Wobetumi Adi Afoforo Ho Adwemmɔne A Wonya So
SƐNEA asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Frederick Samuels kyerɛ no, “afoforo ho adwemmɔne a wonya ba bɛyɛ obi nipasu fã . . . Ɛka sɛnea obu ne ho ne sɛnea ohu ne ho no ho . . . Gyae a yebegyae adwene ne su horow bi a yenya wɔ mmusua afoforo ho no den a ɛyɛ te sɛ twa a yebetwa yɛn nsa anaa yɛn nan akyene.”
Pii susuw sɛ sɛ anka wobetumi ama mmusua horow nyinaa ayɛ adwuma abom na wɔahu wɔn ho wɔn ho a, anka afoforo ho adwemmɔne a wonya befi hɔ wɔ ɔkwan bi so. Eyi tumi yɛ adwuma wɔ nkyerɛkyerɛ mu mmom sen sɛ wode bɛyɛ adwuma ankasa. Ɛtɔ bere bi a fra a wɔde wɔn frafra no ma asɛm no mu bɛyɛ den na ɛma abusua mu ntawntawdi ahorow no bɛyɛ kɛse. Wɔ ɔkwan foforo so no, susuw mmofra a wɔde wɔn frafrae wɔ sukuu biako mu wɔ United States kusuu fam no ho. Wɔ hɔ no, sukuufo a wɔyɛ abibifo ne aborɔfo bom yɛ adwuma wɔ asomdwoe mu. So afoforo ho adwemmɔne a wonya awiei? Nhoma a wɔfrɛ no Desegregated Schools: Appraisals of an American Experiment akyerɛwfo ka sɛ, sukuufo no da so ara paw sɛ wɔne wɔn ankasa abusua mufo bɛtra faako na ɛkame ayɛ sɛ wɔne wɔn nkutoo na ɛbɔ fekuw. Nhwehwɛmufo frɛ no “Abusua mu mpaapaemu wɔ sum ase.”
Enti mpɛn pii no, abusua mu biakoyɛ yɛ biribi a ɛsen tra a wɔtra ase bom wɔ faako wɔ asomdwoe mu kakra. Sɛ mmusua ahorow ahorow no pɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛdɔ na wɔate wɔn ho wɔn ho ase a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ pii sen fra a wɔde wɔn frafra ara kwa. Nanso dɛn na wɔbɛyɛ? Gyina a Amanaman Nkabom no gyinaa “Wiase Nyinaa Nhyiam a Ɛto So Abien a ɛbɛma Wɔako Atia Abusua Mu Mpaapaemu ne Abusua Mu Nyiyim” akyi no anyɛ mmɔden kɛse biara a wɔbɔɔ wɔ ho. (August 1-13) Nanso sɛnea wohwɛ kwan no, nea efii mu bae ne nkyerɛkyerɛ ahorow a wontumi mfa nni dwuma.
Abusua ne Ɔman Ho Adwene Foforo
Nkurɔfo rennyae su horow a ano yɛ den ne afoforo ho adwemmɔne a wonya no gye sɛ wonya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔ mpempem pii fam no, woanya ɔpɛ a ɛte saa denam Bible no a wosua so. Ebetumi adu komam na aka obi ma wayɛ ade sen nhoma foforo biara a ɛwɔ wiase no mu. “Na Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ na woyɛ obi a wotan abusua anaa ɔman bi. Sɛ wufi ase sua Bible no a, ɛrenkyɛ koraa wubehu sɛ ɛkyerɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyim,” “na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Galatifo 2:6; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Gye a wubegye atom sɛ Onyankopɔn “maa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu” no bɛma woasan asusuw adwene a wowɔ wɔ nnipa a wofi mmusua afoforo mu no ho bio. (Asomafo no Nnwuma 17:26) Ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi abu nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea, wɔn ti nhwi ne sɛnea wɔn aniwa ne wɔn hwene te, sɛnea wohu wɔ nnipa a wofi mmusua ahorow ahorow mu ho no sɛ wɔba fam, sɛ ɔne Onyankopɔn a ɔmaa nnipa nyinaa fi onipa biako mu no anya adamfofa a?
Ampa, ɛte sɛ nea mmusua ahorow ahorow no mufo wɔ nipasu ahorow titiriw bi—nea eye ne nea enye: Nanso Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Hwɛ eyinom yiye na woampere wo ho ammu atɛn [“woannya afoforo ho adwemmɔne,” Today’s English Version], nso woanyɛ biribiara nyiyim so.” (1 Timoteo 5:21) Enti Kristoni ma “obiara sɔ n’ankasa adwuma hwɛ” sen sɛ obegyina onipa honam ani hwɛbea anaa abusua so ahu sɛnea ɔsom bo.—Galatifo 6:4.
Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kae sɛ na nnipa a wɔwɔ Kreta no agye dimmɔne sɛ wɔyɛ “atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo, adidifo.” (Tito 1:12) Nanso eyi nkyerɛ sɛ na saa su horow yi yɛ nea wɔnam ɔkwan bi so nya fii awo mu anaasɛ na ɛwɔ Kretafo nyinaa mu. Efisɛ Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ ɔnhwehwɛ mmarima a wɔade wɔn ho afi eyi ho wɔ Kreta na ɔmpaw saafo no sɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu.—Tito 1:5.
Yegye tom sɛ ɛtɔ bere bi a ɛnyɛ den sɛ yɛbɛka sɛ su horow bi a ɛwɔ abusua bi mu no yɛ nea “ɛwɔ wɔn mogya mu.” Sɛ nhwɛso no ebia abusua bi mufo dodow bi rennya adwuma nyɛ. Ebinom ka ntɛm ara sɛ ‘Wɔyɛ anihafo.’ Nanso Kristoni wɔ ayamhyehye ma nnipa. Ohu sɛ pii yɛ nea wiase bɔne yi a emufo nsusuw afoforo ho “ama wɔabrɛ na wɔsam hɔ.” (Mateo 9:36) Ɛdɛn, wɔ nsase pii so no mmusua mu nyiyim ne sikasɛm mu tebea horow mma nnipa nnya nnwuma a ɛfata nyɛ! Enti nea mpɛn pii wosusuw sɛ ɛyɛ anihaw no yɛ anidaso a wonni ne abasamtu mmom. Saafo no hia honhom mu mmoa ne ntease—ɛnyɛ ɔkasatia a ano yɛ den.
Eyi ma yɛkae ɔsomafo Paulo afotu a ɛne sɛ “yɛmfa ahobrɛase adwene” nyɛ biribiara “mmu yɛn yɔnkonom nkyɛn yɛn ankasa ho” no. (Filipifo 2:3) Ebia afotu yi a yebegye atom no hwehwɛ sɛ obi yɛ nsakrae kɛse wɔ ne nsusuwii mu. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, pii te nka sɛ ‘Wɔsen afoforo’ efisɛ wonim nhoma anaasɛ wɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ asetra mu. Nanso Paulo kaee afeha a edi kan Kristofo no sɛ “wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw.” (1 Korintofo 1:26-28) Na saa ahobrɛasefo yi dwo na wɔwɔ koma pa wɔ Onyankopɔn ani so na ɛma wobu wɔn sɛ ‘wɔkorɔn.’ So obi betumi anya afoforo ho adwemmɔne bere a onya Onyankopɔn adwene yi wɔ afoforo ho no?
Wɔregyae
Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia wɔanya wo ho adwemmɔne akyɛ na woahu sɛ nnipa kakraa bi ankasa na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobegyae wɔn nyiyim ahorow no. Bible no betumi aboa ma woahu sɛ mfaso nni so sɛ wobɛhwɛ atɛntrenee kwan afi mprempren nhyehyɛe a akyea yi mu. Salomo kae sɛ, “Nea akyea no, wontumi nteɛ.” (Ɔsɛnkafo 1:15) Enti Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ awiei koraa no obeyi nsisi ahorow nyinaa afi hɔ na eyi ho nimdeɛ betumi ayɛ awerɛkyekye ankasa ama wo!—Dwom 37:1-11; 72:12-14.
Mprempren yi de ebia ɛho behia sɛ wohwehwɛ akwan horow a wobɛfa so agyina afoforo ho adwemmɔne a wonya no ano. Esiane adwene dedaw a wɔanya nti, ebinom nya afoforo ho adwemmɔne na wɔka sɛ obiara a ofi abusua foforo mu no yɛ nyiyim. Wɔn nkate horow ano ba bɛyɛ den mmoroso na nsɛm a wɔka a mfomso biara nni ho mu pii tumi ma wɔn bo fuw. Nanso Bible no bɔ kɔkɔ wɔ Ɔsɛnkafo 7:9 sɛ: “Mma wo honhom mpere abohuru ho.” Sua sɛnea wubegye afoforo adi mmom sen sɛ wubenya wɔn ho adwemmɔne na ama wɔatumi ade wo ho afi abufuw pii mu.
Kae nso sɛ Yesu manfo a wɔyɛ Yudafo pow no mpɛn pii. Nanso ɔhyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔmfa adwempa nkɔ nkurɔfo nkyɛn. Kristo kae sɛ, “Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi!” (Luka 10:5, 6) Ampa, ɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ nkurɔfo nkyɛn a wohwɛ kwan na wowɔ ɔpɛ sɛ wobenya asomdwoe mmom sen sɛ wubesiesie wo ho ama ntawntawdi.
Ɛnde sɛ woyɛ ebia wɔasisi no te sɛ Nigeriafo awarefo bi a wɔn fiewura a ɔwɔ England anni ne bɔhyɛ so sɛ ɔde ofie bi bɛma wɔn ma wɔatua ho ka bere nyinaa no nso ɛ? (Nkurɔfo nwiinwii sɛ wɔmpɛ sɛ wɔne abibifo bɛyɛ afipamfo.) Hwɛ sɔre a wɔsɔre tia obu a obi wɔ no! Nanso Bible no bɔ kɔkɔ tia “hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho ma yɛako no.” (Galatifo 5:26; asehɔ nsɛm a ɛwɔ 1984 New World Translation, Reference Bible mu no.) Mpɛn pii eyi ma nyiyim ne nitan kɔ so kɛse. Na mpɛn pii abufuw a wɔde hyia eyi ma tebea a asɛe no mu yɛ den.
Yesu de afotu yi mae sɛ: “Mo ne ɔbɔne no nni asi, na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu [ɔyaw wo] no dan biako no nso ma no.” Paulo de ka ho sɛ: “Mommfa bɔne ntua obiara bɔne so ka! . . . Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. . . . Mma bɔne nni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!” (Mateo 5:39-44; Romafo 12:17-21) Ayamye a wode besi nitan ananmu no gye mmɔdenbɔ ankasa. Nanso ɛdenam ma a woremma katee a wɔyɛ nhyɛ wo abufuw no so no, wudi so nkonim.
Hwehwɛ a Wobɛhwehwɛ Afoforo De
Ɔbea warefo bi a ofi Jamaica suaa biribi foforo wɔ di a obedi afoforo ho adwemmɔne a wonya so no ho. Bere a ne kunu abusuafo a wofi Afrika twee wɔn ho fii ne ho no, ofii ase susuw nneɛma ho sɛnea wosusuw ho no. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ wobetumi aka sɛ me nso mewɔ wɔn ho adwemmɔne. Menhyɛ wɔn ntade, mempɛ wɔn aduan na mammɔ mmɔden sɛ mesua wɔn kasa no. Enti misii gyinae sɛ mɛbɔ mmɔden asua wɔn kasa no mu nsɛm bi. Bere biara a mede wɔn kasa no bɛka asɛm bi no, wobua anigye so sɛ: ‘Ah, afei woreyɛ yɛn mu biako!’”
Yiw, obi nhwere biribiara na mmom onya nneɛma pii denam obu a ɔkyerɛ ma nnipa afoforo amammerɛ ahorow nyinaa no. Enti sɛ wufi ɔman a emu nnipa ani so yɛ hyew mu a, yɛ nsakrae ahorow bere a woatu akɔ ɔman a emu nnipa mpɛ kasa mu no. Bible no ka ma ɛfata sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” (1 Korintofo 10:23, 24, 31-33) Kae sɛ mpɛn pii su a afoforo ho adwemmɔne de ba ne pɛsɛmenkominya ne afoforo ho koma a wonni.
Wɔadi Afoforo Ho Adwemmɔne a Wonya So
Enti afotu pa pii wɔ Bible no mu a ebetumi aboa ankorankoro ma wɔadi afoforo ho adwemmɔne a wonya so na wɔagyina ano nso. Saa a wɔbɛyɛ no renyɛ mmerɛw bere nyinaa mma Kristofo koma pafo mpo. Susuw nea esii wɔ bere bi a atwam mu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase wɔ ahomegye bere mu no ho. Ɔbea bi a okura apaawa a aduan sisi so kɔpem akongua bi na n’anonne no nyinaa hwie guu ɔbea foforo bi nan ho. Na anka eyi nyɛ biribi titiriw biara gye nokwasɛm biako yi: Na wɔn mu biako yɛ obibini na ɔfoforo no yɛ oburoni.
Bere tiaa mu akasakasa a edii akyi bae daa abusua foforo ho tan a ɛwɔ wɔn mu no adi. Sɛ anka ɛyɛ sɛnea ɛte wɔ tebea pii mu no a, anka wɔrempa wɔn ho kyɛw mpo. Ɛdenam obi a na ɔrehwɛ wɔn mmoa so no, saa mmea baanu yi kaee sɛ wɔyɛ Kristofo. Na wonim sɛ abusua foforo ho adwemmɔne a wonya nye na Onyankopɔn ani rentumi nnye wɔn ho bio, sɛ wɔansiesie wɔn ntam a. (1 Yohane 4:20) Nokwarem no, na ɛyɛ ade a ɛka koma sɛ wobehu sɛ saa mmea baanu yi de nusu reyɛ wɔn ho wɔn ho atuu na wɔrepa wɔn ho wɔn ho kyɛw. Nea ɛho hia titiriw no, wogyaee asɛm no mu na wɔbɔɔ nkɔmmɔ te sɛ nnamfo dedaw bi.
Enti Yehowa Adansefo anya nkɔso kɛse wɔ nyiyim a wobegyae no mu. W’ankasa yɛ nhwehwɛmu hwɛ. Wɔn mu ɔpepem pii a wodi nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi ampa wɔ hɔ—tumi a ano yɛ den a etumi di afoforo ho adwemmɔne a wonya so nkonim mpo.
[Kratafa 29 mfoni]
Bible no a wosua hyɛ obi ma ɔsan susuw ne nkate horow a ɔwɔ wɔ nnipa a ɛsono mmusua horow a wofi mu no ho