Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 3/8 kr. 24-26
  • HARAR—Kurow A Mpataku Kyinkyin Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • HARAR—Kurow A Mpataku Kyinkyin Wom
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pataku A Wonnim No Yiye No
    Nyan!—1991
  • Wuram Mmoa Kasa—Mmoa Nkitahodi Mu Ahintasɛm
    Nyan!—2002
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Nam?
    Nyan!—1997
  • Ɔkwan a Yetu Kɔhwehwɛɛ Ghana Mmeae Bi
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 3/8 kr. 24-26

HARAR​—Kurow A Mpataku Kyinkyin Wom

Efi Kenya “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

BƐBORO mfirihyia ɔha a atwam ni no, na Harar yɛ ‘kurow a wɔnkɔ mu.’ Nanso, wɔ 1854 mu no, Britaniani nhomanimfo Owura Richard Burton bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkɔ kurow no mu. Bere a osusuw n’afasu akɛse no ho no, akyinnye biara nni ho sɛ osusuw ho sɛ ebia obetumi afi hɔ aba a ɔte nkwa mu. Nanso na Burton nam nyansa kwan so asiesie ne ho sɛ Arabni guadini. Ɔnam kasa ahorow a ɔte ho so tumi susuw ho hui sɛ obetumi atwam akɔ sɛ kurow no mu Nkramofo no mu biako. Ɔkwan a ɔfaa so no yɛɛ yiye na ɛmaa Burton bɛyɛɛ Europani a odii kan kɔɔ kurow yi a ɛwɔ Afrika Apuei Fam no mu.

Ɛnnɛ Harar wɔ Ethiopia. Na bere a kurow no mu a wɔbɛkɔ nyɛ nea asiane kɛse wom te sɛ Burton bere so no, ɛda so ara ma nsrahwɛfo ho dwiriw wɔn, efisɛ wonim sɛ ɛyɛ kurow a mpataku kyinkyin wom anadwo! Nanso nnɛ Harar yɛ nkurow abien a ɛbom a nnɛyi adan pii wom a emufo bɛyɛ 70,000. Kurow no fã a ɛyɛ dedaw a anya bɛboro mfirihyia apem no asakra kakraa bi wɔ mfehaha pii a atwam no mu.

Bere a yɛbɛn kurow dedaw no na yɛhwɛɛ n’apon ne n’abantenten no, ɛyɛɛ yɛn sɛnea yɛrebɛn wiase foforo bi. Bere tenten ansa na wɔrekyekye Ethiopia kuropɔn a ɛwɔ hɔ mprempren a wɔfrɛ no Addis Ababa no, na Harar agye din kɛse. Harar na afeha a ɛto so 16 Nkramofo kannifo, Ahmad Grãn a na ɔyɛ“abenkuma” no fi dii afoforo a wɔtow hyɛɛ wɔn so no anim. Nanso mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi Ethiopia so nkonim no ma owui​—na wodii Harar so nkonim. Wɔtoo kurow no afasu a ɛyɛ den no wɔ ɛno akyi, na akɔ so atra hɔ bɛboro mfeha anan.

Sɛnea na ɛte wɔ bere a atwam no mu no, ɛnnɛ Harar yɛ beae a wodi akameakame. Nanso nnɛ yetumi fa kurow no apon nketewa no biako mu kɔ kurow no mu wɔ asomdwoe mu. Afei yɛfa mmorɔn ne anammɔnkoro akwan ahorow pii so. Nea ɛwowɔ ho ne adan a wɔakuru so tratraa a n’afusu akyeakyea ne adan bi a wɔde akado aka ho ne Nkramofo asɔredan nketewa.

Ɛnyɛ nea ade asa a yebetumi ahu mpataku no. Nanso mprempren de, yebetumi ahwɛ mfurum no. Ɛwom sɛ mfurum no nnɔɔso te sɛ kan no de, nanso wɔda so ara nenam Harar mmorɔn so a nnipa nkyerɛ wɔn kwan. Wɔforo abotan a ɛwowɔ mmorɔn so a ɛso abonkyiabonkyi no sian a wonhintiw abo a ɛwowɔ so no. Nea ɛyɛ nwonwa no, mmoa no nim faako a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nnosoa a emu yɛ duru a ɛyɛ nsu a wɔnom no kɔ. Bere a wɔadu hɔ no, wɔde boasetɔ twɛn kosi sɛ wobehwie nsu no na wɔasan agye nneɛma a wɔde saw nsu no akogye foforo aba. Yiw, eyi ne ɔkwan a wɔn a wɔte Harar kurow dedaw no mu binom da so ara nam so nya wɔn nsu a wohia​—ade a ɔpɛ a asi Afrika no ama ɛho ayɛ nna nnansa yi no.

Wɔ gua no so no, wɔn a yedii kan huu wɔn ne Harari mmea no. Wɔn kasa, wɔn ahosiesie ne wɔn amammerɛ da tete abusuabɔ a na ɛda wɔne Nkramofo ntam no adi. Mmea a wɔwɔ Harar anim dua yɛ fɛ na wofura nguguso a ani yɛ nnodowee anaasɛ akokɔsrade a wɔbobɔ abotiri a ɛyɛ fɛ. Wɔakyekye wɔn ti fɛfɛɛfɛ.

Na dɛn na wɔtɔn? Nkae ade a wohu wɔ afie mpempem pii mu wɔ Ethiopia nyinaa: Nkɛntɛn ne mpaawa a wɔde sare a aguan anwene. Sɛ́ apaawa no yɛ kurukuruwaa, akokɔsrade anaasɛ kɔkɔɔ a wɔadi adwini agu ho no, ɛyɛ nea wɔde sisi apon so na wɔde sensɛn afasu ho. Nanso wɔde saa nkɛntɛn no kodi gua na wɔde nnuan a wɔpɛ titiriw wɔ Ethiopia no sisi mu kɔma nkurɔfo bere a afahyɛ bi adu no. Nkɛntɛn a wɔnwene wɔ Harar no yɛ nea wɔkamfo wɔ wiase nyinaa esiane sɛnea ɛte no nti.

Nneɛma a dwetɛ adwumfo a wɔwɔ Harar yɛ no yɛ nea ɛyɛ fɛ. Kɔnmuade ahorow, nkawa, nkapo ne nneɛma a mmea de hyehyɛ wɔn ti nhwi mu​—ne nyinaa yɛ nea wɔde ahokokwaw yɛ ma ɛyɛ fɛ.

Bere a yɛn ani baa yɛn ho so no, na ade asa. Yɛde yɛn ani kyerɛɛ faako a kurow no afasu wɔ no sɛ yɛkɔhwɛ kurow dedaw no wɔ owia a ɛrekɔtɔ a ɛhyerɛn no mu. Wɔ tete bere no mu no, na wɔn a wɔte Harar no di ahɔho anim de wɔn kɔ kurow no apon akyi anadwo na wɔtow mu. Nanso ɛyɛ yɛn anigye sɛ yetumi kɔɔ kurow dedaw no mu bio sɛ yɛkɔhwɛ ade titiriw a nkurɔfo ani gye ho anadwo wɔ Harar no​—mpataku!

Bere a yeduu petee mu wɔ borɔn bi so a yɛahan yɛn ani kɛse wɔ anadwo a esum wom yi mu no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebehu faako a yɛbɛkɔ. Mpofirim ara yehui sɛ aniwa abien a asɔ gya rehwɛ yɛn. Yɛantumi ankeka yɛnho wɔ faako a yegyina no. Na mpataku abien gyina baabi a efi yɛn hɔ kɔ hɔ bɛyɛ ananmmɔn 16 pɛ. Eyinom nyɛ nkraman a wɔyɛn wɔn wɔ fie no bi. Eyinom yɛ mmoa a wɔwɔ ahoɔden na wonim wɔn sɛ wotumi kyere mmoa a wɔn akɛse bɛyɛ sɛ ɛkoɔ!

Wotumi kyere nnipa nso.

Nanso nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa​—na ɛmaa yɛn koma tɔɔ yɛn yam​—no, wɔantow anhyɛ yɛn so na mmom wɔdan wɔn ani kyerɛɛ ɔbarima bi a ɔte fam no. Na nam a wɔawe ma aka kɛntɛn ma si ɔbarima no nkyɛn na ofii ase de ne nsa maa mpataku no aduan. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no pataku-hwɛfo! Bere a saa adeyɛ a ɛne mpataku a wɔma wɔn aduan yi fii ase no yɛ nea wonnim ankasa nanso akɔ so bere tenten. Sɛ ade sa na mpataku a wɔwɔ Harar fi wɔn abodan ne ntokuru mu ne wɔn hintabea afoforo na wɔde wɔn ani kyerɛ baabi a kurow no afasu wɔ a, na mpataku so ahwɛfo no tete kurow no apon ahorow ano a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma wɔn aduan. Mpataku so ahwɛfo no tra hɔ kosi sɛ wɔn nam anaasɛ nnompe no bɛsa, mpɛn pii bɛyɛ nnɔnkron.

Bere a na yetumi hu ade wɔ sum no mu no, pataku foforo bɛn yɛn a na ɔnam brɛoo. Aboa no gyina homee na osuu osu bi a ɛyɛ hu de frɛɛ mpataku afoforo no sɛ wɔmmra. Pataku-hwɛfo no fii ase teɛɛm na onyamaa saa nkekaboa yi. Awiei koraa no, wɔbɛnee ɔbarima no kɛse na wɔtraa ne nkyɛn a na wɔretwɛn sɛ ɔbɛma wɔn aduan.

Bere a dompe sin bi hyɛ ɔbarima no nsam no, ɔteɛ ne nsa na ɔkɔ so teɛm na ɔbɔ mpataku no din frɛ wɔn. Ɔteɛm sɛ, “Hoy-hoy, Philips. Nay!” “Philip” gye so ntɛm ara denam sɔre a ɔsɔre na ɔnantew brɛoo bɛn ɔbarima no so. Bere a aboa no agye ne kyɛfa a ɛwom no, ɔsan n’akyi ntɛm ara kɔ baabi a ofi bae no. Afei obiako a onnyinii a wɔfrɛ no “Baby” a ogye ɔbarima no frɛ no so ntɛm nso wɔ hɔ. “Birtukan,” “Kanubish,” ne afoforo nso bɛn no, na wobue wɔn anom bɔkɔɔ de gye wɔn kyɛfa.

Ebia pataku a ɔbarima no ani gye no ho kɛse ne “Buray,” efisɛ ɔfrɛ no sɛ “me ba.” Sɛ Buray ba a, ɔbarima no de anigye teɛteɛm sɛ: “Buray! Hoy-hoy, Nay.” Bere a ɔbarima no de ne nsa ato pataku no kɔn mu no, aboa no gye nam sin no. Ɛtɔ bere bi a, ɔbarima no de ne se so dompe sin bi mu na ɔfrɛ Buray sɛ ommeyi. Buray nni no huammɔ. Bere a aboa no ayi dompe no afi pataku-hwɛfo no anom no, ɔsan kɔ baabi a ofi bae no na ɔtra ase de ne se a ɛyɛ den no bubu dompe no mu.

Afei torchlight ne kar nkanea ma ɛhɔ yɛ hann. Nnipa a wɔaba nsrahwɛ no mu binom twa ɔyɛkyerɛ a ɛyɛ nwonwa yi mfonini na wɔma pataku-hwɛfo no sika. Nea eye no, nnipadɔm ne nkanea no nhaw mpataku no. Pataku-hwɛfo no mpo ma wɔn a wɔhwɛ no binom kwan ma wɔfa nam no bi ma mpataku no. Yɛde akokoduru soo nam sin bi mu. Bere a yehui no na pataku bi de ahoɔhare aso mu.

Bere a yɛakɔda no, mpataku no kyinkyin sumina ahorow no so hwehwɛɛ aduan pii. Ɛtɔ bere bi a, wɔtwe apɔnkɔ ne mfurum afunu kɔma mpataku no. Yɛtee mmobom ne nnyigyei a ɛyɛ hu bere a na mpataku no redɔɔso no. Eduu anɔpa no, na nnompe asinasin ‘kakraa bi na aka, bere a Kramonini no nteɛteɛm ma yenyanee no. Mpataku no san kɔɔ wɔn atrae a ɛbɛn Harar no.

Ɛhɔ na wɔbɛtra akosi sɛ adesae bɛma wɔasan aba baabi a ɛhɔ yɛ nwonwa ampa no​—Harar, kurow a mpataku kyinkyin wom no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

Mfurum da so ara nantew Harar mmorɔn so mpɛn pii a nnipa nkyerɛ wɔn kwan

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

Aniwa abien a asɔ gya hwɛɛ yɛn. Yɛantumi ankeka yɛn ho wɔ faako a yegyina no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Yɛde akokoduru soo nam sin bi mu . . . pataku bi de ahoɔhare soo mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena