Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 1/8 kr. 16-19
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ninkuntwe​—Nea Eye ne Nea Enye
  • Di a Wubedi Ninkuntwe So
  • Boa a Wobɛboa Afoforo
  • Ɔdɔ di Ninkuntwe a Ɛmfata So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Ninkuntwe Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ninkunu a Wɔtwe ma Yehowa Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 1/8 kr. 16-19

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Me Ninkuntwe Nkate No So?

‘Na Carol rehome awia wɔ kɔfe aguadidan bi mu, bere a ɔkae sɛ wanya adwuma foforo a n’akatua kɔ anim yiye no. Ɛkaa kakraa anka n’adamfo a ɔbɛn no no keeki a wɔde kyiis ayɛ a ɔredi no kaa ne menewa mu bere a ɔtee asɛm no. Nanso ɔbɔɔ mmɔden dii ne ho so na ɔboapa yɛɛ te sɛ nea Carol asɛm no yɛ no anigye. Nanso wɔ ne mu no na ɛyɛ ne yaw pii. Ɛne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ adwuma koro no ara nanso wɔamfa amma no. Ɔtee nka sɛ Carol nni adwuma no ho nimdeɛ te sɛ ɔno​—nanso wɔde adwuma mu panyin no ama Carol. Ɛte sɛ nea saa nye. Enti Carol adamfo no fii ase buu no sɛ ɔyɛ obi a ɔne no si akane. Ninkuntwe ho nkate horow nyaa ne so nkɛntɛnso kɛse. Dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛyɛ dɛn atumi adi ne ninkuntwe no so?’

NSƐM a esisi te sɛ eyi a ɔkyerɛwfo Mary Long ada no adi wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Family Weekly mu no yɛ nea abu so kɛse. Yɛn mu nnipa kakraa bi na wotumi di ninkunu a ɛtɔ bere bi a yɛtwe wɔ kokoam bere a yɛn adamfo bi anya biribi pa no so. Nanso sɛ obi twe ninkunu bere nyinaa a, ɛyɛ ade a ɛsen ɔhaw bi a ɛba bere tiaa bi mu ara kwa. Wɔ nsɛm a emu yɛ den mu no, ninkuntwe tumi sɛe nneɛma nyinaa a obi yɛ anaa ne nkate horow. Sɛnea ɔkyerɛwfo biako ka no: “Ninkuntwe pira: Ɛte sɛ nea edi yɛn so, yɛn nipadua ne yɛn kra so. Nkate ahorow kakraa bi na etumi nya yɛn so nkɛntɛnso kɛse saa​—gye sɛ ebia ɔdɔ.” Enti wɔaka ninkuntwe ho asɛm sɛ ɛyɛ bɔne a emu yɛ den. Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm no bisa sɛ: “Hena na obetumi agyina ninkuntwe anim?”​—Mmebusɛm 27:4.

Esiane sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ nti, ebia na ninkuntwe a ɛte sɛɛ bi wo yɛn mu biara mu. Ɛwɔ ɔkwan a ɛfa so da ne ho adi wɔ nsɛm tebea horow mu. Ɛnyɛ yɛn asɛyɛde ne sɛ yebebu yɛn ani agu ninkuntwe a epira so nko na mmom sɛ yebesua sɛnea yebedi so na yɛadi so denam Onyankopɔn honhom no tumi so. (Galatifo 5:25, 26) Saa a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ ɛwom sɛ wunnyinii de, nanso woyɛ Kristoni a ne ho akokwaw.

Ninkuntwe​—Nea Eye ne Nea Enye

Wɔ ɔkwan bi so no, twe a watwe ninkunu betumi akyerɛ nnamyɛ a ɛfata a woyi adi wɔ nea ɛteɛ ho. Wɔaka Yehowa ho asɛm mpo sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn ninkufo,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔyɛ nnam wɔ ne dinpa no ne nokware ne trenee ho. Ɛtɔ bere bi a wɔka n’asomfo anokwafo ho asɛm sɛ wɔyɛ aninkufo.​—Exodus 34:14; 2 Korintofo 11:2.

Wɔ ɔkwan foforo so no, mpɛn pii ninkunu a wɔtwe no gyina adwene a ɛnteɛ a wɔanya so. Ebia obi a ɔyɛ oninkufo benya afoforo ho adwene a ɛnteɛ a ntease biara nni mu anaa obedi yaw wɔ aso a wɔyɛ ma afoforo bere a ɔte nka sɛ ne nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no saa no. Sɛ nhwɛso no, Elizabeth hu sɛ ɔretwe ninkunu wɔ aso a wɔyɛ ma ne nuabea no ho. Ose: “Nokwasɛm a ɛne sɛ [me nuabea] no ani so da hɔ esiane mfe a wadi no nti, ne tumi a obetumi ayɛ nneɛma pii a merentumi nyɛ da no ma metwe ninkunu . . . Me bo fuw me ho wɔ m’abufuw no ho, efisɛ minim sɛ ɛnsɛ sɛ mete nka saa.”

Sɛnea nea ɛde ba te biara no, ninkuntwe a ɛnteɛ wɔ tumi a ɛsɛe ade. Ebetumi asare obi nna, ɛbɛma woayɛ basaa na ebetumi de ayamkekaw ne adwenemhaw aba. Ebetumi ama obi bo afuw na wanya afoforo ho tan na ama wayɛ bɔne a emu yɛ den mpo. Kain ninkunu a ɔtwee no ma okum ne nua Habel.

Ninkuntwe betumi asɛe abusuabɔ a eye sen biara. Yɛmpɛ nnipa a woyi wɔn anim twe ninkunu asɛm. Bible no ka sɛnea Rahel twee ne nuabea Lea ho ninkunu ho asɛm. Eyi maa abusuabɔ a ɛda wɔn ntam sɛ anuanom no ho baa asɛm. (Genesis 30:1) Saa ara na Yosef nuanom mmarima twee abusuabɔ a na Yosef ne n’agya wɔ no ho ninkunu. Wosiesiee wɔn ntam ntawntawdi no wɔ mfe pii akyi wɔ bere a wɔahwehwɛ wɔn koma mu yiye no akyi. (Genesis 37:4; Asomafo no Nnwuma 7:9) Ɔhene Saul a ofi Israel twee ninkunu bere a Israel mmea kamfoo Dawid sɛ wɔn nkonimdifo no. Wɔtow dwom sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” (1 Samuel 18:7) Saul ninkuntwe no maa abufuw, adwemmɔne ne nitan bɛhyɛɛ ne mu. Awiei koraa no, ɔtaa Dawid a na ntease biara nnim. Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, na ntease biara nni adeyɛ a ɛte sɛɛ mu. Na Dawid nhwehwɛ sɛ obegye ahenni no afi Saul nsam.

Di a Wubedi Ninkuntwe So

Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi adi nunkuntwe so? Wiɛ, bere a Kain twee ne nua Habel nkɔso ho ninkunu no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Kain sɛ: “,Sakra na yɛ papa . . . Nanso sɛ woansakra anyɛ papa a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.” (Genesis 4:7, New World Translation) Worentumi nni ninkuntwe so, sɛ woanyɛ papa a. Kain powee sɛ ɔbɛyɛ papa. Wantie Onyankopɔn afotu. Okum ne nua. Sɛ wufi ase sɛ wotwe ninkunu a, so wubetie Onyankopɔn afotu a eye no a ɛne: “Sakra na yɛ papa.’

Bible no kɔ so ka sɛ, ɔdɔ a emu yɛ den ho hia na ama woatumi adi ninkuntwe so. Yɛkenkan sɛ: “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw (ɛntwe ninkunu) .” (1 Korintofo 13:4) Ahopɛ wɔ ninkuntwe mu sen ɔdɔ a ɛwɔ mu ma afoforo. Nanso hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho so asusuw​—wɔn a wɔma ninkunu sɔre wɔ yɛn mu​—no ho wɔ ɔkwan pa so​—abɔ mpae ama wɔn mpo​—no, tumi brɛ ninkuntwe ase wɔ ɔkwan bi so. Etumi ma yedi so.

Kyekye a afoforo bɛkyekye yɛn werɛ yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so di ninkuntwe so. Sɛ awofo hu sɛ wɔn ba retwe ninkunu a, mpɛn pii no wɔbɔ mmɔden kyekye ne werɛ sɛ wɔdɔ no. Wɔkae abofra no sɛ ɔwɔ akyɛde ahorow a afoforo nni, na awiei koraa no nneɛma nyinaa tumi fa ɔkwan bi so kari pɛ. Na sɛ abofra no to ne ho mu hyɛ ne dan mu, esiane sɛ ɛte sɛ nea wɔn ani gye ne nuabea ho kɛse nti a, ɛna no betumi aboa abofra no ma wanya ne ho adwene a ɛfata na ɛkari pɛ. Obetumi ayɛ no atuu na waka nkuranhyɛ nsɛm kakra akyerɛ no, te sɛ: “Yɛpɛ wo nuabea no asɛm nanso Onyankopɔn ama wo nso akyɛde horow. Wɔama wo nipasu a ɛyɛ nwonwa a ɛno ankasa yɛ ahoɔfɛ a wɔntaa nhu. Okununom pɛ ahoɔfɛ.”

Sɛ ninkuntwe ho nkate horow haw wo a, so ɛsɛ sɛ wote nka sɛ woanyin dodo sɛ wubenya mfaso afi kyekye a w’awofo bɛkyekye wo werɛ no mu? Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔwɔ pii ka a ɛbɛboa wo ma woanya afoforo nkɔso ho anigye. Wobetumi aboa wo ma woakyerɛ ɔdɔ ama nnipa a wɔma ahoɔyaw sɔre wɔ wo mu no.

Ɛtɔ bere bi a nnipa a nsɛm tumi haw wɔn kɛse no susuw nsɛm ho ma ɛkyɛ bere a wɔtwe afoforo ho ninkunu no. Ɛho hia sɛ wɔn a wɔte saa no ka sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho no kyerɛ. Ma wo ninkuntwe no nna adi. Ma afoforo nhu. Hu dekode a ɛhaw wo no anaa nea ɛhyɛ wo abufuw no. Sɛ wokata ninkuntwe no so a wobɛsɛe wo suban sen sɛ wobɛma afoforo ahu sɛnea wote nka no.

Boa a Wobɛboa Afoforo

Mpɛn pii no, ɛho hia sɛ wokyekye wo nnamfo nso werɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wufi adamfofa foforo ase a, wubetumi ahyɛ wo adamfo paa no bɔ sɛ, “Mma me ne Ann abusuabɔ no nhaw wo, efisɛ biribiara nni hɔ a yebetumi de asi yɛn adamfofa no ananmu.” Ebia nsɛm kakraa bi a ɛte saa no ne nea ɛho hia a wode besiw ninkuntwe no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennye ntini. Bere a Eldad ne Medad nyaa Onyankopɔn honhom bere a Mose nni hɔ no, Yosua twee ninkunu maa ne wura Mose. Mose de awerɛkyekye nsɛm yi teɛɛ Yosua so sɛ: “Ka me nko a, anka [Yehowa] man nyinaa adannan adiyifo, na [Yehowa] de ne honhom agu wɔn so.” (Numeri 11:10-29) Ɛno maa Yosua koma tɔɔ ne yam.

Enti boa afoforo. Bɔ mmɔden sɛ wubekwati ninkunu a wobɛma asɔre wɔ afoforo mu no. Mpɛn pii no, mmeawa de wɔn ntade hoahoa wɔn ho na mmea de wɔn aware mu nkawa yɛ saa. Nkurɔfo de nkɔso a wɔanya wɔ nnwuma mu hoahoa wɔn ho. Mmea de nnwom kamfoo Dawid mmaninsɛm no na wɔde nidi kɛse maa Dawid sen ɔhene Saul. Susuw nkɛntɛnso a ebia wo nneyɛe ne wo nsɛm benya wɔ afoforo so no ho. Eyi bɛboa wo pii ma woadi ninkuntwe so na ama woakora abusuabɔ pa so.

[Kratafa 17 mfoni]

Ebinom twe ninkunu bere a wohu sɛ wɔn adamfo paa afi ase yɛ asõ ma obi foforo no

[Kratafa 18 mfoni]

Ɛtɔ bere bi a, yebetumi aboa yɛn adamfo ma wadi ninkuntwe so denam yɛn nokware adamfofa no mu ahotoso a yɛbɛma wanya no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena