Ɔtopae A Ɛtowee Bubuu Ahenni Asa Gui Wɔ Australia
“Ɛrentumi mma wɔ ɔman te sɛ Australia mu!” Nanso ɛbae. Wɔ Kwasida anɔpa, 9:35 wɔ July 21, 1985 mu no, David Winder fii ne Bible mu ɔkasa no ase wɔ Yehowa Adansefo Casula Ahenni Asa so wɔ Sydney. Simma aduonu anum akyi no, ɔtopae bi a ɛtowee no tow no faa suhyɛ no mu, ebubuu Asa no, ekum onipa biako, na ɛma wɔde nnipa 109 a na wɔwɔ hɔ no mu 46 kɔɔ ayaresabea. Ɛrentumi mma wɔ Australia, nanso ɛbae. Saa amanneɛbɔ a edi kan a efi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia yi da ehu a ɛkaa nkurɔfo ne amane a wohui saa anɔpa no adi, na esi Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no bo a wɔasi ne wɔn gyidi a wɔwɔ a ɛyɛ nwonwa sɛ wɔbɛkɔ so ahyiam na wɔabɔ Yehowa Ahenni asɛmpa no dawuru no so dua nso.
NÁ WƆDE ɔtopae bi a ano yɛ den a polisifo kyerɛ sɛ emu duru yɛ nkaribo 2.2 asie asɛnka agua no ase a wɔayɛ no sɛnea ɛbɛtow wɔ bere a Bible mu ɔkasa no rekɔ so no. Tow a ɛtowee no tow ɔkasafo no faa suhyɛ no mu na ɛde no kɔhwee nnua bi a egu Ahenni Asa no akyi no so—a mogya retu no a ne nan abien mu abubu.
Graham Wykes a na ɔte anim no wui amonom ara. Ne yere ne ne mmabea baanu pirapirae kɛse. Asafo ti no adwumayɛfo no mu biako a wɔfrɛ no Sue Schulz hwene bui na ne se a ɛwɔ anim no pii tutui. Na ɛsɛ sɛ woyi ɔtopae no ho abona no bi fi onigyefo bi ani so. Wogyee akokoaa bi a wadi asram abiɛsa too ayaresabea.
Ebeduu Kwasida anwummere no, na nnipa 46 a wɔde wɔn koguu ayaresabea no mu 14 da so ara wɔ hɔ; na wɔama wɔn a wɔaka no kɔ fie. Na ehu aka wɔn mu pii na na wɔn aso ho akã. Ɛyɛɛ wɔn a wɔbɛhwɛe no nwonwa sɛ wɔn mu pii anwuwu, efisɛ na Ahenni Asa no abubu pasaa.
Ɛho Asɛm a Wɔkae wɔ Wiase Nyinaa
Wogyaee radio ne TV so dwumadi ahorow wɔ ɔman no mu nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ nsɛmmɔnedi yi ho amanneɛ, na wɔ bere tiaa bi mu no, na wɔaka ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Atesɛm nkrataa mu nsɛmti ahorow no bi ne nea Brisbane Telegraph kyerɛwee no: “ANWONWADE! Nnipa 110 nya nkwa wɔ ɔtopae a ɛtowee wɔ asɔredan mu no mu.” Ɔman no atesɛm krataa, The Australian no kae sɛ: “Obi ho a enni asɛm no nyɛ ahobammɔ wɔ nsɛmmɔnedi mu.” Brisbane Daily Sun atesɛm krataa no kae sɛ: “ƆTOPAE HO HU—nsɛmmɔne a wodii asɔre ma ɔman no ho dwiriw no.” The Sydney Morning Herald no kaa asɛm a ne ti ne sɛ: “Abusua asetra ho ɔkasa, afei onipa biako da hɔ a wawu, nnipa 49 apirapira.” Asɛm no toaa so sɛ: “Na asafo no mufo a wɔn ho adwiriw wɔn no ayɛ komm kɛse. Wɔn mu binom traa ɔdan no mu hwɛɛ wɔn a wɔapirapira no, afoforo nso pue fii Asa no so wɔ kommyɛ mu sɛnea wobetumi. Polisifo, afiri a wɔde fa ayarefone adwumayɛfo a wodum ogya kɔɔ hɔ ntɛm ara.”
Ankyɛ biara na polisifo kae sɛ ɛrentumi mma sɛ ɛyɛ amanaman ntam nsɛmmɔnedifo na wɔyɛɛ eyi. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ, nnipa ne ahyehyɛde ahorow bɛboro 60 kae sɛ wɔn na wɔtow ɔtopae wɔ Frankfurt wimhyɛn gyinabea nnansa yi wɔ Federal Republic of Grermany no—ɔkwan a nsɛmmɔnedifo taa fa so. Nanso obiara nkae sɛ ɔno na ɔde ɔtopae no kɔhyɛɛ Ahenni Asa no so.
Ebia asɛm a epuei wɔ The Australian a wotintim no July 22 no mu no ka adwene a nnipa pii a wosusuw ade ho nyae no ho asɛm yiye bere a ne fã bi kae sɛ: “Sɛ́ ɛyɛ henanom na wɔde ɔtopae no kɔtoo hɔ anaasɛ ɛmfa ho sɛnea wɔn botae horow nye no, wɔama Australiafo akae sɛnea wiase a yɛte mu no abɛyɛ keteewaa bi no. Ɛnyɛ nea nneɛma a ɛyɛ hu a akã nnipa a wɔte yɛn okyinsoromma no fã a nnipa a wɔwɔ hɔ no redɔɔso da biara da no asetra fã no rentumi nka yɛn.”
Nokwarem no, wiase no fã biara nni hɔ a tebea a ɛte saa nni hɔ na saa ara na obiara nni hɔ a ɛrentumi nka no. Ɔsomafo Paulo bɔɔ tebea yi ho kɔkɔ pefee wɔ 2 Timoteo 3:1-4 sɛ: “Kae sɛ, nna a edi akyiri no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wonni ahummɔbɔ, ntwirifo, wɔn a wɔyɛ basabasa ne wɔn a wɔyɛ keka; wɔbɛtan nea ɛyɛ papa; wɔbɛyɛ afatwafo, anibiannaso ne wɔn a wɔhoman.” (Today’s English Version) Na so Yesu ankasa amfa kɔkɔbɔ amma sɛ wɔ saa bere yi mu no, ‘esiane sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo’?—Mateo 24:12.
Efi bere a nkurɔfo tee asɛm no, Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no nsa kaa nsɛm ahorow a wɔde daa wɔn ho a adwiriw wɔn adi ne nea wɔde bɛkyekyee wɔn werɛ pii wɔ telefon so. Wɔkɔɔ so nyaa eyi fii ɔman no mu ne amannɔne nso.
Wɔn nsa kaa telegram ne nkrataa ahorow a wɔde bɛkyekyee wɔn werɛ fii wiase nyinaa—ebi fi amammuifo, nyamesom akannifo neafoforo a wokura dibea akɛse nkyɛn. Nea wɔn ani sɔe kɛse ne krataa a na efi Ɔtemmufo Watson a ɔwɔ Commonwealth Family Asennibea nkyɛn no. Na wɔatow ɔtopae wɔ ɔtemmufo Watson ankasa fi pɛn. Asɛm a ɔkae wɔ ne krataa no mu no fã bi ne sɛ: “Wɔ bere a esum ne ɔhaw ahorow wom yi mu no, mo nkurɔfo no pii, ne titiriw no, Wykes abusua no benya ahoɔden afi hyia a mmusua, nnamfo ne asafo no behyiam no mu. Ɛmmra sɛ ɛnyɛ ahoɔden nko na wobenya wɔ eyi mu na mmom asomdwoe a onipa adwene ntumi nnu ho nso.”
Obi a ɔka taxi wɔ Sydney daa sɛnea na nnipa te nka no adi wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa The Sydney Morning Herald samufo a emu asɛm yɛ awerɛhow no mu. ɔkyerɛwee sɛ: “Adwuma a meyɛɛ nnɛra (July 22) no mu biako ne sɛ mɛfa ABC adwumayɛfo a woyi sini no afi Hoxton Park wimhyɛn gyinabea na mede wɔn akɔ Liverpool ayaresabea ntɛm ara sɛnea metumi. Nea yehui wɔ hɔ no yɛ hu kɛse. Wɔka kyerɛɛ me sɛ mentwɛn wɔn na meyɛɛ saa. Wɔ saa simma 20 no mu no, asetra mu nneɛma a ɛyɛ hu ankasa daa adi. Ɛyaw ne opira yɛ asetra mu ade de, nanso nea mihui no yɛ nea ɛho nhia. . . . Asemmisa a ɛne ‘adɛn, adɛn, adɛn’ kɔɔ so wɔ m’adwene mu. Ɛkaa obi a ɔba fam a ɔka taxi mpo—ɛkaa me kɛse araa ma m’aba mu bui. . . . Mommma yɛn a yɛmpɛ basabasayɛ, ɛyaw ne ɔtopae no mmfa yɛn ho nnhyɛ saa nneɛma a nyansa biara nni mu no mu na yɛnkɔ so wɔ asetra a ɛyɛ tiaa yi mu. Mesrɛ mo, mommma ebi mmma bio.”
Nanso mogya a wɔde ma ho asɛm biara ansɔre—ade a wonim sɛ Yehowa Adansefo pow esiane nyamesom mu ntease nti no. (Asomafo no Nnwuma 15:20, 29) Brisbane Daily Sun no kae sɛ Liverpool ayaresabea no kasamafo bi kae sɛ obiara nni hɔ a ɔpow blood-volume expanders a wɔde maa wɔn no.Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ eyi “yɛ adwuma a mogya yɛ bere a wɔma nipadua no kwan ma ɛyɛ n’ankasa de si ananmu no. Ɛyɛ adwuma wɔ ɔkwan a edi mu so wɔ nnipa a ɛyɛ den sɛ wobehu wɔn a wɔne wɔn mogya hyia no mpo fam a ɛho nhia sɛ wɔsɛe bere na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ afoforo a wɔne wɔn mogya hyia. Ɔyare biara nni mogya a wɔde nnuru bi na ayɛ (synthetic blood) no mu—ɛda adi sɛ ɛyɛ ɔkasatia a efi asɔre ahorow a wogye toom ntɛm ara hɔ no ho mmuae.”
Nkrasɛm ne awerɛkyekye nsɛm pii a ɔmanfo de kɔmaa wɔn a wopirapirae wɔ asiane yi mu no yɛ nea ani sɔe kɛse. Polisifo, adwumayɛfo a wodum ogya, ayaresabea adwumayɛfo ne nnuruyɛfo nso kɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛboa no mu. Na ayarehwɛfo a wɔwɔ Liverpool ayaresabea no mu biako ayɛ basaa bere a na ɔreyɛ wɔn a wopirae a wodii kan de wɔn bae ho adwuma no. Ɔka kyerɛɛ Yehowa Adansefo mu biako a na ɔwɔ ho sɛ: “Sɛ ɛnyɛ adwuma a akyere me so kɛse a, anka mesu. Mintumi nka sɛnea mete yaw nka ma wɔn a wɔapirapira yi.”
Nea na ɛsom bo titiriw na ɛyɛ awerɛhow ne telegram pii a na efi Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa nkyɛn no. Wɔn a wopirapirae no nso nya awerɛkyekye wɔ ɔsomafo Petro asɛm a ɛfa sɔre a Satan sɔre tiaa Kristofo wɔ ne bere so ho no mu. Otuu saa tete Kristofo no fo sɛ ‘wontintim gyidi no mu, sɛ wonim sɛ ade koro no ara na wɔyɛ wɔn nuanom asafo no nyinaa mu wɔ wiase nyinaa.’—1 Petro 5:9, NW.
Asiane ma Asɛmpa no Nya Nkɔso
So nhyira bi betumi afi amanehunu a ɛte saa mu aba? Ebia yebetumi agyina ɔsomafoPaulo afiasenna wɔ Roma no so asusuw eyi ho yiye. Ɔrekyerɛw akɔma Filipifo Kristofo no, ɔkae sɛ: “Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ɛyɛɛ me no abɛma asɛmpa no akɔ so mmom, . . . na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani to me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ woka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.”—Filipifo 1:12-14.
Atirimɔden kwan so a wonam tow hyɛɛ wɔn nuanom Kristofo so wɔ Lurnea Asafo no nhyiam ase saa anɔpa no wɔ Casula Ahenni Asa so no ma wɔyɛɛ ade a ɛte saa ara. Nnipa pii kɔɔ asafo ahorow a ɛwɔ Sydney no nhyiam ase wɔ wɔn Ahenni Asa so wɔ da a edi hɔ no anwummere. Sɛnea Paulo kɔɔ so ka kyerɛɛ Filipifo no, ‘wogyina pintinn honhom koro mu, na wɔde ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no gyidi, na wɔmmma atamfo nnyi wɔn hu biribiara mu’ ampa—Filipifo 1:27, 28.
Nanso Paulo kaa nhyira foforo ho asɛm wɔ ne krataa no mu: “Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka. . . . Na ebinom fi atutuw mu na ɛbɔ Kristo din, efisɛ ɛnyɛ ne kronkron so, na mmom wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.” Paulo kae sɛ ne mpokyerɛ ‘ada adi’ ama obiara ahu. “Ahohia” a wɔde baa Yehowa Adansefo so wɔ eyi mu ho dawuru kɛse a wɔbɔe no atrɛw adu asase so nyinaa.—Filipifo 1:13, 15, 17.
Asɔretiafo binom de ho dawuru a wɔbɔe yi daa ɔtan a wɔtan Adansefo no adi. Wɔkaa atoro ne nnaadaasɛm pii, na “wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka” Adansefo no ho. Mmom no, ɛmaa ɔmanfo a wotumi huu atoro a eyi yɛ no daa mmɔborohunu kɛse adi.
So osuahu yi brɛɛ Adansefo no asɛnka no ase? Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛyɛɛ nea Paulo kaa ho asɛm no pɛpɛɛpɛ sɛ, “anuanom no mu pii nam Awurade mu . . . ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.” (Filipifo 1:14) Adansefo no ho pere wɔn kɛse sen bere biara sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ wɔ baguam som adwuma no.
Bere a asɛm a esii July 21 no da so ara wɔ nkurɔfo adwenem no, wotiee ano aduru ne nea enti a nsɛm a ɛtete saa sisi no. Wɔn a wotie na wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nhwehwɛmu kɛse no benya nhyira ankasa. Nnipa anaasɛ mmusua bɛboro 21,000 a wɔwɔ Australia nya dapɛn dapɛn Bible adesua a Yehowa Adansefo ɔsomfo a ne ho akokwaw yɛ no mu anigye. Wɔ Australia no, nnipa bɛboro 10,000 de wɔn ho ahyɛ baguam ɔsom adwuma no mu wɔ mfe anan a atwam no mu.
Hwɛ Awerɛkyekye a Ɛyɛ sɛ Yebehu sɛ Ogye Abɛn!
Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yebebu sɛ nneɛma renkɔ so wɔ saa kwan yi so bio. Nsakrae akɛse a ɛyɛ nwonwa rebɛba a ɛte sɛ nea esisii wɔ Noa bere so no. Saa basabasayɛ ne nitan wiase yi wɔ bere a wɔde bɛsɛe no mu na wɔde foforo a “trenee te mu” besi ananmu. (2 Petro 3:13) Saa nneɛma koro no ara a ɛma ɔpepem pii di awerɛhow no betumi ama yɛadi ahurusi bere a “yɛkenkan” adanse no yiye te sɛ nea obi bɛkenkan lɔre kwan ho sɛnkyerɛnnede bi na wahu faako a ɔde n’ani akyerɛ no. Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:28.
[Kratafa 22 adaka]
Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa onuayɛ a ɔdɔ wom. Sɛ nhwɛso no, bere a Adansefo pii a wɔwɔ United States tee ɔtopae a wɔtowee ne wɔn a wopirae no ho asɛm denam nsɛm amanneɛbɔbea no TV so no, wɔde sika manaa wɔn a wopirae na ntɛm ara. Wɔ nna kakraa bi mu no, wɔn nsa kaa nkrataa a sika bɛboro $7,000 hyem—akyɛde ahorow a efi abarimaa bi 27¢ so kosi ɔbarima bi $1,000 so. Nea edidi so yi yɛ nkrataa ahorow no mu nsɛm kakraa bi.
“Meyɛ onua a minni sika pii, nanso mesrɛ mo, mepɛ sɛ mugye ntoboa ketewa yi [$7] na mode boa.”
“Mesrɛ mo, momfa sika yi nkɔma onuawa a ne kunu wui wɔ ɔtopae a ɛtowee no mu no.”
“Yɛsrɛ mo, momfa yɛn ntoboa no ntua anuanom a wopirae no ayaresa ho ka. (Asomafo no Nnwuma 11:29) Yɛtee sɛ obiako wui. Yohane 5:28, 29 ba yɛn adwene mu.”
“Mepɛ sɛ miyi $50 de boa Asa no a wɔbɛsan asi ne $50 de boa ayaresabea ka ahorow a wɔbɔe no tua.”
“Obi a yɛne no bɔ a wɔagye no atom pɛ sɛ ɔboa. Enti mede ne $1,000 no mana mo.”
“Me babarima ne me babea bɛpɛ sɛ wɔkyerɛw anuanom nkumaa binom a wɔwɔ saa asafo no mu na wɔhyɛ wɔn nkuran.”
“So me nsa betumi aka onua a owui no abusua address, efisɛ mepɛ sɛ mekyerɛw wɔn krataa. [Mede $50 ahyem.]”
“Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛ onuadɔ a yɛwɔ no, yɛn [asafo no] anya $161.55 a wɔde bedi dwuma sɛnea ɛfata.”
“Ɛnnɔɔso [$3] de, nanso nea mewɔ nyinaa nen, na ebia ɛbɛboa kakra.”
“Wɔde bɛboa anuanom a wɔwɔ hɔ no, ebia wɔde bɛboa okunafo no anaasɛ wɔde besi Ahenni Asa foforo.”
“Mprempren menyɛ adwuma nanso munnye $1. Sɛ minya nea ɛdɔɔso a mede nea ɛdɔɔso bɛmana.”
Ɛnyɛ sika dodow a wɔde mae no na ehia, na mmom ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛma no. Bere a Yesu hwɛɛ adefo sɛ wɔde wɔn akyɛde regu tow adaka no mu wɔ asɔrefi no akyi no, “ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mman abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa.”—Luka 21:2, 3
‘Nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade. Obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea [Yehowa] wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.’—2 Korintofo 9:7; 8:12; Deuteronomium 16:17.
[Kratafa 20 mfoni]
Ahenni Asa no akyi
[Kratafa 21 mfoni]
Tokuru a etui wɔ fam hɔ no
Faako a wɔde nhoma ne ade sie