Wiase A Ɛwɔ Ne Nyinaa Ano Aduru
“Anidaso a ɛkyɛ mu ba ma koma yare,na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.”—Mmebusɛm 13:12.
ANIDASO a wɔwɔ sɛ wobenya adesamma haw ahorow ano aduru no yɛ nea wɔde mfirihyia mpem asia ahwɛ kwan, na ɛno nti ɔpepem pii koma yare. Nanso ɛrenkyɛ biara anigyinade a ɛbɛba mu no bɛyɛ nkwa dua. Nsɛm a ɛresisi mprempren no ma Yesu nsɛm yi yɛ ne bere so de: “Momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Wiase a ɛwɔ ne nyinaa ano aduru abɛn.
Nanso ɛnyɛ adesamma wiase a wɔahyehyɛ mprempren no ho asɛm na yɛka. (Mateo 12:32) Mmom no, wiase a ɛwɔ ɔhaw no nyinaa ano aduru yɛ nneɛma nhyehyɛe foforo a wɔka ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo.” Ɔsomafo Petro kyerɛe sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi mu. Ɔkaa nsu a wɔde sɛee amumɔyɛ wiase a na ɛwɔ Noa bere so ne sɛe a wɔbɛsɛe mprempren nnipa amumɔyɛfo wiase yi ho asɛm na afei ɔkaa nea ebedi akyi aba no ho asɛm: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no,yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Ɛdenam eyi so no,na ɔkyerɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛwɔ soro ne ne mma asoɔmmerɛwfo a ɔwɔ asase so no. Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ, “Trenee te mu.”—Yesaia 65:17, 2 Petro 3:5-13.
Afei ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ ɔhaw ahorow a nnipa rehyia nnɛ no yɛ nea wɔn ankasa de ba wɔn ho so. Wɔwɔ tumi sɛ wobeyi ɔhaw ahorow yi mu pii afi ho nanso ɛda adi sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, ɔhaw a ɛwɔ hɔ mprempren bɛn na Yesu ahyɛde a ese dɔ wo yɔnko sɛ wo ho anaa wone afoforo nni sɛnea wopɛ sɛ wɔne wo di no so a wobedi no remma wontumi nni ho dwuma? (Matteo 7:12; 22:39) Susuw nea nnipa betumi ayɛ mprempren no ho! Wobetumi ama ɔko, aduankɔm, basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, mframa a wasɛe no, nnubɔne a wɔde di dwuma ne ahaw afoforo pii nso aba awiei.
Sɛ saa mpo a, ɔhaw afoforo bɛkɔ so atra ho. Ɔpɛ a onipa wɔ sɛ ɔbɛyɛ bɔne a ɛyɛ awosu no nso ɛ? (Dwom 51:5) Na nkwakorabɔ anaa mmerewabɔ nso ɛ? Na owu ankasa nso ɛ? Eyi ho mmuae ne sɛ: Eyi yɛ nea nnipa rentumi nyɛ. Nnipa behia “tumi a ɛboro so.” Ebehia Onyankopon tumi.—2 Korintofo 4.7.
Ebehia sɛ mprempren “ɔsoro” ne “asase” dedaw yi ba awiei na “ɔsoro foforo ne asase foforo” a wɔahyɛ ho bɔ no si n’ananmu. Hyɛ nsɛm a wɔde honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛw faa nsakrae yi ho no nsow: “Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo na kan soro ne kan asase no atwam . . . Na wɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni ho bio.”—Adiyisɛm 21:1, 4.
Nanso ɛyɛ den ma nnipa koma pafo pii a wɔwɔ ho nnɛ no sɛ wobegye anidaso yi atom. Ɛyɛ dɛ dodo sɛ wobegye adi. Bio nso, esiane sɛ nkyerɛkyerɛ ennyina nyansahu so ne asɔfo a wonni gyidi a wɔpow adebɔ na wogye adannandi tom no adaadaa wɔn nti, gyidi a wɔwɔ wɔ Bible no mu no asɛe. Nanso ɛsɛ sɛ wɔkae nneɛma abien: (1) Nnipa ntumi nkyerɛ nea ɛbɛba daakye ne (2) Bible no betumi akyerɛ na ɛyɛ saa. Tumi a Bible no tumi yɛ eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ: Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee sɛnea Yesaia 46:9, 10 ka no: “Na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me na mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.”
Yesu de nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛbɛma wɔahu ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei mae: wiase nyinaa ɔko ahorow, ɔkɔm, nyarewa, nnipa a wɔbɛyɛ basaa, nea ɛbɛba ho suro, n’adansefo a wɔbɛtaa wɔn wɔ wiase nyinaa ne ka a wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa ne bɔ a wɔbɛbɔ amumɔyɛ wiase yi awiei a ɛreba no ho kɔkɔ. (Mateo, ti 24; Marko, ti 13; Luka, ti 21) Saa sɛnkyerɛnne a wɔkaa too hɔ bɛboro mfeha 19 a atwam ni no yɛ nea yehu nnɛ.
Ɔsomafo Paulo ka too hɔ sɛ, “nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuoɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!” (2 Timoteo 3:1-5) Ɛda adi sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛmu a edi mu a ɛfa yɛn nna yi ho!
Petro hyɛɛ nkɔm sɛ, “nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” (2 Petro 3:3, 4) Mprempren fɛwdifo no redi fɛw kɛse na ama nkɔmhyɛ yi anya mmamu.
Nanso nea ɛne nea wɔka no bɔ abira no, nneɛma nkɔ so sɛnea ɛte bere nyinaa no. Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, Yohane kaa awiei bere bi a Kristo ne Ɔhene Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no bɛbom adi Hene; bere a amanaman no bo befuw; bere a wobebu awufo ntɛn na wɔama adiyifo ne ahotefo akatua; ne bere a Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ ho asɛm. (Adiyisɛm 11:15-18) Ɛmmae da sɛ wɔasɛe asase no kɛse anaa fɛwdifo adi fɛw kɛse anaa ɔbrasɛe atrɛw kɛse na nsɛnkyerɛnne ahorow a Yesu de mae no nyinaa anya mmamu awie saa da.
Wɔkaa tebea horow a wiase no nni ano aduru no ho asɛm siei sɛ ɛbɛba wɔ awo ntoatoaso yi mu. Nea wɔka siei nso ne nya a amanaman no rennya ano aduru biara a “wonhu ne wɔbɛfa” no. Nanso ‘ɔsoro foforo ne asase foforo no’ nim ɔkwan a ɛbɛfa so a ɛbɛma agyae na ɛde Satan nkɛntɛnso ne owu ankasa mpo bɛba awiei.—Luka 21:25, NW; 2 Korintofo 4:4; Hebrifo 2:14.
Bible no kaa tebea horow a awo ntoatoaso yi wom mprempren no ho asɛm too hɔ, nea wiase yi nni ano aduru no. Ɛka siei nso sɛ tebea horow yi bɛyɛ mprempren wiase yi nna a edi akyiri no ho nsɛnkyerɛnne. Mprempren mpo, nhomanimfo ne nyansahufo atitiriw pii rebɔ kɔkɔ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wiase yi rebɛn n’awiei. Bible no nso kaa trenee nneɛma nhyehyɛe foforo bi a ɛreba ho sɛnkyerɛnne too hɔ. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi a wɔkyerɛw wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu a ɛrenya mmamu mprempren no si ka a wɔde honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw Bible no so dua—na adanse pii a ɛkyerɛ sɛ nhoma yi yɛ nokware wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ ani a ɛpɛ sɛ ehu ne aso a ɛpɛ sɛ etie no.
Bible yɛ nea wotumi de ho to so, efi honhom mu na ɛne nhoma a ɛka wiase a ɛwɔ ne nyinaa ano aduru no ho asɛm no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Fɛwdifo redi fɛw kɛse mprempren
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Adanse pii wɔ hɔ ma aniwa a ɛpɛ sɛ ehu ne aso a ɛpɛ sɛ etie
[Kratafa 7 adaka]
Nnipa Ɔhaw Ahorow Ano Aduru a Efi Kyerɛwsɛm Mu
Ɔko nni hɔ bio. “Ɔma akodi gyae.” “Na wɔrensua akodi bio.”—Dwom 46:9; Yesaia 2:4.
Ɔkɔm nni hɔ bio. “Asase abɔ n’aduan.” “Asase no so aburofuw beda mmepɔw atifi.”—Dwom 67:6; 72:16.
Ɔyare nni hɔ bio.”Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’” “Yesaia 33:24, NW.
Wɔrensɛe asase so nneɛma bio. “W’asɛe wɔn a wɔsɛe asase no.”—Adiyisɛm 11:18.
Nsɛmmɔnedi nni hɔ bio. “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me mmepɔw kronkron no nyinaa so.”—Yesaia 11:9.
Abɔnefo nni hɔ bio. “Na wobegu abɔnefo ase afi asase so.”—Mmebusɛm 2:22.
Akwakorabɔ ne aberewabɔ nni hɔ bio. “Ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.”—Hiob 33:25.
Owu nni hɔ bio. “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa.” “Owu nni hɔ bio.” Romafo 6:23; Adiyisɛm 21:4.
Satan nni hɔ bio. “Ɔkyeree . . . . Ɔbonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem.”—Adiyisɛm 20:2.
Nnipa asakra. “Munyi nnipa dedaw no . . . monnyɛ onipa foforo.”—Kolosefo 3:9, 10.
Ɔsom biako “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako.”—Efesofo 4:5.
Nniso biako. “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, ebebubu ahenni horow nyinaa ma asa, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.