So Wɔnsakra Bible no mu ma Ɛne Ɔyerenom Dodow Aware Nhyia?
WƆ Bijeen (Nkabom) a ɛyɛ Roman Katolekfo nsɛmma nhoma bi a efi Netherlands mu no, ɔkyerɛwfo Sjef Donders kaa ntawntawdi a ɛwɔ Bible ahyɛde a ɛfa ɔyere biako aware ne ɔyerenom dodow aware a ɛyɛ amanne a wɔagye atom wɔ Afrika aman binom so ho no mu no ho asɛm. Ɔkae sɛ saa ntawntawdi no afi hɔ denam “ka a wɔaka sɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ [a ɛfa ɔyere biako aware ho] no yɛ nea wɔayi afi hɔ no so.”
Ɔreda asɔre no adwen horow a ntease nnim adi no, Donders faa Amerikani sɔfo Eugene Hillman a ɔyɛ Sunsun Kronkron Agyanom, Roman Katolek ahyehyɛde bi a adi anim kɛse wɔ Katolekfo asɛmpatrɛw adwuma mu wɔ Afrika no muni asɛm kae. Wɔ nhoma bi a ɛfa ɔyerenom dodow aware ho mu no, Hillman kyerɛwee sɛ: “Sɛ esiane asiane anaa akwanhyia bi a onipa de ba nti, da bi ɛkɔba sɛ mpofirim ara mmarima kakraa bi na wɔaka a ɛkame ayɛ sɛ mmea nko na wɔwɔ hɔ a, ɛnde wobehu biribi wɔ Bible mu a ɛno nti ɛsɛ sɛ wɔma mmarima yi kwan ma wɔne mmea pii da.”
So ɛbɛba saa? Ɛmfa ho sɛ ɔsɔfo no wɔ ahofadi adwene no, ɛnsɛ sɛ wɔpene ɔyerenom dodow aware so ma Kristoni biara, a ɔman anaa tebea mfa ho. Ɔyere biako aware ne nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛ maa adesamma wɔ Eden, na Yesu Kristo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan de eyi di dwuma wɔ Kristofo asafo no mu. (Mateo 19:4-6) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ honhom akwankyerɛ ase sɛ: “Nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu.” (1 Timoteo 3:2) Na ɛdefa Kristofo nyinaa ho no otuu fo sɛ: “Aguamammɔ nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.” (1 Korintofo 7:2) Eyi mma ɔyerenom dodow aware ho kwan wɔ nokware Kristofo mu.