Nsɛm Ahorow A Afoforo Ho A Wonya De Ba
Nhwehwɛmufo bi bisaa ɔbarima bi sɛ ɔnkyerɛ n’adwene wɔ abusua bi ho. Obuae sɛ, “Wɔtaa muna na wɔn bo fuw ntɛmntɛm. Ɛwɔ wɔn mogya mu.”
Obisaa ɔbarima no sɛ, “So w’ankasa . . . wunim wɔn mu bi?”
‘Yiw, ɔbiako. Ná ɔne yɛn sukuufo no panyin bere a yɛkɔ ntoaso sukuu no.’
‘So sɛnea “mo sukuufo panyin” yi te ne adwene a wowɔ wɔ wɔn ho no hyia?’
Ogye toom sɛ. “Dabi, ná odwo na n’anim tew.”
‘Ɛnde na “muna a womuna ne wɔn bo a ɛfuw ntɛmntɛm no nni ne mogya mu ankasa,” anaa ɛwom?’
Bere a wahome kakra akyi no, ɔbarima no buae sɛ: “Ná ɔyɛ soronko.”
AFOFORO ho adwemmɔne a wonya kyerɛ bu a obi bu afoforo atɛn wɔ n’adwene mu bere a ontiee anoyi a wɔwɔ. Enti otumi ka obi a ɔyɛ ɔhɔho koraa ho asɛm sɛ ɔyɛ “onihafo,” “onipa bɔnefo” anaasɛ “ne ho yɛ hu” bere a onni ho adanse biara na mmom ɛnam adwene a wadi kan anya dedaw so. Eyi te saa, efisɛ onipa a ɔyɛ nyiyim hu mmusua ahorow na mmom ɛnyɛ ankorankoro. Wɔ ne fam no, abusua bi mufo “nyinaa yɛ pɛ” na nsonsonoe biara nni wɔn ntam. Na sɛnea ɛte wɔ nhwɛso a ɛwɔ atifi hɔ no mu no, mpɛn pii no obi a wanya afoforo ho adwemmɔne rennye adwene a ɛne sɛ ɔyɛ nyiyim no ntom da, sɛ nokwasɛm ahorow ma ohu sɛ wadi mfomso mpo a. Sɛnea Psychology Today nsɛmma nhoma no kae no, nnipa a wɔanya afoforo ho adwemmɔne “taa hu, na wɔkae akwan horow a ɛte sɛ nea ɛne adwene a wɔanya wɔ abusua bi ho a ɛne obi su hyia no, na wɔpow adanse a ɛne adwene a wɔanya wɔ abusua bi ho bɔ abira no.”
Afoforo ho adwemmɔne a wonya tumi brɛ obi ase. Mpɛn pii nnipa a wobu wɔn animtiaa no hwere obu a wɔwɔ ma wɔn ho ma enti wontumi nyɛ ade sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Anaasɛ nea Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 7:1, NW no fi mu ba: “Nhyɛso bɔ onyansafo dam.” Wɔn a wɔhyɛ wɔn so betumi adi yaw kɛse. Nyiyim betumi ama wɔn ani abere atra so ma enti ɛtɔ bere bi a wɔbɛyɛ nneɛma atra so na wɔahu sɛ wɔanya wɔn ho adwemmɔne bere a ɛnte saa ankasa. Onipa biara a ofi abusua foforo mu yɛ nea ebia wonni ne mu ahotoso anaasɛ wobetumi abu no sɛ ɔyɛ ɔtamfo. Enti kateeyɛ nyɛ ade a ɛwɔ abusua anaa ɔman biako mu.
Sɛ obi nya afoforo ho adwemmɔne pɛ a, obetumi ahu sɛ ɔmpɛ mmusua afoforo nyinaa asɛm. Wobisaa sukuufo bi a wɔkɔ kɔlege bere bi sɛ wɔnkyerɛ wɔn nkate horow a wɔwɔ wɔ aman ne mmusua horow 32 a ɛwɔ hɔ ankasa ne mmusua ahorow 3 a enni hɔ ankasa (“Daniereanfo,” “Pireneanfo” ne “Wallonianfo”) ho. Nea ɛyɛ nwonwa no, sukuufo a wɔanya mmusua horow ankasa bi ho adwemmɔne no hui sɛ wɔmpɛ “Daniereanfo,” “Pireneanfo” ne “Wallonianfo” nso asɛm saa ara.
Afoforo Ho Adwemmɔne a Wonya—Ɔkwan, Bɛn So No Ɛda Adi?
Ɛno nkyerɛ ankasa sɛ obi a wanya afoforo ho adwemmɔne tan wɔn. Saa ara nso na ɛnkyerɛ ankasa sɛ ɔte sɛ ɔbarima a ɔde nyaatwom ka sɛ ‘ne nnamfo paa’ mu binom yɛ saa abusua yi anaa foforo mufo nanso ɔmpɛ adwene a ɛne sɛ ɔne saafo no bɛyɛ afipamfo—anaasɛ nsenom no. Nyiyim gu ahorow. Ebia ɛyɛ ampa sɛ obi a ɔwɔ afoforo ho adwemmɔne wɔ nnamfo wɔ abusua foforo bi mu nanso ɔnam anifere kwan so da korɔn a ɔkorɔn sen wɔn ho nkate horow adi. Ebia ɔbɛsɔ boasetɔ a wɔwɔ ahwɛ denam nsɛm a ɛmfata a ɔka fa mmusua horow ho no so. Anaasɛ sɛ́ anka obebu wɔn sɛ ɔne wɔn yɛ pɛ no ɔbɛfa no sɛ ɔreboa wɔn bere a ɔyɛ n’ade te sɛ nea ɔnam nnamfo a wafa wɔn no so rema wɔn anim aba nyam no.
Ɔkwan foforo a obi fa so da afoforo ho adwemmɔne a wanya adi ne sɛ ɔbɛhwehwɛ sɛ nnipa binom mmɔden a wɔbɔ no bɛyɛ nea ɛkɔ anim yiye, ɛwom sɛ ommu wɔn kɛse biara de. Na sɛ saafo no antumi anyɛ saa a, ɔkyerɛ sɛ yɛ a wɔantumi anyɛ saa no gyina mmusua a wofi mu no so. Anaasɛ ebia ɔbɛkasa atia su bi a ɛwɔ abusua biako bi mu bere a ɔma ho kwan wɔ n’ankasa de mu. Nanso onipa a ɔte sɛɛ bɛpow nyansahyɛ biara a ɛkyerɛ sɛ wanya afoforo ho adwemmɔne no ma enti ɛda adi pefee sɛ ɔredaadaa ne ho. Sɛnea odwontofo no kae bere bi no: “Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi.”—Dwom 36:2.
“Wobedi Mfe Anan No”
Dɛn nti na nnipa nya afoforo ho adwemmɔne? Wonya afoforo ho adwemmɔne ntɛm wɔ bere bɛn mu wɔ asetra mu? Wɔ ne nhoma a wogye tom a wɔato din sɛ Nature of Prejudice mu no, asetra mu nneyɛe ho ɔbenfo Gordon W. Allport kae su a ɔdesani adwene nya sɛ “ebesusuw ade ho denam kyekyɛ a wɔkyekyɛ nneɛma mu so” no ho asɛm. Eyi da adi wɔ mmofra nkumaa mu mpo. Ɛnkyɛ biara na wosua sɛnea wobehu nsonsonoe a ɛda mmarima ne mmea, akraman ne nnyinamoa, nnua ne nhwiren ahorow—ne “tuntum” ne “fitaa” mpo ntam. Nea ɛne adwene a ɛne sɛ mmofra nkumaa “ntumi nhu nneɛma colour” bɔ abira no, nhwehwɛmufo gye tom sɛ ɛnkyɛ biara nkokoaa a wɔma wohu mmusua ahorow mu nsonsonoe tumi fi ase hu “nsonsonoe ahorow a ɛwɔ sɛnea nipadua ahorow te mu, te sɛ ɔhonam ani hwɛbea, sɛnea obi anim te, ti nhwi ahorow ne nea ɛkeka ho. Mpɛn pii . . . wobedi mfe anan no na mmofra tumi hu sɛnea mmusua ahorow nyinaa te koraa.”—Parents nsɛmma nhoma, July 1981.
Nanso so nsonsonoe ahorow ara kwa a wohu yi ma mmofra nya afoforo ho adwemmɔne? Ɛnkyerɛ saa ankasa. Nanso nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔaka ho asɛm wɔ Child Development mu kae sɛ, “wɔn a wɔadi mfe 5 kɔ mmotafowa sukuu a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne wɔn atipɛnfo a wɔwɔ honam ani hwɛbea koro bɛbɔ fekuw.” Nea ɛhaw adwene kɛse mpo ne hu a wohui sɛ “su a mmofra wɔ sɛ wɔbɛpaw agorudi mu ahokafo afi wɔn a wɔne wɔn wɔ honam ani hwɛbea koro mu no yɛ kɛse bere a wɔkɔ mmotafowa sukuu no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Nhwehwɛmu afoforo aka saa ara sɛ mpɛn pii no, ɛnyɛ sɛ mmofra nkumaa nim abusua bi nko na mmom nea abusua biara kyerɛ nso. Abeawa bi a wadi mfe anan a wɔfrɛ no Joan kaa asɛm a ɛma obi ho dwiriw no yi bere bi sɛ: “Nnipa a wɔn ho yɛ fitaa betumi anya nkɔso. Na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ nnipa a wɔn honam ani yɛ nnodowee no ase.”
Ɔkwan a mmofra tumi fa so yɛ nyiyim a ɛte sɛɛ ma nhwehwɛmufo ho dwiriw wɔn. Wosusuw sɛ nkɛntɛnso a awofo nya wɔ abofra so no na ɛde eyi ba. Ampa, ebia awofo kakraa bi na wɔbɛka‘akyerɛ wɔn mma pefee sɛ wɔne mmofra a wofi mmusua afoforo mu nni agoru. Nanso sɛ abofra hu sɛ n’awofo yɛ nyiyim de tia wɔn anaasɛ wɔn ani nnye obi a ofi abusua foforo bi mu ho a, ɔno nso benya su horow a ɛnteɛ saa ara. Amammerɛ mu nsonsonoe, nkɛntɛnso a atipɛnfo ne nsɛm amanneɛbɔ ma ɛba ne nneɛma afoforo betumi aka abom ma afoforo ho adwemmɔne a wonya no mu ayɛ den.
Osuahu Ahorow a Enye
Wɔ nnipa binom fam no, ɛda adi sɛ afoforo ho adwemmɔne a wonya yɛ adeyɛ a ɛtra so wɔ osuahu a enye a wɔanya mu. Germani ababaa biako bi ne ne kunu kɔɔ Afrika sɛ wɔkɔyɛ adwuma bi. Okohyiaa ɔhaw ahorow wɔ hɔ. Ɔtee nka sɛ nnipa no mu binom nyaa ne ho adwemmɔne esiane sɛ ɔyɛ ɔbea ne Europani nti. Esiane ɔkwan a wɔfaa so tetee no wɔ Europa nti, ebinom su horow no maa ne ho dwiriw no. Esiane n’adwene a ɔde sii ɔhaw ahorow a nnipa kakraa bi ma ɛbae no so nti, ɛmaa wampɛ abibifo nyinaa asɛm!
Saa ara na ɛbae wɔ sukuuni bi a ofi West Indies a na ɔte United States wɔ bɛyɛ mfirihyia aduonu a atwam ni no fam. Ɛwom sɛ na wasiesie ne ho kama na wapɔw de, nanso wɔampene so sɛ wɔbɛma wadidi wɔ adidibea bi bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛmma nnipa a wɔte sɛ wo aduan wɔ ha” no. Esiane sɛ na onhuu abusua mu nyiyim pɛn na onnim abusua mu ntawntawdi ahorow a ɛwɔ hɔ saa bere no nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔama no aduan—eyi ma wɔkyeree no ntɛm ara! Ɛwom sɛ odikro a ɔwɔ kurow no mu hyɛe sɛ wonnyae no na ɔkaa polisifo no anim de, nanso asɛm yi maa onyaa wɔn ho tan. Mfe pii akyi ni no, ɔda so ara tan aborɔfo.
Wɔ nsɛm afoforo mu, sɛnea wɔada no adi wɔ Nature of Prejudice mu no, ɛte sɛ nea brɛ a wɔbrɛ afoforo ase ne ɔkwan a wɔnam so di ɔpɛ a enni awie a onipa wɔ ma dibea no ho dwuma. Ɛne sɛ ‘ɔdwene tra nea ɛsɛ sɛ ɔdwene.’ (Romafo 12:3) Wɔto anansesɛm ahorow a ɛfa korɔn a abusua bi korɔn ho nso sɛnea ɛbɛma wɔagye abusua bi so a wɔhyɛ no “atom.” Sɛ nhwɛso no, wɔ nkoatɔ mfe no mu wɔ United States no, na bu a wobu abibifo sɛ wɔn adwenem nnɔ anaasɛ wɔyɛ nnipa a wɔba fam no yɛ nea na abu so kɛse. Na saa gyidi horow yi abu so kɛse araa ma enti Amerika Ɔman Panyin Thomas Jefferson a ɔkasa tiaa nkoatɔa pefee mpo no “nyaa adwene bi” bere bi sɛ “abibifo . . . ba fam sen aborɔfo wɔ tumi a adwene ne nipadua no nyinaa wɔ mu.” Ɛwom sɛ nyansahu akyerɛ sɛ adwen horow a ɛte saa nyɛ nokware de, nanso abusua mu mpaapaemu rekɔ so.
Dɛn ntia? Wɔaka nea enti a ɛte saa no ho asɛm pefee wɔ Bible no mu, ɛwom sɛ nhwehwɛmufo abu wɔn ani agu so de: “Eyi nti sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Bɔne a wonya fi awo mu asɛe ɔkwan a onipa fa so susuw na obu nneɛma ahorow no. Sɛ́ anka ɔbɛma nsonsonoe ahorow no ama ne ho adwiriw no anaa ama n’ani agye no, onipa ma ehu ka no mmom. Na nneɛma a ɛyɛ hu a efi “adwemmɔne” mu ba a enyin yɛ afoforo ho adwemmɔne a wonya a ɛsɛe ade betumi afi abofra ketewa koma a ɛnyɛ pɛ mu aba. (Mateo 15:19) Ɛnde so ebetumi aba sɛ yebedi afoforo ho adwemmɔne a wonya so?
[Ase hɔ nsɛm]
a Jefferson na ɔkyerɛw Amerika Ahofadi Mpaemuka a ɔka sɛ “wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ” no. Ɔkaa nkoatɔ ho asɛm bere bi sɛ ɛyɛ “nneɛma a ɛyɛ hu” a wɔaboaboa ano nanso n’ankasa yɛ akoa bi wura.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
Esiane n’adwene a ɔde sii ɔhaw ahorow a nnipa kakraa bi ma ɛbae so nti, ɛmaa wampɛ nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea nyinaa asɛm
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Na gyidi nnya mmae no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛn yɛn maa gyidi a wɔrebeyi akyerɛ no. Enti mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem. Na gyidi bae no, yenni ɔyɛnfo no ase bio. Na mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu; efisɛ mo mu dodow a wɔabɔ mo asu akɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anoa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu. Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”—Galatifo 3:23-29.
[Kratafa 25 mfoni]
Adwemmɔne betumi ama nkurɔfo anya wɔn ho wɔn ho ho adwene a ɛnteɛ