Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
Ɛho hia sɛ mmofra a wɔbɛsan akɔ sukuu afe yi no nya mmoa biara a wɔn nsa betumi aka, titiriw no wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde nnyinasosɛm ahorow a eye bɛtra ase no. Wotintim School and Jehovah’s Witnesses nhomawa a ekura nkratafa 32 no mfe abien a atwam ni na ɛde mmoa yi ama.
SƐ ABUSUA no, so moasusuw School and Jehovah’s Witnesses mu nsɛm no ho? Hyɛ nhomawa no mu nsɛm a edi kan no nsow: “Wɔatintim nhomawa yi na aboa ma ntease ne biakoyɛ aba Yehowa Adansefo ne sukuu mpanyimfo ntam. Ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nhomasua nhyehyɛe ahorow a ɛwɔ sukuu no ayɛ yiye no.”
Enti wobɛpɛ sɛ sukuu akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo nsa bɛka bi. “Ɛho hia sɛ awofo behu wɔn mma no akyerɛkyerɛfo—ayɛ nhyehyɛe ahyia wɔn na wɔne wɔn akasa,” saa na nhomawa no ka. Enti, sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nsa nkaa nhomawa no bi dedaw a, hyia a wo ne no behyiam yi bɛyɛ bere a ɛfata a wode bi bɛma no na woakyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Ɛyɛ nea ɛboa ankasa!
Mmoa mo Akyerɛkyerɛfo
Ɛna bi a ofi Peoria, Illinois, kyerɛw sɛ: “Yɛn ba no kyerɛkyerɛfo ada yɛn ase mpɛn pii sɛ yɛama no nhomawa no bi. Ɔkae sɛ aboa no ma ‘ɛnyɛ sɛ ɔne Adansefo no tumi bɔ nko na mmom aboa no ma wate wɔn gyinabea wɔ nsɛm ahorow pii ho no ase ankasa.’
“Esiane eyi nti, atumi ama nkitahodi bi abɛda yɛn ntam. Yɛn ba no kyerɛkyerɛfo no kae sɛ ɔde nhomawa no to ne nkyɛn na sɛ ɛyɛ nea ontumi nhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ba no de ne ho hyɛ sukuu dwumadi bi mu a, ɔhwɛ nhoma no mu hwɛ ansa na dwumadi no afi ase na ɔma opue kɔyɛ adwuma foforo bi, sɛ ɛyɛ nea ɛho hia a. . . .
“Wakyerɛw me ne me kunu mpɛn pii wɔ nkyerɛkyerɛmu foforo a ohia ho. Yɛatumi de nkyerɛkyerɛmu foforo ama no wɔ afe no mu, na yɛatumi ayi nsɛm a enye a wate afa Adansefo no ho no afi hɔ.
“Nhomawa yi adi n’atirimpɔw ho dwuma ampa wɔ yɛn fam, na ama abusuabɔ a eye abɛda sukuu mpanyimfo, sukuufo, ne awofo ntam.”Ebia ɛtɔ bere bi a ɔkyerɛkyerɛfo bi rente Yehowa Adansefo gyidi ahorow no ase yiye. Enti ɛma wɔka ne ho asɛm sɛ ɔnte asɛm ase. Ɛna bi a ofi Salem, Oregon kyerɛw fa ne ba a ogyina mangoo abiɛsa no kyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ sɛ ɔte saa no ho:
“Bere a wobuee sukuu no, ankyɛ na awofo ne akyerɛkyerɛfo no yɛɛ wɔn nhyiam a edi kan. Mede School and Jehovah’s Witnesses nhomawa no kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Medaa mmoa a ɛde ma no adi kyerɛɛ no na mekyerɛɛ no sɛ Yehowa nkurɔfo pɛ sɛ wɔne akyerɛkyerɛfo no bom yɛ adwuma. Meka kyerɛɛ no sɛ obetumi afa saa nhomawa yi na aboa no ma wate yɛn ba no ne sukuufo afoforo a wɔyɛ Adansefo a ebia wɔbɛba akyiri yi no ase.
“Sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ho no yɛɛ me nwonwa, efisɛ na merehwɛ kwan sɛ eyi ne nea edi kan a merebehu sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo a ɔnte asɛm ase te. Ɔde ahopere gyee nhomawa no na obuebuee mu hwɛe ntɛm ara na obuae sɛ ɛyɛ nea n’ani bɛsɔ ankasa sɛ obenya biribi a ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi ne yɛn nneyɛe ahorow no mu akyerɛ no.
“Mesan kɔɔ hɔ nna kakraa bi akyi na mibisaa ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɛyɛ nea wanya bere ahwɛ nhomawa no mu. Ɔkae sɛ ɔtraa mpa so kenkan ne nyinaa—efi mfiase kosi awiei. Ogye toom sɛ sɛnea wɔada nsɛm adi wom no ye; n’ani gyee ho kɛse sɛ wanya bi. Meka kyerɛɛ no sɛ, mesrɛ no, sɛ onya asemmisa bi a ɛfa nhomawa no anaasɛ yɛn ba no nneyɛe ho a ɔmma m’aso nte. Ɔkae sɛ ɔbɛyɛ saa.
“Wɔ ɔsram biako akyi, bere a sukuufo no ani abere resiesie wɔn ho ama afahyɛ bi a wɔfrɛ no Halloween no, yɛn babea no de nhoma bi kyerɛɛ yɛn na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔno nkutoo ne obi a wɔde maa no wɔ sukuu dan no mu hɔ. Ne kyerɛkyerɛfo no na ɔde maa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ bere biara a sukuufo no bɛyɛ biribi a ɔte nka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bi no. ɔnyɛ mu adwuma
“School and Jehovah’s Witnesses nhomawa yi yɛ nea wɔada mu nsɛm no adi wɔ anifere kwan a ɛboa so ampa.”
Mmusua afoforo pii a wɔde sukuu nhomawa no adi dwuma ka nsɛm a ɛte saa ara. Wɔn ani agye ɔkwan pa a akyerɛkyerɛfo a wɔn ani sɔ akwankyerɛ a wɔde ma wom no yɛ wɔn ade wɔ ho no ho.
Mmoa ma Sukuufo a Wɔyɛ Adansefo
Sukuufo a wɔyɛ Adansefo anya mu mfaso titiriw, na wɔn mu pii de aseda ama wɔ ho. Abeawa bi a ofi Ontario, Canada, bɔ amanneɛ sɛ: “Na ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ yɛn abakɔsɛm no reka sɛnea ɔte nka bere a nkurɔfo a wɔwɔ bɔɔlbɔ ne agumadi afoforo ase nsɔre nnyina hɔ bere a wɔrebɔ ɔman nnwom no ho asɛm akyerɛ sukuufo no. Ɔkae sɛ eyi nyɛ animtiaa a wobu ɔman no nko na mmom afoforo nso. Mepɛe sɛ me ne no kasa wɔ ɛno akyi, nanso mannya kwan anyɛ saa. Enti mekyerɛw no krataa na mede nhomawa no bi hyɛɛ mu. . . . Nea ɛyɛ nwonwa no ɔno nso kyerɛw me bi. Nea ɔkyerɛwee ni.
“ ‘Wo nyamesom gyidi horow yɛ w’ankasa de. Ɛyɛ ankorankoro asɛm a ɛfata sɛ wo ne wɔn a wɔne wo nni gyidi a ɛte saa mu no de obu ma. Mesrɛ wo, nte sɛnea mete nka ne m’adwenkyerɛ ahorow no ase sɛ nea mede retia wo anaa wo gyidi ahorow no. Mewɔ anidaso sɛ menya obu ama na mede mmoa ankasa bɛma wɔ ɔsom mu ahofadi hokwan biara a obi wɔ no mu. . . . Meda wo ase wɔ wo nhomawa no ho, emu nsɛm no yɛ nea ntease wom.’”
School nhomawa no aboa akyerɛkyerɛfo mpɛn pii na wɔahu nea Yehowa Adansefo gye di ne sɛnea wɔne sukuufo no bedi wɔ ɔkwan a ntease wom so. Eyi boa mmofra a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nnyinasosɛm ahorow yi bɛtra ase no. Sɛnea abeawa a ofi Ontario no kae no: “Ama ayɛ mmerɛw kɛse ama yɛn sɛ yɛne akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo bɛka yɛn gyidi ho asɛm.” Enti monhwɛ sɛ mobɛma akyerɛkyerɛfo nsa aka nhomawa no bi na moahyɛ wɔn nkuran ma wɔakenka no