wɔ Mesia no a ‘wotwaa no kyenee’ no akyi de ‘koduu awiei’ no agyirae. Awiei koraa no wɔ afe 70 Y.B. mu no, Roma asraafo dɔm no twiw faa Yerusalem a na wɔaka no ahyɛ mu so sɛ nsu a ayiri asram so. Wodwiriw kurow no ne n’asɔrefi no guu fam, ‘sɛee no pasaa.’ Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, Yudafo 1,100,000 na wɔn ase hyewee wɔ saa ɔsɛe no mu. Nea ɛyɛ anigye no, saa bere no ná Mesia no nokware akyidifo atie kɔkɔbɔ “sɛnkyerɛnne” no na wɔaguan akohintaw dwoodwoo wɔ mmepɔw a ɛwɔ Yordan agya no so. (Mateo 24:3-16) Eyi si so dua kyerɛ yɛn nso sɛ ehia sɛ yetie Onyankopɔn nkɔmhyɛ “sɛnkyerɛnne” no ansa na Ahenni no ‘aba’ de atemmu aba mprempren wiase nhyehyɛe bɔne no so.—Luka 21:34-36.

MESIA DE MFASO HOROW BA

18. Ade a mfaso wɔ so bɛn na wɔyɛe wɔ Mesia no ba a edi kan no mu?

18 Ɛnde na dɛn na Mesia no ba a edi kan no bɛyɛ? Na Gabriel aka akyerɛ Daniel sɛ:

“Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] aduɔson, wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra.” (Daniel 9:24a)

Ná “Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no bɛyɛ ne nyinaa ansa na wawu ne afei denam ne wu no so! Ná eyi renyɛ amammui kwan so ogye, na mmom honhom fam de a ɛyɛ nwonwa. Ɛdenam Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde mae wɔ afɔrebɔ mu ogye tumi so no, obeyi mmarato ne bɔne nkekae afi wɔn a wobegye no atom sɛ Mesia no so, na ɔde wɔn aba “apam foforo” bi mu sɛ honhom fam “Nyankopɔn Israel.”—Galatifo 6:16; Yeremia 31:31, 33, 34.

19. Ɔkwan bɛn so na Mesia no maa ‘afɔre ne ayɛyɛde gyaee’?

19 Enti nea Mmara apam a Mose yɛɛ ne ntamgyinafo no antumi anyɛ denam ne mmoa afɔrebɔ ahorow so no, apam foforo a Mesia yɛ ne ntamgyinafo no nam ne desani afɔre biako a ɛyɛ pɛ a ɔbɔe wɔ “dapɛn no fã mu” no so bɛyɛ afei. Ne saa nti ɔbɛma “afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae,” kyerɛ sɛ, Mmara no mu afɔrebɔ ahorow no ho remma mfaso biara bio. (Daniel 9:27) Sɛnea ɔsomafo Paulo kaa no akyiri yi no: “Nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo. Na nneɛma yi nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata aka yɛn abɔ n’ankasa ne ho na ɔde mpata som ama yɛn no.”—2 Korintofo 5:17, 18.

20. Anidaso a ɛwɔ hɔ ma adesamma bɛn na w’ani betumi agye ho?

20 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, mfaso horow a efi Yesu ogye afɔre no mu no mu bɛtrɛw akɔ akyiri atra honhom fam Israel a Paulo bɛyɛɛ muni no, efisɛ ɔkɔ so ka sɛ Onyankopɔn nam Kristo so apata “wiase abɔ ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so.” (2 Korintofo 5:19) Sɛ́ adesamma wiase no fã no, so w’ani nnye sɛ ebia wɔde wo mmarato a efi ɔdesani sintɔ mu no befiri wo denam Nea ɔpata wo bɔ Onyankopɔn ho no afɔrebɔ no so anaa?

21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na dapɛn a ɛto so 70 no ‘sɔɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano’? (Daniel 9:24) (b) Ɔkwan bɛn so na wɔsraa “Akronkronne mu Adekronkron” no?

21 Nanso ɛnyɛ “daa trenee” nko na ‘dapɛn a ɛto so aduɔson’ no de bɛba. Ɛbɛsɔ “anisoadehu ne adiyisɛm ano” nso. Sɛnea Adiyisɛm 19:10 ka no, “Yesu adanse ne adiyi honhom.” Yesu mmae a edi kan sɛ Mesia no maa nkɔmhyɛ nsɛm ɔhaha pii baam wɔ nea ɔyɛe ne nea ɔkae no mu. Ná eyi te sɛ nsɔano a wontumi mpopa a wɔde asosɔ saa nkɔmhyɛ ahorow no ano, a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware, pɛpɛɛpɛ, a Amansan Hene Yehowa ne ne fibea. Afei, Mesia no bɛma Onyankopɔn nhyira ho bɔhyɛ ahorow a ɔwɔ ma ne nkurɔfo no nyinaa ayɛ hɔ. “Efisɛ Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno mu na Amen no wɔ”—Mesia no a ɔne Yesu.—Daniel 9:24b; 2 Korintofo 1:20.

22 Nea wɔbɛyɛ saa ‘dapɛn a ɛto so aduɔson’ no mu nso ne sɛ wɔbɛsra “Akronkronne mu Adekronkron” no. Ná “kronkronbea a wɔde nsa yɛe” a ɛwɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no rentumi nni Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa bɔne fafiri ho no ho dwuma bio. Na ɛyɛ ade no ankasa a ɛwɔ honhom mu asɔrefi kɛse nhyehyɛe a ɛnam Mesia no a wɔsraa no afe 29 Y.B. mu no so bae no ho nhwɛso ara kwa. Ɛhɔ na wɔ Kristo wu ne ne wusɔre akyi no, ɔhyɛn ɔsoro ankasa de ne desani afɔre no bo kɔmae wɔ Onyankopɔn ankasa anim “prɛko.” (Hebrifo 9:23-26) Ná Onyankopɔn trabea a ɛwɔ soro no nam ɛno so abenya su foforo. Ná wɔasra no sɛ “Akronkronne mu Adekronkron” ma abɛyɛ honhom mu ade ankasa a wɔde Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ Yerusalem asɔrefi hɔ yɛɛ ho mfonini no. Enti efi afe 33 Y.B. Pentekoste da no so kosii ‘dapɛn a ɛto so aduɔson’ no awiei no, saa Yudafo a wogyee Onyankopɔn nsiesiei toom no nyaa hokwan soronko bi. Ɛdenam Kristo afɔre a ɔde mae wɔ saa “Akronkronne mu Adekronkron” no mu so no, wɔsraa wɔn nso na wɔasom sɛ asɔfo nkumaa wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefi hɔ.

23. (a) Wɔdom Yudafo wɔ ɔkwan titiriw bɛn so wɔ dapɛn a ɛto so 70 no mu? (b) “Adapɛn aduɔson” no baa awiei akyi no, ɔkwan bɛn so na wɔdom afoforo?

23 Ɛdefa Yudafo a wɔte saa a wɔde wɔn bɛba honhom mu Israel mu ho no, nkɔmhyɛ no se: “Ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako.” Eyi yɛ ‘mfepɛn’ a ɛyɛ mfe 29-36 Y.B., a emu na wɔmaa honam fam Yudafo ɔdom titiriw bi a ɛne sɛ wogyee wɔn toom sɛ honhom mu ‘Abraham aseni’ no fã no. (Daniel 9:27a) Nanso afei, bere a Petro kaa asɛm kyerɛɛ Amanaman muni momonotoni Kornelio no, ɔkwan no bue maa amanaman mufo momonotofo no nso ma wɔde wɔn baa Abraham apam no mu. Paulo kyerɛw faa eyi ho sɛ: “Na mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu; efisɛ mo mu dodow a wɔabɔ mo asu akɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”—Galatifo 3:26-29; Asomafo no Nnwuma 10:30-35, 44-48.

24. (a) Awerɛhyem a ɛyɛ nwonwa bɛn na Abraham bɔhyɛ no wɔ ma afoforo nso? (b) Sɛnea Luka 9:23 kyerɛe no, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya mu kyɛfa?

24 Na adesamma nkae—ɔpepepem pii a wɔmmoaboaa wɔn ano sɛ wɔmmɛyɛ “kuw ketewa” a wɔwɔ apɛgyade wɔ ɔsoro no mu bi no nso ɛ? Yiw, Abraham bɔhyɛ no wɔ awerɛhyem a ɛyɛ nwonwa bi ma eyinom nso efisɛ Onyankopɔn ka wɔ mu sɛ: “Na [Abraham] w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Ɛyɛ wo pɛ sɛ wubenya saa nhyira no mu kyɛfa anaa? Wubetumi anya, na eyi nti na ɛsɛ sɛ wobɔ ‘Onyankopɔn Ahenni no ba’ ho mpae. Afei nso, bere a wokɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu no, wubehu nea wobɛyɛ a wubetumi ‘apa wo ho akyi’ de ahyira wo ho so ama Onyankopɔn na woadi Obirɛmpɔn a Wɔasra no no akyi “daa.”—Luka 9:23.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ October 15, 1965 Ɔwɛn-Aban, Engiresi de no, nkratafa 629-631; Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 899-900.

b Sɛ nhwɛso no, Josephus faa afeha a ɛto so anan A.Y.B. no mu abakɔsɛm kyerɛwfo Hecataeus a ofi Abdera no asɛm kae wɔ nhoma Against Apion, Nhoma I:22 no mu, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yudafo no wɔ abannennen ne nkuraa pii wɔ ɔman no mu mmeaemmeae, nanso kurow biako pɛ a wɔabɔ ho ban no bɛyɛ anammɔn 33,000 na emufo bɛyɛ ɔpeha aduonu; wɔfrɛ no Yerusalem.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 67]

NKƆMHYƐ AHOROW A ƐBAAM WƆ “OBIRƐMPƆN A WƆASRA NO” NO HO DE KOSI “ADAPƐN ADUƆSON” NO AWIEI

NKƆMHYƐ EMU NSƐM MMAMU

Yesaia 40:3O suboni Yohane siesie kwan Mateo 3:1-3

Mika 5:2 Wɔwo Yesu wɔ Betlehem Mateo 2:1-6

Genesis 49:10 Ofi Yuda abusua mu Luka 3:23-33

Yesaia 7:14 Ɔbaabun na ɔwo no Mateo 1:23-25

Yesaia 9:7 Dawid aseni, ɔdedifo Mateo 1:1, 6-17

Yeremia 31:15 Wokunkum nkokoaa wɔ Mateo 2:16-18

n’awo akyi

Hosea 11:1 Wɔfrɛ no fi Misraim Mateo 2:14, 15

(guankɔbea)

Daniel 9:25 Opuei “dapɛn” 69 awiei Luka 3:1, 21, 22

Dwom 40:7, 8 Ɔde ne ho ma na wayɛ Mateo 3:13-15

Onyankopɔn apɛde

Yesaia 61:1, 2 Wɔde honhom sra no Luka 4:16-21

sɛ ɔnka asɛm

Dwom 2:7 Yehowa frɛ Yesu ne “ba” Mateo 3:17

Yesaia 9:1, 2 Hann wɔ Galilea mantam mu Mateo 4:13-16

Dwom 40:9 Ɔde akokoduru ka “asɛmpa” no Mateo 4:17, 23

Dwom 69:9 Yehowa fie ho mmɔdenbɔ Yohane 2:13-17

Yesaia 53:1, 2 Yudafo annye no anni Yohane 12:37, 38

Dwom 78:2 Ɔkasa mmebu mu Mateo 13:34, 35

Sakaria 9:9 Ɔte afurum ba so hyɛn Mateo 21:1-9

kurow no mu

Dwom 69:4 Wɔtan no kwa Yohane 15:24, 25

Yesaia 42:1-4 Amanaman anidaso; ɔrenham Mateo 12:14-21

Dwom 41:9 Ɔsomafo kontomponi Yohane 13:18,

yi no ma 21-30

Sakaria 11:12 Gye nnwetɛbona 30 Mateo 26:14-16

Dwom 2:1, 2 Atumfoɔ yɛ ade tia Mateo 27:1, 2

nea wɔasra no

Dwom 118:22 Wɔpow no, nanso ɔwɔ Mateo 21:42, 43

nhyɛase a atim

Yesaia 8:14, 15 Ɔbɛyɛ hintibo Luka 20:18

Dwom 27:12 Wodi ne ho adansekurum Mateo 26:59-61

Yesaia 53:7 Ɔyɛ komm n’anototofo anim Mateo 27:11-14

Dwom 22:16 Wɔbɔ ne nsa ne nan duam Yohane 20:25

Yesaia 53:12 Wɔkan no fra mmaratofo Luka 22:36, 37

Dwom 22:7, 8 Wɔyaw no bere a ɔsɛn dua so Mateo 27:39-43

Dwom 69:21 Wɔma no nsa a wɔde Marko 15:23, 36

aduhuam afra mu

Sakaria 12:10 Wohwirew ne mu bere Yohane 19:34

a ɔsɛn dua so

Dwom 22:18 Wɔbɔ n’atade so ntonto Mateo 27:35

Dwom 34:20 Wɔammu ne nnompe bi mu Yohane 19:33, 36

Dwom 22:1 Onyankopɔn gyaw no ma atamfo Mateo 27:46

Daniel 9:26, 27 Wotwa no kyene Yohane 19:14-16

mfe 3 1/2 akyic

Sakaria 13:7 Wɔbɔ oguanhwɛfo nguan hwete Mateo 26:31, 56

Yeremia 31:31 Apam foforo, oyi bɔne Luka 22:20

Yesaia 53:11 Ɔsoa bebree mmarato Mateo 20:28

Yesaia 53:4 Ɔsoa adesamma nyarewa Mateo 8:16, 17

Yesaia 53:9 Ne damoa wɔ adefo mu Mateo 27:57-60

Dwom 16:10 Wonyan no bere a onnya Asomafo no Nnwuma Nnwuma 2:24, 27

mporɔwee

Yona 1:17 Wonyan no nnansa so Mateo 12:40

Dwom 110:1 Wɔma no so kɔtra Onyankopɔn Asomafo no Nnwuma 7:56

nifa

[Ase hɔ nsɛm]

c Hwɛ eyi mu kratafa 61, 62.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena