Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Yɛ Nokware Dɛn?
ƐYƐ awosu sɛ onipa bɛma n’ani agye daakye ho. Nanso onipa bɛn na onim nea daakye de bɛba ankasa? So ɛnyɛ nokware sɛ nnipa nkɔmhyɛ ahorow taa di huammɔ, esiane nsɛm ahorow a wɔantumi anhu sɛ ebesisi anaa nea nnipa wɔ anidaso kɛse sɛ ɛrensisi ma enti wɔamfa anka wɔn nkontaabu ahorow ho nti?
So eyi kyerɛ sɛ obiara nni hɔ a obetumi aka nea ɛbɛba daakye ato hɔ? Bible nkɔmhyɛ ahorow nso ɛ? So ɛyɛ nokware? Saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu binom yɛ nea ɛfa wiase ahemman ahorow no sɔre ne wɔn asehwe ho. Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Yesu Kristo awo, n’asetra ne ne wu ho wɔ hɔ. Afoforo ka tebea horow wɔ asase yi so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu ho asɛm na ɛka to hɔ sɛ nhyehyɛe foforo bi a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase bedi saa mmere a wɔahyɛ no nsow yi akyi aba.
So Wɔkyerɛw Binom Wɔ Bere a Anya Mmamu Akyi?
Eyi ne adwene a wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no anya. Fa Yesu nsɛm a ɛfa sɛe a wɔbɛsɛe Yerusalem ne n’asɔredan ho a ɔka too hɔ sɛ ɛbɛba wɔ wɔn a wɔtee ne nsɛm no awo ntoatoaso mu no sɛ nhwɛso. Ɛdefa eyi ho no, The Great Soviet Encyclopedia a ɛma gye a wonnye Onyankopɔn nni nya nkɔso no ka sɛ: “Esiane nsɛm ahorow a woyi fi Nsɛmpa no mu de ka asɛm fa Yudafo atuatew a ɛbae wɔ afe 66-70 Y.B. mu no ho nti, ɛda sɛ wɔrentumi nkyerɛw ansa na afe 70 Y.B. aba. Bio nso, Yohane Asɛmpa a wɔakyerɛw wɔ papyrus sin a wɔkyerɛwee bɛyɛ afe 125 Y.B. mu no yɛ nea wɔde asie. Esiane eyi nti ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw sɛ wɔkyerɛw Nsɛmpa no wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu hɔ.”
Ɛyɛ nokware sɛ wɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no wɔ “ɛrekɔ afeha a ɛto so abien mu hɔ,” bɛyɛ afe 98 Y.B. mu, nanso eyi nte saa wɔ Nsɛmpa abiɛsa a aka no ho. Kristofo pii a wodii kan no adansedi ne wɔn Bible mu nhoma ahorow no nyinaa di adanse sɛ saa kyerɛwtohɔ ahorow yi yɛ nokware na ɛyɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ. Wɔkyerɛw Mateo, Marko ne Luka Nsɛmpa no ansa na Romafo tow hyɛɛ Yerusalem so wɔ afe 66 Y.B. mu, na ɛyɛ nea wɔka too hɔ wɔ nhoma yi mu biara mu.—Mateo 24:15, 16; Marko 13:14-20; Luka 19:41-44; 21:20-24.
Nea ɛyɛ anigye no, Bible nsaano nkyerɛwee ahorow a ekura nkɔmhyɛ ahorow a wɔkyerɛw mfehaha pii ansa na ɛrenya ne mmamu wɔ tete nneɛma akorae ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Sɛ nhwɛso no, The Great Soviet Encyclopedia, ka sɛ “wɔkyerɛw Dead Sea Scrolls (nhoma mmobɔe ahorow a wohui wɔ Po a Awu no Mu) wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. ne 68 Y.B. ntam hɔ.” Eyi bɛma obi a osusuw nneɛma ho no asi gyinae bɛn?
Wiɛ, saa nhoma mmobɔwee a wohui wɔ po a awu no mu no biako a akyɛ sen biara ne Yesaia nsaano nkyerɛwee (MS.I) no. Ɛdefa eyi ho no, tete nneɛma nhwehwɛmu ho ɔbenfo a wagye din a wɔfrɛ no Yigael Yadin kae nnansa yi sɛ: “Nhoma mmobɔwee no . . . kura atiri a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu nyinaa, efi ti biako kosi aduosia asia no . . . Ɛyɛ Bible no mu nsaano nkyerɛwee a edi mu a akyɛ sen biara a ɛwɔ wiase no mu nnɛ. Mfe a ɛda bere a Yesaia kaa nsɛm yi ankasa ne bere a wɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee yi so wɔ afeha a ɛto so 2 A.Y.B. mu no ntam mmoro bɛyɛ mfe ahanum anaa ahansia. Ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa sɛ ɛwom sɛ nhoma mmobɔwee a edi kan a ɛwɔ tete nneɛma akorae no adi bɛboro mfe 2000 de, nanso hwɛ sɛnea ɛbɛn Bible a yɛkenkan nnɛ wɔ Hebri anaa nkyerɛase ahorow a wɔyɛ fii mfitiase Hebri mu kɔɔ Engiresi anaa kasa afoforo mu no ho yiye.
Susuw nsɛm a ɛwɔ ɔfa 1, 10, 11 ne 17 a ɛwɔ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ nkratafa 20 ne 21 mu no ho. Eyi yɛ nkɔmhyɛ ahorow a Yesaia kyerɛwee no mu binom a enyaa ne mmamu bere tenten wɔ bere a wɔkyerɛw nhoma mmobɔwee a wohui wɔ po a awu no mu akyi ho nhwɛso ahorow. Eyinom ne nokwasɛm ahorow si so dua sɛ wodii kan kyerɛw Bible mu nkɔmhyɛ ahorow no ansa ampa. Nanso ebia wubebisa sɛ:
So Ɛyɛ Nsɛm a Enni Mu anaasɛ Ɛyɛ Nsɛm Pɔtee?
Mpɛn pii no, pɛadeahufo te sɛ Nostradamus de nsɛm ahorow a emu nna hɔ a ɛbɛma wɔate ase wɔ akwan horow pii so di dwuma. Wɔyɛ eyi de bɔ wɔn ho ban fi aniwu ho bere a wɔn nkɔmhyɛ ahorow no amma mu no. So yebetumi aka saa ara wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow ho? So ɛyɛ nsɛm a emu nna hɔ anaasɛ ɛyɛ nsɛm pɔtee?
Bere a wɔresusuw nsɛm a wɔahyehyɛ no ho no, wubehu sɛ nkɔm ahorow a wɔhyɛe no yɛ nea ɛka biribi ho asɛm pɔtee. Wɔka too hɔ pefee sɛ Babilon ne Edom bɛdan amamfo daa, na Yuda asase no bɛyɛ amamfo bere tiaa bi, nokwarem no, bere pɔtee bi—mfe 70. (Yeremia 29:10) Yesaia dii kan kaa nea obedi Babilon so nkonim a wɔfrɛ no Kores no din ho asɛm too hɔ bɛboro mfe 190. Ɛdefa Mesia no ho no, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ ne wu mu no wɔde no bɛka nsɛmmɔnedifo ne afei adefo kuw nso ho. Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ka no pefee sɛ wokum Yesu kaa nsɛmmɔnedifo baanu ho na akyiri yi, wosiee no wɔ ɔdefo bi ɔboda mu.—Yesaia 53:9; Luka 23:32; Yohane 19:38-42.
Nea enti a Bible nkɔmhyɛ ahorow ka nneɛma pɔtee ho asɛm ne sɛ efi obi a ɔkorɔn sen onipa hɔ. Ɔbɔadeɛ no, Yehowa Nyankopɔn a ɔmaa nnipa kyerɛw saa nkɔmhyɛ ahorow yi nim sɛnea wɔbɔɔ nnipa ne nea ɛka wɔn ma wɔyɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛ no. Obetumi aka nea ɛbɛba nnipa a wodi n’ahyɛde horow a ɛteɛ no so ne wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ani agu so no so ho asɛm ato hɔ pɛpɛɛpɛ. Onim nea ɛyɛ n’ankasa atirimpɔw na ɔwɔ tumi ne nyansa a ɔde bedi ho dwuma ma anya ne mmamu. Ɔka sɛ: “Mifi mfiase meka awie asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no . . . Na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.”—Yesaia 46:9, 10.
Nsɛm a ɛwɔ ɔfã 14-17 a ɛwɔ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛka ho no mu no twe adwene si adanse a ɛne sɛ yɛte bere a Bible frɛ no “nna a edi akyiri” mu no so. Dɛn “nna a edi akyiri?” Wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe a ɛpow Yehowa amansan tumidi anaa ebu ani gu so anaa ɛkyeakyea n’akwan horow no. Bible no kyerɛ sɛ nyaatwom ne atoro nyamesom ne nea ebedi kan aba awiei—eyi bɛba denam asase so amammui tumi horow no nsa so wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu. (Adiyisɛm 17:16, 17; 18:2-8) Wɔ ɛno akyi no, Onyankopɔn Ahenni ankasa bɛsɛe adesamma nniso horow nyinaa—a wɔn nyinaa wɔ mogyahwiegu ho kyerɛwtohɔ na ɛde wɔn ankasa apɛde ahorow adi Onyankopɔn ahyɛde horow anim no—na ɛde wiase bi a emufo yɛ biako aba wɔ Onyankopɔn nniso ase.—Daniel 2:44; 7:13, 14.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, wɔn a wobenya nkwa atra asase so no benya asomdwoe ankasa na aduan bebu so ama adesamma nyinaa a ɛnyɛ aman anaa mmusua horow bi nko. (Dwom 37:10, 11; Yesaia 25:6) Ɔyare ne owu bɛyɛ nea atwam. (Adiyisɛm 21:3, 4) Wobenyan adesamma mu awufo a Onyankopɔn kae wɔ no mpo.—Yohane 5:28, 29.
So saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi nyinaa bɛbam ankasa? Ntease pa biara nni hɔ a enti ɛbɛma wɔagye ho kyim. Tete nkɔmhyɛ ɔhaha pii ada no adi sɛ ɛyɛ nokware, enti yebetumi anya ahotoso kɛse wɔ eyinom mmamu mu nso.
Wobɛyɛ dɛn anya nkwa wɔ nhyehyɛe dedaw yi sɛe a wɔaka ho asɛm ato hɔ yi mu akɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu? Odiyifo Sefania bua sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa], asase sofo a mobrɛ mo ho ase . . . Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.”—Sefania 2:3.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22, 23]
Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Bi ne Ne Mmamu
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
1. Awiei koraa no, Babilon a na ɛmmɛyɛɛ wiase ahemman bi a ɛwɔ anuonyam ahenkurow no bɛdan amamfo a wɔrentra mu bio. Yesaia 13:19, 20
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 900 akyi
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
“Babilon hweree ne tumidi na awiei koraa no, ɛho abakɔsɛm baa awiei ansa na afeha a ɛto so abien Y.B reba.”—The Great Soviet Encyclopedia, 1974 Engiresi de., Po. 4, kr. 8.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
2. Sodifo bi a wɔfrɛ no Kores bedi Babilon so nkonim Yesaia 45:1-3; 47:1-5
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 193 akyi
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
“Persia hene a wɔfrɛ no Kores II ko faa Babilon wɔ 539 A.Y.B. mu.”—Ibid., kr. 9.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
3. Medo-Persia ahemman a wɔde odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a nea ɛware no ne nea ɛto so abien a efii no yɛ ho mfonini no bedi Babilon akyi. Daniel 8:1-4, 20
Bere A Wɔkyerɛwee
Bɛyɛ 551 A.Y.B. mu
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 12 akyi wɔ 539 A.Y.B. mu
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Media tumidi na edii kan bae, nanso Persia tumidi a edii akyi bae no tumi sen no.—Encyclopædia Britannica, 1959, Po. 15, kr. 172 and Po. 17, kr. 550.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
4. Ɔpapo a ɔwɔ abɛn biako a ɛyɛ Hela a ɛhyɛ ɔhene tumfoɔ bi ase ho mfonini no bebubu Medo-Persia ahemman a ɛwɔ mmɛn abien no. Daniel 8:5-7, 21
Bere A Wɔkyerɛwee
Bɛyɛ 551 A.Y.B mu
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 217 akyi, wɔ 334 A.Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Aleksanda Ɔkɛseɛ no dii Persia ahemman no so nkonim ma enti ɔhyehyɛɛ Hela Ahemman no.—The Outline of History, a H. G. Wells kyerɛwee, 1921, kr. 321.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
5. Hela hene tumfoɔ yi bewu wɔ bere a ne tumidi ayɛ kɛse mu. Wɔremfa ahemman no mma n’asefo: na mmom wɔbɛkyekyɛ mu ahorow anan. Daniel 11:2-4
Bere A Wɔkyerɛwee
539 A.Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 216 akyi, 323 kosi 301 A.Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Bere a Aleksanda dii mfe 33 no atiridii kum no: wɔ ɛno akyi bere tiaa bi mu no wokunkum ne mmabarima baanu no. Awiei koraa no, bere a n’asafohene ne wɔn ho wɔn ho adi ako akyi no, Seleucus, Ptolemy, Lysimachus ne Cassander kyekyɛɛ ahemman no mu fae.—Ibid., nkr. 336, 337.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
6. Ɔhene Nebukadnesar bedi mpoano kurow a wɔfrɛ no Tiro a sika pii wom no so nkonim. Esiane sɛ ɔsɛe no bɛyɛ pasaa nti, wɔbɛsesaw kurow no mu dɔte akɔ na apopofo ahata wɔn asaw wɔ hɔ. Hesekiel 26:4-7
Bere A Wɔkyerɛwee
607 A.Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 275 akyi, wɔ 332 A.Y.B. mu
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Nebukadnesar sɛee kurow a ɛwɔ asase kesee so no. Mfehaha pii akyi no, Aleksanda sesaw Tiro amamfo so abo ne nnua a abubu no guu po no mu ma ɛyɛɛ ɔkwan kɔɔ kurow a na ɛwɔ supɔw no so no mu na ɔko fae. Ɛtɔ bere bi a, wohu asaw a wɔahata wɔ hɔ nnɛ.—Encyclopædia Britannica, 1959 de, Po. 22, kr. 653.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
7. Wɔbɛsɛe Yuda ahenni no, na wɔde emu ahode ne ne manfo akɔ Babilon. (Wɔhyɛɛ nkɔm yi wɔ Asiria Ahemman a na ɛwɔ tumi no bere so, bere a na Babilon yɛ ɔman a ɛhyɛ n’ase ara kwa no.) Yesaia 39:5-7
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
mfe125 akyi, wɔ 607 A.Y.B. mu
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
“‘Diaspora’ kaa Yudafo no asetra wɔ Palestina akyi ho asɛm, ne titiriw wɔ bere a Babilon hene Nebukadnesar de wɔn kɔɔ nnommumfa mu akyi no.”—The Great Soviet Encyclopedia, 1975 Engiresi de, Po. 8, kr. 198.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
8. Nea odii Babilon so nkonim a wɔfrɛ no Kores no, begyae Yudafo no. Wɔbɛsan akyekye Yerusalem ne n’asɔredan no na wɔbɛba abɛyɛ nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa yɛ nokware nkɔmhyɛ Nyankopɔn no ho adansefo.
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 195 akyi, efi 537 A.Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
“Yudafo no . . . san baa . . . Yerusalem fi Babilon wɔ Kores bere so.”—The Outline of History, a H. G. Wells kyerɛe, 1921, kr. 230. Afeha a edi kan abakɔsɛm kyerɛwfo a wɔfrɛ no Flavius Josephus kyerɛw ne mmamu wɔ ne Antiquities of the Jews mu.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
9. Wɔbɛwo Israefo Mesia a ɔyɛ ɔhene a wɔatwɛn no akyɛ no wɔ Betlehem. Mika 5:2
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 716 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 714 akyi
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Mateo 2:1 ne Luka 2:1-4 si so dua sɛ wɔwoo Yesu wɔ Betlehem wɔ 2 A.Y.B. mu.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
10. Ɔbaabun na ɔbɛwo no. Awiei koraa no, sɛ Onyankopɔn sodifo a wama no so na wapaw no no, ɔne adesamma sodifo no nyinaa bebu akontaa ma ayɛ wɔn nwonwa na ɔde asomdwoe a enni awiei aba asase so. Yesaia 7:14; 9:6, 7; 52:13-15
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 730 akyi, wɔ 2 A.Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Wɔakyerɛw Yesu a ɔbaabun woo no a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm wɔ Mateo 1:18-23 ne Luka 1:26-2:4. Nkramofo Koran no mpo gye eyi tom wɔ sura III, nkyekyem 40-48. Ɛrenkyɛ wɔ Harmagedon no, ɔbɛsɛe wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
11. Nea edi kan no wobegu Mesia a ɔyɛ ɔhene yi anim ase, na n’ankasa manfo bekum no, ɛmfa ho sɛ ɔsaa wɔn nyarewa ahorow. Wɔde ne wu bɛpata ama adesamma bɔne. Yesaia 53:3-12
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 760 akyi, fi 29-33 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Nsɛmpa anan no kyerɛwtohɔ di nyarewa ahorow a Yesu sae wɔ anwonwa kwan so ne n’amanehunu ne ne wu a ohyiae wɔ Yudafo no nsam no ho adanse. (1 Korintofo 15:3-8) Wɔaka nkwagye wɔ ne din mu ho asɛm wɔ wiase nyinaa.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
12. Wɔn a wɔte Yerusalem a wokum no no behu sɛ asraafo atwa wɔn ankasa kurow no ho ahyia. Ntua yi rensɛe wɔn a wɔwɔ kurow no mu ntɛm ara. Ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama Yesu akyidifo no ma wɔaguan afi kurow no mu ne Yudea. Luka 21:20-24
Bere A Wɔkyerɛwee
33 Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 33 akyi, wɔ 66 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Chronicles—News of the Past, a ɔbenfo Israel Eldad ne Moshe Aumann kyerɛwee ka abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛfa Yudafo ɔsram a wɔfrɛ no Tishri no da a ɛto so 30 wɔ 66 Y. B. mu ho asɛm: “Romafo bɛn Yerusalem, wofi ase ka kurow no hyem.” Akyiri yi, nhoma no kyerɛe se: “WƆTƆREE ROMA ASRAAFO ASE . . . wɔakunkum . . . bɛyɛ Roma asraafo ne apɔnkɔsotefo 6,000.”
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
13. Saa asraafo yi bedi nkonim wɔ bere foforo mu. Wɔbɛka kurow no ahyem ma wɔde nnua a wɔasinsen ano agye ho ban ahyia. Wobekunkum wɔn a wɔtete mu no na wɔabubu asɔredan no agu. Wɔbɛtwe awo ntoatoaso koro no ara a Yesu kaa asɛm kyerɛɛ wɔn no aso esiane Onyankopɔn adiyifo mogya a wohwie gui no nti. Luka 19:43, 44; 21:5, 6; 11:47-51
Bere A Wɔkyerɛwee
32 ne 33 Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 37 akyi, wɔ 70 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Chronicles—News of the Past, ka da a ɛto so 10 wɔ Ab mu wɔ 70 Y.B mu ho asɛm: “WƆAKO AFA YERUSALEM: ASƆREDAN NO REHYEW . . . Nnipa a Wɔawuwu Boro Ɔpepem . . . Ná Asɔredan no afã horow bi da so ara rehyew . . . Wɔabubu nkae no pasaa ma adan dɔte.” Hwɛ Flavius Josephus adansedi kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Wars of the Jews mu no nso.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
14. Nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mprempren nhyehyɛe yi abɛn n’awiei—akodi akɛse, aduankɔm bɛba wɔ mmeaemmeae, asasewosow ne Onyankopɔn wiase nyinaa nniso a ɛreba no ho asɛmpa a wɔbɛka. Eyi nyinaa a “awiei no” ka ho bɛba wɔ awo ntoatoaso biako mu. Mateo 24:3, 7, 14, 21, 32-34.
Bere A Wɔkyerɛwee
33 Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 1,881 akyi, fi 1914 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Efi 1914 no, wiase no ahu wiase nyinaa ko abien pɛ wɔ abakɔsɛm mu. Ɔkɔm de nnipa a wɔwɔ wiase no mu nkyem anan mu biako na nnipa ɔpepem 40 wuwu afe biara. Afeha yi nso ahu asasewosow a anya nkɔanim. Wɔ 1983 mu nkutoo no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew ɔpepem 436 kaa “asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
15. Wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no, ɔbrasɛe, anigyede akyi a wodi, nsɛmmɔnedi, abusua asetra a asɛe ne mmofrabɔnesɛm benya nkɔanim kɛse. 2 Timoteo 3:1-5
Bere A Wɔkyerɛwee
Bɛyɛ 65 Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 1,849 akyi, fi 1914 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Nsɛmmɔnedi, basabasa ne amumɔyɛsɛm abu so wɔ wiase no mu nnɛ. Aware a ɛregu anya nkɔanim kɛse. Mmaninyare abu so. Mmofra titiriw sɔre tia tumidi.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
16. Pii bedi adanse a ɛkyerɛ sɛ mprempren nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” aba no nyinaa ho fɛw. 2 Petro 3:3, 4
Bere A Wɔkyerɛwee
Bɛyɛ 64 Y.B.
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 1,850 akyi, fi 1914 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Adwenem nnaayɛ a wonya wɔ Bible no ho abɛyɛ nea ɛrenya nkɔso kɛse. Adwene a ɛne sɛ nsɛmmɔnedi awiei abɛn yɛ nea pii di ho fɛw.
Nkɔmhyɛ No Mu Asɛm
17. Nanso wɔ “nna a edi akyiri no mu no,” nnipa a wofi amanaman nyinaa mu befi wɔn pɛ mu aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔasua Yehowa akwan; eyinom nyinaa begyae akodi sua ne wɔn ho a wɔde hyɛ mu no. Yesaia 2:1-4
Bere A Wɔkyerɛwee
Ansa na 732 A.Y.B. reba
Bere A Enyaa Mmamu
Mfe 2,666 akyi, fi 1935 Y.B.
Nea Esi Ne Mmamu So Dua
Yehowa Adansefo bɛboro 2,600,000 a wɔwɔ nsase 205 so de wɔn bere reboa afoforo ma wɔasua Bible mu nokware ahorow. Ɛyɛ nea wonim no yiye se saa amanaman ntam anuanom yi mmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu.