Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 6/8 kr. 23-27
  • Fi Owu Mu kɔ Nkwa Mu wɔ Dachau

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Owu Mu kɔ Nkwa Mu wɔ Dachau
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owu​—-Ade a Esi Da Biara da
  • “Ntan Wɔn”
  • Gyidi a Emu Yɛ Den ne Ahinasa Kɔkɔɔ No
  • Ahofadi a Ɛma Mihuu Nkwa!
  • Asetra Foforo ne Anidaso a Emu San Yɛɛ Den
  • “Oo, Yehowa, Boa Me Babea Kumaa Yi Ma Onni Nokware!”
    Nyan!—1994
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 6/8 kr. 23-27

Fi Owu Mu kɔ Nkwa Mu wɔ Dachau

“Ntan wɔn. Worentumi mpira wɔn. Wubepira wo ho mmom!”

ƐDENAM saa nsɛm yi a ɔbea yamyefo bi ka kyerɛɛ me bere a na meyɛ abeawa wɔ Dachau adwumayɛban mu wo Wiase Nyinaa Ko II mu no so no, minyaa nkwa a mannya adwenemyare.

Wɔwoo me wɔ Moscow wɔ 1926 mu. Na me papa fi Kiev na na me maame fi Georgia. Na wɔyɛ nyansahufo a wɔkɔ Sukuupɔn a ɛwɔ Moscow no. Me papa guan fii Rusia wɔ 1929 mu na ɔbɛtraa Danzig (a nnɛ wɔfrɛ no Gdánsk a ɛwɔ Poland no) . Wɔtetee me ma mitumi kaa German kasa nkutoo na na yɛn nnamfonom mu pii yɛ Yudafo.

Bere a Hitler fii n’atirimɔden nniso no ase no, Yudafo mmusua pii fii ase tu yerae wɔ yɛn mpɔtam hɔ, ne titiriw no, anadwo. Ɛda a Rusia ne Germanfo fii ase koe no, yɛn abusua no nso tu yerae. Yiw, wɔbɛfaa yɛn kɔe bere a wɔmaa yɛn simma kakraa bi sɛ yɛmfa nhyɛ yɛn ntade no. Yegyaw biribiara ho.

’Wɔ nsraban a wobisabisa nkurɔfo nsɛm wom a edi kan a wɔde me kɔɔ hɔ no mu no, wobisabisaa me nsɛm mpɛn pii wɔ kanea a ɛhyerɛn ase na wɔhwee me kosii sɛ me ho nyinaa paapae. Na ɛde besi nnɛ no, minnye nni sɛ wohuu nea enti a mantumi ammua wɔn nsemmisa ahorow a na ɛfa m’awofo dwumadi ahorow ho no.

Dɛn ntia? Efisɛ na m’awofo ka Rusia kasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho na na minsuaa saa kasa yi da.

Manhu me papa bio bere a woyii yɛn fii lɔre no mu wɔ dwumadibea a wobisabisa nkurɔfo nsɛm wɔ hɔ no akyi. Na wɔ saa afe a ɛyɛ 1985 yi mu no, minnim sɛ ɔte ase anaasɛ wawu.

Afei wɔde me ne me maame traa keteke a wɔde fa anantwi mu na wɔtow yɛn mu hyɛɛ mu nnanan. Na yetumi gyina mu nkutoo na na aduan, nsu anaasɛ tiafi nni mu. Na yennim faako a wɔde yɛn rekɔ no ho hwee—Dachau ​—faako a wɔyɛɛ nnipa ayayade na wokunkum wɔn a egyee dimmɔne no!

Bere a wopiapiaa yɛn, wɔde wɔn nan bobɔɔ yɛn na woyii yɛn ntade nyinaa guu hɔ na wɔmaa SS mmarima a wokurakura mporibaa a wohinhim hwee yɛn akyi no, yeguaree na wɔmaa yɛn ntade a wɔasensan mu sɛ yɛnhyɛ. Afei woyii me fii me maame a na ɔwɔ dɔ na ne ho yɛ fɛ no ho na wɔde me kɔɔ asraafo atrae a wɔayɛ ama mmofra nkutoo no.

Owu​—-Ade a Esi Da Biara da

Ɛhɔ na midii kan huu obi a wawu. Da biara anɔpa nneduafo mmarima a wɔanyinyin yiyimmofra a wɔawuwu esiane aduan pa a ebinom anya anni ne mogya a wɔma etuu ebinom kosii sɛ wowuwui sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mogya de ama asraafo a wɔapirapira no nti efunu fii atrae no. Bere nyinaa na amu a woaboaboa ano a wɔtwɛn sɛ wobɛhyew gu no. Na wɔnkɔ fononoo ahorow no mu!

Na dɛn nti na wɔanhyew me wo fononoo no mu? Wiɛ, wosii gyinae sɛ wɔde me bɛyɛ obi a wode no sɔ nnuru ahorow hwɛ. Enti nea edi kan no, wɔmaa ɔyare bi yɛɛ me na afei wode ano aduru yɛɛ me. Nanso na menyɛ obi a ne ho yɛ anigye pii ma wɔn a wode atirimɔden yɛɛ me ayayade no efisɛ na wɔatete me sɛ minsu da anaasɛ minni awerɛhow. Enti awiei koraa no, wode wɔn ani sii obi foforo so.

Ɛbɛyɛ den ama obi a wanhu nneɛma yi bi da no sɛ ɔbɛte nkɛntɛnso a enyaa wɔ yɛn a na yɛyɛ mmofra ara kwa no so no ase. Na yennim sɛ yɛpɛ sɛ yewu anaasɛ dabi. Na yɛn mu binom susuw sɛ yɛn ani begye ho sɛ yebewu nanso sɛ mmofra no, na yesuro sɛ yebewu esiane hell a ogya redɛw wɔ hɔ a ɛretwɛn yɛn, sɛnea yɛn kan nyamesom mu asɔfo kyerɛkyerɛ yɛn no nti. Na afei yesusuw ho sɛ: ‘Ampa, hell-gya rentumi nyɛ nea ano yɛ den nsen eyi!’

Wɔ bere ne bere mu no, wɔhyɛ nneduafo no sɛ wonkoguare wɔ apete nsu (shower) bi ase sɛ akuw horow wɔ faako a “nsu” no dan mframa bɔne a ekunkum akuw ahorow no mufo nyinaa no. Ɛde besi nnɛ no, ɛyɛ den ma me sɛ meguare wɔ apete nsu ase. Sɛ́ mesɔ hwɛ a, fifiri fi me na me ho nyinaa fi ase wosow. Ɛtɔ bere bi a mehwɛ kwan sɛ mewu ma enti mebɔ mmɔden ankasa sɛ medi afoforo anim kan akɔ apete nsu no ase. Nanso ɛte sɛ nea wɔ saa mmere horow a wɔde mframa bɔne dii dwuma no mu no, wopiaa me fii ase.

“Ntan Wɔn”

Ɛyɛ saa bere yi mu no mihyiaa Else. Ɔkaa owu ho asɛm kyerɛɛ me na ɔka kyerɛɛ me sɛ biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ misuro ankasa. Else kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ onipa wu a, ɔnkɔ hell a wɔyɛ nnipa ayayade wɔ hɔ na mmom ɔda ara kwa. Afei sɛnea ɛte no, ‘sɛ edu anɔpa a,’ obenyan bere a asase no adan paradise. (Luka 23:43; Yohane 5:28, 29) Wɔ saa bere yi mu no, na ɛyaw, nitan anaasɛ abusua mu nyiyim biara nni hɔ​—ahurusidi ne anigye nkutoo na ɛwɔ baabiara. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21: 1-4) Migye dii! Na ne nsɛm no te sɛ awia a ɛrehyerɛn wɔ m’asetra a aduru sum no mu.

Else de ne nkwa too asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akasa akyerɛ me. Na ɔhwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a awɛmfo no renhu yɛn sɛ yɛrekasa. Bere biara a yenya hokwan no, yekohintaw wɔ nwura a ɛsum hɔ no akyi na yɛkasa simma kakraa bi. Na ɔka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Bible no mu a ɛmaa me kɔn dɔɔ Paradise a Onyankopɔn de bɛma yɛn ho asɛm kyerɛ me. Wɔ bere tiaa bi mu no na minsuro owu bio na mmom migyee tebea horow a na miwom no toom kɛse.

Na Else yɛ ɔwerɛkyekyefo kɛse titiriw ma me bere a me maame wui no. Na me maame yɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ yiye a sɛ otwa nkurɔfo ho a, wɔdan wɔn ani hwɛ no. Na eyi yɛ sɔhwɛkɛse ma SS mmarima no enti wɔde no dwudwoo wɔn akɔnnɔ ano. Anadwo biara na wɔhyɛ me ma mehwɛ, bere a wɔde no dwudwoo wɔn akɔnnɔ bɔne ano araa kosii sɛ awiei koraa no wokum no denam ayayadeyɛ ne mmonnaato so no.

Esiane sɛ na madi mfe 14 pɛ nti no, na meyɛ obi a ɛnkyɛ na biribi anya no so nkɛntɛnso. Ade a na ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ ho ara ne sɛ mɛtan wɔn! Nanso na Else nsɛm no da so ara gyigye wɔ m’asom: “Ntan wɔn. Worentumi mpira wɔn. Wubepira wo ho mmom!” Na eyi ne Yesu asɛm a ɛfa ‘yɛn atamfo a ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn na yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔtan yɛn’ ho no hyia. (Mateo 5:44) Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ nnipa a wɔte saa no asɛm. Mmom no, sɛ yɛn ataafo no, yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn denam wɔn nneyɛe a yebu yɛn ani gu so no so.

Else boaa me ma minyaa Onyankopɔn ho adwene a emu da hɔ nso. Na mempɛ Onyankopɔn asɛm, efisɛ na SS mmarima no akyerɛw “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ” agu dade a ɛwɔ wɔn abɔso no so no ho. Na misusuw ayayade, da a yɛnna anadwo, aduru a wɔde kunkum mmoawa nketenkete a wɔde pete yɛn so da- pɛn biara, mpáboa a wɔnom yɛn mogya, akisi a wɔbɛwe yɛn honam anadwo, owu ho suro a emu kɔɔ so yɛɛ den bere biara, fononoo ahorow a ɛyɛɛ adwuma traa so, awɔw, akuntua yenni ne anigye a ɛdaa adi sɛ afoforo nya fii yɛn amanehunu no mu no ho. Misusuwii sɛ, sɛ Onyankopon ka wɔn ho a, ɛnde na mempɛ ne ho biribiara.

Gyidi a Emu Yɛ Den ne Ahinasa Kɔkɔɔ No

Else boaa me ma metee ase sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa mmarima atirimɔdenfo yi yɛɛ nea wɔyɛe no. Mmom no, wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu no. Onyankopɔn ne yɛn bebu akontaa. Afei ɔbɛma wɔn a wodi bem no anya akwahosan ne nkwa a edi mu na wama wɔn a wɔmaa wɔn ani daa no so no akatua. Ɔkae sɛ Onyankopɔn a wɔn a wɔyɛɛ yɛn ayayade no kaa ne ho asɛm no nyɛ nokware Nyankopɔn no na mmom obi a wɔn ankasa ayɛ no Onyankopɔn, ne sɛ, sɛ wosusuw sɛ wobetumi anya nhyira bi afi nokware Nyankopɔn no hɔ a, ɛnde na wɔredaadaa wɔn ho ara kwa.

Else kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔhaw ahorow wɔ wiase no mu no mu nso, na ɔka kyerɛɛ me sɛ Satan ne wiase yi sodifo, ne sɛ, Onyankopɔn de Ahenni a ɛhyɛ ne Ba Yesu Kristo a wanyan no na wahyɛ no anuonyam no nsa no bedi dwuma de asɛe Ɔbonsam. (2 Korintofo 4:4; Yohane 14:30; Adiyisɛm 20:1- 6) Na nsɛm yi nyinaa te sɛ nnwom wɔ m’asom na ɛhyɛɛ me den wɔ saa awerɛhow mmere yi mu. Nokwarem no, Else nsɛm ne n’ayamye sɛ ɛna no hyɛɛ me den.

SS mmarima no tanee n’ani kɛse esiane sɛ na ɔyɛ Germani nanso ɔnyɛ nea Nasifo no pɛ nti. Na ɛte sɛ nea SS mmarima no bu eyi sɛ ɛyɛ mpoatwa ankasa, enti wɔde hokwan biara a wonyae dii dwuma de guu n’anim ase, nanso ɔde boasetɔ gyinaa ne nyinaa ano. Mihui sɛ na wɔapam ade kɔkɔɔ bi a ɛyɛ ahinasa afam n’atade no nsa ho na misusuw nea na eyi kyerɛ no ho. Bere a minyaa nkwa wɔ afiase a medae wɔ Dachau no akyi no, meyɛɛ nhwehwɛmu na mihui sɛ na ahinasa no yɛ nea wɔyɛ maa Yehowa Adansefo nkutoo. Yiw, na Else yɛ ɔdansefo ma Yehowa Nya-nkopɔn.​—Yesaia 43:10-12.

Else, mmɔboroni! Na osua yiye, na ɔte sɛ owu nkrampan ara pɛ. Nanso na biribi titiriw wɔ ne ho. Manhu ne din a etwa to da na manhu faako a ofi, ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔyamyefo ne obi titiriw ma me de. Na metaa susuw sɛ ɔne ɛna a mepɛ sɛ minya. Bere a wokum me maame no akyi bere bi no, Else nso tu yerae na manhu no bio. Nanso na me werɛ remfi ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ me anaasɛ ahotoso kɛse a na ɔwɔ no.

Ahofadi a Ɛma Mihuu Nkwa!

Bere a midii mfe anan wɔ Dachau akyi no, woyii me. Aka nnansa na Amerika asraafo no abedu no, SS awɛmfo no tow yɛn mu hyɛɛ nsraban no mu na woguanee. Obiara antumi anguan efisɛ na anyinam ahoɔden wɔ dade hama a wɔde agye nsraban no ho ban ahyia no mu. Bere a awiei koraa Amerikafo no bedui no, wofii ase maa yɛn aduan nanso wɔ pii fam no na aka akyi dodo. Awerɛhosɛm ne sɛ bere a yɛako denneennen de apere yɛn nkwa akyi no. ɛdaa adi sɛ na pii ayɛ mmerɛw sɛ wobetumi atra ase na enti wowuwui.

Esiane sɛ na meyɛ Rusiani nti, wɔde me hyɛɛ Rusiafo nsa. Esiane se na madi mfe 17 nti, wɔka kyerɛɛ me sɛ menware ɔpanyin a ɔhwɛ asraafo atrae bi so no. Nanso ɔsraani panyin bi a na onim me papa bere a na wɔkɔ sukuupɔn no de me siee kuntu bi ase wɔ akongua a na ɛwɔ ne kar no akyi no so na ɔde me fii asraafo atrae hɔ. Metraa keteke mu kɔɔ Rusiafo ɔhye so na da koro ahemadakye mihuu baabi a awɛmfo no ani nna wɔn hoso wɔ hɔ. Mede me yafunu wea twaa asase a ɛnyɛ obiara de a ne tenten boro bɛyɛ akwansin fã no. Ná Amerika asraafo a na wɔwɔ ɔfã foforo no rehwɛ me bere a na merewea akɔ wɔn nkyɛn no. Wɔmaa me so na wɔde me traa keteke a ɛrekɔ Heidelberg mu. Ná ɔbarima a ɔne me di nhwɛanim no yɛ obi a ofi Ukraine na awiei koraa no yɛwaree.

Tebea no mu bɛyɛɛ den efisɛ na Rusiafo no da so ara rebɔ mmɔden sɛ wobehu me. Na wɔbɔ dawuru wɔ radio so mpo sɛ me papa rehwehwɛ me. Nanso na misuro sɛ mebua efisɛ na misusuw sɛ ɛyɛ nnaadaa. Ebia na ɛyɛ me papa; nanso na merentumi mfa me nkwa nto asiane mu ntie saa radio so nkaebɔ ahorow no. Da koro bi na kommunistfo akwansrafo baanu di m’akyi. Enti mekɔɔ aguadidan bi mu na metraa afiri ketewa bi a wɔde foro abansoro no mu de kɔɔ abansoro a etwa to no so. Mihyiaa adwuma no so panyin no na mekaa nea ɛresi no ho asɛm kyerɛɛ no na ɔde me kohintaw ne office kosii sɛ akwansrafo no kɔe. Ɛno akyi no, me ne me kunu sii gyinae sɛ yebetu akɔ Australia na yeduu ha April 1949 mu.

Asetra Foforo ne Anidaso a Emu San Yɛɛ Den

Afei yefii asetra foforo ase. Ɔsɔfo a ɔwɔ kurow no mu bɛsraa yɛn nanso mampene so sɛ mɛkɔ asɔre esiane nneɛma a mihui sɛ nnipa a wɔyɛ nyamesomfo a wɔwɔ Europa yɛe ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Else akyerɛ me sɛ nsɔre ahorow no nyɛ Onyankopɔn de no nti. Mifii ase bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma minhu nokware no, na mekɔɔ nyamesomfo a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nkyɛn bisaa wɔn faako a wɔbɛkɔ bere a wɔawu no. Wɔn nyinaa kae sɛ “wɔbɛkɔ soro.” Sɛ ɛba saa a, mekɔ asɔre a edi hɔ no mufo nkyɛn.

Bere a mifii ase bɔɔ mpae wɔ nna kakraa bi akyi no, aberantewaa bi bɛbɔɔ me pon na ɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! maa me. Mibisae sɛ, “So wobɛkɔ soro?” Obuae sɛ “Dabi. Mewɔ anidaso sɛ mɛtra ase daa wɔ asase so ha bere a wɔama adan paradise no.” Hwɛ Else nkurɔfo no bi ni! Eyi ne nokware no a mahwehwɛ fi bere a na mewɔ Dachau no. M’ani gyei araa ma yɛkasae bɛyɛ nnɔnhwerew abien.

Ɔdansefo no maa ne maame nua behuu me da a edi hɔ no na wɔ nnafua abien pɛ ntam no na makenkan Fi Paradise a Ɛyerae kosi Paradise a Wɔasan Anya nhoma no awie. Afei mifii ase kenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔfrɛ no Apam Foforo no na miwiee wɔ nnansa ntam. Hwɛ nwonwa a na nsɛm yi nyinaa yɛ! Paradise nhoma no ne Bible no kaa asɛm koro no ara a na Else aka akyerɛ me no. Mprempren mahu ne nkurɔfo​—bere a woyii me fii Dachau no akyi mfe 17!

Sɛ misusuw me kan asetra no ho a, mitumi hu sɛ emu bere a ɛyɛ titiriw ne mmere a na me ne Else a ɔwɔ ɔdɔ no dii wɔ Dachau a na ɔka anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Bible no mu ho asɛm kyerɛ me no. Esiane ne mmɔdenbɔ nti, matumi ‘atwa mu afi owu mu akɔ nkwa mu.’ (Yohane 5:24) Mprempren mede anigye susuw nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Dwom 94:17, 18 yi ho: “Sɛ ɛnyɛ [Yehowa] na ɔyɛ me boafo a, anka aka kumaa na me kra akɔtra kommyɛ mu. Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, [Yehowa] w’adɔe na ɛwaw me.”

Na bere a mehwɛ nea ebesi daakye kwan no, nsɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10 yi hyɛ me den: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.” Esiane Elese a ɔwɔ ɔdɔ mmɔdenbɔ nti, Yehowa boaa me wɔ nokwarem ma mihuu nkwa wɔ Dachau.—Nea wɔkyerɛw mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Wɔtow me ne me maame mu hyɛɛ lɔre a wɔde fa anantwi mu nnanan

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Wosii gyinae sɛ wɔde me bɛyɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu ahorow

[Kratafa 25 mfoni]

Ɔdan a wɔde mframa bɔne kunkum nnipa wom ne fononoo ahorow o ɛwɔ Dachau

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena