Ɔfã 7
Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
1, 2. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn de nsɛmmɔnedi ne amanehunu bɛba awiei?
1 Ɛwom sɛ wɔ nnipa ani so no, Onyankopɔn ama sintɔ ne amanehunu ho kwan akyɛ de, nanso ɔremma tebea bɔne nkɔ so daa. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn wɔ bere pɔtee bi a ɔbɛma kwan ma saa nneɛma yi akɔ so.
2 “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi ne amanehunu ho kwan no ba awiei a, afei ɔde ne ho begye nnipa nsɛm mu. Ɔde nsɛmmɔnedi ne amanehunu bɛba awiei na wama ne mfiase atirimpɔw no abam ama adesamma abusua a wɔyɛ pɛ, wɔn ani gye, na wɔwɔ asomdwoe ne honam fam yiyedi a edi mũ wɔ Paradise tebea ahorow mu ahyɛ asase no ma.
Onyankopɔn Atemmu Ahorow
3, 4. Dɛn na Mmebusɛm nhoma no ka wɔ nea ebefi gye a Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu no mu aba no ho?
3 Hyɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛka nea sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu a, kyerɛ sɛ, nea ebefi n’atemmu ahorow mu aba no, bɛkyerɛ ama adesamma abusua no nnansa yi ara no mu bi nsow:
4 “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
5, 6. Ɔkwan bɛn so na Dwom 37 kyerɛ nea ɛbɛba bere a Onyankopɔn de ne ho agye nsɛm mu no?
5 “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi. Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:9-11.
6 “Twɛn [Yehowa], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu. Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.”—Dwom 37:34, 37, 38.
7. Afotu a nyansa wom bɛn na Onyankopɔn Asɛm no de ma yɛn?
7 Enti esiane daakye a ɛyɛ anigye a wɔn a wogye hokwan a ade nyinaa so tumfo Ɔbɔadeɛ no wɔ sɛ odi yɛn so tom no benya nti, wɔhyɛ yɛn sɛ: “Ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.” Nokwarem no, wɔde daa nkwa bɛka wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no ho! Enti, Onyankopɔn Asɛm no tu yɛn fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:1, 2, 5, 6.
Onyankopɔn Nniso a Efi Soro
8, 9. Dɛn na Onyankopɔn nam so bɛtew asase no so?
8 Onyankopɔn nam nniso a eye sen biara a adesamma betumi anya so na ɔbɛtew asase no so sɛɛ. Ɛyɛ nniso a ɛda ɔsoro nyansa adi efisɛ ebedi ade afi soro wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase. Na saa ɔsoro Ahenni no beyi nnipa nniso ahorow nyinaa afi asase so. Nnipa rennya hokwan bio sɛ wɔbɛbɔ mmɔden akwati Onyankopɔn adi wɔn ho so.
9 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no ka wɔ eyi ho sɛ: “Ahene no [nnɛyi nniso ahorow] nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da [a ɛwɔ ɔsoro], na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so [wɔmma nnipa kwan bio sɛ wɔnkwati Onyankopɔn nni wɔn ho so], na ebubu ahenni horow no nyinaa [nea ɛwɔ hɔ nnɛ no] ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Hwɛ Adiyisɛm 19:11-21; 20:4-6 nso.
10. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ase no, nniso a aporɔw remma bio da?
10 Enti, adesamma rennya nniso horow a aporɔw bio da, efisɛ sɛ Onyankopɔn sɛe saa nhyehyɛe yi a, nnipa nniso a ɛkwati no remma bio da. Na Ahenni a ebedi ade afi ɔsoro no mporɔw da, efisɛ Onyankopɔn ne ne Farebae ne Nea Ɔkora so. Mmom no, ebedi dwuma de mfaso a ɛsen biara abrɛ nnipa a wɔyɛ ne nkoa. Saa bere no wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase nyinaa so sɛnea ɛte wɔ ɔsoro no. Ɛno nti na Yesu tumi kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmara, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.
Bere no Abɛn Dɛn?
11. Ɛhe na yehu nkɔmhyɛ ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea nhyehyɛe yi abɛn n’awiei no wɔ Bible mu?
11 Bere a nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba n’awiei ma Onyankopɔn wiase foforo no afi ase no abɛn dɛn? Bible nkɔmhyɛ bua no pefee. Sɛ́ nhwɛso no, Yesu ankasa kaa nea ɛbɛma yɛahu baabi a yɛadu ɛdefa nea Bible no frɛ no ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ no ho siei. Wɔakyerɛw eyi ato hɔ wɔ Mateo atiri 24 ne 25, Marko 13, ne Luka 21. Afei nso sɛnea wɔakyerɛw wɔ 2 Timoteo ti 3 no, ɔsomafo Paulo ka siei sɛ mmere bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” bɛba ama nsɛm a ebesisi nso akyerɛ bere pɔtee a yɛwɔ mu.
12, 13. Dɛn na Yesu ne Paulo kae wɔ awiei bere no ho?
12 Yesu kae sɛ saa nneɛma yi besisi ma afi saa bere no ase: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Luka 21:11 kyerɛ sɛ ɔkae nso sɛ ‘ɔyaredɔm bɛba mmeaemmaea.’ Na ɔbɔɔ kɔkɔ nso sɛ “amumɔyɛ rebɛdɔɔso.”—Mateo 24:12.
13 Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden . . . Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.”—2 Timoteo 3:1-5, 13.
14, 15. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a asisi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no si so dua sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu ampa?
14 So nneɛma a Yesu ne Paulo ka siei no abam wɔ yɛn bere yi mu? Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ abam. Ná Wiase Ko I yɛ nea ɛyɛ hu sen biara koraa besi saa bere no. Ná ɛyɛ wiase nyinaa ko a edi kan, na na ɛyɛ nsakrae bere wɔ ɛnnɛ abakɔsɛm mu. Nea edii ɔko no akyi bae ne aduankɔm, nyarewa akɛse, ne ɔhaw afoforo. Ná saa nsɛm a esisii fi 1914 reba no yɛ “awoko yaw mfiase” sɛnea Yesu kae no. (Mateo 24:8) Efii bere a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” a wɔkaa ho asɛm siei no ase, awo ntoatoaso a etwa to a Onyankopɔn bɛma nsɛmmɔnedi ne amanehunu kwan no mfiase.
15 Ebia wunim nsɛm a asisi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Wunim basabasayɛ a asɔre no. Wɔakunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 wɔ akodi mu. Ɔkɔm ne nyarewa akunkum afoforo ɔpepehaha pii. Asasewosow akunkum nnipa bebree. Obu a wɔnkyerɛ mma nkwa ne agyapade reyɛ kɛse. Nsɛmmɔnedi ho osuro aka asetra mu biribiara. Wɔapow abrabɔ ho gyinapɛn ahorow. Nnipa a wɔredɔɔso kɛse wɔ asase so no de nsɛnnennen a wonni ho dwuma ba. Mframa ne nsu a wɔsɛe no resɛe nnipa akwahosan na ɛde nkwa mpo reto asiane mu. Nokwarem no, efi 1914 mu no, yɛwɔ nna a edi akyiri no mu, na yɛrebɛn Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho no awiei.
16. Bere tenten bɛn na nna a edi akyiri no bedi?
16 Nna a edi akyiri yi bedi bere tenten bɛn? Yesu kaa awo ntoatoaso a wobehu “awoko yaw mfiase” no fi 1914 rekɔ no ho asɛm sɛ: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:8, 34-36) Enti, nneɛma a wɔkyerɛe sɛ ɛbɛba wɔ nna a edi akyiri no mu no nyinaa bɛba wɔ bere tiaa bi mu. Adiyisɛm 12:12 ka sɛ wonya tow Satan kyene asase so a, na ɛkyerɛ sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.
17, 18. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn wiase yi awiei pɛɛ?
17 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm foforo a ɛkyerɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn yiye, na ɔka siei sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so . . . , na wɔrennya ɔkwan nguan.”—1 Tesalonikafo 5:2, 3; hwɛ Luka 21:34, 35 nso.
18 Ɛnnɛ, Apuei Fam ne Atɔe Fam ntam akameakame no aba awiei, na ebia amanaman ntam akodi renhaw adwene kɛse bio. Enti amanaman no besusuw sɛ wɔabɛn wiase nhyehyɛe foforo bi. Nanso bere a wosusuw sɛ wɔn mmɔdenbɔ resi yiye no, wɔn nsusuwii no abirabɔ na ɛbɛba, efisɛ ɛno bɛyɛ sɛnkyerɛnne a etwa to a ɛkyerɛ sɛ sɛe a Onyankopɔn bɛsɛe saa nhyehyɛe yi abɛn. Kae sɛ amammui mu agyinatu ne apam ahorow no mma nkurɔfo nnyɛ nsakrae ankasa. Ɛmma nkurɔfo nnodɔ wɔn ho wɔn ho. Na ɛnyɛ nea wiase akannifo resiw basabasayɛ ano, anaa wɔreyi nyarewa ne owu afi hɔ. Enti mfa wo ho nto asomdwoe ne ahotɔ a nnipa de bɛba biara so nsusuw sɛ saa wiase yi afi ase renya ne nsɛnnennen ano aduru. (Dwom 146:3) Nea mpaemuka a ɛte saa bɛkyerɛ ankasa ne sɛ saa wiase yi abɛn n’awiei pɛɛ.
Asɛmpa a Wɔreka
19, 20. Nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ nna a edi akyiri yi mu bɛn na yehu ne mmamu?
19 Nkɔmhyɛ foforo a ɛkyerɛ sɛ efi 1914 no, yɛwɔ nna a edi akyiri no mu ne nea Yesu hyɛe yi: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Anaasɛ sɛnea Mateo 24:14 ka no no: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
20 Wɔreka asɛmpa a ɛfa wiase yi awiei ne Paradise wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho asɛm wɔ asase nyinaa so nnɛ, sɛnea wɔnyɛɛ da wɔ abakɔsɛm mu. Henanom na wɔreka? Yehowa Adansefo ɔpepem pii na wɔreyɛ saa. Wɔreka asɛm no wɔ asase so ɔman biara mu.
21, 22. Dɛn titiriw na ɛhyɛ Yehowa Adansefo agyirae sɛ nokware Kristofo?
21 Wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a Yehowa Adansefo ka akyi no, wɔreyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛhyɛ wɔn agyirae sɛ Kristo akyidifo anokwafo so, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Enti, ɔdɔ hama a ɛyɛ den aka Yehowa Adansefo abom wɔ wiase nyinaa onuayɛ mu.—Yohane 13:35; hwɛ Yesaia 2:2-4; Kolosefo 3:14; Yohane 15:12-14; 1 Yohane 3:10-12; 4:20, 21; Adiyisɛm 7:9, 10 nso.
22 Yehowa Adansefo gye nea Bible no ka no di sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Wobu wɔn mfɛfo Adansefo a wɔwɔ aman nyinaa mu no sɛ wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea, ɛmfa ho abusua a wofi mu anaa wɔn honam ani hwɛbea. (Mateo 23:8) Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase nyinaa onuayɛ a ɛte saa wɔ wiase nnɛ no nso di adanse sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam.
[Kratafa 26 mfonini]
Onyankopɔn soro Ahenni a ɛyɛ pɛ bɛyɛ adesamma nniso koro pɛ wɔ wiase foforo no mu