Kasa Horow, Honhom A Esi Obi So Ne Nne Ahorow—So Ɛsɛ sɛ Wohwɛ Yiye?
Efi South Africa “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ KWASIDA anwummere som rekɔ so denneennen wɔ South Africa Honhonsɔrefo bi asɔredan mu. Ná anwonwade bi rekɔ so! Ɔbea bi a ofi Asia sɔre gyinae na ofii ase kaa kasa foforo. ‘Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ ɔsoro adiyi bi!’ saa na ne mfɛfo asɔrefo no susuwii.
Nanso biribi a ɛfa adeyɛ yi ho maa ɔbea foforo ne ne babea tee nka sɛ ɛyɛ nea ɛnteɛ. Wobisaa ɔsɔfo no nea ɔbea no kae ankasa. Nea ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn ne sɛ, ɔsɔfo no a na ɔte kasa a ɔkae no ase no gye toom sɛ asɛm a na ɔreka no yɛ kasafĩ a ɛho ntew. Nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa kɛse mpo ne gye a ogye toom sɛ “honhom pa ne ahonhommɔne wɔ hɔ no.”
Ebia wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ nneɛma ahorow te sɛ kasa horow a wɔka yɛ honhom kronkron da a ɛda ne ho adi. Sɛ saa a, ɛnde ebia asɛm a ɛwɔ atifi ha no bɛhaw wo. “Ahonhommɔne” kasa wɔ asɔredan mu? Nnipa a wɔn adwene mu da hɔ wɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ wobisa sɛ nneyɛe yi yɛ nea efi Onyankopɔn hɔ ankasa ampa?
Nhwehwɛmufo Barbara Rosen a ɔyɛ nhoma a wɔfrɛ no Witchcraft no samufo aka sɛ nneɛma ahorow te sɛ adetɔso, ahoɔden soronko a wonya, anisoadehu—a wɔtaa de bata ɔsom ho no—nyinaa yɛ si a ahonhommɔne si obi so ankasa. Nanso saa ɔkyerɛwfo yi ka sɛ “Kristofo akuw horow ɔhaha pii a ɛwɔ Afrika (ne Amerika nkuraase no) da so ara bu honhom a esi obi so’ na wɔma wɔn som a wɔsom no yɛ nea ɛfa nya a wobenya eyi ho.—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Ɛnde, so ebetumi aba sɛ honhom abɔde a wɔyɛ abɔnefo redaadaa nyamesomfo a wɔyɛ koma pafo? Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba saa? So Bible no mpo nka Onyankopɔn asomfo a wonyaa adiyi a ɛte saa ara ho asɛm?’
Kasa Horow
Kristo asuafo 120 a na wɔahyiam wɔ Yerusalem wɔ Yudafo Pentekoste afahyɛ wɔ 33 Y.B. mu no ne nnipa a wodii kan kaa kasa horow wɔ anwonwa kwan so sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn. Nanso, so na ɛyɛ ahwɛde bi ara kwa a wɔde retwetwe wɔn a wɔpɛ biribi ahwɛ no adwene? Dabi, Bible no da no adi pefee sɛ na eyi atirimpɔw ne sɛ wɔde bedi adanse akyerɛ ahɔho a wɔaba Yerusalem no; na ɛho hia sɛ eyinom nso te “Onyankopɔn ade kɛse” no ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:8-11; 1:15) Ná saa “kasa horow” no nyɛ nsɛm ara kwa a wɔworɔw anaa kasafĩ. Wɔtee ase pefee.
Ná saa akyɛde yi yɛ tete Kristofo no som fã. Nanso ɔsomafo Paulo daa no adi wɔ 1 Korintofo 13:8 sɛ: “Ɔkasa horow de, ebegyae.” Bere a asafo no dɔe na wɔn ho kokwawee no, na “kasa horow” yi yɛ nea ɛho nhia bio.
Na nnɛyi anwonwa kwan so “kasa horow” no nso ɛ? Sɛnea yɛaka wɔ mfiase hɔ no, “anwonwa kwan so” kasa yi betumi ayɛ kasa a ɛho ntew. Obi a na anka ɔyɛ Hindu sɔfo a ɔde ne ho bɔɔ Honhonsɔre bi kae wɔ wɔn a wɔwɔ asɔre no mu no ho sɛ ɛtɔ bere bi a ebinom ‘bɔ Hindu anyame ahorow din, te sɛ ‘Siva, Siva, Siva,’ wɔ wɔn nteɛteɛm no mu.”
Ampa, sɛ asɔre bi muni ka kasa foforo bi a, mpɛn pii obiara nni hɔ a ɔte nea ɔka no ase. Nanso ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Enti nea ɔkasa kasa bi no, ɔmmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase.” (1 Korintofo 14:13) Wɔntaa nni afotu yi akyi. Nsɛm a wɔworɔw no nte sɛ ɔkwan a Onyankopɔn honhom faa so daa adi a afeha a edi kan Kristofo hui no. Ɛda adaemone nnaadaa ho sɛnkyerɛnne adi.
Honhom a Esi Obi So
Onyankopɔn de honhom a esi obi so nso adi dwuma de ada ne nsɛm adi akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, honhom kaa ɔsomafo Petro na esiesiee no wɔ adwene mu ma ɔkɔbɔɔ Amanaman Mufo momonotofo Kristofo a wodi kan no asu. (Asomafo no Nnwuma 10:9-48) Nanso, honhom a esi obi so a ɛwɔ atirimpɔw no yɛ soronko koraa wɔ nea esi nkurɔfo so nnɛ no ho.
The Daily News a wotintim wɔ Durban, South Africa no kaa afahyɛ bi a wɔfa ogya mu a wɔahyira so ama Hindufo nyamewaa Draupadiamman no ho asɛm sɛ: “Santen to no fi ase wɔ asubɔnten bi ho wɔ faako a nnipa a wɔakyen kɔm nnafua 18 tew wɔn ho wɔ amanne kwan so wɔ a honhom si wɔn so a ɛno akyi na wɔtaa de nnuaba sensɛn wɔn ho wɔ nnadewa a wɔakɔntɔn ano de ahyɛ wɔn were mu so, na wɔde paane hyɛ wɔn afono ne wɔn tɛkrɛma mu ma ehirow mu no.” Bere a wɔanantew ogya mu wɔ obon no mu akyi no, “woyi nnadewa no fi wɔn afono ne wɔn ho na wɔn ani so tetew wɔn a mogya biara mma, wɔnte yaw biara nka na wɔnkae nea esii wɔ ade a ɛtɔɔ wɔn so no mu.’”
Hwɛ soronko ara a eyi yɛ wɔ honhom a ɛkaa Petro no ho! Ohuu nea esii no nyinaa na ɛnyɛ sɛ wɔfrɛɛ no ma ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu bi. Akyide ne ɔbrasɛe ahorow a ɛbata nnɛyi honhom a esi nkurɔfo so ho no ma wohu sɛ ɛyɛ nea efi adaemone.
Nne Ahorow
Wɔ afeha a ɛto so 15 no mfiase mu hɔ no Franseni abeawa a wadi mfirihyia 18 bi fii ase tee nne ahorow bi a na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nne. Bere a ɔde ne ho maa nne no apɛde a ɔbɛyɛ no, awiei koraa no, ɛde no kɔhyɛɛ Franse asraafo mpanyimfo nsa—na owui wɔ dua so! Ná ne din de Joan of Arc.
Ɛnnɛ nso nnipa pii kyerɛ sɛ wɔte nne ahorow. Mpɛn pii saa nne ahorow yi ne nea Onyankopɔn ka wɔ Bible mu no bɔ abira. Esiane sɛ Joan of Arc de ne ho hyɛɛ amammui mu akodi ahorow mu nti, ɔyɛɛ nea ɛbɔ kyerɛ a Yesu kyerɛkyerɛɛ mu pefee kyerɛɛ n’asuafo no sɛ “womfi wiase” no abira ankasa.—Yohane 17:16.
Bible no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ tie a yebetie “asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no” ho. (Yesaia 8:19) Kyerɛwnsɛm no de nnyinasosɛm ne akwankyerɛ horow nyinaa a wohia na wɔde asi gyinae a nyansa wom wɔ asɛm yi mu no ama Kristofo. (2 Timoteo 3:16, 17) Na efi bere a wowiee Bible no kyerɛw wɔ bɛyɛ afe 98 Y.B. mu no, wɔmfaa abɔfo kronkron nnii dwuma ne Onyankopɔn nkurɔfo nnii nkitaho bio. Enti nne a efi honhom mu a wɔte fi saa bere no yɛ adaemone de.
Ahonhommɔne—Faako a Wofi
Nanso henanom ne ahonhommɔne yi a ɛte sɛnea wɔn na wɔhyɛ abosonkɔm a ɛte sɛɛ akyi no? Nnipa pii gye di sɛ ɛyɛ nnipa a wɔawuwu akra. Nanso Bible no se ɔkra no tumi wu na ‘awufo . . . nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4, 20) Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔhwɛ baabi foforo na yɛahu baabi a wofi.
Wɔ bere bi mu no na wɔkan wɔn a mprempren wɔyɛ ahonhommɔne no ka Onyankopɔn abɔfo anokwafo mpempem no ho. Wɔbɔɔ wɔn bere tenten ansa na wɔrebɔ onipa na wɔsom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu. Nanso abɔfo no bi tew atua. Wogyaw wɔn adwuma wɔ ɔsoro na wɔfaa nnipa honam kataa wɔn ho. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ne mmea a wɔwɔ asase so no abɔ aguaman. Akyinnye biara nni ho sɛ Otuatewfo a odi kan, Satan Ɔbonsam boae pii wɔ ɔkwammɔne a wɔfaa so yi mu. (Adiyisɛm 12:4) Nea ɛde baa adesamma abusua no so no yɛ nea na enye koraa ma enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn sɛe saa adesamma awo ntoatoaso no denam Nsuyiri so. Ná ɛsɛ sɛ kan abɔfo—na saa bere no wɔabɛyɛ adaemone no—san kɔ wɔn honhom mu atrae hɔ, nanso woyii wɔn fii Onyankopɔn ho na wɔde wɔn guu honhom mu sum kabii mu a ɛhɔ na wɔde wɔn agu afiase fi saa bere no.—Genesis 3:1-24; 6:1-7; Yuda 6; Adiyisɛm 12:9.
Esiane sɛ Satan abɔfo no ntumi nnan wɔn ho nnipa bio nti, wɔfa nnaadaa kwan horow a emu yɛ den so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipa so tumi a nea Bible ka ho asɛm yi ka ho: “Saa nnipa yi yɛ atoro asomfo, nnaadaa adwumayɛfo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:13, 14) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ Satan “nnadaa adwumayɛfo” no bi yɛ nyamesom asɔfo.
Nanso, obi betumi atwe ne ho afi adaemone no tumi ase. Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wobɛtwe wo ho afi nyamesom ahorow a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran no ho. (2 Korintofo 6:14-18) Ɛwom, eyi yɛ nyɛ mmerɛw. Nanso, Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Wɔaboa nnipa mpempem pii dedaw ma wɔahu nnaadaa kwan ahorow a ahonhommɔne nam so no. Wɔde Bible mu nokware no a wɔkyerɛkyerɛ na efi ase. Wɔboa wo ma wode nea woresua no di dwuma.
Awiei koraa no, wufi ase da Onyankopɔn honhom no adi wɔ w’asetra mu a ɛnyɛ nea ɛnam adaemone honhom a esi obi so anaa denam kasa horow a wɔka so, na mmom denam Kristofo su horow a ɛyɛ nokware ankasa te sɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, anidahɔ” a wobeyi no adi no so. Ɛrenkyɛ na woatumi ahyɛ nea Bible no frɛ no “Onyankopɔn akode nyinaa” a ɛma wotumi ko tia adaemone dɔm ahorow no.—Galatifo 5:22, 23; Efesofo 6:11-18.