Afoforo Ho Adwemmɔne A Wonya—Asɛm A Ɛhaw Obiara
ADWUMAWURA no bisae sɛ, “Dɛn nti na womma ɔkyena? Migye di sɛ yebetumi afa wo wɔ adwuma no mu.” Yvonne de telefon no too so a ɔwɔ ahotoso sɛ wanya adwuma. Ná ɛno yɛ gyae a ɔrebegyae afisiesie adwuma a wayɛ fi bere a owiee kɔlege no akɔyɛ akrakye dwuma.
Ade kyee no, bere a ɔkɔe sɛ ɔrekɔyɛ adwuma foforo no, Yvonne huu ɔbea a ɔne no kasae wɔ telefon so no na ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no. Nanso bere a ɔtee Yvonne din a ɛtwa to a “n’ani nnye ho” no bio na afei ɔde totoo ne nipaban a ɛkyerɛ sɛ ofi apuei fam no ho no, ɔbea no kaa n’ano toom.
Yvonne ka sɛ, “ɔde ahopopo kasa hyɛɛ ne menewam, na awiei koraa no ɔka kyerɛɛ me sɛ adwuma biara nni hɔ.” Nanso na Yvonne nim nea enti a ɔsan kɔhwɛɛ dawuru a wɔbɔe wɔ adwuma no ho a ɛwɔ atesɛm krataa mu a ɛse “wohia mmoa” no mu bio no: abusua foforo ho adwemmɔne a wɔanya.
Asɛm a Ɛhaw Henanom?
Afoforo ho adwemmɔne a wonya ho asɛm a wɔka ma yɛn mu pii yɛ basaa kakra. Nsɛm kakraa bi na ne ka yɛ den saa—anaasɛ ɛkanyan nkate. Nanso yɛrentumi mmu yɛn ani ngu so anaasɛ yɛrentumi mpia nto nkyɛn te sɛ nea ɛyɛ obi foforo haw. Ɛkame ayɛ sɛ nyiyim kã adesamma ntam abusuabɔ biara. Anansesɛm ahorow a ɛfa sen a mmarima sen mmea ho, mma wɔmma mmea akatua a ɛkɔ anim, na hokwan a wɔwɔ sɛ wobenya adwuma ayɛ no yɛ kakraa bi. Nyamesom mu ntawntawdi ahorow ma basabasayɛ kɔ so wɔ Ireland. Canadafo a wɔka Franse kasa ne wɔn manfo a wɔka Engiresi kasa di akameakame. Wɔ India no, ɛwom sɛ wɔabra nyamesom kuw nhyehyɛe no de, nanso Hindufo a wɔwɔ nyamesom kuw yi mu no pow sɛ wɔne wɔn a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew no bɛbom anantew ɔkwan ahorow a ɛwɔ mmorɔn so no so. Europafo asetra mu gyinapɛn ahorow a egyina ahonyade ne anuonyam a efi tete no so ma akuw ahorow a emufo dibea korɔn sɔre tia wɔn a wɔyɛ mpapahwekwa. Wɔ aman ahorow te sɛ Brazil a aborɔfo ne abibifo ne wɔn ho wɔn ho bɔ mu mpo no, nhwehwɛmufo bi bɔ abusua mu ntawntawdi a ɛba wɔ sum ase ho amanneɛ.
Amammerɛ a wɔde hoahoa wɔn ho ma ɛtra so ma mpaapaemu ba abusuakuw biako mufo mpo ntam sɛnea Kalu ne Dupe osuahu no kyerɛ no. Ɛwom sɛ wɔn nyinaa yɛ Nigeriafo de, nanso Dupe maame (ofi Yoruba abusua mu) siw no kwan sɛ ɔmma ɔnware obi a ofi Igbo abusua mu. Saa ara nso na Kalu papa pow Dupe denam ka a ɔkae sɛ: “Sɛ woware Yorubani abeawa a, nka sɛ woyɛ me babarima” no so.
Enti afoforo ho adwemmɔne a wonya yɛ biribi a ɛsen asɛm bi a ɛfa abusua bi ho anaa ntawntawdi a ɛda abibifo ne aborɔfo ntam ara kwa. Ɛte sɛ nea ɛyɛ ade a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa de tia ɔkasa, amammerɛ ne asetra mu gyinapɛn ahorow a ɛsonosonoe nyinaa. Na sɛ́ ebia ɛkɔ so ma ɛdan basabasayɛ anaasɛ ɛyɛ nea ano nyɛ den nnu saa no, nneɛma a ɛbɛma wɔadi yaw betumi afi afoforo ho adwemmɔne a wonya mu aba: Ohia, ahohiahia, obu a wonni mma wɔn a wɔanya wɔn ho adwemmɔne na ɛma wɔn a wɔanya afoforo ho adwemmɔne no mu fã kɛse ara di yaw wɔ fɔ a wodi ho na wɔn ahonim haw wɔn. Saa ara nso na ehu, adwenem basaayɛ ne dadwene wɔ baabi a wɔanya wɔn ho wɔn ho ho adwemmɔne no. Wɔaka mmeae horow ho asɛm sɛ ɛyɛ nea ɛnsɛ sɛ nkurɔfo kɔ hɔ esiane abusua mu ntawntawdi nti. Afoforo mu ahotoso a wonni ne yɛ a wɔne wɔn ho wɔn ho nyɛ adwene yɛ nea ɛsɛe adamfofa su a wobetumi anya.
Enti afoforo ho adwemmɔne a wonya yɛ “asɛm a ɛhaw obiara.” Nanso ɛhe na afoforo ho adwemmɔne no fi ba? Dɛn nti na onipa mmɔden a wabɔ sen biara sɛ obeyi afi hɔ no ntumi nyɛ yiye? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya saa nsemmisa ahorow yi mu ntease bi no, momma yensusuw afoforo ho adwemmɔne a wonya no fã bi a atrɛw kɛse ho: abusua mu nyiyim.