So Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛkɔ?
AFE biara Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa hwɛ ɔmantam nhyiam kwan sɛ honhom fam ade titiriw wɔ afe no mu. Dɛn ntia? Nea edi kan no, wonim sɛ wobenya mfaso afi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛyɛ ne bere mu de a wɔde ma wɔ dwumadi no ase no mu. Wobu osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran ne Kristofo fekubɔ pa a wobenya no nso sɛ ɛsom bo. Nhyiam no mu biako ase a wobɛkɔ no bɛma woayɛ nokware gyidi a ɛyɛ adwuma no ho dansefo.
Gyidi a Ɛyɛ Adwuma
Afei na nnipa a wɔkɔ nhyiam horow no ase no mu pii afi ase ne Yehowa Adansefo rebɔ fekuw. Nanso wɔn su, nsɛm a wɔka, ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ Bible no mu nokware a wɔresua no renya wɔn asetra so tumi kɛse.
Wɔ saa nhyiam no mu biako ase no, mmarima baanu, Israelni ne Iranni bi a afei na wɔn baanu nyinaa afi ase resua Bible no hyiae nea edi kan. Na Israelni no wɔ abɔgyesɛ na na ne honam ani biri, enti Iranni no susuwii sɛ ɔyɛ ne man muni na ofii ase kaa Persia kasa kyerɛɛ no. Israelni no ka kyerɛɛ no sɛ ontumi nka Persia kasa na afei obisae sɛ .”So ɛyɛɛ den maa wo sɛ wubegye Yesu Kristo adi?” Iranni no buae sɛ, “Ɛnte saa ankasa. Nkramofo gye Yesu di sɛ adiyifo no mu biako enti na minni ne ho adwene a ɛnteɛ.” Wɔ bere tiaa bi mu no, nnipa baanu no bɛyɛɛ nnamfo paa na wohui sɛ ɔpɛ a wɔn nyinaa wɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa no ma wɔne Yehowa ahyehyɛde no yɛ biako.
Ná ababaa bi a ofi apuei fam asase bi so a nsa a n’abusuafo to frɛɛ no nti wakɔ ɔman bi a ɛbɛn no mu no wɔ nhyiam no mu biako ase. Esiane sɛ n’abusuafo no yɛ Yehowa Adansefo nti, wɔkaa nea wɔasua afi Bible no mu ho asɛm kyerɛɛ no. Nanso esiane sɛ wɔde adannandi ho adwen horow atete no nti, ohui sɛ adwene a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no yɛ ade foforo koraa ma no. Nanso bere a ɔde boasetɔ ahwehwɛ asɛm no mu akyi no, ogye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ankasa. Efi saa bere no, osuaa Bible no anibere so. Nea efii mu bae ne sɛ ɔkɔɔ nhyiam no ase na wɔbɔɔ no asu—ansa na ɔresan akɔ ɔman a ofi mu no mu. Ɛwom sɛ ohui sɛ afei ɛsɛ sɛ okura ne mudi mu wɔ tebea a emu yɛ den mu de, nanso ɔde aseda mae sɛ nhyiam a ɔkɔe no ahyɛ no den.
Obi foforo a n’ani gyei wɔ nhyiam no mu biako ase ne Naomi a ɔyɛ obubuafo no. Ayaresabea a ɔda no panyin siw no kwan sɛ ɔremma onnsua Bible no na wamma kwan nso sɛ ne Kristofo nnamfo bɛba hɔ abɛsra no mpo. Nanso Naomi amma eyi ammu n’aba mu. Ɔkɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo wɔ ayaresabea hɔ na na ɔne wɔn mu baasa yɛ Bible adesua daa. Bere a nhyiam no dui no, ɔde akokoduru—ne nusu srɛɛ kwan sɛ wɔmma ɔnkɔ. Hwɛ sɛnea n’ani gyei bere a awiei koraa no, Wɔmaa no kwan sɛ ɔnkɔ no. Anigye a ɔwɔ no amma wanhu amanehunu nyinaa a ɛsɛ sɛ ogyina ano no.
Anisɔ Nkrataa a Efi Komam
Yehowa Adansefo mfa mprɛte nnyigye sika wɔ wɔn nhyiam ahorow ase. Mmom no wɔde ntoboa nnaka sisi hɔ ma nnipa a wɔpɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa no. Nanso ɛtɔ bere bi a, wɔde nkrataa a wɔde rekyerɛ anisɔ a ɛte sɛ nea edidi so yi hyɛ nnaka no mu de ka ntoboa ahorow a ɛte saa no ho:
“Ɛyɛ me yaw sɛ mede me nsesa a esua yi na agu ntoboa adaka no mu, nanso mannya bere ankɔ sikakorabea. Esiane sɛ yɛyɛ nnyanka nti, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi de biribi to ntoboa adaka no mu na ɛyɛ ade a ɛhaw me. Sika yi yɛ nea mede tɔɔ ade wɔ aguadidan mu wɔ asram asia a etwaam no mu no nsesa. Na sika kɛse a ɛka ho no hyɛ me pon nnaka no bi mu na menkae nea enti a miyi too nkyɛn. . . . Sɛ mede to me ho a, medi, nanso sɛ enni me ho nso a, ɛrenhaw me. Mesrɛ mo, munnye eyi sɛ ade a mede rekyerɛ anisɔ a manya. Mprempren meresua ade na ɛyɛ me pɛ sɛ mɛma wɔabɔ me asu wɔ nhyiam yi ase.”
Wohuu krataa foforo bi nso, ɛwom sɛ ɛfa ntoboa soronko bi ho de:
“Anigye ne anisɔ ayɛ me koma ma na ɛyɛ den ma me sɛ mɛda nkate yi adi wɔ ɔkwan a wɔbɛte ase so. Na merehwɛ kwan sɛ mɛyɛ daa akwampae adwuma [bere nyinaa som adwuma] da bi bere a masiesie me ho yiye no. Nansomprempren mepɛ sɛ mifi ase na merebɔ mmɔden kɛse sɛ medu nneɛma a wɔhwehwɛ no ho. Yɛte bere a emu yɛ den mu na mifi me komam de aseda ma mo wɔ ɔkwan a ɛma obi nya anigye kɛse a moakyerɛ me no ho.”
Bɛhwɛadefo Ani Gyei
Nnipa a wɔnyɛ Yehowa Adansefo ani taa gye ho sɛ wɔbɛkɔ wɔn nhyiam horow no ase esiane biribi a wɔpɛ sɛ wohu anaasɛ anigye ankasa a wɔanya wɔ ho nti.
Esiane sɛ ɔbarima bi hwɛɛ kwan sɛ ɔbɛte biribi afa Bible no ho nti, ɔkɔɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Japan no ase. Asɛm a ɔtee no maa n’ani gyei na wannyae nhyiam no kɔ. Ne nnansa so no, ɔkae sɛ: “Bere a metee sɛ asɔre yi kyerɛkyerɛ na ɛhwehwɛ nso sɛ obi kura ne mudi mu ma Onyankopɔn biako no, m’ani gyei kɛse. Mitumi hu sɛnea eyi yɛ soronko wɔ Japan anaasɛ Kristoman mu tete nyamesom ahorow a wɔn bra asɛe, wɔyɛ ahopɛfo, wonni nimdeɛ a wɔyɛ wɔn ade ebi-ne-bi no ho no.” Bere a nhyiam no baa awiei no, na ɔbarima ɔsesafa yi asiesie n’abrabɔ na na wapene so sɛ obesua Bible no.
Wɔ J apan kurow foforo bi mu no, awarefo bi a Wofi komunistfo ɔman bi a ɛwɔ Europa mu no pɛe sɛ wohu nea enti a nnipadɔm bi rekɔ asa bi a ɛwɔ hyɛn gyinabea no ho no so no. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wɔtee sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo nhyiam. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wonim Adansefo a wɔyɛ ‘nnam pii wɔ ɔman a wofi mu no mu nanso wonnim sɛ wɔn mu pii wɔ Apuei Fam nso. Esiane sɛ nea wohui no maa wɔn ani gyei nti, wɔkɔɔ nhyiam no bi na wogyee nhoma afoforo a woyii adi no bi kɔe.
So Wobɛkɔ?
Yiw, Yehowa Adansefo afe afe ɔmantam nhyiam ahorow no ma wonya honhom mu ahoɔden ne nkuranhyɛ ampa. Afe yi nhyiam no asɛmti ne “Ɔsoro Asomdwoe.” Wubetumi agye adi sɛ wubenya mfaso afi mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛkɔ nhyiam no mu. So wobɛkɔ? Sɛ wopɛ sɛ wuhu bere ne beae a wɔbɛyɛ nhyiam a ɛbɛn wo kɛse no a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wowɔ no.