Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Bible Mu Nokware Ma Ɔbea Kokorani Bi De Ne Ho Wɔ Bolivia
NNIPA komapafo pii reguan afi atoro som mu, wosua Bible mu nokware na wɔbɛsom nokware Nyankopɔn Yehowa. Nnipa bɛboro 7,600, a ɔbea kokorani bi ka ho, ayɛ saa wɔ Bolivia.
Bere a M—— dii mfe akron pɛ no, ɔne Yehowa Ɔdansefo bi hyiae nea edi kan. Bere a Ɔdansefo no baa ne fie hɔ no, ɔno na okobuee ɔpon no, na ɛno ne bere a edi kan a ɔtee sɛ wɔrebɔ Onyankopɔn din, Yehowa. Ɛtraa n’adwenem mfe pii.
Esiane sɛ na ɔno nkutoo ne abeawa wɔ wɔn abusua no mu nti, wosii gyinae sɛ ɔnyɛ ɔbea kokorani. M——se: “Anigye bɛn ara na minyae sɛɛ yi, sɛ merekɔsom Onyankopɔn—anyɛ yiye koraa no, saa na misusuwii. Nanso n’anigye no dan abasamtu bere a ohuu atɛnkyea ne animhwɛ a ɛwɔ mmea nkokorafi hɔ no. Ose: “Ebia me werɛ remfi adwenemhaw ne honam ne honhom fam ɔhwe yayaw a ɛmaa mibuu Onyankopɔn sɛ Nea ɔde asotwe ma a onni ahummɔbɔ, na ɛnyɛ Nea ɛsɛ sɛ medɔ no, no da.”
Ɔtoa so sɛ: ‘Bere a meyɛɛ ɔbea kokorani no, na mintumi nhuu edin Yehowa no wɔ Bible no mu ɛ. Nea mihui ara ne ‘Yahwe,’ na ɛno maa me ho dwiriw me. Da koro mpo de mifii adi kɔhwehwɛɛ nkurɔfo a wɔka Yehowa ho asɛm no, nanso manhu wɔn.
“Bere bi twaam, na da koro bi a menam kwan so rekɔ m’abusua fie no, mihuu sɛ wɔakyerɛw ‘Yehowa Adansefo Ahenni Asa’ wɔ baabi. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wɔn sɛ wɔyɛ atoro adiyifo, nanso na obiara nni asa so hɔ. Mesan kɔɔ hɔ Kwasida. Na nhyiam bi rekɔ so, na na ɛte sɛ nea ebinom ho dwiriw wɔn sɛ wohuu ɔbea kokorani a ɔhyɛ n’atade sɛ waba hɔ bi. Wowiee nhyiam no, mebɔɔ mmɔden sɛ mefi hɔ ntɛm. Nanso, Adansefo no mu biako bekyiaa me, enti mibisaa no sɛ, ‘Dɛn nti na mugu Ɔkronkronni no ho fĩ denam saa din no a mode ato mo ho so no so?’ M’asemmisa no ma yɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ, na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔmmɛsra me wɔ m’abusua fie hɔ. M’awofo pam no. Nanso, asram abien akyi no, yehyiae bio, na ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra ne fie na yɛnyɛ Bible adesua. M’ani gyee nsɛm a ɔde kyerɛɛ me de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de Onyankopɔn din di dwuma no ho. Saa adanse no ma minyaa ahoɔden a mihia na ama mapaw nneɛma a ɛho nni mfaso a wɔkyerɛɛ me sɛ ɔbea kokorani no nyinaa.
“Mekae m’asetra wɔ mmea nkokorafi hɔ no mu nneɛma pii. Sɛ nhwɛso no, bere bi na mihia aduan pii adi. Enti mekyerɛw m’awofo sɛ wɔmfa bi mmana me, wɔ bere a na minnim sɛ wɔkenkan nkrataa mu nsɛm nyinaa hwɛ wɔ mmea nkokorafi hɔ. Bere a edi hɔ a yekodidii no, wɔde bodobodo ne jam pii besii m’anim, na wɔhyɛɛ me sɛ minni ne nyinaa. Afei na aduan no dɔɔso dodo ma me. Bere a mekaa eyi ho asɛm kyerɛɛ me nnamfo no, obiako hyɛɛ me nyansa sɛ memposa bodobodo a mintumi nni no na memfa mpete fam hɔ. Meyɛɛ saa no, ɔbea kokorani bi soo me mu sum me too fam na ɔhyɛɛ me sɛ memfa me tɛkrɛma ntaforo fam hɔ nyinaa. Na ɔdan mu hɔ sõ. Bere a meredi ahyɛde no so no, metee sɛ wɔreserew pii—wɔankyerɛ mmɔborɔhunu biara.
“Afei de mitumi hu sɛnea ɛyɛ anigye sɛ made me ho afi ɛnonom nyinaa ho. Sɛnea wobetumi ahwɛ kwan no, saa ahofadi yi gyee nneɛma a wɔde bɔ afɔre. Biako ne sɛ me papa pam me fii fie. Nanso, ansa na merefi mmea nkokorafi hɔ no, minyaa hokwan boaa mmea nkokorafo nkumaa afoforo ma wohuu nokware no. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ yɛn mu binom ahyira yɛn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn!
“Bere a mifii mmea nkokorafi hɔ no, na ɛyɛ den ma me papa sɛ ɔbɛte nea enti a mepow sɛ mɛyɛ nnwuma a akatua pa wom nso egye bere pii no ase. Nanso, na mepɛ sɛ minya bere pii ma Onyankopɔn som. Mprempren mesom sɛ daa ɔkwampaefo, a m’asetra nyɛ hwanyann nanso akatua pa wom. Na nea ɛyɛ me anigye pii ne sɛ me maame ne me nuabarimanom no abɛka me ho wɔ Yehowa som mu.”
Nokwarem no, Bible mu nokware ma obi de ne ho fi wiase yi atoro som ahyehyɛde no mu ampa, na ɛde anigye a ɛtra hɔ daa ba.—Yohane 8:32.