Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Mehaw Me Ho Wɔ Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ Ho?
Meda mo ase wɔ afotu pa a ɛwɔ asɛm a ɛne sɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mehaw Me Ho Wɔ Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ Ho?” mu no ho. (Awake! March 22, 1984) M’ankasa osuahu ama mahu nokware a asɛm no yɛ. Bere a na mekɔ sukuu no, na meka wɔn a wɔbɔ mmɔden yiye wɔ adesua mu no ho. Dɛn ntia? Ná meyɛ aso bere a ɔkyerɛkyerɛfo no rekasa na na mede me ho hyɛ adesua no mu na mibisa nsɛm ahorow.
R. V., Italy
Na mo asɛm a ɛfa sukuu adesua mu mmɔdenbɔ ho no yɛ mmoa kɛse ma me. Anyɛ yiye koraa no, me sɔhwɛ ho dadwene so tew beduu ɔha biara mu nkyem 50. Ɛwom sɛ na metaa dwennwen sɔhwɛ ho de, nanso na ntease biara nni mu, efisɛ na mebɔ mmɔden wɔ sukuu.
M. M., Federal Republic of Germany
Mmarima ne Mmea Ayɔnkofa Ho Nhoma Ahorow
Mprempren meretow mmarima ne mmea ayɔnkofa ho nhoma ahorow 90 agu, ná ɛyɛ nhyehyɛe pa ma me. Ɛyɛ bere a na makenkan mo asɛm a ɛne sɛ “So Mmarima ne Mmea Ho Ayɔnkofa Ho Nhoma Ahorow a Wɔkenkan Yɛ Nea Asiane Biara Nni Mu?” (May 8, 1984) no, na minyaa nkuranhyɛ a ehia no de yɛɛ saa.
E. R., Brazil
Asɔfo Mpanyin ne Ɔtopae No
Mo asɛm a ɛfa “Asɔfo Mpanyin ne Ɔtopae” (September 8, 1984) ho no kyerɛ sɛ asɛm wɔ Katolekfo asɔfo mpanyimfo ne afoforo gyinabea ne yɛ a asɛm a wɔkae no yɛ ne bere so de no ho. Faako a yɛadu wɔ abakɔsɛm mu yi, ɛsɛ sɛ yɛde nyamesom ne yɛn mmɔdenbɔ wɔ bere tiaa a yɛde tra asase so no di biakoyɛ ho dwuma na ɛnyɛ mpaapaemu. Sɛ yebedi asetra mu nsɛm (sɛ nhwɛso no, sraadi ho nsɛm) ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow hyia so no yɛ adeyɛ a ɛteɛ na ɛho hia kɛse mprempren sen bere biara, sɛ yesusuw sɛnea akode ahorow no yɛ akɛse no ho a. Nanso kasa a mokasa tia Katolekfo ne Kristosom koro no ara na mobɔ mmɔden sɛ mobɛsom Onyankopɔn koro no ara no mma ɛnyɛ yiye.
J. T., California
Yɛnkasa ntia Katolekfo ne Protestantfo asɔre mpanyimfo esiane sɛ wɔrekasa atia ɔko nti. Nea yehu sɛ enye ne sɛ, Katolekfo ne Protestant asɔfo no agyina ɔko ahorow a wɔde afoa, atuo, atopae ahorow ne bere a wodii kan de nuklea atopae ahorow dii dwuma mpo no akyi, a wɔansusuw awerɛhow, amanehunu ne owu a ɛbaa nnipa mpempem pii so no ho. Yɛte nka sɛ ɛyɛ nea ɛfata sɛ yebebisa sɛ: “So wosii wɔn gyinae yi wɔ bere a aka yi mu esiane sɛ ɛda adi sɛ nuklea akode a wɔreyɛ no redɔɔso pii nti, ma enti ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom no betumi ama wɔn ankasa ase atɔre nti? So wɔpene ɔko a wɔmfa nuklea akode nni dwuma wom so esiane sɛ nnipa a wobewu ne nneɛma a ɛbɛsɛe yɛ nea esua sen nea ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom bɛsɛe no nti? Yesusuw sɛ ɛfata se yetĩ asɛm a nuklea nyansahufo Harold Agnew kae no mu: “Misusuw sɛ wɔpɛ nyaatwomfo, efisɛ wɔpene ɔko a wɔmfa nuklea akode nni dwuma wom so sɛ eye na nuklea ɔko de enye. Eyi ne beae a edi kan wɔ abakɔsɛm mu a esiane ahoɔden a nuklea akode wɔ nti, ama wɔn a wosi gyinae sɛ wɔnkɔ ɔko ne mmerante a wɔsoma wɔn sɛ wonkodi mpanyimfo gyinaesi ho dwuma no nyinaa wɔ asiane mu. Enti asɔre ahorow ne afoforo a wosisi gyinae nyinaa adan a wɔde bobesa sie mu ne wɔn honam fam nneɛma ne nneɛma afoforo a wɔwɔ nyɛ nea sɛ nuklea ɔko ba a wobetumi abɔ ho ban bio. Yɛn nyinaa ka ho.”—ED.