Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ So ɛfata sɛ Kristoni bɛkɔ ahayɔ anaa obeyi mpataa?
Nkate a emu yɛ den taa ba ahayɔ ho adeyɛ a ɛsonsonoe no mu. Enti eye sen biara sɛ Kristofo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho sɛnea ɛwɔ Bible mu no ase na wɔde adi dwuma.
Onyankopɔn maa adesamma ‘wuram mmoa’ ne ‘afieboa’ nyinaa so tumi. Mfiase no, Ɔbɔadeɛ no amma adesamma kwan sɛ wonkum mmoa nni, anaasɛ na wonni honam fam ahiade biara a enti ɛsɛ sɛ wodi nam. (Genesis 1:24, 29, 30) Nsuyiri no akyi nkutoo na Onyankopɔn maa adesamma hokwan sɛ wonni aboa a wɔahwie”ne kra, ɛne sɛ ne mogya” agu sɛnea ɛfata no nam. (Genesis 9:3, 4) Na ebetumi ayɛ afieboa anaasɛ wuram aboa nam.
Na Israelfo no yɛn mmoa, te sɛ nguan ne anantwi, a na sɛ wɔn kɔn dɔ nam a wobetumi akum bi adi. Wɔyɛɛ ha na woyii mpataa nso de nyaa aduan. (Deuteronomium 12:20-24; 14:4-20) Eyi ne nea Onyankopɔn kae sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ‘ɔbɛma wɔakɔfa apofofo pii aba na wɔakoyi ne nkurɔfo ne abɔmmɔfo pii aba na wɔakɔtwee wɔn’ no hyia. (Yeremia 16:16) Akyiri yi, Yesu de apofofo kaa n’asomafo no ho na ɔkyerɛɛ mpataayi ankasa ho akwan.—Mateo 4:18-22; 17:27; Luka 5:2-6: Yohane 21:4-7.
Bere a agya panyin Isak kae sɛ wɔnyɛ akɔnnɔduan mma no no, ne ba Yakob nyaa ɔpɛ sɛ obekum mmirekyi mma abien de ayɛ aduan ama no. Nanso, Esau kɔyɛɛ ha nyaa hanam brɛɛ n’agya. Hyɛ no nsow sɛ na afieboa nam wɔ hɔ de, nanso Isak bisaa hanam. Hyɛ no nsow nso sɛ mma baanu no nyinaa kum mmoa a wɔde bɛyɛ aduan, ɛnyɛ wɔn ankasa de, na mmom obi foforo de.—Genesis 27:1-19.
Wobetumi akum mmoa a ebia ɛnyɛ wɔn nam nti. Wobetumi de wɔn nhoma ayɛ ntade. (2 Ahene 1:8; Marko 1:6; Hebrifo 11:37) Ná wɔde mmoa nhoma yɛ nkataho a wɔde bɔ wɔn ho ban ne nnwinne nso, a na mmoa a wɔn ho ntew mma aduan a na Israelfo nni no mpo de ka ho.—Exodus 39:3, 34: Numeri 24:7; Atemmufo 4:19; Dwom 56:8.
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛne sɛ wonhwie mmoa a wɔakum wɔn mogya ngu no kae abɔmmɔfo sɛ ne nkyɛn na mmoa nkwa fi na enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma na mmom wɔnnsɛe no kwa. (Leviticus 17:13) Ɛda adi sɛ Nimrod kunkum mmoa na ebia ɔhoahoaa ne ho wɔ sɛnea otumi yɛ ha, mmoa dodow a wakum wɔn, anaasɛ asade a ebia onya fii mu no ho, Na ɔyɛ ‘ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tiaa Yehowa.’—Genesis 10:9.
Ahayɔ anaa mmoa kunkum anaa mpataayi ho anigye a ɛte saa no betumi asɔre Kristoni mu. Abɔmmɔfo ne apofofo pii a wɔapɛɛpɛe wɔn komam ahu sɛ ‘kum a wobekum ho anigye’ no kaa wɔn. Anigye a ɛte saa no ne mmoa nkwa a wɔsɛe no kwa na ɛnam. Enti bere a ɛnyɛ mfomso sɛ obi bɛyɛ ha anaa sɛ obeyi mpataa (bere a wobedi aboa a wokum no anaasɛ wɔkyere no no nam anaasɛ wɔde bedi atirimpɔw foforo bi a ɛfata ho dwuma) no, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ Kristoni bɛyɛ saa, sɛ ɔwɔ Nimrod honhom no bi a. Nanso mmoa no a wɔbɛtaa wɔn, wobekum wɔn, anaa asade no mu anigye a wobenya akyi no, asiane wom.
July 15, 1983 Watchtower no kaa nea enti a nokware Kristofo nkura atuo anaasɛ wɔmmfa bi nsie wɔn ho na wɔde adi dwuma atia nnipa anaasɛ wɔde abɔ wɔn ho ban no ho asɛm. (Nkratafa 23-6) Saa afotu no a Adansefo binom dwenee ho kɔɔ akyiri no ama wɔasan asusuw tuo a wɔde yɛ ha mpo a wobenya bi no ho bio. Pii apaw sɛ wobeyi wɔn atuo afi wɔn ho koraa anaasɛ wɔakwati sɛ wɔde bɛkyerɛ na ayɛ nea wɔn nsa bɛka no ntɛm ara. Saa kwan no so no, Kristofo yi remma ɛnyɛ sɛ wɔde akode hoahoa wɔn ho anaasɛ wɔwɔ mu ahotoso. Bio nso, sɛ obi nni tuo a wɔde yɛ ha, anaa ɛnyɛ nea nsa betumi aka no ntɛm ara a, ebetumi ama wɔakwati asiane. Mmofra nsa renka akode a edi awu yi na ebia wɔde apira obi anaasɛ wɔakum no a wɔanhyɛ da, na saa ara nso na sɛ obi bɔ hu kɛse a, ne nsa renka tuo.—Fa toto Mmebusɛm 22:3 ho.
Ebia na Kristofo bi kɔn dɔ hanam anaasɛ apataa bi, na ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so anya aduan a ɛte saa ne sɛ wɔbɛyɛ ha anaa wɔbɛkɔ po. Afoforo nso ani gye mframa ne apɔw mu teɛteɛ a ɛwɔ kwae mu ahayɔ mu no ho, anaasɛ mmere a wɔde yi mpataa komm no ma wonya ɔhome. Bible nkasa ntia eyi, enti ɛho nhia sɛ wobu afoforo atɛn sɛ wɔn ani gye nneɛma a ɛte saa ho anaasɛ dabi. Na Isak ne ne mma no nhwɛso no kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔtwe onii a obedi hanam no anaasɛ apataa no ho asɛm tenten.—Mateo 7:1-5: Romafo 14:4.
Ɛda adi yiye sɛ na ɔsomafo Petro ani gye mpataayi ho kɛse. Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no de mpataa bi a egu wɔn nkyɛn dii dwuma de boaa no ma ɔhwehwɛɛ n’ankasa nkate wɔ mpataa ne mpataayi adwuma ho no mu.
Yesu bisae sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom?”—Yohane 21:1-3, 9-15; hwɛ Watchtower, November 1, 1988, kratafa 31.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔde ahonim pa paw sɛ ɔbɛkɔ ahayɔ anaasɛ mpataayi no hu nneɛma a ɛho hia no no yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ bere a wɔde kɔ asafo nhyiam horow na wɔma kwan sɛ wɔnkɔ ahayɔ anaasɛ wonkoyi mpataa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Anaasɛ so ne nkɔmmɔbɔ kyerɛ sɛ ɔde sɛnea otumi yɛ ha anaasɛ oyi mpataa no hoahoa ne ho? Sɛ Kristoni a ne ho akokwaw a ɔpaw nnakoro nnakoro bi sɛ ɔbɛkɔ ahayɔ anaasɛ obeyi mpataa no tumi de gyidi ka eyi a, eye dɛn ara: “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo [sen eyinom akyidi].”—Yohane 21:16.