Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 5/8 kr. 11
  • Nuklea Akodeyɛ Anosiw—Yiw Anaasɛ Dabi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nuklea Akodeyɛ Anosiw—Yiw Anaasɛ Dabi?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Asɔfo Mpanyin No Sɔre Tia Mprempren
    Nyan!—1984
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nea Wontumi Nsusuw Ho No—So Ebetumi Aba?
    Nyan!—1980
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 5/8 kr. 11

Nuklea Akodeyɛ Anosiw​—Yiw Anaasɛ Dabi?

WƆ MAY 1983 mu, wɔ United States no, Roman Katolek Asɔre asɔfo mpanyin hyɛe sɛ wɔntew nuklea akode ahorow a ɛwɔ hɔ a wɔaboaboa ano agu hɔ no so, na wonnyae “tow a wɔtow de sɔ hwɛ ne ne yɛ ne nuklea akode ahorow afoforo a wɔde sisi mmeaemmeae no.” Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔte yɛn adwenem a ayɛ yɛn naa wɔ gye a wobegye nuklea akode ahorow a wɔde bedi dwuma atom no ase.”​—Hwɛ Nyan! September 8, 1984, kratafa 23.

Wɔ krataa a wɔkyerɛw wɔ Lourdes, France, wɔ November 8, 1983 mu no mu no, Roman Katolek Asɔre asɔfo mpanyin a wɔwɔ Franse kyerɛe sɛ wɔne wɔn mfɛfo a wɔwɔ Amerika no adwene nhyia nwie wɔ nsɛm no nyinaa ho. Wɔ krataa a wɔde kyerɛkyerɛɛ mu no mu no, asɔfo mpanyin a wɔwɔ Franse no hyɛe sɛ “Aman ahorow betumi ayɛ wɔn ahobammɔ ho nhyehyɛe a ɛfata na ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtow hyɛ wɔn so no aba mu abu, na wobetumi ayɛ saa mpo denam nuklea akode ahorow a obiara benya bi a ɛbɛma wɔasuro sɛ wɔde bedi dwuma no so.”

Wɔ wɔn krataa no mu no, asɔfo mpanyin a wɔwɔ Franse no kae sɛ: “Ɛda adi sɛ, sɛ wobegye nuklea akode a wɔde bedi dwuma no atom a:

“ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma sɛ akode a wɔde bɔ wɔn ho ban nkutoo

“ɛsɛ sɛ wogyae nuklea akode ahorow a wɔboaboa ano; ɛma wosuro bere a di a wɔde wɔn de bedi dwuma no ho hu ma tow a afoforo bɛtow ahyɛ wɔn so no yɛ nea ntease biara nni mu no

“ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe biara a wobetumi de siw ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom a wobefi ase denam asiane, adammɔ, nsɛmmɔnedi ne nea ɛkeka ho so no ano

“wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ ɔman a ɛboaboa nuklea akode pii ano no di asomdwoe ho nhyehyɛe pa akyi.”

Franse Katolekfo pii kaa no pefee sɛ wɔmpene wɔn asɔfo mpanyin no gyinaesi no so. Owura Alain Woodrow a ɔyɛ nyamesom ho nsɛm ɔkyerɛwfo ma Le Monde a wotintim no da biara da wɔ Paris no kae sɛ: “Asɔfo Mpanyin no nsɛm no akɔyɛ te sɛ nyaatwom adeyɛ, Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu mpo sɛ ‘ahunahuna nyɛ tumi a wɔde di dwuma a, nsonsonoe a ɛda ntam no yɛ nea ɛyɛ den sɛ wobehu, efisɛ wɔn ankasa gye tom sɛ, sɛ ɔman bi ho ban a wɔbɔ bɛyɛ nea ntease wom a,’ ɛsɛ a saa ɔman no si gyinae sɛ ɛde ne ho bɛhyɛ akodi mu sɛ nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ de bu ɔtamfo a aba mu anyɛ yiye a.’”

Nea ɛyɛ anigye no, adwene a Franse Protestant Asɔreasɔre Bagua no kura no bɛn Amerika Katolekfo Asɔfo mpanyin a wɔ nna kakraa bi akyi no wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔpene “nuklea akodeyɛ anosiw no so sɛ adepa a edi kan a ɛbɛma wɔasiw akodeyɛ a ɛrekɔ so no ano, sɛ ɔman biako pɛ bɛyɛ saa mpo a” de no ho. Saa asɛm yi de ɔkasatia a ano yɛ den fii Protestant Asɔre no mu bae. Ɔsɔfo biako kyerɛɛ n’adwene sɛ, “su a ɛte saa no hyɛ atirimɔden nniso aman ahorow no nkuran sɛ wontutu aman ase na wɔnyɛ basabasa.”

Dɛn nti na asɔre ahorow no wɔ adwen horow a ɛsonsonoe wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu asɛm a ɛho hia yi ho? Ɛda adi sɛ eyi te saa efisɛ asɔre ahorow no mu fã kɛse no ara mu mpanyimfo de amammui adwene na esusuw tebea no ho sen sɛ wɔde Kyerɛwsɛm no mmom bɛyɛ saa. Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ saa ahyehyɛde ahorow a emu apaapae yi mu na nkurɔfo betumi ahu Kristo a ɔne “Asomdwoehene” no asuafo a wɔyɛ biako ampa no.​—Yesaia 9:6, 7; Yohane 17: 20, 21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena