Ná Meyɛ Katalekni Ɔbea Sɔfo
WƆ 1960 mu bere a na mete Turkeyfo po so hyɛn mu a ɛde me fi Haifa de me rekɔ Cyprus no, misusuw mfe bɛboro aduasa a mede traa mmea asɔfo atrae no ho wɔ kommyɛ mu. Ɛwom sɛ na meda so ara hyɛ m’atade sɛ ɔbea sɔfo de, nanso na mikura krataa a etwa ntam ahorow a maka no mu. Wɔ saa bere no mu no, na ade biako pɛ na ɛwɔ m’adwene mu: sɛ medu Beirut, Lebanon na manya adwuma ayɛ.
Nanso dɛn nti na mabɛyɛ ɔbea sɔfo? Na dɛn nti na wɔ mfe pii akyi no meregyae?
Yɛ a Mebɛyɛɛ Ɔbea Sɔfo
Wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ, bere a na meyɛ abofra a mene nkurɔfo a mete wɔn nkyɛn te Franse kesee fam atɔe no, Protestantfo sɔfo bi baa yɛn nkyɛn. Ohuu anigye a na mewɔ wɔ asɛm biara a na ɔreka no ho na ɔmaa me “Apam Foforo” nhoma ketewa bi. Anigye a mewɔ wɔ Bible no ho yɛɛ kɛse fii saa bere no.
Akyiri yi mekaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛte Kyerɛwnsɛm no ase ho asɛm kyerɛɛ me mfɛfo Katolekfo binom nanso wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ bɔne kɛse sɛ mɛkenkan Bible no. Misusuw sɛ esiane sɛ Bible no yɛ ahintasɛm kɛse nti, wɔn a wɔwɔ mmea asɔfo atrae nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wosua. Efi saa bere no, mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ ɔbea sɔfo.
Na madi mfe 21 pɛ bere a metraa keteke mu kɔɔ mmea asɔfo atrae bi a ɛwɔ Franse kesee fam, faako a mikohuu Carmelite Missionary Order no so panyin no. Na mmea asɔfo atrae no wɔ bepɔw bi a ɛbɛn Gignac a ɛyɛ kurow ketewa bi a fi hɔ kɔ Mediterranean mpoano bɛyɛ akwansin 15 no so. Na wɔakyɛ ɔdan no mu abien: Na biako yɛ mmea asɔfo no atrae na nea ɛka ho no yɛ ɔdan a mmabaa a wɔyare da mu.
Da a edi kan no, medaa faako a mmabaa a wɔyare no da no nanso mamfa me bag ankɔ hɔ. Ababaa a obehyiaa me kwan wɔ keteke gyinabea no amfa ammrɛ me. Ade kyee no na me ho pere me sɛ mefi hɔ akɔ efisɛ na mempɛ asetra a ɛwɔ mmea asɔfo atrae hɔ no. Bere a mekae sɛ wɔmfa me bag mma me no, wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wo bag no wɔ mmea asɔfo atrae hɔ.” Meka kyerɛɛ me ho sɛ: “Sɛ mekɔ hɔ a, metumi apue afi hɔ.” Nanso nneɛma anyɛ te sɛ nea misusuw no.
Bere a mekɔɔ mmea asɔfo atrae hɔ no, tete dan a apon a wɔde nnade ayeyɛ a emu yɛ duru sisi ano ne ne nsɛmso a ɛwɔ sorosoro no maa me ho dwiriw me. Wɔ bere tiaa bi akyi no, me ne ɔpanyin a ɔwɔ hɔ no bɔɔ nkɔmmɔ tiaa bi nanso mannya akokoduru anka ankyerɛ no sɛ mɛpɛ sɛ mekɔ.
Wɔ dapɛn biako akyi no, wogyee me toom sɛ obi a ɔhwehwɛ kwan aba mmea asɔfo sukuu. Wɔ asram kakraa bi akyi no, wɔmaa me ntama fitaa a wɔde kata wɔn ti no bi. Na minsuaa Bible no kɛse nanso mampere me ho na misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn a yɛrefi ase no nya nimdeɛ a ɛte saa. Bere a mekɔɔ mmea asɔfo atrae hɔ no, afe annu na wɔde me ne mmea asɔfo baanu kɔɔ Marseilles. Efi hɔ no, wɔde yɛn kɔɔ Cairo, Egypt, na yeduu hɔ wɔ January 1931 mu.
Asetra Wɔ Mmea Asɔfo Atrae wɔ Cairo
Na yɛn atrae hɔ no ne sukuu a ɛka ho no wɔ baabi a wɔasisi nnɛyi adan pii wɔ ɔman no mu wɔ Cairo kurow no akyi. Ɛhɔ na yɛsɔre 4:45 anɔpa biara na yɛkɔ asɔredan mu, faako a yɛde simma 45 susuw honhom fam nneɛma ho. Afei wɔma yɛn simma 15 ma yɛde siesie yɛn adan mu ansa na yɛakɔbɔ Mass.
Yedidi wɔ kommyɛ mu bere a yɛretie “Akronkronfo no Asetra” ho asɛm a wɔrekenkan akyerɛ yɛn no. Nea obedi kan adidi awie no kogye nhoma no kenkan. Na wɔmma mmea asɔfo no kwan sɛ wɔmmɔ nkɔmmɔ awia gye nsɛm a ɛfa adwuma no ho nkutoo na wobisa, na ɛno mpo na ɛsɛ sɛ yɛkɔ beae titiriw bi kɔyɛ saa. Na mmea asɔfo atrae no ankasa yɛ ofie a bere biara wɔatom. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔhɔho ba hɔ awia a, ɔbea sɔfo a ɔyɛ adwuma no bɔ dɔn ketewa bi de bɔ mmea asɔfo afoforo no kɔkɔ sɛ wommmfi wɔn adan mu mpue.
Sɛ edu Fida ne Wukuda wɔ mmuadadi bere mu nso a, ɛsɛ sɛ obi teɛ n’ankasa ho so de ka Dwom 51 a ɔbɛkenkan no ho. Mmea asɔfo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ ɔdan bi a sum wom mu na wɔhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ obiara hwe ne ho. Wɔ saa bere no mu no, na misusuw sɛ amanehunu a ɛte saa no ho hia na ama obi asɔ Onyankopɔn ani. Ɛtɔ bere bi a, mennom nsu da mũ no nyinaa na na ɛnyɛ mmerɛw wɔ ɔman a emu yɛ hyew te sɛ Egypt anaasɛ mebɔ aboso a ne trɛw yɛ nsateakwaa biako a nnade fɛfɛɛfɛ bi sisi so.
Wɔ bere koro no ara mu no, na m’adwenem yɛ me naa kɛse wɔ Katolekfo mfitiase nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ sakra a wɔkyerɛ sɛ nsa ne abodoo a wɔde di dwuma wɔ Awurade adidi kronkron no mu no sakra yɛ ɔhonam ne mogya ankasa ne mmofra a wɔbɔ wɔn asu no ho. Bio nso mantumi annye yɛ a Maria yɛ ntamgyinafo no antom. Na minhyiaa nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛte sɛ eyi wɔ me Bible a mekenkan no mu. Da koro bi me yɔnko ɔbea sɔfo bi kae sɛ: “Sɛ wokan rosary ahorow 25 a, ɔbaabun no de biribiara a wɔpɛ no bɛma wo.” Mebɔɔ me tirim sɛ mɛsɔ ahwɛ na mifii ase kan me rosary 25 no (ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ mpaebɔ ahorow 1,300) . Nanso mmɔdenbɔ yi amma manya akomatɔyam a na minni kan no. Esii nea na makenkan wɔ Nsɛmpa no mu a ɛfa kyerɛ a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wommisa n’Agya no nneɛma nyinaa ‘wɔ ne din’ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nea wɔsrɛ bɛma wɔn no so dua.—Yohane 16:24.
Miwiei mfe abiɛsa adesua no, na na afei bere adu sɛ meka ntam ahorow a medi so daa no. Na mempɛ sɛ meka ntam no, nanso na dɛn na ɛbɛto me bere a me mmɛn Franse koraa no, sɛ mifi mmea asɔfo atrae hɔ a? Awiei koraa no, mede me nsa hyɛɛ nhyehyɛe no ase na mekɔɔ asɔredan no mu, faako a mehyɛɛ bɔ sɛ metra ase sɛ ohiani, ɔbaabun na mɛyɛ osetie wɔ me nna a aka nyinaa mu. Wɔ me mu tɔnn de, mekae sɛ metumi ne Onyankopɔn aka ho asɛm sɛ manni me ntanka ahorow no so a. Na minim mmea asɔfo afoforo a paapa no ama wɔn hokwan titiriw bi ma wɔagyae mmea asɔfodi.
Palestina ne Beirut a Mekɔe
Wɔ 1940 mu no, na Wiase Ko II rekɔ so,na na Germanfo wimhyɛn ahorow retoto ɔtopae ahorow agu Cairo so. Wɔ saa bere no mu no, woyii me kɔɔ mmea asɔfo atrae bi mu wɔ Haifa wɔ Palestina. Bere a metwaa Suez Canal akyi no, mekɔfaa keteke a etu kwan anadwo. Bere a ade kyee anɔpa no, mihuu owia a ɛrepue wɔ kwae asase bi mu, ade a ɛyɛ fɛ a mehu wɔ Palestina. M’ani gyee asase a Yesu, n’asuafo ne Onyankopɔn asomfo afoforo pii a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu traa so yi ho titiriw.
Na Britania Asraafo asrɛ sɛ wɔmfa mmea asɔfo atrae a ɛwɔ Haifa no mma wɔn na wɔmfa nyɛ wɔn asraafo atrae ti. Enti wɔde me kɔɔ Isfiya a ɛyɛ akuraa ketewa bi a fi hɔ kɔ Haifa yɛ akwansin 15 a ɛwɔ bepɔw Karmel so no. Wɔde me nkutoo traa hɔ ɔsram biako a meyɛ jam wɔ mukaase.
Ankyɛ biara woyii me kɔɔ Beirut, Lebanon a fi Haifa kɔ hɔ gye nnɔnhwerew abien pɛ no. Saa bere no na Palestina hyɛ Britaniafo ase na na Lebanon hyɛ Fransefo ase enti anyɛ den amma me sɛ mɛtra ɔhye no. Wɔ mfe a edi hɔ no mu no, na metaa di m’akwamma wɔ Isfiya nanso meyaree afe biako na sɛ anka mɛsan akɔ Beirut no, metraa Palestina.
Bere a na mete Isfiya a ɛwɔ Bepɔw Karmel so no, na m’ani gye sɛ mede mmofra ne Caesar a ɔyɛ afurum a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtra no so mmiako mmiako no betu mpase akɔ mmepɔw a ɛwɔ mmea asɔfo atrae no atifi fam no so. Bere a yɛanantew kwae no mu no, awiei koraa no yedu bepɔw tenten no atifi, faako a sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Elia ne Baal atoro adiyifo no dii asi wɔ hɔ no. Wɔ yɛn ase no, na yetumi hu Kishon bon no, faako a wokunkum saa Baal adiyifo no nyinaa wɔ hɔ no. (1 Ahene ti 18) Na masua Elia ho ade bere a merekenkan “Apam Dedaw” no mu abakɔsɛm na m’ani gyee n’akokoduru ne ne nnamyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no ho. Esiane eyi nti, sɛ ɔbea sɔfo no, me de edin Eliza Mary too me ho sɛ ɔsom a mede ma no no ho sɛnkyerɛnne.
Mmɔden a Mebɔe Sɛ Megyae
Wɔ mfe no mu no, me tirim a mebɔe sɛ megyae mmea asɔfodi no kɔɔ so yɛɛ kɛse. Wɔ 1953 mu bere a wɔsan de mekɔɔ Lyons, France no, mekyerɛw krataa kɔmaa ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ no. Nanso ansa na ɔsɔfo panyin no ananmusifo betumi abehu me no, mmea asɔfo panyin a onim me nhyehyɛe a mayɛ sɛ megyae no de me kɔɔ Saint-Martin-Belleroche a fi hɔ kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 60 no. Mekyerɛw nkrataa pii kɔmaa ɔsɔfo panyin no sɛ ɔma me ho kwan titiriw bi na memfa so nnyae—nanso ankosi hwee.
Wɔ 1958 mu no, wɔsan de me kɔɔ Lebanon. Wɔ asram kakraa bi akyi no, mitumi san kɔɔ mmea asɔfoɔ atrae a ɛwɔ Haifa a ɛyɛ kurow a m’ani gye ho kɛse no mu. Esiane sɛ mete Hebri kasa nti, wɔpaw sɛ wɔbɛsomasoma me na mede hokwan no dii dwuma de kyerɛw krataa kɔmaa ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ no. Efi saa bere no reba no, nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm.
Bere a ɔsɔfo panyin no nsa kaa me krataa wɔ nnanu akyi no, ɔne me besusuw nsɛm ho. Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ migyae efisɛ minni ahoɔden. Ɛho hia sɛ mekɔhwɛ me ho yare, na ɛreda adi sɛ asetra wɔ mmea asɔfo atrae hɔ no reyɛ den dodo ama me. Ɔtee m’ase kɛse na bere a yɛabɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew biako no, ɔkae sɛ: “Wubetumi akɔ anwummere yi, sɛ wopɛ a.” Me ne no dii nkitaho na eyi boaa me kɛse akyiri yi.
Wɔ nna kakraa bi akyi no, ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ me sɛ ɔpanyin a ɔwɔ Franse no akyerɛw me krataa nanso na me nsa nkae. Enti mikohuu mmea asɔfo panyin a ɔwɔ atrae hɔ no, na mekae sɛ: “Migye di sɛ manya krataa bi wɔ ha.” Bere a ɔhwehwɛ ne pon nnaka nketewa no mu no, ɔmaa krataa kotoku bi so na ɔde maa me. Krataa yi ka kyerɛɛ me sɛ made me ho afi ntam a mekae no mu.
Wɔ bere a wɔmma obiara kwan sɛ ɔnkasa no mu no, mede hokwan no dii dwuma de sesaw me bag na mifii hɔ. Enti anɔpa bi wɔ August, 1960 mu no, mifii hɔ a mikura me bag ne lsraelfo sika a wɔfrɛ no pɔn no kakraa bi a mede bɛhwɛ me ho wɔ bere tiaa bi mu. Mekɔɔ obi a minim no fie na ɔne metraa nna kakra.
Asetra Foforo
Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛsan akɔ Beirut, faako a misusuwii sɛ ɛrenyɛ den mma me sɛ menya adwuma ayɛ. Nanso wɔ eyi mu no, na mihia tumi krataa a ɛma obi tumi kɔ ɔman foforo mu no (visa) . Na ɛte sɛ nea merentumi nnya bi mfi aban ananmusifo ahorow a wɔwɔ Haifa ne Jerusalem no nkyɛn. Aban mpanyimfo no mu biako mpo kae sɛ: “Mmea asɔfo atrae no so panyin aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmmoa mmea asɔfo biara a wɔrekɔ Arabfo aman ahorow so no.” M’adamfo a ɔwɔ Haifa no ka kyerɛɛ me sɛ ɛrenyɛ den kɛse sɛ mɛkɔ Beirut bere a makɔfa Cyprus no.
Ɛno nti na wɔ 1960 mu no, na mete Turkeyfo po so hyɛn a ɛde me fi Haifa rekɔ Cyprus no mu no. Esiane sɛ midii ɔsɔfo panyin no afotu so nti, na meda so ara hyɛ me mmea asɔfotade no, ne titiriw, esiane me mfonini a ɛwɔ m’amannɔne akwantu tumi krataa no so nti. Na manya tumi krataa a ɛma obi tumi kɔ ɔman foforo mu a ɛbɛma makɔ Cyprus no afi Britania aban ananmusifo mpanyimfo hɔ esiane krataa a efi ɔsɔfo panyin a na mene no di nkitaho no hɔ nti. Ɛno akyi no mekɔɔ Beirut.
Esiane sɛ na mepɛ sɛ meyɛ nsakrae nkakrankakra wɔ m’asetra mu bere magyae mmea asɔfodi no nti, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Dominican mmea asɔfo atrae mukaase sɛ obi a ɔnyɛ ɔbea sɔfo. Metraa hɔ mfe abien. Da koro bi, mmea asɔfo panyin bi ka kyerɛɛ me sɛ mensan mmɛyɛ ɔbea sɔfo bere a ɔkae sɛ: “Yɛde wo mfomso ketewa bi no bɛkyɛ wo na wubekura wo dibea mu wɔ mmea asɔfo a wɔn akyɛ no mu.” Bere a na mahyia ɔhaw pii ansa na mitumi gyaee no, na ɛda adi sɛ merensan nkɔ bio!
Wɔ ɛno akyi no, meyɛɛ adwuma kakra sɛ obi a ɔhwɛ mmusua a wɔyɛ adefo mma na sɛ me ne m’adwumayɛfo afoforo hyiam a, mibisa wɔn sɛ ebia wonnim obi a wasua Bible no anaa. Meka sɛ, “Nanso ɛnyɛ ɔsɔfo!”
Minyaa Nea Mehwehwɛe No
Da koro bi wɔ February 1964 mu no, minyaa m’asetra mu mpaebɔ no ho mmuae. Ɛdenam Franseni ɔyarehwɛfo bi a na wahyia Yehowa Adansefo wɔ adwumayɛban mu na awiei koraa no, ɔne Adansefo no asua Bible no wɔ Beirut mmoa so no, me nso mifii ase suaa Bible no. Bere a yesusuw nsɛm ho nnanan akyi no, na minim sɛ mahu nokware a na merehwehwɛ mfe pii no.
Ɛnyɛ sɛ Adansefo no sua Bible no nko na mmom wɔde nea wosua no di dwuma na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. Na ɛte sɛ nea wɔayi akwanside kɛse bi afi m’akwan mu. Na anka anigye mpo betumi ama masu. Na kakraa bi a makenkan no ama magye adi sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da ne nkyerɛkyerɛ afoforo a ɛte saa no ne Bible no nhyia.
Nanso ade biako brɛɛ anigye a na mewɔ no ase: edin Yehowa Adansefo. Meka kyerɛɛ me ho sɛ: ‘Ɛno yɛ ɔhaw a yɛrepɛ ama yɛn ho wɔ Arabfo aman mu; wobesusuw sɛ yɛyɛ Yudafo!’ Nanso eyi amma mannyae adesua no na wɔ October 1964 mu no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Bɛboro mfe aduonu atwam fi bere a mihuu nokware a ‘ama made me ho’ no. (Yohane 8:32) Yiw, afei mate nneyɛe ahorow a mfaso nni so te sɛ ayayade a obi ankasa yɛ ne ho a wohu wɔ mmea asɔfo atrae pii mu no ase mprempren. Hwɛ sɛnea ɔsomafo Paulo nsɛm no yɛ nokware: “Na ɛkɔyɛ sɛ ɛwɔ anyansasɛm, wɔn ankasa pɛ so som ne ahobrɛase ma atirimɔden a wɔbɔ wɔn nipadua mu de, nanso enni bo, mmom ɔmee nko na ɛma ɔhonam mee.”—Kolosefo 2:23.
Hwɛ anigye ara a minya wɔ nimdeɛ a mene afoforo kyɛ ne anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a mema nkurɔfo hu no mu mmom sen sɛ anka mɛtwe me ho afi afoforo ho! Esiane sɛ mayɛ ɔbea sɔfo mfe 30 nti, mitumi ne Katolekfo kasa a mete wɔn haw ahorow ase kɛse. Bɛyɛ mfe pii ni no, masom sɛ ɔkwampaefo (Yehowa Adansefo bere nyinaa ɔsomfo) ma enti mereyɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa sɛ ‘yɛnka Ahenni ho asɛmpa yi’ ho asɛm no. (Mateo 24:14)—Nea wɔkyerɛw mae.