Sɛnea Ɔwofo Te Nka
NÁ GENEAL de ne mma baasia—mmeawa baanum ne abarimaa biako—akɔ akwamma akɔsra ne nnamfo binom wɔ New York kusuu fam. Da koro mmeawa no kae sɛ wɔbɛkɔ kurom. Abarimaa no, Jimmy, ne abarimaa foforo bisae sɛ ebia wobetumi akotu mpase anaa. Wɔka kyerɛɛ mmarimaa no sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye na wɔnsan mmra fie ntɛm awia.
Eduu anwummere no, na mmarimaa no nsan mmae ɛ. Geneal ka sɛ, “Dodow a ade resa no, dodow no ara na meyɛɛ basaa kɛse. Misusuwii sɛ ebia wɔn mu biako apira na ɔfoforo no mpɛ sɛ ogyaw no wɔ hɔ.” Yɛkɔɔ so hwehwɛɛ wɔn anadwo no nyinaa. Wohuu wɔn ntɛm bere a ade kyee no na asɛm a obiara suro sɛ ebesi no baa mu—mmofra no awu. Ɛwom sɛ mfe du atwam de nanso Geneal kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me werɛ remfi bere a polisini panyin no baa fie hɔ no da. Na n’anim ayɛ hoaa. Ná minim nea ɔrebɛka akyerɛ me no mpo ansa na obuee n’ano.”
Na nkate horow nso ɛ? Ɛsen nkate horow a wɔtaa nya wɔ nneɛma afoforo a wɔhwere ho no. Sɛnea Geneal kyerɛkyerɛ mu no: “Me na mewoo Jimmy. Ná wadi mfe 12 pɛ bere a owui no. Na onyinii ahe biara ɛ. Mahwere nneɛma afoforo wɔ m’asetra mu. Nanso nkate no yɛ soronko bere a woyɛ ɔwofo na wo ba wu no.”
Wɔaka wu a abofra wu ho asɛm sɛ ɛyɛ “adehwere kɛse, owu a ɛyɛ awerɛhow sen biara.” Dɛn ntia? Death and Grief in the Family nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abofra wu yɛ nea wɔnhwɛ kwan koraa. Ɛyɛ nea ennye, ɛyɛ nea wɔnhwɛ kwan. . . Awofo hwɛ kwan sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma, abɔ wɔn ho ban na wɔatete wɔn ma wɔabɛyɛ mpanyimfo a wɔwɔ apɔwmuden. Sɛ abofra bi wu a, ɛte sɛ nea yɛn nhyehyɛe asɛe.”
Wɔ akwan horow bi so no, ɛyɛ den ma ɛna no titiriw. Sɛnea Geneal kyerɛkyerɛ mu no, anyɛ yiye koraa no, biribi a efii ne mu bae no awu. Enti Bible no gye awerɛhow kɛse a ɛna betumi adi no tom. (2 Ahene 4:27) Nokwarem no, ɛyɛ den ma agya a ne ba awu no nso saa ara. Ɔno nso te ɛho yaw nka. (Fa toto Genesis 42:36-38 ne 2 Samuel 18:33 ho.) Nanso mpɛn pii ɔnna ne nkate horow adi wɔ baguam esiane sɛ osuro sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔnyɛ ɔbarima nti. Ebia ɛbɛyɛ ne yaw nso, bere a afoforo susuw ne yere nkate horow ho sen ne de no.
Ɛtɔ bere bi a, ɔwofo a ne ba awu no te afobu titiriw bi nka. Ebia obesusuw nsɛm te sɛ ‘So anka metumi adɔ no kɛse?’ ‘So meka kyerɛɛ no sɛ medɔ no mpɛn pii?’ ne ‘anka ɔremfi me nsa ntɛm’ ho, Anaa, sɛnea Geneal ka no: “Me yam a anka mesɛee bere pii wɔ Jimmy ho.”
Ɛyɛ awosu sɛ awofo bɛte nka sɛ wɔn ba asɛyɛde da wɔn so. Nanso ɛtɔ bere bi a, awofo a wɔn ba awu no bu wɔn ho fɔ na wɔte nka sɛ wɔantumi anyɛ biribi a anka ebetumi asiw wu a owui no kwan. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka agyapanyin Yakob nneyɛe ho asɛm bere a wɔma ogye dii sɛ akekaboa bi akum ne babarima kumaa Yosef no. Yakob ankasa na ɔsomaa Yosef sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea ne nuanom no ho te. Enti ebia afobu ho nkate horow te sɛ ‘Dɛn nti na mesomaa Yosef nkutoo? Dɛn nti na mesomaa no kɔɔ baabi a nkekaboa abu so wɔ hɔ?’ bɛhaw no. Enti Yakob “mmabarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ.”—Genesis 37:33-35.
Te sɛ nea ebia wɔn ba a wɔahwere no no nnɔɔso no, ebinom bɔ ade foforo a wɔhwere ho amanneɛ—nnamfo a wɔhwere. Ebia nnamfo bɛtwe wɔn ho ankasa. Dɛn ntia? Geneal kae sɛ: “Nnipa pii twe wɔn ho, efisɛ wonnim nea wɔbɛka akyerɛ wo.”
Bere a Akokoaa Wu
Juanita nim sɛnea obi te nka bere a wahwere abofra no. Bere a oduu ne mfe aduonu mu no, na wapɔn mpɛn anum. Afei onyinsɛnee bio. Enti bere a kar akwanhyia ma wɔde no kɔtoo ayaresabea no, ɛhaw no. Adapɛn abien akyi no, awo kaa no—bere a ennuu so ɛ. Bere tiaa bi akyi no, ɔwoo abofra ketewaa Vanessa—na ne mu duru bɛyɛ nkaribo abien ne kakraa bi pɛ (0.9 kg) . Ɔka sɛ, “M’ani gyei kɛse. Awiei koraa no, mayɛ ɛna!”
Nanso n’anigye no yɛɛ bere tiaa de. Nnanan akyi no, Vanessa wui. Juanita ka sɛ: “Metee nka sɛ mahwere me nneɛma nyinaa. Menyɛ ɛna bio. Metee nka sɛ minni mũ. Na ɛyɛ me yaw sɛ mɛba fie na makɔ ɔdan a yɛasiesie mu ama Vanessa no mu na makɔhwɛ nkamisaa nketenkete a matotɔ ama no no. Wɔ asram a edii hɔ no mu no, mekaee da a mede woo no no. Na mempɛ sɛ me ne obi bɛyɛ biribiara.”
Adeyɛ a ɛtra so? Ebia ɛbɛyɛ den ama afoforo sɛ wɔbɛte ase, nanso wɔn a wɔte sɛ Juanita a ebi ato wɔn pɛn no kyerɛkyerɛ mu sɛ wodii wɔn ba no ho awerɛhow te sɛ nea woyɛ wɔ obi a watra ase wɔ bere bi mu no ho no. Wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, bere tenten ansa na wɔbɛwo abofra bi no, na n’awofo dɔ no. Sɛ saa abofra no wu a, ɛyɛ onipa ankasa na wawu no. Anidaso a awofo no wɔ sɛ wɔbɛhwɛ obi a ɔkekaa ne ho wɔ ne maame awotwaa mu no ayera.
Wɔ adehwere a ɛte saa akyi no, ɛyɛ nea ntease wom sɛ ebia ɔwofo bi a ne ba awu foforo no bɛyɛ basaa bere a ɔne mmea afoforo a wɔafa afuru ne ɛnanom a wɔn mma ka wɔn ho wɔ hɔ no. Juanita ka sɛ: “Mintumi nnyina hɔ nhwɛ ɔbea a wanyinsɛn. Ɛdɛn, ɛtɔ bere bi a, mifi aguadidan mu ankasa bere a mentotɔɔ me nneɛma nwiei, esiane sɛ mihuu ɔbea bi a ɔyem ara kwa nti.”
Afei nkate afoforo nso wɔ hɔ—te sɛ ehu (‘So menya abofra a ɔte sɛ mmofra afoforo da bi?’) anaa aniwu (‘Dɛn na mɛka akyerɛ nnamfo ne abusuafo?’) anaa abufuw. Bonnie a ne babea wui bere a ɔwoo no akyi nnafua abien no ka sɛ: “Ɛtɔ bere bi a, mete nka sɛ, ‘Dɛn nti na me? Dɛn nti na me ba ketewa no?’” Na ɛtɔ bere bi nso a, wɔte animguase nka. Juanita kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛnanom bi wɔ hɔ a wɔde wɔn mma refi ayaresabea hɔ akɔ na nea mewɔ nyinaa ne abaduaba bi a me kunu atɔ. Metee nka sɛ m’anim agu ase.”
Sɛ obi a wodɔ no wu a, eye sɛ wubehu sɛ nsɛm a worehyia no yɛ nea ɛto obiara ne sɛ ade koro no ara ato afoforo pɛn na wɔtee nka saa ara.
[Kratafa 18 mfoni]
Wɔ pii fam no, wu a akokoaa wu no yɛ “adehwere kɛse”