So Ebetumi Aba Bio?
ƐYƐ den sɛ wobehu nnɛyi Nazifo a wɔwɔ Germany no dodow pɛpɛɛpɛ nnɛ. Nanso ahyehyɛde bi a ɛhwehwɛ amammuisɛm mu kateeyɛ mu wɔ Federal Republic of Germany no ka sɛ ebia nnipa bɛboro 20,000 na wɔwɔ ahyehyɛde ahorow a ɛfrɛ no afã abien a wɔne wɔn ho di asi no mu nea ɛyɛ katee no mu. Wɔakyekyɛ eyinom mu ayɛ wɔn akuw ahorow pii na emu kakraa bi na emufo no du ɔha.
Ɛte sɛ nea eyi kyerɛ sɛ Nazi-sɛm nyɛ nea wɔresan ahyehyɛ no bio, efisɛ dɛn na Nazi-sɛm betumi ayɛ bere a enni ɔkannifo a ɔte sɛ Hitler a obetumi aka akuw ahorow a ɛsono emu biara yi nyinaa abom biako ahyɛ n’ase no? Ɛde besi nnɛ no, amammui mu mesia foforo a ɔte saa biara nsɔree, ɛnyɛ Michael Kuhnen mpo a ɔyɛ nnɛyi Nazifo a wonim wɔn kɛse a wɔwɔ Germany no mu biako no. Nazifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu biako kaa Kuhnen ho asɛm sɛ ɔyɛ “Fuhrer Adolf Hitler no nsa nifa a ɛwɔ asase so.” Na ɔkaa Hitler ho asɛm sɛ: “Fuhrer no yɛ kronkron ma yɛn sɛnea Yesu yɛ ma Kristofo no.”
Afei nso, tebea horow a ɛwɔ Germany nnɛ no nte sɛ nea na ɛwɔ hɔ ansa na Hitler bedii tumi no koraa. Nnipa a wonnya adwuma nyɛ dodow kɔ soro de, nanso ennu ɔha biara mu 30 a edui wɔ 1930 mfiase no. Nneɛma bo a ɛrekɔ soro no nyɛ kɛse, sɛ wode toto 1920 mfe no mu de no ho a, bere a wɔ mfe abien ntam no, ade bi bo kɔɔ soro fi marks 35 koduu marks 1,200,400,000,000 no! Ɔmampɛ ne sraadisɛm nni hɔ koraa nnɛ. Na mmara a ɛwɔ Germany mprempren no ma wonya ahobammɔ wɔ atirimɔden nniso a wɔbɛsan de asi no ho.
Nanso nnipa pii te nka sɛ ɛnsɛ sɛ wobu tumi a nnɛyi Nazi-sɛm wɔ no sɛ ɛnyɛ kɛse biara. Abakɔsɛm kyerɛwfo Karl-Dietrich Bracher a ɔwɔ Bonn Sukuupɔn mu no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ 1920 mfe no mu nso, bere bi bae a na akuw horow nketewa nkutoo na ɛwɔ hɔ na ɛnyɛ ahyehyɛde kɛse bi.” Na sɛnea nsɛmmɔne a nsɛmmɔnedifo di no ada no adi wɔ aman ahorow mu no, egye nnipa a wɔatu wɔn ho asi hɔ kɛse reyɛ biribi no mu nnipa kakraa bi na wɔayɛ biribi a wonsusuw sɛ wobetumi ayɛ no.
Asiane Ahorow a Ɛwɔ Baabiara
Wɔ afe yi mfiase pɛɛ no, wobuu Kuhnen fɔ sɛ wɔmfa no nkɔto afiase bɛboro mfe abiɛsa esiane ne dwumadi ahorow sɛ nnɛyi Nazini no nti. Ansa na wɔde no kɔtoo afiase no, ɔkaa sɛ ɔde ne bere yɛɛ adwuma de “tetee n’ahyehyɛde no fã a ɛyɛ katee” a ɛwɔ Switzerland no, bere a oguan fii Germany no. Atesɛm krataa bi a wotintim wɔ Switzerland no bɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ na ne koma atɔ ne yam nti, obetumi ahu sɛ ‘akuw ahorow pii tumi da’ n’amammui adwene no adi kɛse wɔ ɔman yi mu.”
Bio nso, akuw ahorow a ɛte saa wɔ ɔman a Hitler fi mu a ɛne Austria a ɔde kaa ne Third Reich no ho wɔ March 1938 mu no mu. Mpanyimfo a wɔwɔ Austria no mu binom susuw nsɛm a esisii no ho a wɔn kɔn dɔ saa bere no a abakɔsɛm aka ho asɛm a Nazifo dii wɔn man no so tumi no wɔ ɔkwan bi so. Nnɛyi mmofra a wobu bra bɔne na wosiesie wɔn ho basaa na wɔnom nnubɔne no ama mpanyimfo a wɔte saa no ahaw na ɛma wɔka sɛ “biribi a ɛte saa ntumi mma wɔ Hitler nniso ase.” Ebia wɔkae bere a na Hitler wɔ hɔ a na “wotumi nantew mmorɔn so anadwo a wonsuro no” mpo. Ebia ebinom paw sɛ wobebu wɔn ani agu nneɛma a ɛtraa so a nniso no yɛe no so na wɔaka sɛ: “Nea yehia nnɛ ne Hitler bi a osua.”
Nanso nnɛyi Nazi-sɛm nni Europa nkutoo. Sɛnea Frankfurter Rundschau amanneɛbɔ bi kyerɛ no ɛkame ayɛ sɛ Nazifo 10,000 guan kɔɔ aman ahorow a ɛwɔ South America no mu bere a Wiase Ko II baa awiei no. So wobetumi ayɛ asiane? Atesɛm krataa a wɔfrɛ no ABC revista tintimii nsɛm ahorow a wobisabisaa mpanyimfo atitiriw faa asiane a ɛwɔ Nazi-sɛm a wɔasan de asi hɔ wɔ Paraguay no ho. Ɛkae sɛ Mmaranimfo Jaime S. Edan kae sɛ, “Nazi-sɛm te ase nanso wontumi mfa nni dwuma.” Amansɛmdifo bi a wagye din gye toom bere a ɔkae sɛ: “Ɔman Sohyialism nngui” no.
Na Nazi-sɛm a ɛwɔ United States no nso ɛ? Wokum George Lincoln Rockwell a ɔtew Amerika Nazi Amanyɛkuw no wɔ 1967 mu. Nanso nnɛyi Nazi akuw ahorow dodow bi da so ara di n’amammui adwene no akyi. Bere a Rockwell wui akyi mfe du no Time nsɛmma nhoma daa no adi sɛ ɛwom sɛ “Nazi ahyehyɛde mũ no nyinaa yɛ nea wontumi mfa nni adwuma a ɛrekɔ fam de nanso tumi a ebetumi akanyan nitan na ama basabasayɛ aba no da so ara yɛ kɛse.”
Enti So Ebetumi Aba Bio?
Bere a Süddeutsche Zeitung atesɛm krataa a wotintim wɔ Germany reka nnɛyi Nazi-sɛm a ɛwɔ Germany ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Esiane Germany ho abakɔsɛm ne Nazi nniso a edii nsɛmmɔne no nti, ebia amanyɛkuw a ɛnyɛ katee no dwumadi ahorow no ntumi mma asiane kɛse biara mma, nanso wɔ ɔkwan biara so no ɛyɛ animguase.” Na atesɛm krataa Die Ziet ma ɛdaa adi kɛse bere a ɛkae sɛ: “Nazi ahyehyɛde no a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ Germany no yɛ adwene a ntease biara nnim, efisɛ ne titiriw no, tebea horow a ɛmaa Nazi nniso bedii tumi no nni hɔ bio.”
Esiane eyi nti, ɛte sɛ nea tumi a Hitler bi a “osua”—anaa ɔyɛ “obi a wanyin”—betumi asɔre na wasan ama Nazi-sɛm anya gyinabea a na ɛwɔ Hitler ase no yɛ nea entumi mma koraa. Germani sukuuni bi a wadi mfe 17 ka sɛ: “Wɔabɔ yɛn kɔkɔ yiye. Yɛbɛhwɛ sɛ ade a ɛte saa remma bio.”
Ebia ɛremma bio. Nanso ɛnyɛ Nazi nniso nkutoo na ahyɛ nkurɔfo so anaa adi atirimɔdensɛm. Na bere ama wɔahu sɛ ɛnyɛ Hitler ne sodifo otirimɔdenfo a otwa to wɔ wiase no mu. Bere a nnipa kɔ so sɔ nniso ahorow hwɛ no, wɔbɛhyehyɛ nniso ahorow a ɛhyɛ nkurɔfo so. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma wɔanhyɛ yɛn so? Yebetumi anya mmuae denam Hitler Third Reich no a yɛbɛsan ahwehwɛ mu no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Nnɛyi Nazifo mu biako kae sɛ, Hitler “yɛ kronkron ma yɛn sɛnea Yesu yɛ ma Kristofo no”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Ɛnyɛ Nazi nniso nkutoo na ɛhyɛ nnipa so