Ɔbɔmmɔfo No Dwumadi Wɔ Mmoa Ahemman No Mu
SUSUW nea ɛrekɔ so no ho. Wim reyɛ tumm ntɛmntɛm. Nanso anɔpahema akyi nnɔnhwere kakraa bi pɛ ni. Bere a wokɔ so hwɛ no, wim nyinaa yɛ tumm, nanso omununkum bi nni wim. Afei wɔte nnyigyei bi a ɛyɛ hoo te sɛ aprannaa na wode wo nsa sisiw w’aso. Asase a wugyina so no wosow wɔ wo nan ase. Ahum kɛse bɛn na adebɔ yi no adi yi? Ɛnsɛ sɛ wusuro. Ɛyɛ nnomaa ara kwa.
Dabi, wunhuu anwonwade a ɛte saa a nnomaa yi no adi no bi da. Na saa ara na ɛmmaa saa wɔ obi a ɔwɔ nkwa mu no asetra mu. Nanso afe 1813 mu na Amerikani a osua adebɔ ho ade ne adwinniyɛfo John Audubon kyerɛkyerɛɛ biribi a ɛte saa mu. Ohuu mmorɔnoma a wɔn yɛ fɛ a wotu kwan a wɔretwam no, na sɛnea wɔn dodow te no ma wɔkataa owia anim ma eduruu sum nnansa!
Ɛma wo ho dwiriw wo bere a wususuw nnomaa a wɔn dodow te saa a wotwam no ho. Nanso bere bi no na nnomaa a wɔte saa wɔ hɔ. Mfe kakraa bi ansa na Audubon rehu eyi no, wohuu bebree a wɔte saa wɔ Kentucky, U.S.A., na wosusuwii sɛ mmorɔnoma a wotu kwan yi dodow bɛboro 2,230,000,000. Wɔn a wosua wɔn ho ade no gye di sɛ na nnomaa yi dodow bɛyɛ ɔpepepem asia wɔ U.S. Amerika bɛyɛ sɛ afe 1885 mu.
Ɛwom, wubesusuw sɛ wɔrensa da. Aborɔnoma a otu kwan no ase rentɔre da. Nanso dabi—onipa ɔbɔmmɔfo yɛɛ nea wosusuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye no. Sɛ wɔkyekyem a, okum saa nnomaa fɛfɛ yi 566,000 da biara da nnawɔtwe biara, saa ara nea ɛboro mfirihyia 29. Na ɔyɛɛ saa nso. Wɔ September 1, 1914, na mmorɔnoma a wotu kwan yi mu nea otwa to wɔ asase so a na wɔfrɛ no Marta, wui wɔ Ohio, U.S.A. mmoa turo bi mu.
Ɔkwan a ɛte saa so na aborɔnoma ɔkwantufo no fa yerae wɔ wiase. Esiane nea wɔn a wosua ho ade kae sɛ ɛyɛ “ɔbɔmmɔfo no adifudepɛ ne adesɛe” nti, wɔakum mmoa a asɛm biara nni wɔn ho no atɔre wɔn ase. So onipa wɔ ho kwan sɛ obu abɔde afoforo a ɔno nso ka ho no nkwa sɛ ɛnsom bo na wasɛe abɔde ahorow yi nyinaa a ebi di bi akyi? Afei nso, hokwan bɛn na adesɛefo yi wɔ sɛ wogye hokwan a awo ntoatoaso afoforo a wɔbɛba daakye no wɔ sɛ wohu na wɔn ani gye mmoa ahemman yi mu abɔde ahorow no ho no fi wɔn nsam?
Akɔntaa a Onipa Bebu Afa Eyi Ho
Asase a mmoa ahorow wɔ so no Bɔfo mmu wɔn sɛe no sɛ ade ketewa. Yesu kae bere bi sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam”; “nanso Onyankopɔn. anim de, ani mpa wɔn mu biako so.” (Mateo 10:29; Luka 12:6) Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn mmuu n’ani nguu mmorɔnoma akwantufo ɔpepepem asia a wɔakum wɔn kwa no so.
Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpene wuram mmoa a wokum wɔn kwa no so. Wɔkyerɛw krataa bi kɔmaa U.S. Amerika mampanyin wɔ afe 1855 mu, na emu na wɔn a wɔte asase no so fi teteete a wɔyɛ Duwamish abusua a wɔyɛ Indianfo no hene a ɔwɔ Washington man no mu no kaa n’adwene faa sɛnea osusuw mmoa a wokum wɔn kwa no ho: “Ɛsɛ sɛ oburoni bu mmoa a wɔwɔ asase yi so no sɛ ne nuanom. Meyɛ ɔhamuni na mente ɔkwan foforo no ase. Mahu ɛkoɔ ahorow bɛyɛ sɛ apem a wɔreporow wɔ sare so a oburoni a ɔte oketeke mu no tow wɔn tuo gyaw wɔn hɔ kɔe. . . . Sɛ mmoa nni hɔ a, na onipa ho mfaso ne dɛn? Sɛ mmoa no nyinaa kɔ a nnipa bewuwu wɔ ankonamyɛ a ɛbɛkã wɔn no nti, efisɛ biribiara a ɛto aboa no nso to onipa. Ade biako wɔ hɔ a yenim, a daakye bi oburoni no behu. Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn koro no ara. . . . Asase yi som bo ma no. Na sɛ́ wobɛyɛ asase yi bɔne no kyerɛ sɛ wubebu ne bɔfo no animtiaa.”
Ɛte sɛ nea India hene yi ate biribi a Bible no ka kyerɛ no ase: Onyankopɔn de mmoa so hwɛ ahyɛ onipa nsa. Bible mu nhoma a edi kan no ka saa ahyɛde a wɔde maa onipa no ho asɛm: “Mede nsu mu nam, nnomaa, ne asase so mmoa nyinaa ahyɛ wo nsa.” (Genesis 1:28, Today’s English Version) Sɛnea onipa akum mmoa ahemman no mu abɔde ahorow no kwa a mfaso nni so no kyerɛ sɛnea wammu nea wɔde hyɛɛ ne nsa no.
Nimrod Sɛnkyerɛnne No
So nokware a ɛyɛ sɛ wɔde mmoa ahyɛ onipa nsa no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ okum wɔn koraa anaa? Dabi. Kae sɛ, Onyankopɔn ankasa de mmoa nhoma yɛɛ atade maa adesamma baanu a wodi kan no, na ogyee afɔrebɔ a wɔn babarima Habel de wɔn mu biako bɔe no. Afei wɔ Noa Nsuyiri no akyi no, ɔde hokwan maa Noa ne n’asefo sɛ wonni mmoa no nam sɛ aduan.—Genesis 3:21; 4:4, 5; 9:3.
Nanso hokwan a wɔde mae yi nkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obu mmoa nkwa sɛ ɛsom bo biara. Sɛnea ɛbɛyɛ na obesi kronkron a saa mmoa a wobekum wɔn sɛ aduan no nkwa yɛ so dua no, Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ onipa di aboa no mogya ka ne nam ho. Mogya no gyina hɔ ma aboa no nkwa, na ɛno yɛ Onyankɔpɔn dea. (Genesis 9:4, 5) Bere bi mmae a Onyankopɔn de tumi ahyɛ onipa nsa sɛ onkum mmoa mfa nnye n’ani ara kwa. Ɛnde na onipa suaa saa yɛ fii ɛhefa?
Nsuyiri no akyi bere tiaa bi na ɔbarima bi a wagye din saa nna no mu, Nimrod, fii ase yii ne ho adi sɛ obi a odi aguma wɔ nnipa mu. Ɔbɛyɛɛ “ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tia Yehowa.” (Genesis10:8, 9) Obuu mmoa so tumi a Onyankopɔn de ahyɛ onipa nsa no ho mmara no so denam kum a okum wɔn kwa no so. Afoforo nso dii ne nhwɛso akyi, na ankyɛ na eyi bɛyɛɛ agumadi kɛse. Ahayɔ bɛyɛɛ ahene agumadi.
Nanso Kristofo nkasa ntia wɔn a wokum mmoa de yɛ aduan di. Nanso sɛ obi kum kyɛn dodow a mmara a ɛwɔ wɔn man no mu no ma ho kwan, anaasɛ okum de gye n’ani kwa, de aboa no nam di dwuma wɔ ɔkwan bi so a, ɛno ansa na obebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Ɔretra hwɛfodwuma a wɔde ahyɛ adesamma nsa no. Na ɛwom sɛ wɔma onipa kwan sɛ ɔmfa mmoa nni dwuma sɛ nkataho mmom, nanso sɛ́ ɔbɛyɛ saa abɔde ahorow yi ha na watɔre wɔn ase kwa de agye n’ani no yɛ nea enye koraa.
Ɔhaw horow pii a aba mmoa ahemman no mu no yɛ nea wɔrentumi nnya ano aduru wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Bere a nnipa kɔ so dɔɔso, na wɔka wuram mmoa hyɛ beae ketewaa bi a ɛnso no, ɛma wuram mmoa so hwɛ ne wɔn so a wɔkora no bɛyɛ den pii. Na ɛyɛ den sɛ wobehu ɔkwan a nniso horow a wonni hwee no betumi afa so ama wɔn a wokum mmoa a mmara mma ho kwan no agyaa kakra a aka a wɔretɔre wɔn ase no wɔ wɔn adifudepɛ aguadi nneɛma nhyehyɛe yi mu.
Wuram mmoa ahorow a aka a Onyankopɔn bɛma kwan ma wɔatɔre wɔn ase ansa na watwa to no de, yennim. Nanso ɛrenkyɛ biara na Onyankopɔn ama eyi aba awiei. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ na n’Ahenni no agye asase no so hwɛ da biara da no, na saa bere no mu no “wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio me bepɔw kronkron no nyinaa so; efisɛ Yehowa ho hu bɛyɛ asase ma sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.
Saa bere no mu na wɔbɛkyerɛkyerɛ onipa na wahwɛ mmoa no so yiye. Ansa na eyi bɛba no, anyɛ yiye koraa no, Kristofo betumi akyerɛ obu a ɛfata ama mmoa, de adwene pa adi nsɛm ho dwuma, ayi ayamhyehye adi wɔ sɛnea wɔne mmoa ahemman no mufo bɔ no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Bere bi mmae da a Onyankopɔn de tumi ama onipa de tumi ama onipa sɛ onkum mmoa mfa nnye n’ani
[Kratafa 19 mfoni]
Aborɔnoma kwantufo a otwa to, a wɔfrɛ no Marta wui wɔ Ohio mmoa turo mu wɔ 1914