Paapa No Akwantu Ahorow
“PAAPA no di Spain so nkonim” ɛno ne asɛmti bi a epuee Spainfo atesɛm krataa mu. “Paapa no ho anigye wɔ baabiara,” saa na Sunday New Nigeria kae bere a paapa no kɔsraa Afrika Atɔe fam no. “Polandfo bɛboro ɔpepem biako hyiaam wɔ faako a wɔbɔ bɔɔl no kotiee Paapa John Paul II bere a ɔrebɔ mass no,” saa na The New York Times June 18, 1983 de no bɔɔ amanneɛ.
Saa nsɛm ahorow yi da nkate ahorow a emu yɛ den wɔ paapa no akwantu ahorow 20 a ɛde no akɔ aman ahorow 38 so wɔ wiase nyinaa wɔ mfirihyia anum a atwam no mu no bi adi. Wobuu akontaa sɛ Polandfo ɔpepem 18 huu no bere a ɔde dapɛn biako kɔsrasraa Poland afe yi no. Ɛno yɛ nnipa dodow a wɔwɔ ɔman no mu no fã!
Wɔ aman pii mu te sɛ United States ne Great Britain no, wɔn a wɔnyɛ Katolekfo mpo kɔhwɛ no bi. Sɛnea ɔkyerɛwfo biako kae no: “Ɛnyɛ nnwumayɛfo akuw horow nko na wɔbɔɔ ose, na saa ara na ɛnyɛ Katolekfo nko mpo.”
Sɛnea onipa koro no ara kyerɛ no, “Engiresini [Katolekni] a ɔyɛ aban ɔsoafo panyin kyerɛw faa [paapa no] ho wɔ May 1979 mu wɔ atesɛm krataa bi mu sɛ: Paapa no yɛ obi a ɔbɔ mmɔden yiye, ba a ɔbaa ha no yɛ nea anuonyam wom na akanyan nnipa nso, ɔwɔ tumi ne ahoɔden.”
Wɔ n’asɛm a ɛfa Paapa John Paul II ho mu no, Britaniani a wɔfrɛ no Lord Longford a wadan abɛyɛ Katolekni no kae sɛ wɔ New York Yankee Stadium no ‘wɔmaa paapa no akwaaba te sɛ obi a wagye din kɛse wɔ agorudi mu.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkyerɛwfo Peter Nichols a ɛwom sɛ ɔnyɛ Katolekni nanso n’ani gye asɔre no ho no kae wɔ ne nhoma The Pope’s Divisions no mu sɛ: “Anigye kɛse a wɔwɔ wɔ paapa no ho abɛyɛ nnɛyi asetra fã mprempren.”
Nanso dɛn nti na paapa yi agye din saa? Ne nsrahwɛ ahorow no ka Katolekfo abrabɔ ankasa kɛse dɛn? Dɛn nti na paapa no nsrahwɛ ahorow yi yɛ nea ɛho hia kɛse wɔ saa bere yi mu wɔ abakɔsɛm mu? Nkrasɛm bɛn na paapa no wɔ de ma wiase no? Nsɛm a edidi so yi bebua nsemmisa ahorow yi.
[Kratafa 3 adaka]
Aman Ahorow a Paapa no Akɔ So Fi Bere a Wɔtow Aba Paw No
1979 Dominican Republic, Mexico, Poland, lreland, United States, Turkey
1980 Zaire, Congo, Kenya, Ghana, Upper Volta, lvory Coast, France, Brazil, West Germany
1981 The Philippines, Japan.
1982 Nigeria, Benin, Gabon, Equatorial Guinea, Portugal, Great Britain, Argentina, Switzerland, San Marino, Spain
1983 Costa Rica, Nicaragua, Panama, El Salvador, Guatemala, Honduras, Belize, Haiti, Poland, France, Austria