Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 3
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 3
Ɔbarima bi ani kyerɛ baabi, na ɔbarima foforo rehyia no. N’adwenem no, ohu ɔbarima a ɔreba no sɛ kakae bi a ɔrebɛkye no.

Ɔtanhunu​—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?

Ɔtanhunu te sɛ nsanyare. Obi betumi anya bi nanso na onnim, na ebetumi adi no awu.

Ɔman a obi fi mu, sɛ́ obi yɛ obibini anaa oburoni, abusuakuw a obi fi mu, anaa kasa a obi ka nti, nkurɔfo betumi atan no kwa. Ɛno da nkyɛn a, ɔsom a obi wom, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, anaa sɛ́ ɔyɛ osikani anaa ohiani nso betumi ama nkurɔfo atan no. Ebinom wɔ hɔ a, mfe a obi adi, baabi a wakɔ sukuu akodu anaa sɛ́ ɔyɛ ɔyarefo ara nti ɛnna wɔtan no. Ebinom nso gyina obi ahoɔfɛ, sɛ́ ɔyɛ tenten anaa tiatiaa so tan no kwa. Nanso, saa nkurɔfo yi nyinaa wubisa wɔn a, wɔbɛka sɛ wɔntan obiara.

Ɔtanhunu adidi wo mu anaa? Sɛ obi tan obi kwa a, ɛnyɛ den sɛ yebehu. Nanso wobɛhwɛ no, na saa ara na yɛn nso yɛte. Nea ɛwom ne sɛ, ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa tumi tan nkurɔfo kwa. Sɛ ɛba sɛ obi mpɛ nnipakuw bi asɛm na sɛ ohyia wɔn mu bi a, ɔbenfo bi ka sɛ, “obetumi ayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ onni saa nkurɔfo no ho adwempa, nanso na onnim mpo sɛ wayɛ saa.”—Ɔbenfo David Williams a osua nnipa asetena ho ade.

Jovica te ɔman bi a ɛwɔ Europe mu. Nnipa bi wɔ ɔman no mu a nkurɔfo nhyɛ da mpɛ wɔn asɛm. Jovica kaa sɛ: “Me de, na ɛyɛ me sɛ obiara nni hɔ a ofi saa kuw no mu a ɔyɛ onipa pa. Nanso amma m’adwene mu da sɛ na mereyɛ nnipa mu nyiyim. Nea na metaa ka ara ne sɛ, ‘nokware de, ɛda hɔ a na woaka.’”

Wokɔ aman pii so a, wɔahyehyɛ mmara a wɔde ko tia nnipa mu nyiyim, nanso enkosi hwee. Adɛn ntia? Efisɛ gye sɛ obi ayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wato mmara no ansa na wɔatumi de mmara no awe no. Nanso asɛm no ne sɛ ɔtan de, efi komam, na esiane sɛ obi ntumi nhu nea ɛwɔ obi komam ne n’adwenem nti, wɔrentumi nnyina so nka sɛ wɔde mmara no rewe no. Nanso, wei kyerɛ sɛ yɛrentumi ntu ɔtanhunu ase anaa? Ɛyɛ a, ebinom ka sɛ ɔtan nni aduru. Ɛyɛ ampa?

Nneɛma nnum bi wɔ hɔ a aboa nkurɔfo pii ama wɔayi ɔtanhunu afi wɔn komam na wɔanya nkurɔfo ho adwempa. Yɛsrɛ wo, kenkan nsɛm a edidi so no na wubehu ɛho nsɛm pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena