Mmea A Wotwa Wɔn Twetia—Dɛn Ntia?
“AYARESABEA bi a ɛwɔ London retwa mmea twetia”! Nsɛmti a ɛte sɛ eyi maa nnipa a wɔwɔ England ne nsase afoforo so ho dwiriw wɔn nnansa yi. Akenkanfo tee sɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ Harley Street, London, a agye din no reyɛ oprehyɛn bi a nnipa pii ntee ho asɛm da: mmea a wotwa wɔn twetia.
Nanso wɔtaa twa mmea twetia wɔ wiase no afã horow bi—ne titiriw no, Afrika. Anyɛ yiye koraa no, amanne no adi mfirihyia 2,000 na wɔayɛ eyi wɔ nsasepɔn anum no nyinaa so pɛn. Mmea a wɔte ase nnɛ a akontaabu kyerɛ sɛ wɔatwa wɔn twetia no dodow bɛyɛ ɔpepem 70.
Sɛ wote asase a wontwa mmea twetia wɔ so so a, ebia wubebisa dekode a amanne yi yɛ ne nea enti a nkurɔfo de wɔn ho hyɛ mu. Sɛ wɔyɛ wɔ baabi a wote no a, ebia woabisa sɛ: ‘So ɛsɛ sɛ mema wotwa me babea twetia?’ Afipamfo, abusuafo ne amanne bi a ase atim akyɛ no betumi ahyɛ awofo ma wɔde wɔn ho ahyɛ mu. Enti ansa na awofo bɛpene oprehyɛn no so no, ɛho hia sɛ wosusuw asɛm no ho kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛnea oprehyɛn no te ankasa, nea ɛbɛma wɔanya ne asiane ahorow a ɛwom no mu. Ɛnde dɛn ne mmea twetiatwa?
Ɛyɛ Dɛn?
Nokwarem no, ɛnyɛ ade no din ankasa nen. Engiresi asɛmfua circumcision (twetiatwa) no kyerɛ biribi a wotwa ma ehyia na ɛka oprehyɛn a wɔyɛ abarimaa ho asɛm. Wɔ abeawa fam no, oprehyɛn no yɛ “biribi a wotwa fi hɔ,” ɛne sɛ, ɛyɛ pim a esi awode mu no a wotwa so anaasɛ twa a wotwa fi hɔ koraa ne bɔbea no anofafa nso a wotwa fi hɔ. Saa oprehyɛn a wɔyɛ mmeawa a wɔanya dapɛn biako kosi mfe du anaa nea ɛboro saa yi ne twetia a wotwa mmea a ɛnyɛ yaw kɛse no.
Nanso oprehyɛn biako bi wɔ hɔ a ɛyɛ yaw kɛse a wɔfrɛ no wɔ Engiresi kasa mu sɛ infibulation. Sɛnea wɔyɛɛ abeawa ketewaa bi a ɔwɔ Djibouti oprehyɛn a wɔfrɛ no infibulation no ni: “Aberewa no faa ne sekan na otwaa pim a esi awode no mu no fii hɔ. Ɔyɛ infibulation no: nea ɔyɛ oprehyɛn no de nE sekan twa bɔbea no anofafa no fi soro besi fam na afei ɔtwerɛw nam no fi mu . . . Afei nea ɔyɛ oprehyɛn no de biribi tare so na ɔma ano no siw denam ɔkanto a ɔde yɛ aduru tare so no so.” (Efi Kuw a ɛbɔ hokwan ahorow a nnipa a wosua wɔ ho ban no hɔ, Amanneɛbɔ a Ɛto So 47, yɛfaa asɛm no fii The Economist mu.) Ɛkame ayɛ sɛ kutwã no ma bɔbea no ano siw koraa na sɛ abeawa no ware a, ɛsɛ sɛ wɔpae bio a ebia sekan na wɔde bɛyɛ eyi.
Asiane Wɔ Oprehyɛn No Yɛ Mu
Oprehyɛn abien no nyinaa yɛ yaw na asiane wom. Nnansa yi wɔde obi a ofi Mali kɔɔ asennibea wɔ France bere a ɛkaa kakraa bi na ne babea a wadi asram abiɛsa wu bere a watwa pim a esi n’awode mu akyi no. Mmofra baahe na oprehyɛn no ma wowuwu? Ɛho akontaa a wɔabu nni hɔ nanso ɛbɛma nnipa pii awuwu efisɛ mmea a wonni ahotew a ɛfata ho nimdeɛ na wɔtaa yɛ oprehyɛn no na mpɛn pii wɔyɛ saa a aduru a ɛmma wonte yaw nka nka ho no. Wɔ 1982 mu no, atesɛm nkrataa bɔɔ amanneɛ sɛ Kenyafo Ɔmanpanyin Moi abara amanne no wɔ ne man no mu bere a mmeawa nketewa 14 wuwui akyi no.
Sɛ abeawa bi nya nkwa wɔ oprehyɛn no akyi a, ɔhaw afoforo wɔ hɔ. Amanneɛbɔ bi a efi UNESCO bobɔ ebinom din: Ehu kɛse a ɛka wɔn esiane ehu ne yaw nti; mogya a etu wɔn a entumi nnyae; ɔyare bi a ɛma obi sinsen (tetanus) ne nyarewa afoforo a ɛyɛ wɔn, yaw nka a wɔte bere a wobu wɔn nsa wɔ wɔn mmabaa bere mu; ɔyare foforo a ɛyɛ wɔn bere a kutwã no pɔn wɔ aware akyi; brɛ a wɔbrɛ wɔ awo mu. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no World Health de ka ho sɛ: “Nsakrae ahorow pii a ɛtra hɔ daa ba . . . ebia ɛbɛka ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho akɔnnɔ a wobenya na ebetumi de nsɛm ahorow aba aware mu na ɛmma wontumi nwo anaasɛ ɛbɛma wɔagyae aware.”
Yiw, eyi yɛ adeyɛ a asiane wom. Ɛnde dɛn nti nao awofo ma wotwa wɔn mmabea twetia?
‘Wɔayɛ Bere Nyinaa’
Wɔ mmeae horow bi no, wɔde amanne ahorow bi a egyina atetesɛm so nanso ɛte sɛ nea ɛnyɛ ɔsom pɔtee bi mu adeyɛ ka ho. Nyamesom ahorow a ɛwɔ Kristoman mu no mufo de wɔn ho hyɛ mu.
Ebinom bu oprehyɛn no sɛ ɛho hia na wɔde adwudwo ɔbea nkate a ɔwɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho no ano anaasɛ ɛbɛma wayɛ ɔbea ankasa (wobu pim a esi awode mu no sɛ ɛyɛ akwaa bi a ɛwɔ ɔbarima ho) . Ɛna bi a ofi Egypt kyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ nhwehwɛmufo bi wɔ ɔkwan yi so sɛ: “Wɔatwa yɛn twetia na yɛhyɛ sɛ wontwa yɛn mmabea twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nsonsonoe a ɛda ɔbea ne ɔbarima ntam. Ɛsɛ sɛ ɔbea yɛ ɔbea ankasa na ɔbarima yɛ ɔbarima. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbea biara twetia sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfa ne ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ma ɛntra so na ne nkate nnsɔre bere nyinaa.” Ɔkɔɔ so sɛ: “Ɛyɛ aniwu sɛ wɔrentwa obi twetia. Yɛnyɛ ahɔho; ahɔho nkutoo na wontwa wɔn twetia.”
Nsɛmma nhoma Ivoire Dimanche a wotintim wɔ Ivory Coast no ka sɛ mmea twetiatwa yɛ amanne a ɛma wogye obi ba ahyehyɛde bi mu: “Pim a ɛwɔ awode no mu a wotwa fi hɔ no bɛyɛɛ asetra mu adeyɛ a abeawa nam so kɔka mmea kuw bi ho anaa ɛma ɔbɛyɛ ɔbea ankasa.” Wosusuw nso sɛ twetia a wotwa mmea ma wonya apɔwmuden. Mmea baanu a wofi Nigeria kɔɔ oduruyɛfo bi a ɔwɔ England nkyɛn sɛ ontwa wɔn twetia. Na wɔn mu biako ntumi nwo ba na wɔyɛɛ ɔfoforo no oprehyɛn ansa na otumi woo ne ba. Wɔn nyinaa tee nka sɛ wɔn haw no fi twetia a wɔantwa wɔn bere a wɔyɛ mmofra no. Nnipa binom ka sɛ mmea twetiatwa ho hia ma ahotew bere a afoforo ka sɛ ɛma abeawa kɔ so kura ne baabunyɛ mu. Wɔaka nso sɛ ɔbea awode “ho ntew na ɛyɛ tan” na twetia a wotwa no no yɛ “mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wanya nipadua a ɛso yɛ toromtorom na ɛho tew.” Wogye di sɛ ɔbarima renware abeawa a ontwaa twetia. Nanso mpɛn pii ɛnyɛ mmarima na mmom mmea na wɔhyɛ sɛ wɔnkɔ so nyɛ amanne no. Mpɛn pii ɛnanom anaasɛ abusuafo a wɔyɛ mmea na wɔyɛ ho nhyehyɛe na ɔbea bi a ofi kurow no mu na na otwa twetia no. Sunday Times Magazine bɔ amanneɛ sɛ wɔ Sudan no, “mmea na wɔyɛ nhyehyɛe a mmara mma ho kwan ma wɔyɛ obi oprehyɛn no” wɔ baabi a mmara mma ho kwan no.
Nokware no ne sɛ, wɔn werɛ afi mfitiase atirimpɔw ahorow nti a wotwa mmea twetia no bɛyɛ bere tenten ni, na ɛda adi sɛ atirimpɔw titiriw nti a wɔda so ara yɛ ne sɛ ‘wɔayɛ bere nyinaa.’ Sɛ awofo antwa wɔn mmabea twetia a, ebia wɔn nananom bɛfa akwan horow bi so ma wɔatwa wɔn. Ebia mmeawa a wonyinii a wontwaa wɔn twetia no bɛka akyerɛ wɔn awofo sɛ wontwa wɔn twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ sɛ obiara.
Amanaman ntam ahyehyɛde ahorow te sɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ne UNESCO kasa tia mmeawa a wotwa wɔn twetia no denneennen nanso ebinom bu wɔn mmɔdenbɔ ahorow no sɛ ɛyɛ ho a wɔde hyɛ wɔn ankasa nsɛm mu. Mmea baanu a wofi Afrika ka kyerɛɛ atesɛm krataa a wɔfrɛ no Globe and Mail no sɛ: “Ɛyɛ amanne a ɛma mmeawa fi tebea biako mu kɔ foforo mu na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ. Ɛyɛ yɛn asɛyɛde na yɛn na yebesi nea ɛsɛ sɛ yɛkora so ne nea ɛsɛ sɛ yegyae no ho gyinae.”
Kristofo Gyinabea
Ɛsɛ sɛ awofo kari saa adwen horow yi nyinaa hwɛ bere a wɔresusuw wɔn ankasa nkate horow a ɛfa mmea a wotwa wɔn twetia ho no. Wɔ Kristofo a wɔyɛ awofo fam no, asemmisa foforo wɔ hɔ: So mmea twetiatwa ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia?
Sɛnea Kyerɛwsɛm no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wotwa Israelni ɔbarima biara twetia sɛ apam a Yehowa ne Abraham mma ayɛ no ho sɛnkyerɛnne. (Genesis 17:10-14; Leviticus 12:2, 3) Nanso na wɔnhwehwɛ sɛ wobetwa Kristofo a wɔyɛ awofo mmabarima twetia. (Galatifo 5:6) Enti ɛyɛ nokware sɛ wɔnhwehwɛ sɛ wobetwa pim a esi Kristofo mmabea awode mu afi hɔ anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn oprehyɛn a wɔfrɛ no infibulation. Enti so mmea twetiatwa yɛ asɛm a ɛfa ahonim ho ara kwa?
Wiɛ, nniso ahorow bi abara. Wɔ saa nsase no so no, ɛsɛ sɛ Kristofo di mmara no so na ɛnsɛ sɛ wotwa wɔn mmabea twetia. (Romafo 13:1-5) Nanso sɛ mmea twetiatwa yɛ amanne na entia mmara nso ɛ? Kae, asiane wɔ twetia a wotwa mmea no mu. Mmeawa a wosua wuwu esiane ɛno nti. Sɛnea Bible no kyerɛ no, sɛ yɛhyɛ da de obi nkwa to asiane mu a ɛho nhia a, yebetumi adi mogya ho fɔ. (Fa toto 1 Beresosɛm 11:17-19 ho.) Kristofo a wɔyɛ awofo rempɛ sɛ wobedi mogya ho fɔ denam wɔn mmabea nkwa a wɔde bɛto asiane mu wɔ ɔkwan yi so no so.—Dwom 51:14.
Twetia a wotwa mmea yɛ yaw kɛse. Amane a ɛma wohu wɔ adwene ne honam mu no betumi akɔ so atra hɔ afi bere a wonnii mfe aduonu akosi wɔn aware ne wɔn awo mu. So eyi ne ɔkwan a awofo a wɔwɔ ɔdɔ nam so ne wɔn mma di? Dabi. Ɛnanom a wɔyɛ Kristofo dɔ ‘wɔn ankasa mma.’ (1 Tesalonikafo 2:7, NW) Awofo a wɔyɛ Kristofo de ‘nnepa ma wɔn ma.’ (Mateo 7:11) Ebia mmea twetiatwa yɛ tete amanne nanso ɛnyɛ ‘adepa.’
Nnuruyɛfo tumi hu sɛ oprehyɛn no mma wonnya apɔwmuden biara. Saa ara na ɛho nhia mma ahotew. Wɔ Israelfo fam no, na wɔn ankasa ho a wɔbɛtew no yɛ wɔn som no fã nanso Yehowa anka ankyerɛ wɔn sɛ wontwa wɔn mmabea twetia. Na kura a abeawa bi bɛkɔ so akura ne baabun a ɔyɛ mu no nso ɛ? Bio nso, Yehowa hyɛ mmea a wɔyɛ Kristofo sɛ wɔmma wɔn adwenem ntew, nanso wanka sɛ twetiatwa ho hia na ama wɔayɛ eyi. (1 Timoteo 2:9) Bio nso, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ oprehyɛn no ma abeawa bi yɛ ɔbea ankasa. Nokwarem no, ɛma ne bɔbea no ho ba twã na edi dɛm.
Ɛwom, mmea twetiatwa yɛ amanne a akyɛ, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ amanne horow mu bere a ɛmma Kristoni mmu n’ahonim so no. Nanso so woremmu w’ahonim so bere a woma wo babea hu amane a ɛho nhia no? Saa na Kristoni panyin bi a ɔwɔ Burkina Faso a ɛwɔ Afrika no tee nka.
Ɔkɔɔ ne kurom na bere a ɔwɔ hɔ no n’awofo hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne babea a wadi mfe akron mmra akuraa no ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atwa no twetia. Nanso ɔdansefo no de ayamye ne pintinnyɛ ne akokoduru kyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔ aduruyɛ ne Kyerɛwsɛm mu no, ɔmfa ne ho nhyɛ amanne yi mu no kyerɛɛ wɔn. Ɛwom sɛ eyi maa akasakasa bi baa abusua no mu de, nanso okuraa ne nnyinasosɛm ahorow no mu denneennen na ɔbɔɔ ne ba no ho ban fii twa a wobetwa no twetia no ho. Ɔdansefo no ne ne yere sii gyinae sɛ wɔnsoma wɔn mma nkɔ akuraa no ase sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nhyɛ wɔn mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ amanne horow a ɛne wɔn awofo apɛde bɔ abira no mu.
Kristoni a ne ho akokwaw yi kyerɛɛ sɛnea nimdeɛ a ɔdɔ a emu yɛ den ka ho ma awofo nya akokoduru ne nyansa de yɛ nea eye ma wɔn mma. Eye sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bedi ne nhwɛso no akyi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
Nnuruyɛfo tumi hu sɛ oprehyɛn no mma wonnya apɔwmuden biara
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]
Ebia twetia a wotwa mmea no bɛyɛ amanne a akyɛ de, nanso ɛnyɛ ‘adepa’
[Kratafa 29 mfoni]
So woremmu w’ahonim so sɛ wobɛma wo babea ahu amane a ɛho nhia?