Ɔyere Biako Anaa Bebree—So Ɛfa Ho?
Efi Nigeria “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ NHYIAM a wɔyɛe wɔ Ibadan, Nigeria no aba awiei, na na nhyiamfo a wɔn ani agye—nanso wɔabrɛ—no rekɔ fie. Nanso ɔbarima bi a wɔfrɛ no Johnson ne ne yerenom baasa ne ne mma du twɛnee wɔ nhyiam no apata a wɔde mpampuro na ɛbɔe no ase. Na ɔreyɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae ne mmea dodow aware no.
Nea Johnson ne afoforo tee wɔ Yehowa Adansefo nhyiam no ase no kaa wɔn kɛse araa ma ɛma wɔpow Afrikafo asetra fã bi a akyɛ no: mmea dodow aware. Nanso dɛn na wɔtee? So wɔn gyinae a wosii sɛ wɔbɛyɛ nsakrae yi gyina nneɛma pa a wosusuw ho no nkutoo so? Anaa, so wogye dii sɛ mmea dodow aware nye?
Mmea Dodow Aware Ne Ɔyere Biako Aware
Nnipa koma pafo binom rempene Johnson nneyɛe no so, na akyinnye biara nni ho sɛ egyina nokwasɛm a ɛne sɛ mmea dodow aware rekɔ so wɔ Afrika aman pii mu ne wɔ aman a enni Afrika mu so no. Nnipa pii ka sɛ mfaso horow a eye wɔ so. Sɛ nhwɛso no, awaresɛe kɔ so kɛse wɔ faako a mmara mma mmea dodow aware ho kwan no mpɛn pii. Enti, nkurɔfo ware mmea afoforo ka ho—denam aware a wogyae na wɔsan ware foforo no so. Nanso wɔaka sɛ mmea dodow aware ma wogyae awaresɛe. Ebinom mpo ka sɛ mmea dodow aware bɔ obi ho ban wɔ tutuu a wosi ne mmaninyare ho.
Nanso atirimpɔw atitiriw nti a mmea dodow aware kɔ so no yɛ nea ɛfa asetra ho na ɛnyɛ nea ɛfa abrabɔ ho. Obi a ɔwɔ yerenom pii a mmabarima pii ka ho no ma onya anuonyam ne ahobammɔ wɔ asetra mu. Awiei koraa no, ne mmabea nya tiade a ɛkɔ anim kɛse. Wɔ nkuraa ase no, mmofra ne mmea no yɛ afuw mu adwuma na ɛma abusua no ahonyade dɔɔso. Enti wɔhyɛ mmarima a wɔwɔ Afrika sɛ wɔnware yerenom pii. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ofi Afrika a wɔfrɛ no Mose kae sɛ: “Na masi gyinae sɛ mɛware me yere a odi kan no nkutoo. Nanso bere a me papa hui sɛ ɔbabea biako pɛ na wawo ama me no, ɔhyɛe sɛ menware ɔyere a ɔto so abien bere a ɔkae sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔba biako pɛ? Ɔbabea nso mpo!’”
Wɔ nsɛm a ɛte sɛ nea wɔka de dan afoforo adwene a ɛte saa nyinaa akyi no, ɔhaw ahorow a wonya fi awo mu a anibere wom wɔ mmea dodow aware mu. Ɔyerenom pii a mmarima a wɔn ani gye abrabɔ bɔne ho wɔ no mma wonnyae awaresɛe. Saa ara nso na ɛnyɛ bere nyinaa na mmea ani gye adwene a ɛne sɛ wɔne afoforo benya okunu biako no ho, ebinom si tutuu mmom. Enti mpɛn pii mmea dodow aware mma wontumi mmɔ wɔn ho ban kɛse biara wɔ mmaninyare ho.
Na ɔhaw afoforo nso wɔ hɔ. Mose ka sɛ: “Na me papa wɔ yerenom baanum na na ohyia ɔhaw kɛse efisɛ na mmea no ko bere nyinaa na na wɔbɔ mmɔden sɛ wobepira wɔn ho wɔn ho.” Eyi nti na mfiase no, Mose pɛe sɛ onya ɔyere biako no. Ɛdefa Johnson a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no ho no, ne babarima Rufus kɔ so ka sɛ: “Na me papa yerenom no taa ko wɔ aduannoa ne nnwuma afoforo ho. Na wɔko wɔ nteɛso a ɛsɛ sɛ wɔde ma mmofra no ho. Afei na wɔtwe ninkunu. Na wɔmpɛ sɛ wɔne mmea afoforo bɛware ɔbarima biako. Eyi maa yɛn nyinaa yɛɛ mmɔbɔ kɛse wɔ asetra mu.”
Enti biakoyɛ nni mmusua ahorow a wɔware mmea pii wom no mu. Ɔbarima no wɔ abusua no mu sɛ sodifo na ɛnyɛ okunu ne agya. Mpɛn pii ogyaw ntetee ne nteɛso a ɛsɛ sɛ ɔde ma ne mma pii no ma ne yerenom a ɔkwan a wɔnam so yɛ saa ne ɛho gyinapɛn ahorow a wɔwɔ no yɛ ahorow ahorow pii no. Mmofra no nyin wɔ amanne a emu nyɛ den na atu afra mu sen sɛ anka wobenyin wɔ nea ɔdɔ ne abusuabɔ a emu yɛ den wom mu.
Ade a Ɛho Hia Kɛse a Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho
Nnipa pii ka sɛ Onyankopɔn pene nhyehyɛe a ɛte saa no so, esiane sɛ ɔmaa kwan maa tete Israelfo no de wɔn ho hyɛɛ mmea dodow aware mu nti. Ampa, Bible no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn asomfo atitiriw no mu binom wɔ yerenom pii. Nanso mmea aware dodow amfi ase wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Kae sɛ ɔbɔɔ ɔbea biako pɛ maa onipa a odi kan a ɔne Adam ‘sɛ ɔnyɛ ne sɛso boafo.’ (Genesis 2:18-24) Obiara anware mmea pii kosii sɛ owudifo Lamek waree bi ansa na yɛrete ho asɛm. Ɔwaree yerenom baanu. Nanso eyi ho asɛm pɔtee a wɔkae no kyerɛ sɛ na ɛnyɛ ade a nnipa taa yɛ wɔ saa bere no mu mpo.—Genesis 4:19-24.
Akyiri yi, mmarima te sɛ Noa, ne ne mmabarima baasa no ne Lot warewaree yerenom mmiako mmiako. Na Abraham nso ɛ? Abraham ne ne yere Sara nkutoo na enyaa ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa kosii sɛ anyɛ yiye koraa no, onyaa mfe 85 ansa. Nanso esiane sɛ Sara antumi anwo mma nti, ɔdan kɔɔ tete amanne bi so na ɔhyɛɛ nyansa sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma obi asi n’ananmu awo ɔba ama no. Na n’afenaa Hagar bɛwo ba ama no. (Genesis 16:1-11) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a Abraham ne Hagar woo ne babarima Ismael akyi no, ɔkɔɔ so ne no nyaa ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa. Nokwarem no, Yehowa kɔɔ so kaa Sara nkutoo ho asɛm sɛ Abraham “yere” nanso ɔkaa Hagar ho asɛm sɛ ‘n’afenaa.’ Bio nso, akyiri, Abraham pam Hagar fii ne fi.—Genesis 17:19; 21:8-16.
Nanso na mmea dodow aware rekɔ so wɔ mmusua ahorow pii mu dedaw. Enti bere a Mmara a wɔde maa Mose akyiri yi kaa mmea dodow aware ho asɛm no na ɛnyɛ sɛ ɛde biribi foforo resi ho. Wɔnam Mmara no so de ahyɛde mae ara kwa wɔ nhyehyɛe bi a na ɛwɔ hɔ ho de siw di a wonni ho dwuma wɔ ɔkwan pa so no ano. Ɛyɛɛ ɛyi denam ahyɛde ne anohyeto ahorow a ɛde mae a ɛnhyɛ mmea dodow aware ho nkuran no so. (Exodus 21:9-11; Deuteronomium 21:15-17; 1 Samuel 21:3-5; 2 Samuel 11:11) Esiane eyi nti, Israelfo no mu fã kɛse no ara anware mmea pii. Adefo ne nnipa a na wodi wɔn so no na wɔde wɔn ho hyɛɛ mmea dodow aware mu titiriw. Nanso Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhene ‘ma ne yerenom dɔɔso na ne koma ammãn.’ (Deuteronomium 17:17) Na Yehowa kaa aware ahorow a ɛyɛ nhwɛso pa ho asɛm bere nyinaa sɛ ɛyɛ nea ɛfa ɔyere biako ho.—Dwom 128:3; Mmebusɛm 5:18; 31:10-31.
Dabi, Yehowa anhyehyɛ mmea dodow aware. Wampene so te sɛ nea wampene awaregyae a ne nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ mu no nso so no.—Malaki 2:14-16.
Mmea Dodow Aware ne Kristosom
Yesu kae sɛ: “Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, ɛnte saa.” (Mateo 19:8) Wobetumi aka asɛm koro no ara wɔ mmea dodow aware ho. Ná ɛnte saa ‘fi mfiase.’ “Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mateo 19:4-6.
Enti Yesu sii mfitiase gyinapɛn a ɛfa aware ho no so dua. (Mateo 19:3-8) Bible no kɔ so kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ Kristofo asafo no mu no yɛ “ɔyere biako kunu,” sɛ waware a. Saa ara na ɛsɛ sɛ “okunafo” nso yɛ obi a na “waware kunu biako.” Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔyere biako aware yɛ nea wɔhwehwɛ wɔ Kristofo nyinaa ho. Ahwɛfo a wɔn na ‘wɔyɛ nhwɛso ma nguankuw’ no ntumi nka sɛ wɔn dibea a ɛne hwɛ a wɔhwɛ wɔn so no ma wonya aware ho gyinapɛn a ɛyɛ soronko wɔ afoforo a wɔwɔ asafo no mu no de ho. (1 Timoteo 3:2; 5:9; 1 Petro 5:3) Enti ɛda adi pefee sɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo paw ne ɔhokwafo a wɔbɛyɛ anaa ɔyere biako a wɔbɛware. Abien yi mu biara yɛ nea Onyankopɔn pene so. (1 Korintofo 7:8, 9) Mmea dodow aware de, ɛyɛ nea wɔmma ho kwan.
Gyinapɛn a efi soro yi ma mmarima ne mmea nyinaa nya obu. Ɛho nhia sɛ mmea awarefo suro kɛse sɛ wɔn kununom bɛware yerenom afoforo aka wɔn ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristoni ɔbea a ɔnwaree no nya adwene sɛ ɔbɛyɛ ɔyere a ɔto aware so abien—wɔ baabi a mmarima a wɔnwaree no nnɔɔso mpo no. Ɔtwɛn kosi sɛ ‘obenya n’ankasa ne kunu.’ (1 Korintofo 7:2) Yiw, awarefo wɔ hɔ ma wɔn ho wɔn ho ampa. Wobetumi aka abom ama wɔn mma anya abusua asetra a eye na ɛkari pɛ.—1 Petro 3:7; Efesofo 5:21-31; 6:1-4.
Kristofo Gyinapɛn
Ɛyɛ nokwasɛm titiriw yi na ɛkaa Johnson wɔ 1947 mu ma ɔyɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetra mu no. Ne babarima a wɔfrɛ no Rufus ka sɛ: “Me papa san de ne yerenom baanu kɔmaa wɔn awofonom. Ɔhwɛɛ wɔn nanso wanyɛ biribi a ebetumi asum no afiri a, ɛbɛma wasan afi ase ne wɔn atra bio. Na ɔpɛ sɛ odi Onyankopɔn ahyɛde horow so.”
Anyɛ mmerɛw amma Johnson sɛ obegyae ne mmea dodow aware no. Saa a ɔyɛe no ma ɔyɛɛ nsakrae a anibere wom wɔ abrabɔ, nkate ne amammerɛ mu. Na nneɛma pii wom sen paw a ɔbɛpaw asetra mu nhyehyɛe abien mu biako. Na ɛyɛ asɛm a ɛfa Onyankopɔn a obetie no na ama wade ne ho asom no ho. Enti bere a ebia Johnson mmea dodow aware no maa ɔne ne yerenom no nyaa honam fam mfaso horow bi no, ne ho a ɔbɛkɔ so de ahyɛ mu no remma Onyankopɔn ani nsɔ wɔn nyinaa.
Nnipa pii adi Johnson nhwɛso a akokoduru wom no akyi. Sɛ nhwɛso no, Theodore ka sɛ: “Na mekɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no bi na na mepɛ sɛ wɔbɔ me asu. Nanso na mewɔ yerenom baawɔtwe. Mɛyɛ dɛn agyae wɔn mu baason? Metraa saa tebea yi mu mfe anum na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na mimfi mu. Mekɔɔ so suaa Bible no na mede me ho bɔɔ Yehowa Adansefo ho. Nkakrankakra Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a mewɔ a ɛkɔɔ so yɛɛ kɛse ne ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsɔ n’ani no hyɛɛ me den ma misii gyinae a ɛteɛ no. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me yerenom no sɛ, Bible no ka sɛ me yere a odi kan no ne me ‘mmerantebere mu yere’ ne sɛ, ɛsɛ sɛ mekɔ so ware ɔno nkutoo. (Malaki 2:14-16) Afei miyii nkumaa baason no fii me fi na memaa wɔn mu biara ne wɔn mma 12 no dabere a ɛsono obiara de. Enti memaa m’asetra ne Kristofo gyinapɛn ahorow hyiae na mitumi som Yehowa sɛnea mepɛ no. Mprempren me kan yerenom no nso ade wɔn ho sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so na sɛ wɔpɛ a, wɔasan aware.
Ɛmfa ho sɛ Wohyia Ɔsɔretia no, Biribi fi mu Ba
Mpɛn pii nsakrae a ɛte saa no de ɔsɔretia a ano yɛ den fi abusuafo ne afipamfo hɔ ba. Warigbani osuahu no kyerɛkyerɛ eyi mu: “Na mene me kunu yere a ɔto so abien na na mawo mmofra abien ama no. Bere a mihui sɛ ne yere a odi kan no na ɔbɔadeɛ no bu no sɛ ɔne ne yere ankasa no, mibisaa me ho sɛ: So ɛsɛ sɛ migyae me kunu no? Sɛ meyɛ saa na ɔma me kwan ma mede mmofra no kɔ a, mɛyɛ dɛn ahwɛ me ne wɔn? So ɛsɛ sɛ mibu m’ani gu m’ahonim so na mehwere anigye kɛse a ɛne hu a mahu nokware som no? Ɛne sɛ, na mene Yehowa Adansefo resua Bible no. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me.
“Bere a meka kyerɛɛ me kunu sɛ ɛsɛ sɛ migyae aware na mepɛ sɛ mede mmofra no kɔ no, ne bo fuwii kɛse na wɔampɛ sɛ otie me. Awiei koraa no, ɔmaa me kwan sɛ mene mmofra no nkɔ nanso wammoa me wɔ sika fam—wamma me lɔre akatua mpo.
“Afei na ɛsɛ mihyia abufuw a efi m’ankasa abusua no hɔ. Wɔkae sɛ mabɔ dam. Me nuabarima frɛɛ me sɛ ‘Ɔbabea hohwini’ na ɔserew me. Nanso mekɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn na wɔ bere bi akyi no, wɔn mu pii fii ase suaa Bible no. Mprempren abusua yi mufo baanu ka me ho wɔ Yehowa som mu. Ampa, na ɛsɛ sɛ mibu me bra a minni nneɛma pii a anka minya no. Ná ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwɛ me ho ne me mma baanu no. Nanso nokware no a mahu, ne osetie a meyɛ wɔ ho no ho anigye sen honam fam nneɛma. Worentumi mfa ahonyade ntoto Yehowa ani a yɛbɛsɔ no ho.”
Mose nso ka saa ara: “Mprempren mewɔ abusua a wɔn ho tew a biakoyɛ wom mu anigye. Me mma no anyin abɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔahyira wɔn nkwa so. Eyi ama m’ani agye kɛse.”
Bere a ɔreka mfaso horow a efii ade a Johnson yɛe no mu bae ho asɛm no, ne babarima Rufus ka sɛ: “Yɛanko ntɔkwaw wɔ fie hɔ bio na me papa tumi hwɛɛ yɛn so yiye na ɔtetee yɛn ma ɛne Bible nkyerɛkyerɛ hyiae. Ɔde mfe 20 mu fã kɛse no ara yɛɛ ɔkwampaefo [bere nyinaa ɔsɛnkafo] na ɔkɔɔ so dii nokware maa Yehowa kosii bere a owui mfe abien a atwam ni no mu.”
So wopɛ sɛ wusua pii fa Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho? Yɛreka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ Yehowa Adansefo na wɔne wo nsua Bible no. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛka Paradise asase a ɛreba a wɔde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow bedi dwuma wom no ho asɛm akyerɛ wo!—Yesaia 11:9.
[Kratafa 19 mfoni]
Wɔ mmea dodow aware mu no, ɛsɛ sɛ ɔbea bi ne mmea afoforo ware ne kunu