Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 23-27
  • Nea Enti A Asɔfo Mpanyin No Sɔre Tia Mprempren

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Asɔfo Mpanyin No Sɔre Tia Mprempren
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aka Akyi Mfirihyia Aduanan
  • Nsakrae Bɛn Na Ɛde Bɛba?
  • Nneɛma a Wɔn Werɛ Fii
  • Ɔhaw No Ankasa​—Ne Ano Aduru
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nuklea Akodeyɛ Anosiw—Yiw Anaasɛ Dabi?
    Nyan!—1985
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 23-27

Nea Enti A Asɔfo Mpanyin No Sɔre Tia Mprempren

“ƐMMAE da sɛ adesamma abusua no abɛn sɛe a ɛbɛsɛe ne ho asen sɛnea ɛte mprempren no.” Saa nsɛm yi na Wiase Asɔreasɔre Bagua no nhyiam a ɛto so asia a wɔyɛe wɔ ahohuru bere a etwaam no mu wɔ Vancouver, Canada no de bɔɔ kɔkɔ tiaa Ɔtopae No. Wɔrehyɛ nuklea akode a wobegyae yɛ ho nkuran no, wɔkae sɛ: “Nuklea akode a obiara benya bi no yɛ nea wɔmpene so, efisɛ ɛno bɛma wɔde adi dwuma wɔ ɔko mu.”

Asram kakraa a na atwam mu wɔ May 1983 mu no, Roman Katolek asɔfo mpanyimfo a wɔwɔ United States no kyerɛw krataa tenteenten a ne ti ne “Asomdwoe Ho Nsɛnnennen: Onyankopɔn Bɔhyɛ ne Yɛn Mpeneso” no wiei. Wɔ eyi mu no, wɔhyɛe sɛ wɔntew nuklea akode a ɛwɔ hɔ a wɔaboaboa ano agu hɔ no so, na wonnyae “tow a wɔtow de sɔ hwɛ ne ne yɛ ne nuklea akode afoforo a wɔde sisi mmeaemmeae no.” Wɔhyɛe sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔte yɛn adwene a emu ayɛ yɛn nnaa wɔ gye a wobegye nuklea akode a wɔde bedi dwuma atom ho no ase.”

Eyi yɛ nnansa yi mpaemuka atitiriw pii a nyameseom mpanyimfo ayɛ de atia nuklea akode no mu abien. Ebinom ani agye asɔfo mpanyimfo ho a wɔde ahyɛ kasa a wɔkasa tia Ɔtopae no mu no ho. Presbyterian sɔfo bi a wɔfaa n’asɛm a waka kyerɛwee wɔ The New York Times mu no kaa krataa a United States asɔfo mpanyimfo no kyerɛwee no ho asɛm sɛ: “Wote abrabɔ ho ahonim nne wɔ mu sɛ ɛnkasa nkyerɛ Katolekfo nkutoo, na mmom ɛkasa kyerɛ yɛn sɛ Amerikafo ne sɛ nnipa a wodi wɔn ho ni . . . Onyankopɔn nhyira Katolek asɔfo mpanyimfo no.”

Afoforo nso kasa tia kɛse. Nyansapɛfo Sidney Hook kae sɛ: “Asɔfo mpanyimfo no adwene a wɔanya yi yɛ nea egyina nsɛm karaa bi a wɔate so, ɛmfata na wɔrentumi mfa wɔn ho nto so wɔ abrabɔ mu.” Wɔkyerɛe sɛ ɔmansɛmdifo Phyllis Schlafly kae sɛ asiane wɔ asɛm a asɔfo mpanyimfo no kae no mu, efisɛ ɛbɛma Katolekfo “apow sɛ wɔde akode bedi dwuma . . . na wɔapene akode a wobegyae yɛ so na wɔadɔ Rusiafo.”

Nanso, sɛ yɛka asɔfo ho a wɔde ahyɛ ɔko ahorow mu ne nsɛm ahorow a nyamesom mpanyimfo kae de penee ɔtopae no yɛ so wɔ mfe a etwaam ansa na wiase nyinaa ko a ɛto so abien reba no ho abakɔsɛm kyerɛ a, saa nnansa yi nsɛm a wɔka de tia ɔtopae no yɛ adwensakra a ɛma obi ho dwiriw no. Dɛn nti na wɔayɛ nsakrae yi?

Aka Akyi Mfirihyia Aduanan

U.S. asɔfo mpanyimfo krataa no de nkyerɛkyerɛmu a eye karaa ma: “Ɛnnɛ tumi a nuklea akode no wɔ sɛ ɛbɛsɛe nneɛma no betumi asɛe onipa ankasa, anibuei ne nhyehyɛe a ɛwɔ asase so no.” Nanso eyi ayɛ nokware fi bere a wɔtow atomik ɔtopae wɔ Hiroshima ne Nagasaki bɛyɛ mfirihyia 40 a atwam ni no. Dɛn nti na wɔankasa antia saa bere no?

Wiase Asɔreasɔre Bagua no ka sɛ: “Yegye di sɛ adwene a wobenya sɛ wɔde akode ahorow a etumi sɛe nneɛma pii bedi dwuma no bɛyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asɛe Kristo adwene ne ne honhom a ɛsɛ sɛ ɛtra yɛn mu no.” So na ɛno nyɛ nokware saa bere a wokunkum nnipa a wɔnyɛ asraafo ɔpehaha pii wɔ wiase ko a etwa to no mu no? Nanso asɔre mpanyimfo kakraa bi na wɔkaa ho asɛm saa bere no.

Nuklea nyansahufo Harold M. Agnew kyerɛɛ n’adwene pefee sɛ: “Misusuw sɛ wɔyɛ nyaatwomfo, efisɛ wɔpene ɔko a wɔmfa nuklea akode nni dwuma wom so sɛ eye na nuklea ɔko de ennye. Eyi ne bere a edi kan wɔ abakɔsɛm mu a esiane ahoɔden a nuklea akode wɔ nti, ama wɔn a wosi gyinae sɛ wɔnkɔ ɔko ne mmerante a wɔsoma wɔn sɛ wonkodi mpanyimfo gyinaesi ho dwuma no nyinaa wɔ asiane mu. Enti asɔre ahorow ne afoforo a wosisi gyinae nyinaa adan a wɔde bobesa sie mu ne wɔn honam fam nneɛma ne nneɛma afoforo a wɔwɔ nyɛ nea sɛ nuklea ɔko ba a wobetumi abɔ ho ban bio. Yɛn nyinaa ka ho.”

Ebia nsɛm a atesɛm krataa mu nsɛm kyerɛwfo James Reston kae no fa asɛm no ho. Ɔkae sɛ: “Asɔre no gyina asomdwoe kuw no akyi na asomdwoe kuw no ma asɔre no nya ahoɔden ne atirimpɔw wɔ mmɔden a ɛbɔ sɛ ɛbɛma wɔate nea ɛwɔ ka wɔ wiase nsɛm mu no mu.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) So ɛbɛyɛ sɛ asɔfo mpanyimfo no rebɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bɛsan aka wɔn tumi ne wɔn anuonyam a wɔahwere no denam akannifo a wɔbɛyɛ ama akuw a ɛkasa tia nuklea akode a ɛregye din no so anaa?

Ɛsɛ sɛ yebisa asɛm foforo:

Nsakrae Bɛn Na Ɛde Bɛba?

“Sɛ́ nea wɔde kyerɛkyerɛ no, wɔkyerɛw [U.S.] asɔfo mpanyimfo krataa no na ama anya abrabɔ mu nkɛntɛnso wɔ asɛm a ɛfa ɔko ne asomdwoe ho no mu.” Saa na ɔsɔfo Richard B. Miller kae wɔ Bulletin of the Atomic Scientist nsɛmma nhoma no mu. Nanso “abrabɔ mu nkɛntɛnso” bɛn na nyamesom mpanyimfo wɔ ankasa?

So aban mpanyimfo a wɔwɔ Rusia no betie asɔfo mpanyimfo no kɔkɔbɔ no? Anaasɛ ɛyɛ nea United States bɛsakra ne kwan a ɔnam so no? Bere a na Katolek asɔfo mpanyimfo no rebɛkyerɛw wɔn krataa no, nniso no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛdaada wɔn ma wɔakyerɛw nea ɛne aban no nhyehyɛe horow no hyia!

Na wɔn a wonya sika fi nuklea akode mu no nso ɛ? United States asɔfo mpanyimfo maa wɔn a wɔyɛ ho adwuma no kwan sɛ wɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wɔpɛ a. Wɔantumi anhyɛ wɔn a wɔwɔ sraadi mu no nkuran sɛ wɔmpow ntetee a wɔde bɛma wɔn wɔ nuklea akode a wɔde bedi dwuma ho no. Ɛda adi sɛ wɔn a wɔyɛ nuklea akode ne wɔn a wɔde bedi dwuma no mu pii no benya nea wobegyina so de akɔ so ayɛ sɛnea wɔyɛ kan no.

Nneɛma a Wɔn Werɛ Fii

Nokware no ne sɛ, asɔfo mpanyimfo no anya mmuae a ɛnteɛ ama asemmisa a ɛnteɛ. Nuklea akodeyɛ ho akansi no te sɛ ɔyare ho sɛnkyerɛnne ara kwa. Ɔyare no ankasa a ɛhaw adesamma abusua no yɛ nea ɛsen eyi. Mpo sɛ asɔfo mpanyimfo no fa ɔkwan bi so tumi toto amansɛmdifo brada ma woyi nuklea ho hu no fi hɔ a, nneɛma afoforo a eyi hu bɛba abesi ananmu, gye sɛ wodi ɔhaw no ankasa ho dwuma.

Asɛm bi a ɔsomafo Yohane kae kyerɛ sɛnea ɔhaw no ano yɛ den sen sɛnea nnipa pii susuw no. Ɔkae sɛ: “Na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Enti abɔde a aniwa nhu wɔn, na nea ɔka ho ne Satan ɔbonsam a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ “wi yi ase nyame” no ho wom.​—2 Korintofo 4:4.

Nokwarem no, nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nnye nni sɛ Satan wɔ hɔ. Nanso ɛyɛ nokware sɛ asɔfo mpanyimfo no gye di. Na ɛsɛ sɛ wohu sɛ, sɛnea Bible no kyerɛ no, ɔde adesamma atuatew no adi n’atirimpɔw ho dwuma. Satan gyina nea esisi wɔ asase so nnɛ no pii akyi, na nea wɔde besiw ano biara ho a wobesusuw a wɔansusuw ne ho anka ho no bedi nkogu.​—Adiyisɛm 12:12.

Na asɛm a wɔka sɛ, “Tumi a nuklea akode wɔ no betumi asɛe adebɔ ho nhyehyɛe a ɛwɔ asase so no nso ɛ’? Bere a ebia nnipa wɔ tumi sɛ wɔde bɛsɛe nneɛma pii wɔ asase yi so no, so asɔfo mpanyimfo no gye di sɛ wɔbɛyɛ saa? So wɔn werɛ afi sɛ Onyankopɔn hyɛɛ bɔ denam ɔsomafo Yohane so sɛ, ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’?​—Adiyisɛm 11:18.

Yiw, bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Onyankopɔn hu siei sɛ onipa bedu baabi a obetumi asɛe asase no, na ɔkae sɛ ɔremma ho kwan. Mmom no, wahyɛ yɛn bɔ sɛ: ‘Ɔde asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.’​—Dwom 104:5.

Ɔhaw No Ankasa​—Ne Ano Aduru

Wɔ wɔn krataa no kyerɛw a ɛto so abien mu no, United States asɔfo mpanyimfo no kaa “aman a obiara de ne ho a wonni tumi fibea koro” ho asɛm. Ɛha no wɔrebɛn ɔhaw no ankasa​—ne ano aduru no ho! Ɛyɛ nniso ho asɛm.

Susuw amane a adesamma rehu esiane sɛ nniso horow a ɔman ho dɔ ahyɛ wɔn ma a wɔn nyinaa “da ɔbɔne no mu” di wɔn so nti no nyinaa ho. (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, sɛ wɔaka adesamma nyinaa abom wɔ nniso biako a efi Nea Ɔteɛ, Yehowa Nyankopɔn tumi mu ase a, anka nuklea ɔsɛe ho hu biara nni hɔ, anka wɔadi ɔhaw afoforo pii nso so.

So ɛno betumi aba da bi? Wɔ nsɛm a sukuufo mmofra pii nim no yiye mu no, Yesu kae sɛ ebetumi aba, bere a ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:10) Ɛtɔ bere bi a, nyamesom mpanyimfo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Nanso mpɛn pii no wontumi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso ankasa a ɛwɔ tumi ankasa a edi dwuma mprempren. Ɛrenkyɛ ɛbɛsɛe nniso horow a ɛwɔ asase yi so no. “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da . . . bi so, . . . ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.”​—Daniel 2:44.

Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔbɛma nneɛma a Satan reyɛ no agyae, na ɔbɛyɛ saa denam n’Ahenni no so. (Adiyisɛm 20:1-3) Bio nso, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛma nneɛma a nyansa nnim a amanaman no yɛ no agyae. Obetumi na “obebu aman pii mu ntɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim.” (Mika 4:3) So obeyi nuklea ho hu afi hɔ? Yiw, na mpo obeyi ɔko ankasa ho hu afi hɔ. “Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [ɔko] nteaseɛnam.”​—Dwom 46:9.

Saa wusiw a edi awu a etu faa Hiroshima ne Nagasaki so wɔ August 1945 mu no ankae yɛn biribiara sɛ hia a adesamma hia Onyankopɔn Ahenni no. Sɛ́ ebia ɛyɛ nea wɔde abufuw bɛtow nuklea ɔtopae bio no yɛ nea yɛrentumi nka. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn remma onipa kwan mma ɔnsɛe asase no. Ɔremma kwan mma wɔntɔre adesamma abusua no ase, na ɛremma amanaman no kwan mma wɔnkɔ so nyi adesamma hu daa.​—Yesaia 45:18.

So yebetumi anya Onyankopɔn Ahenni no mu anidaso ankasa? Ɛda adi sɛ asɔfo mpanyimfo no ansusuw saa, efisɛ wɔkaa ano aduru a amansɛmdifo de bɛma ho asɛm. Nanso, yɛto nsa frɛ wo sɛ, w’ankasa hwehwɛ asɛm no mu na hu ɔkwan pa a wobɛfa so mprempren ma woayɛ w’ade ma ɛne ano aduru biako pɛ a ɛwɔ hɔ no ahyia.

Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ tumi a ɔde begye yɛn afi saa tebea a ɛyɛ hu yi mu. Waka ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛyɛ saa no ho asɛm.

[Kratafa 25 adaka/mfoni]

“Ɔko A Ɛteɛ” Ho Nkyerɛkyerɛ

Kristoman apene ɔko so fi teteete, na n’asɔfo ama wɔanya nea wɔfrɛ no “ɔko a ɛteɛ” ho nkyerɛkyerɛ no. Sɛnea nkyerɛkyerɛ no ho nkyerɛkyerɛmu bi kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wobu ɔko bi sɛ “ɛteɛ” sɛ ɛyɛ nea:

● Tumi bi a wɔagye atom na efii ase a (kyerɛ sɛ, nniso a mmara ma ho kwan)

● Atirimpɔw nti a wɔreko no teɛ a

● Wɔde adwempa na ɛreko a (kyerɛ sɛ, wɔde hwehwɛ nkabom a nneyɛe a ɛho nhia a ɛsɛe ade nka ho)

● Wɔko esiane sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ nti

● Wɔko a wosusuw sɛ ebia wobedi nkonim

● Na sɛ nneɛma a wɔbɛsɛe no no ne nneɛma pa a ebefi mu aba a wɔhwɛ kwan no yɛ pɛ a. Wɔn a wɔnnka ɔko no ho a wɔbɛhyɛ da akum wɔn nso yɛ nea wɔmma ho kwan wɔ ɔko a “ɛteɛ” mu.

Nyamesom mpanyimfo pii te nka sɛ, nuklea ɔtopae no ma “ɔko a ɛteɛ” ho nkyerɛkyerɛ biara yɛ nea ne bere atwam, esiane nneɛma pii a nuklea ko bɛsɛe no no nti. Nanso so ɛnnɛ nkutoo na saa nkyerɛkyerɛ no ho aba asɛm?

Sɛ yɛbɛka nhwɛso biako pɛ ho asɛm a, Wiase Nyinaa Ko II mu nso ɛ? Wɔ saa ɔko no mu no, nyamesom mpanyimfo hyiraa afanu a wɔreko no nyinaa. Nanso ɛyɛ nokware sɛ afanu no nyinaa rentumi nko ɔko a ɛteɛ anaasɛ wɔrentumi mfa adwempa nko. Wɔtotow ɔtopae guu mmeae a nnipa a wɔnyɛ asraafo wɔ, te sɛ London, Dresden ne Tokyo, kunkum wɔn a wɔnyɛ asraafo a wɔn ho nni asɛm dodow a ɛkɔ anim yiye. Nanso nyamesom mpanyimfo kɔɔ so gyinaa ɔko no akyi.

Nokwasɛm no ne sɛ, Kristoman mpanyimfo asiesie wɔn ho bere nyina sɛ wɔbɛfrɛ ɔko bi sɛ nea “ɛteɛ,” sɛ ɛyɛ nea ɔman a wɔte mu no na ɛreko a ɛkowie wɔn asɔre mma a wɔbɛko na wɔakunkum wɔn mfɛfo nyamesomfo a wɔwɔ aman afoforo so mpo a. Wɔ eyi mu no wɔnnaa Kristo su adi, mmom wɔada nea ɛte sɛ nea Amerikani ɔmampɛfo Stephen Decatur kaa ho asɛm a ɛma ogyee din no adi a ɛne sɛ: “Yɛn man, sɛ ne de yɛ dɛ oo, ɛnyɛ dɛ oo!”

[Box on page 27]

“Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,​—ɔne Nyankopɔn, ɔno no ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,​—Mene [Yehowa], na obi nni hɔ bio.”​—Yesaia 45:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena