Mempempem Pii Rehu Amane—So Wobetumi Aboa Wɔn?
Efi Afrika Nyan! kyerɛwfo bi hɔ
SƐ WOWƆ tumi a, so anka wubeyi amane a nnipa hu no afi hɔ? Akyinnye biara nni ho sɛ anka wobɛyɛ—sɛ wowɔ ɛso tumi a! Nokwasɛm no ne sɛ ɔdesani biara nni hɔ a obetumi ama wiase no mu ɛyaw ne amanehunu nyinaa aba awiei.
Nanso, ebia wowɔ tumi a wode bɛboa atew amanehunu a atwa wo ho ahyia no bi so anaa asiw ano mpo. Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ wɔ nsase pii so no, amanne bi a akyɛ na ase atim yiye rema mmea ɔpepem du du pii te ɛyaw na wohu amane pii. Sɛnea amanne no kyerɛ no, awofo a wokura adwempa yɛ nhyehyɛe ma wotwa wɔn mmabea awode fã bi anaa fã kɛse no ara fi hɔ. Wɔafrɛ no mmea twetiatwa.a Nanso mprempren nimdefo pii frɛ no FGM (mmea awode a wodi no dɛm) , edin a ɛfata adeyɛ yi yiye.
Hosken Report ka kyerɛ yɛn sɛ FGM, mmea awode a wodi no dɛm no yɛ ade a wɔyɛ wɔ nsase pii so fi Afrika Apuei Fam kosi Atɔe Fam ne mmeae bi a ɛbemmɛn hɔ. Mmea awode a wodi no dɛm a ɛyɛ yaw yi de nyarewa ba na etumi de obi nkwa to asiane mu.
Wɔakasa Atia Wɔ Baguam
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkasa atia saa adeyɛ yi. Kenyafo atesɛm krataa The Standard kae sɛ FGM no “ayɛ ahintasɛm titiriw. Ayɛ den, na ɛtɔ da bi a asiane wom ma mmea anaa mmarima a wɔpɛ sɛ wɔma wogyae no sɛ wɔbɛkasa atia adeyɛ no. Wɔtaa bɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔkasa tia amanne, abusua, ɔsom, ɔman, anaa wɔpow wɔn ankasa nkurɔfo ne wɔn amammerɛ.”
Saa Afrika atesɛm krataa no ara kyerɛkyerɛ FGM mu sɛ “ɛnyɛ ‘amammerɛ a empira’ na mmom nea ɛma mmea ne mmeawa di dɛm koraa na wowu . . . Ɛsɛe hokwan biara a abeawa wɔ sɛ obenyin anya ahoɔden a ɛsɛ.”
Wɔ Afrika ne aman nyinaa mu no, nnipa afoforo reka wɔn adwene de abɔ mmɔden sɛ wɔde adeyɛ yi ho nkyerɛkyerɛ bɛma nkurɔfo. Ɛma mmeawa te ɛyaw nka na wodi dɛm, fi wɔn mmofraase mpo, na ɛmmɔ wɔn akwahosan ho ban ɔkwan biara so.
Ɛdɛm a wodi koraa a ɛyɛ yaw na ɛtra hɔ daa ne wu a wowuwu no ama ayaresafo ne aman pii mu aban ahaw. Wɔka mpo sɛ FGM nso betumi ama AIDS atrɛw wɔ Afrika. Na esiane sɛ nnipa pii tu fi Afrika ne Mfmimfini Apuei Fam kɔ Australia, Canada, Europa, ne United States nti, ɛdɛm a wodi mmea yi rebɛyɛ ɔmanfo akwahosan ho asɛm wɔ Atɔe Fam ayaresabea ahorow bi mu. Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne ɛka a wɔbɔ wɔ nyarewa a efi mu ba, ne mpɛn pii no, adwenemhaw ho no.
Wɔahyɛ mmara na wɔreyɛ mmara de asiw saa amanne yi ano. England, France, Italy, ne Sweden yɛ Europa aman no mu bi a wɔabara FGM wɔ hɔ. The Globe and Mail a efi Canada bɔɔ amanneɛ sɛ “Ontario nnuruyɛfo mmarahyɛ bagua no abara” FGM. Bio nso, ɛkae sɛ: “Ɛwom sɛ Canada mmara mmɔ mmea twetiatwa anaa mmea awode ano a wosiw din pɔtee de, nanso aban mpanyimfo aka sɛ wobebu adeyɛ a ɛte saa no sɛ ayayade anaa basabasayɛ a emu yɛ den a wɔde yɛ mmofra.”
Amanaman ntam ahyehyɛde ahorow te sɛ World Health Organization abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae FGM. Woduu botae titiriw bi ho wɔ September 1990 mu, bere a wiase akannifo, a Afrika aman, te sɛ Senegal, Uganda, ne Zimbabwe, amampanyin hyiae wɔ New York de wɔn nsa hyɛɛ Mmofra Hokwan Ahorow ho mmara ase no. Saa nhoma yi kasa tia mmea twetiatwa sɛ ɛyɛ ayayade ne mmonnaato.
London Economist bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmea twetiatwa—a wɔfrɛ no awode a wodi no dɛm ma ɛfata yiye—da so yɛ Afrika ahude akɛse a wɔmmɔ din no mu biako. Sɛnea Minority Rights Group a ɛwɔ London amanneɛbɔ kyerɛ no, . . . wotwa mmeawa ɔpepem du du pii twetia afe biara.”
Saa nhoma no kɔɔ so kae sɛ: “Adeyɛ yi bi nyɛ yaw pii, ebi nso yɛ hu yiye, na wotumi de nsekamma, tumpan a abobɔ ne oyiwan twa awode no mu pim ne akwaa afoforo fi hɔ—nanso wɔntaa mfa nnuru a ɛmma wɔnte yaw nka nni dwuma. Ebetumi ama wɔahyia nsɛnnennen wɔ wɔn nsabu, ɔbarima ne ɔbea nna ne awo mu, wɔanya adwenemhaw na wɔawu mpo. . . . Adeyɛ yi kɔ so esiane gyidi hunu a wɔwɔ sɛ mmea benya nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den, suban ne gyidi a ɛnteɛ a ɛne sɛ ɛma ahotew no nti.”
Adeyɛ no Kɔ So
Wɔ Afrika man biako a wɔatwa mmea no pii twetia mu no, mmara a wɔhyɛe wɔ 1947 mu no bara awode a wodi no dɛm kɛse no. Nanso wɔkɔ so yɛ amanne yi ara. Dɛn ntia? Efisɛ wɔkɔ so di atoro kyerɛ nnipa a wɔwɔ adwempa ɔpepem pii, na wɔdaadaa wɔn ma wogye di sɛ mfaso wɔ FGM no so. Sɛ nhwɛso no, nkuraa ase mmea mpanyimfo gye di sɛ mfaso wɔ so ma abeawa no. Enti na sɛnea Nigeria atesɛm krataa The Guardian kae no, Minority Rights Groups kae sɛ ehia sɛ “wɔsakra mmea mpanyimfo a wɔma adeyɛ no kɔ so no adwene no.”
Nsɛmma nhoma Nursing Times kae saa ara sɛ: “Nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so ako atia mmea twetiatwa.” Na akyiri yi, nsɛmma nhoma koro yi ara kae sɛ: “Ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so atu ɔhaw yi ase koraa ne sɛ wɔbɛma wɔahu emu asiane ahorow, na wɔde ho nkyerɛkyerɛ ama mmarima ne mmea nyinaa.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmarima nso? Efisɛ agyanom pii tua oprehyɛn no ho ka na ama wɔatumi de wɔn mmabea ama mmarima a wɔmpɛ sɛ wɔware mmea a wontwaa wɔn twetia no aware.
Ade foforo nti a wɔkɔ so di mmea awode dɛm ne sika. The American Journal of Nursing ka sɛ: “Twetiatwa yɛ ade titiriw a wɔn a wotwa no nya sika fi mu; enti, nnipa a wɔte saa no nya mfaso fi adeyɛ no a wɔma ɛkɔ so no mu.” Ɛnyɛ mmea mpanyimfo nkutoo na wotua wɔn ka ma wɔyɛ ade yi na mmom awogyefo ne ayifo nso. Ayaresabea ahorow bi ayarehwɛfo ne nnuruyɛfo nso bɛyɛ de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mmeawa no akwati asiane ahorow ne amanehunu a oprehyɛn a ɛho ntew de ba no. Nanso, onii ko a ɔyɛ no mfa ho, ɛda so ara yɛ awode a wodi no dɛm.
Wɔ tebea bi mu no, mmea a wɔanyinyin ma wɔyɛ wɔn oprehyɛn yi mpɛn pii wɔ wɔn abawo mmere mu. The New York Times International kae sɛ “wotwa mmea pii twetia ahorow a ɛyɛ yaw wɔ awo biara mu. Wotwa twetiatwa kutwa no mu ansa na wɔawo, na wɔpam wɔ awo no akyi. Eyi ma mogya pii tu wɔn, ɛma awo no kyɛ, na asiane a ɛwom sɛ abofra no amemene ho betumi aka no yɛ kɛse.”
Nsɛmma nhoma New Scientist bɔɔ amanneɛ sɛ “mogya tu mmeawa pii ma wowuwu efisɛ wɔn a wonnim twetiatwa twa wɔn pim no mu ntini kɛse a mogya nam mu no. Ade a ɛtɔ wɔn so wɔ oprehyɛn no akyi no ma afoforo wuwu esiane sɛ, obiara nnim ɔkwan a wɔfa so ma wɔn ani so tetew wɔn, na ayaresabea mmɛn hɔ koraa nso, anaasɛ wɔn a wɔyɛe no mpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa efisɛ wɔn ani awu wɔ oprehyɛn a wɔanyɛ no yiye no ho nti.”
Nanso, wɔda so ara yɛ. FGM ho amanneɛbɔ ahorow kɔ so pue wɔ Afrika ne Europa atesɛm nkrataa mu. Afrika nsɛmma nhoma biako bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ “mmea a wɔadi wɔn awode dɛm no dodow ara yɛ nkokoaa ne mmeawa. Ɛwom sɛ awofo a wotwa wɔn mmabea twetia no gye di sɛ eye na ɛho hia de, nanso oprehyɛn no ne akyi nsɛm no te sɛ ayayadeyɛ.” Sɛnea London atesɛm krataa The Independent (July 7, 1992) kyerɛ no, nhwehwɛmu a wɔyɛe no nnansa yi daa no adi sɛ “adeyɛ no atrɛw wɔ UK sen sɛnea na kan no wogye di.” Wɔ Britania no, “wobu akontaa sɛ anhwɛ a wobetwa mmeawa bɛboro 10,000 “a wɔn mu dodow no ara adi mfe awotwe anaa nea ennu saa no twetia.”
Amanne a Egyina Atorodi So
Ebinom gye atosɛm a ɛne sɛ mmea awode ho ntew na ɛsɛ sɛ wotwa kyene de tew ho no di. Wosusuw sɛ mmarima nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye. Wogye di nso sɛ FGM ma mmea tumi wo, ɛbrɛ nna mu ɔbrasɛe ase, na ɛma hokwan a ɔbea wɔ sɛ obenya kunu no yɛ kɛse. Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “Nea ɛne eyi bɔ abira no, nna a wɔnkyerɛ ho anigye anaa wo a wontumi nwo a awode a wodi no dɛm no na ɛde ba no ma okununom pii pow wɔn yerenom.”
Esiane sɛ wonnye nni sɛ mmea twetiatwa remma mmea mmɔ aguaman nti, nhyiamfo a wɔkɔɔ International African Committee nhyiam a wɔyɛe wɔ Lagos, Nigeria, nnansa yi no kae sɛ mfaso kɛse wɔ abrabɔ pa ho ntetee a wɔde ma ntɛm so. Nkyerɛkyerɛ na wobetumi de asiw nneyɛe bɔne ano, na ɛnyɛ awode a wodi no dɛm no. Mfatoho bi ni: So ɛsɛ sɛ yetwitwa nkokoaa nsa na amma wɔannyinyin ammɛyɛ awifo? Anaasɛ yetwitwa wɔn tɛkrɛma na amma wɔanka nsɛmmɔne da?
Nigeriafo awarefo bi powee sɛ wobetwa wɔn babea twetia. Eyi maa okunu no maame a ɔtee nka sɛ abofra no benyin abɛyɛ oguamanfo no bo fuwii. Nanso abrabɔ pa ho ntetee a wɔde maa no nti, abeawa no kuraa abrabɔ pa mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmofra afoforo a abusua yi nim wɔn, a wɔn awofo annye bere ankyerɛkyerɛ wɔn abrabɔ pa no bɛyɛɛ aguamammɔfo ɛwom mpo sɛ wɔatwa wɔn twetia de. Afei nanabea no agye adi sɛ ɛnyɛ twetia a wotwa obi anaasɛ wontwa no no ne nea ehia, na mmom Onyankopɔn abrabɔ pa ho mmara a wɔde dua mmofra mu no.
Sɛ yɛdɔ yɛn mmabea a, yebesusuw nneɛma bɔne a FGM de bɛba wɔn asetra mu no ho, na yɛrenhyɛ adeyɛ yi ho nkuran wɔ ɔkwan biara so. Eyi begye akokoduru efisɛ hyɛ a ɔmanfo hyɛ obi sɛ onni amanne yi so ho suro mu yɛ den kɛse wɔ mmeae bi.
Ɔsom Asɛm a Ɛbata Ho
Mmea awode a wodi no dɛm no ho abakɔsɛm ma yehu nneɛma bi mu. Adeyɛ no akɔ so mfehaha pii na wohu mpo wɔ tete Misrifo amũ ho. Nsɛmma nhoma Plastic and Reconstructive Surgery ka sɛ: “Ná wotwa mmea twetia wɔ tete Misraim, na na ɛfa gyidi a na Faraonom no wɔ sɛ anyame no wowɔ ɔbarima ne ɔbea awode no ho.” Ɛde besi nnɛ no, edin a wɔde ama dɛmdi a ɛyɛ yaw sen biara no ne Faraonom twetiatwa.
Mmeae bi no, tete ɔsom mu amanne ahorow ka FGM no ho. Afrikani bi a ɔwɔ adeyɛ yi ho nimdeɛ kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wobu amanne no mu biako bi sɛ nkitaho a wɔne wɔn nananom anyame a wobisa wɔn hɔ ahobammɔ na aboa mmeawa no wɔ twetiatwa no ankasa mu, na bere koro no ara mu no, ama wɔanya wɔn nananom nyansa no bi di.—Fa toto 2 Korintofo 6:14-18 ho.
Enti ɛnyɛ den sɛ wobɛte nea enti a nokware Kristofo a wɔte aman a wɔyɛ FGM wom nyɛ amanne yi bi no ase. Biribiara nni Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ mmea awode oprehyɛn a ɛte sɛɛ. Ɛda adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛɛ ɔbea na watumi anya nna mu anigye wɔ aware nhyehyɛe no mu. Mmea awode a wodi no dɛm no ne ɔdɔ, tema, ne ntease a wɔkamfo kyerɛ wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ho nnyinasosɛm nhyia.—Efesofo 5:28, 29; Filipifo 4:5.
Nea ehia titiriw no, adesɛe a ntease nnim yi ne amanehunu a ɛma mmea ne mmeawa mpempem pii hu no how ɔdɔ Nyankopɔn, Yehowa, no werɛ. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wahyɛ wiase foforo a obiara renhu amane wom ho bɔ!—Adiyisɛm 21:3, 4.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmea a Wotwa Wɔn Twetia—Dɛn Ntia?” a ɛwɔ October 8, 1985, Nyan! mu no.
[Adaka wɔ kratafa 15]
Na Mmarima Twetiatwa Nso Ɛ?
Ebinom bebisa sɛ, So mmarima twetiatwa nso nyɛ nipadua a wodi no dɛm? Bible no ka sɛ bere bi Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wotwa mmarima twetia. Akyiri yi, bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ no, twetiatwa ankɔ so anyɛ ahwehwɛde bio, nanso wɔammara. Ankorankoro biara na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ebia ɔbɛma wɔatwa n’ankasa anaa ne mma mmarima twetia anaasɛ ontwa.
Ɛnnɛ, wotwa mmarima twetia wɔ mmeae pii. Ɛyɛ nokware sɛ oprehyɛn no ma wotwa honam no bi kyene de. Nanso adeyɛ yi ne FGM nsɛ. Sɛnea ɛte no, mmarima nhyia ɔhaw ahorow wɔ twetiatwa akyi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, FGM ma mmea taa te yaw kɛse nka wɔn nkwa nna nyinaa wɔ nneɛma a wɔyɛ no bere nyinaa te sɛ nsabu, nna mu kyɛfa, awo, ne dwonsɔ mu. Afei nso, awo a emu yɛ den kɛse ama nkokoaa a wɔwo wɔn adi dɛm a ɛyɛ hu wɔ awo mu na wɔn mu pii awuwu mpo.
Mmarima baahe na wɔbɛma wɔayɛ wɔn ankasa anaa wɔn mmabarima biribi a ɛma wɔn awode di dɛm a ɛmma wɔnte anigye biara nka wɔ nna mu, a ɛma wɔte ɛyaw nka bere nyinaa na wɔyareyare wɔn nkwa nna nyinaa? Ɛda adi pefee sɛ mmarima twetiatwa ne FGM nsɛ wɔ ɔkwan biara so.
[Adaka wɔ kratafa 17]
Afrikani Abeawa Bi Ka N’asɛm
‘Na madi mfe awotwe bere a wotwaa me twetia no. Mprempren madi mfe 11, nanso meda so ara kae oprehyɛn no yiye. Sɛ midwen ho mpo a ɛma meyɛ basaa, na ɛtɔ mmere bi a mesoso adae a ɛyɛ hu. M’ani gye nna pii, nanso sɛ midwen ho a, ehu fi ase ka me.
‘Bere a midii kan tee ho asɛm no, m’ani gyee yiye. Ná m’awofo ne m’abusuafo bɛma me akyɛde pii. Na minnim sɛnea twetiatwa oprehyɛn no te ankasa, na mansusuw sɛ ɛbɛyɛ yaw.
‘M’anigye no tu yerae. Mifii ase sui na mebɔɔ hu ankasa. Mmea baanan sosɔɔ me nsa ne me nan. Ɔbea biako de ‘ne nsa kataa m’ano. Mebɔɔ mmɔden sɛ megye me ho, nanso na wɔn ho yɛ den sen me na wɔkaa me too fam bio. Ɛyɛ yaw yiye.
‘Bere a sekamma no twaa me no, mogya tu petee baabiara. Na minsusuwii da sɛ biribi betumi ayɛ yaw kɛse saa. Wowiei no, wɔde nkesuwa ne asikre a wɔafra taree kuru no so. Afei wɔkaa m’anan abien bɔɔ ho kyekyeree. Na wɔsan de me kɔɔ kar no mu. Misui wɔ kwan so ara koduu akuraa no ase.’—Wɔfaa asɛm yi fii Kenya atesɛm krataa The Standard mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]
WHO/OXFAM