Paapa No—Dɛn Nti Na Wagye Din Saa?
“PAAPA John Paul II Spain nsrahwɛ no ayɛ te sɛ ahum a ɛkanyan nnipa pii nkate, anigye ne adeyɛ a emu yɛ den . . . Sɛ yɛde akontaahyɛde ahorow bɛka ho asɛm a . . . John Paul II ayɛ nea ɛkyɛn ɔman no kyerɛwtohɔ biara a ɛte saa.”—ABC, Madrid atesɛm krataa a ɛba da biara.
Nanso yebetumi akyerɛkyerɛ nea enti a paapa no agye din no mu wɔ ɔkwan a ɛba fam so—ɔno ne Katolekfo a wɔn dodow boro ɔpepem 600 wɔ wiase nyinaa no honhom mu kwankyerɛfo, ma enti ɛkame ayɛ sɛ wɔ ɔman biara a Katolekfo wom mu no, ɔwɔ ahotoso sɛ obenya nnipa a wɔdɔɔso ma wɔatie no. Nanso ɛno bɛyɛ kyerɛ a yɛrekyerɛ nea enti a ɛte saa no mu wɔ ɔkwan a ɛba fam koraa dodo so. Ɛnde, dɛn ne nneɛma ahorow a ama paapa no agye din wɔ saa bere yi mu wɔ abakɔsɛm mu no?
“Onim Nea Ɛsɛ sɛ Ɔyɛ wɔ Tebea Biara Mu”
Ebia yebetumi anya ho mmuae no bi wɔ adwuma a na kan ɔyɛ sɛ agorudifo (actor) no mu. Wɔ Lord Longford nhoma a ɛfa Paapa John Paul II ho no mu no, ose: “Nanso ɛyɛ n’adwuma sɛ agorudifo no na ne mfɛfo sukuufo de kae no yiye. Ɔkwankyerɛfo panyin bi a ɔbɛsraa wɔn ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wobɛyɛ agorudifo kɛse da bi.’” Ne ho asɛm no kɔ so sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ saa asɛm yi . . . kaa Karol Wojtyla [paapa no din ankasa] na ɛkanyan no fii ne mmofrabere mu.”
Nanso, eyi fa ɔne ɔmanfo ntam asɛm a yɛreka yi ho dɛn? Nnipa ho nsɛm kyerɛwfo Lord Longford de ka ho sɛ: “Ɛbɛdaa adi akyiri yi wɔ tumi kɛse a na nea daakye ɔbɛba abɛyɛ Paapa yi benya wɔ nnipa ɔpepem pii a wontumi nkan wɔn so wɔ wiase nyinaa wɔ kasa horow pii mu no mu.” Katolek sɔfo Andrew M. Greeley a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛwee sɛ: “Wadi n’asɛyɛde wɔ adapɛn asia a edi kan no mu ho dwuma wɔ ahokokwaw mu, sɛ obi a ɔde agorudi ne amammuisɛm ayɛ n’adwuma. Sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ ɔkwan a mfomso biara nni ho so no bɛma wo ho adwiriw wo.”
Ɛda adi sɛ paapa yi nim sɛnea wɔde nkate ne ahokeka ahorow di dwuma de nya ɔmanfo ma wɔn ani gye ne ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ nnipadɔm a wɔn dodow yɛ 200,000 anim wɔ Rome no, “bere a abarimaa ketewaa bi puei a okura nhwiren no, asɔfo nkumaa no mu biako bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpam no. Nanso paapa no soo abofra kumaa no mu na ɔyɛɛ no atuu. Greeley de ka ho sɛ: “Obi ka kyerɛɛ me sɛ, wutumi hu sɛ osuaa agorudi ampa. Onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea biara mu.” Ɔsɔfo Greeley gye toom sɛ “Onim ampa.’”
‘Amanyɛfo ne Amansɛmdifo Yɔnko’
Ade foforo nso a ama paapa no agye din ne sɛ, yɛte awo ntoatoaso bi a ɛpɛ ahonisom mu. Nnipa a wɔwɔ wiase no wɔ wɔn a wɔn ani gye wɔn ho yiye wɔ television so ne sini ahorow mu, wɔwɔ agumadi mu anyame ne amammuisɛm mu awuranom. Enti dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wonya nyamesom mu anyame ahorownso? Sɛ Protestantfo wɔ wɔn Billy Graham ne “ɔsɔfo Panyin” Moon a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Katolekfo nso nya wɔn John Paul II? Sɛ ebia obi susuw sɛ eyi yɛ nea yɛreka ma atra so dodo a, hwɛ nea Katolekni ɔkyerɛwfo Hebblethwaite ka wɔ ne nhoma The Year of the Three Popes no mu: “Sɛ obi ba bɛyɛ paapa a, ne ho atosɛm ahorow fi ase a ɛyɛ den sɛ wɔbɛko atia. Wɔka ne kan asetra ho asɛm de kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a wɔahyɛ ato hɔ fi bere tenten sɛ awiei koraa no obenya dibea no, ɔbɛyɛ [paapa]. Ɔbɛyɛ obi a wiase no nyinaa hu no da koro pɛ, amanyɛfo ne amansɛmdifo ne asɔre ahorow nyinaa akwankyerɛfo yɔnko a wɔne no susuw nsɛm ho.—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Enti, sɛnea ɛte nnɛ no, paapa no da ne ho adi denam “amanyɛfo ne amansɛmdifo” a ɔne wɔn bɔ bere nyinaa na ɔne wɔn di nkitaho no so. Ɔba bɛyɛ obi a wonim no yiye wɔ TV so nso. Afei nso, esiane sɛ ɔyɛ Vatican City so ɔmampanyin nti, aman mpanyimfo ne amammui sodifo ahorow de nidi ahorow nyinaa a ɛfata ma no—a komunistfo mpo ka ho! Yiw, “nanso ɛmfa ho sɛ ɛyɛ ɔman a esua no, wɔka Vatican City ho asɛm sɛ ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse sen Italy ankasa,” saa na Encyclopaedia Britannica ka.
Nanso nneɛma afoforo nso ka ho na ama din a paapa a ɔwɔ ho mprempren agye no ayɛ kɛse. Katolekni samufo Rowanne Pascoe de ho adwene bi ba, sɛ: “ Ɛmfa ho sɛ, anaasɛ ebia esiane sɛ, onni asraafo dɔm no nti, Paapa no ne onipa biako a wobetumi afrɛ no wiase kannifo. Wɔ bere a amammuisɛm rekɔ fam yi mu no, ɔno na wabɛyɛ wiase no kannifo wɔ abrabɔ ho nsɛm mu.” Eyi kyerɛ sɛ wiase amammuisɛm mu mpanyimfo no ba fam koraa wɔ abrabɔ ho nsɛm mu araa ma ɛma paapa no yɛ te sɛ ɔbran kɛse bi!
Paapa no, Amammuisɛm ne Poland
Ade foforo nso a ama ɔmanfo ani agye paapa yi ho ne da a ɛda adi sɛ ɔde ɔmampɛ di dwuma, ne afei ne ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm ne asetra ho nsɛm mu no. Ntawntawdi abɛda ɔne nniso ne amammui mpanyimfo ahorow pii ntam. Ɛha na abirabɔ a ɛda adi pefee wɔ ahyɛde horow a ɔde kɔma asɔfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amammuisɛm ho nen’ankasa nsɛm ahorow a waka a ɛkyekyere no wɔ amammuisɛm mu no wɔ.
Sɛ nhwɛso no, Lord Longford kae sɛ bere a Paapa no kɔsraa Philippines no “ɔbɔɔ Asɔre no fã a ɛsɔre tia nniso a ɛwɔ hɔ no kɔkɔ sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu, na ɔkaee wɔn wɔn adwuma wɔ ɔman no mu: ‘Moyɛ asɔfo ne anyamesomfo. Monnyɛ asetra ho nsɛm anaa amammui akannifo anaasɛ wiase tumi no mpanyimfo.’” Nanso bere a ɔrekasa akyerɛ Brazilfo asɔfo mpanyimfo bagua no, wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ ‘Ɛwom sɛ asɔre no betumi de, ne ho ahyɛ asetra mu nsɛm mu nsakrae ahorow mu de, nanso amammuisɛm mu basabasayɛ yɛ nea wɔrempene so.’ Wɔ nnafua 13 a odii wɔ Brazil no mu no, Longford kae sɛ, paapa no “ka kyerɛɛ ahiafo no sɛ wɔnyɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hokwan ahorow a ɛfata a ɛsɛ sɛ aban ma wonya no. Sɛnea The Universe kyerɛ no, ne nsrahwɛ no yɛ ‘Brazilfo aban anibiannaso a enye koraa no ho ɔkasatia.”
Paapa no tumi wɔ amammuisɛm mu no yɛ nea ɛda adi wɔ ne nnansa yi Poland nsrahwɛ a sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo kyerɛ no, wɔhyɛɛ da yɛɛ ho nhyehyɛe yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bedi Poland amammuisɛm a emu yɛ den ne sikasɛm mu ɔhaw ahorow ho dwuma no mu. William Safire a ɔyɛ adwuma wɔ The New York Times no kyerɛwee sɛ: “Asɔre no ne ɔman no abɛyɛ sum ase apam bi, na wɔde amammuisɛm mu nhyira a Polandfo panyin a Moscow na apaw no no hwehwɛ denneennen no mae. . . . Sɛ asɔre no betumi agyina mu a, na ɛtɔ bere bi a wɔhwehwɛ sɛ ɛne katabaakofo bɛyɛ ade wɔ sum ase.”
[Kratafa 5 mfoni]
‘Paapa no ba bɛyɛ amanyɛfo ne amansɛmdifo yɔnko a wɔne no susuw nsɛm ho’