Hitler—Wawu Nanso Wɔn Werɛ Mfii No
NÁ FIDA September 26, 1980 yɛ da a wim yɛɛ hyew na owia bɔɔ kɛse wɔ Germany kesee fam. Nanso ebeduu 10:15 p.m. no, na wim ayɛ wiridudu. Na nipadɔm fi ntamadan akɛse a wɔtɔn beer wom wɔ Munich Oktoberfest a agye din no mu refi adi na na wɔde wɔn ani akyerɛ akwan a wɔfa so pue fi mu no ano. Mpofirim ara biribi paa gya kɛse wɔ akwan atitiriw a wɔfa so kɔ mu no biako ho na biribi a ɛtowee no gyigyee kɛse na epirapiraa nnipa bɛboro 200 na 13 wuwui.
Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ akyiri yi daa no adi sɛ, onipa a odii nsɛmmɔne yi ka Nazifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho. Na ɔtopae a wɔtowee a ɛte sɛ eyi ara a afã horow abien a wɔne wɔn ho di asi no mu biako tow too keteke gyinabea bi wɔ Bologna, Italy no, akunkum nnipa bɛboro 80 wɔ adapɛn awotwe pɛ a atwam no mu. Wɔ bere koro no ara mu no, na France rehyia di a wodi Semfo nsɛmmɔne a emu yɛ den sen biara fi Wiase Ko II so reba no.
Wɔ nnipa pii fam no, ɛkame ayɛ sɛ nsonsonoe biara nni Nazi-sɛm (anaa nea ɛwɔ hɔ nnɛ) ne Hitler ntam. Enti nsɛm ahorow a asisi te sɛ eyinom ma wɔkaee Hitler wɔ mfe pii a atwam no mu, anyɛ yiye koraa no, wɔ atesɛm nkrataa mu. Na wɔredi nsɛmmɔne a Nazifo dii no foforo yi ansa na wɔn werɛ afi dedaw a wodii no. Wɔ nokwarem no, Germanfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Nürnberger Nachrichten da no adi sɛ, efi December 1983 reba no na adwumayɛfo 35 a atemmufo ne aban mmaranimfo 10 ka wɔn ho “ani da so ara abere reboaboa nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ a ɛfa Nazifo nsɛmmɔnedi ahorow [a wodii wɔ Hitler bere so] ho no ano, wɔhwehwɛ mu na na wɔde ma asennibea ahorow no.” Ɛde kaa ho sɛ, “nsɛm ahorow 129 da so ara wɔ hɔ a wonnii bere a wɔda so ara redi 1,700 no.”
Ebia eyi nyinaa yɛ nea ɔmanfo nhu no kɛse. Nanso nsɛm afoforo a asisi atumi ama nnipa ɔpepem pii akae Nazi-sɛm a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn werɛ afi no. Sɛ nhwɛso no, susuw Holocaust ho—television so dwumadi bi wɔ mfe kakraa bi a atwam mu no ho—anaa amanneɛbɔ a ɛmaa nkurɔfo ho dwiriw wɔn a wɔdaa no adi wɔ 1983 mu a ɛkyerɛ sɛ atesɛm krataa bi a agye din a wotintim wɔ Germany anya Hitler ankasa nhoma horow a ɔkyerɛw nsɛm a esisii wɔ n’asetra mu wom no bi no. Saa amanneɛbɔ no a nnipa binom de adwenem naayɛ tiei no bɛyɛɛ nea wɔkaa ho asɛmmɔne bere a wohui sɛ nhoma horow no nyɛ ne de no. Germani biako a ɛdaa adi sɛ ne bo afuw na wayɛ basaa no kae sɛ: “So Hitler remma yennyae nkwaseafo yɛ?”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Toronto Star a wotintim wɔ Canada no kae sɛ: “Ehu kɔ so ka yɛn nanso ɛyɛ yɛn nwonwa wɔ bere koro no ara mu, na Fuhrer ne ɔman a odii so tumi no nyinaa ma yɛn ho dwiriw yɛn mpo.” Ɛte sɛ nea saa na asɛm yi te, efisɛ sɛnea Germanfo nhoma biako kyerɛ no, “ɛte sɛ nea nhoma ahorow pii a wɔakyerɛw afa Third Reich no ho no redɔɔso bere a bere twam no. Wɔakyerɛw nhoma bɛboro 20,000 na abenfo mpo nnye nni sɛ wɔate ne nyinaa ho asɛm.”
Dɛn nti na Hitler ne ne Third Reich no yɛ nnipa a wɔwɔ wiase yi mu no nwonwa? So ebetumi aba sɛ ɛno ne nnɛyi Nazi akuw ahorow a nsɛmma nhoma Der Spiegel kaa ho asɛm sɛ “emufo redan asraafo” no na ɛrema abakɔsɛm asan atĩ ne ho mu bio no? Nnɛyi Nazi nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ no mu binom de ahohoahoa ka sɛ: “Yɛnyɛ nnɛra nnikae na mmom ɔkyena adikanfo.” Ɛnde na ntease wom na ɛyɛ biribi nti na nkurɔfo bi rebisa sɛ: ‘Nazi-sɛm—so ebetumi aba bio?’